Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotu a Mfaso Wɔ So!

Afotu a Mfaso Wɔ So!

Afotu a Mfaso Wɔ So!

NHOMA a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛka asetra ho nsɛm mu afotu dodow no ara fa sɛnea ɛbɛboa nnipa a wɔakɔ ahokyerɛ mu no ho. Nanso, Bible nte saa. Ɛwom sɛ Bible mu afotu betumi aboa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu no de, nanso ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ ahokyere mu nko na ɛboa wɔn. Emu afotu no boa onipa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenyɛ mfomso bi a ebetumi de ɔhaw aba no so.

Bible betumi ama ‘ntetekwaa ani atew, na ama aberante nso anya nimdeɛ ne adwempa.’ (Mmebusɛm 1:4) Sɛ wode Bible mu afotu yɛ adwuma a, “adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban, na ayi wo afi bɔne kwan mu.” (Mmebusɛm 2:11, 12) Susuw nhwɛso ahorow pɔtee bi a ɛkyerɛ sɛnea Bible mu afotu a wode bɛyɛ adwuma no betumi aboa wo ma woahwɛ w’apɔwmuden so, ama anigye aba w’abusua mu, na ama woayɛ odwumayɛfo anaa adwumawura pa no ho hwɛ.

Nnom Nsã Pii

Bible nkasa ntia nsã kakra a obi bɛnom. Ɔsomafo Paulo kaa sɛnea nsã tumi sa yare ho asɛm bere a otuu aberantewa Timoteo fo no. Ɔkae sɛ: “Wo yafunu ne yare a wotaa yare nti, nom bobesa kakra.” (1 Timoteo 5:23) Nsɛm afoforo bi wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn anyɛ nsã sɛ yɛmfa nyɛ aduru nko, na mmom sɛ yɛmfa nyɛ nneɛma afoforo nso. Wɔka nsã ho asɛm sɛ, ɛma ‘ɔdesani koma tɔ ne yam.’ (Dwom 104:15) Nanso, Bible bɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛmma nsã de yɛn yɛ nkoa.’ (Tito 2:3) Ɛka sɛ: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu; na ɔsadweam ne ohohwini bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa.” (Mmebusɛm 23:20, 21) Sɛ nkurɔfo bu wɔn ani gu afotu a ɛfata saa so a, dɛn na ɛba? Hyɛ nea afi mu aba a ɛrekɔ so wɔ aman kakraa bi so no nsow.

Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no amanneɛbɔ a ɛne Global Status Report on Alcohol 2004 kae sɛ: “Ɔhaw a asanom de ba maa Irelandfo bɔɔ ka bɛyɛ euro ɔpepepem 2.4 [U.S. dɔla ɔpepepem 3] saa afe no.” Amanneɛbɔ no ka sɛ, nneɛma a wɔbɔɔ ka kɛse wɔ ho ne, “apɔwmuden (euro ɔpepem 279), kar akwanhyia (euro ɔpepem 315), nsɛmmɔnedi a asabow de ba (euro ɔpepem 100), nnipa a asabow nti wontumi nkɔ adwuma (euro ɔpepem 1034).”

Amane a asanom bebrebe ma nnipa hu no sen ɛka a ɛma wɔbɔ no koraa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Australia no, asram 12 pɛ mu no, asabofo yɛɛ nnipa bɛboro mpem ahanum basabasa. Wɔ Franse no, asanom bebrebe na ɛde basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ afie mu nyinaa bɛyɛ ɔha mu nkyem 30 ba. So saa nsɛm yi nyinaa mma wunhu sɛ ntease wɔ afotu a Bible de ma wɔ nsã ho no mu?

Nyɛ Nneɛma a Ɛbɛsɛe Wo Nipadua

Wɔ afe 1942 mu, bere a na wobu sigaretnom sɛ biribi a aba so no, Ɔwɛn-Aban yi boaa n’akenkanfo ma wohui sɛ, sigaretnom ne Bible nnyinasosɛm nhyia, enti ɛnsɛ sɛ wɔnom. Asɛm bi a wotintimii wɔ saa afe no mu kae sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no tie Bible ahyɛde a ɛka sɛ, “[Wɔnhohoro wɔn] ho mfi honam ne honhom mu fĩ nyinaa ho” no. (2 Korintofo 7:1) Ɛnnɛ, bɛyɛ mfe 65 akyi no, so ɛmmɛdaa adi sɛ na ntease wɔ afotu a wogyinaa Bible so de mae no mu?

Wɔ afe 2006 mu no, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kaa sigaretnom ho asɛm sɛ, “ɛno ne ade a ɛto so abien a ekum nnipa kɛse wɔ wiase.” Bere a afe biara sigaretnom kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem anum no, HIV/AIDS kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa. Wɔ afeha a ɛto so 20 no mu no, sigaretnom kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 100, anka wɔn dodow reyɛ adu nnipa a wokunkum wɔn wɔ akodi a ɛkɔɔ so wɔ saa afeha no mu no. Nokwarem no, seesei wogye afotu a nyansa wom a ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔnom sigaret no tom wɔ baabiara.

“Munguan Aguamammɔ”

Nnipa pii na wɔmpɛ sɛ wogye afotu a Bible de ma wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm ho no tom. Ɛnyɛ nna ho akɔnnɔ nyinaa na Bible ka sɛ ɛyɛ bɔne sɛnea nkurɔfo ama nnipa pii agye adi no. Nanso, ɛde afotu pa ma wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ nnipa di nna ho akɔnnɔ a wonya ho dwuma no ho. Bible kyerɛkyerɛ sɛ, ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ awarefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn ho da. (Genesis 2:24; Mateo 19:4-6; Hebrifo 13:4) Ɔbarima ne ɔbea nna yɛ adeyɛ a awarefo nam so da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. (1 Korintofo 7:1-5) Sɛ awarefo wo mma a, ɛma mmofra no nya awofo baanu a wɔdodɔ wɔn ho ma wɔhwɛ wɔn.—Kolosefo 3:18-21.

Bible de ahyɛde ma wɔ nna mu ɔbrasɛe ho sɛ: “Munguan aguamammɔ.” (1 Korintofo 6:18) Dɛn ne ade biako nti a ɛde saa ahyɛde yi ama? Saa kyerɛwsɛm no kɔ so ka sɛ: “Bɔne biara a onipa yɛ no nni nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.” Sɛ nkurɔfo bu wɔn ani gu Bible mu afotu a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho yi so a, dɛn na ɛde ba?

Susuw nea ɛrekɔ so wɔ United States no ho hwɛ. Seesei saa ɔman no ne ɔman a mmofra a wonnya nnii mfe aduonu a wonyinsɛn no dodow akɔ anim kɛse sen wiase aman a aka a wɔanya nkɔanim kɛse wɔ mfiridwuma mu no. Afe biara, mmofra bɛyɛ 850,000 a wonnii mfe aduonu na wɔkɔfa mperewa-nyinsɛn ba wɔ United States. Nkokoaa a wɔn ti yɛ yiye a wonyi wɔn ngu no mu pii maamenom yɛ ɛnanom a wonni kununom. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnanom a wonnyinii yi dodow no ara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtete wɔn mma no wɔ ɔdɔ mu na wɔateɛ wɔn so, na ebinom tumi tete wɔn mma no ma ɛyɛ yiye. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, ɛtaa ba sɛ, ɛnanom a wonnyaa mfe aduonu yi mmabarima nyinyin kɔda afiase, na wɔn mmabea no nso kɔfa mperewa-nyinsɛn ba. Bere a nhwehwɛmufo Robert Lerman hwehwɛɛ kyerɛwtohɔ bi a wɔyɛe wɔ mfe pii a atwam mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ mmusua a ɔwofo biako pɛ na ɔhwɛ so no ka ho bi na ɛde asetra mu nsɛnnennen foforo te sɛ mmofra pii a wogyae sukuukɔ, mmofra a wɔnom nsã ne nnubɔne, mmofra a wonyinsɛn ne wɔn a wɔn mma hyehyɛ wɔn akyi ne mmofrabɔnesɛm aba.”

Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu no nso hyia akwahosan ho nsɛnnennen wɔ wɔn nipaduam ne wɔn adwenem. Sɛ nhwɛso no, Pediatrics nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ, mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu no nya adwenemhaw, na ebinom kunkum wɔn ho.” Amerika Fekuw a Ɛhwɛ Ɔmanfo Akwahosan ho Nsɛm so ka sɛ: “Bɛboro nnipa a [wɔwɔ United States] nyinaa mu fã na wobenya yare a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu wɔ wɔn asetra mu bere bi mu.” Sɛ wotie afotu pa a Bible de ma wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no a, hwɛ sɛnea anka wɔrenkɔ amanehunu a ɛte saa mu na wonni awerɛhow!

Nya Abusua a Anigye Wom

Ɛnyɛ nneɛma a nnipa yɛ a ɛsɛe wɔn nko na Bible de ho afotu ma. Hyɛ afotu pa a ɛde ma wɔ sɛnea ɛma yenya abusua a anigye wom no nsow.

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” (Efesofo 5:28) Sɛ́ anka okununom bebu wɔn yerenom animtiaa no, Bible ka sɛ okununom ne wɔn yerenom ntra “nimdeɛ mu, na [wonni] ɔbea no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw.” (1 Petro 3:7) Wotu okununom fo sɛ, sɛ akasakasa sɔre wɔ wɔne wɔn yerenom ntam a: ‘Wɔnkɔ so nnɔ wɔn yerenom na wɔmmma wɔn bo mmfuw wɔn denneennen.’ (Kolosefo 3:19) So wunnye ntom sɛ okunu a ɔde saa afotu yi yɛ adwuma no yere bɛdɔ no na wabu no?

Bible de akwankyerɛ ma ɔyerenom sɛ: “Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom te sɛ nea wɔreyɛ ama Awurade, efisɛ okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no . . . na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.” (Efesofo 5:22, 23, 33) So wunnye nni sɛ ɔyere a ɔde saa afotu yi yɛ adwuma bere a ɔne ne kunu rekasa anaa ɔreka ne kunu ho asɛm no kunu bɛdɔ no kɛse?

Afotu a Bible de ma awofo wɔ sɛnea wɔbɛtete wɔn mma ho ne sɛ, wɔne wɔn mma no mmɔ nkɔmmɔ wɔ ‘wɔn afitra mu ne wɔn kwan so nantew mu ne wɔn nna mu ne wɔn sɔre mu.’ (Deuteronomium 6:7) Wɔaka akyerɛ agyanom titiriw sɛ, wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma abrabɔ pa, na wɔnteɛ wɔn so wɔ ɔdɔ mu. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Mo, papanom, monnhyɛ mo mma ahometew, na mmom monkɔ so ntete wɔn Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Bible ka kyerɛ mmofra nso sɛ: ‘Wontie wɔn awofo asɛm’ na ‘wonni wɔn papa ne wɔn maame ni.’ *Efesofo 6:1, 2.

So wugye di sɛ, sɛ mmusua de saa afotu yi yɛ adwuma a, ɛso bɛba wɔn mfaso? Ebia wobɛka sɛ, ‘Wɔakyerɛw de,’ nanso so ‘wobetumi de ayɛ adwuma?’ Yɛto nsa frɛ wo sɛ kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ baabi a wote hɔ na kɔhwɛ. Ɛhɔ na wubehu mmusua a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu afotu a nyansa wom yi bɛyɛ adwuma. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Hwɛ sɛnea abusua no mufo ne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ no. W’ankasa wubehu sɛ sɛ mmusua de Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra a, ɛma wɔn ani gye ankasa!

Odwumayɛfo a Ɔyɛ Nsi ne Adwumawura Nokwafo

Asɛm bɛn na Bible ka fa mmɔden a obi bɔ da biara da sɛnea ɛbɛyɛ a n’adwuma remfi ne nsa no ho? Ɛka sɛ, wobenya anisɔ ama odwumayɛfo a onim n’adwuma yiye no, na wama no akatua. Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina, ɔrennyina mpapahwekwa anim.” (Mmebusɛm 22:29) Nanso, “onihafo” ma n’adwumawura ho yeraw no te sɛ nea “owusiw yɛ aniwa no.” (Mmebusɛm 10:26) Bible hyɛ adwumayɛfo nkuran sɛ, wonni nokware na wɔnyɛ nsi. Ɛka sɛ: “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa.” (Efesofo 4:28) Sɛ adwumawura nni hɔ mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma. Bible ka sɛ: “Muntie mo honam fam wuranom asɛm ade nyinaa mu, ɛnyɛ nnipa ani so som, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom koma a emu tew mu, Yehowa suro mu.” (Kolosefo 3:22) Sɛ woyɛ adwumawura a, so w’ani rennye odwumayɛfo a ɔde saa afotu yi yɛ adwuma no ho?

Bible kae adwumawuranom sɛ: “Odwumayɛni akatua sɛ no.” (1 Timoteo 5:18) Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no ka kyerɛɛ adwumawuranom sɛ, wɔmfa akatua a ɛfata mma wɔn adwumayɛfo na wontua wɔn ka wɔ bere ano. Mose kyerɛwee sɛ: “Nni wo yɔnko amim na mfow no. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma ade nnkye.” (Leviticus 19:13) So w’ani rennye adwumawura bi a ɔde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma, na ɔma wo akatua a ɛfata na otua wo ka wɔ bere ano no ho?

Nyansa a Ɛwɔ Bible mu Fi Obi a Ɔkorɔn Hɔ

So ɛyɛ wo nwonwa sɛ afotu a mfaso wɔ so nnɛ wɔ Bible a wɔkyerɛwee no teteete no mu? Nea enti a mfaso da so ara wɔ Bible mu nsɛm so na nhoma afoforo pii de emu nsɛm atwam no ne sɛ, Bible mu nsɛm nyɛ nnipa asɛm, na mmom ɛyɛ “Onyankopɔn asɛm.”—1 Tesalonikafo 2:13.

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ gye bere sua Onyankopɔn Asɛm no yiye. Sɛ woyɛ saa a, w’ani befi ase agye Yehowa Nyankopɔn a ɔne Bible no Kyerɛwfo no ho. Fa afotu a Onyankopɔn de ma no yɛ adwuma, na hwɛ ma ɛmmɔ wo ho ban mfi ɔhaw ho, na ɛmmoa wo mma wunnya anigye wɔ w’asetra mu. Sɛ woyɛ saa a, ‘wobɛbɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn wo.’ (Yakobo 4:8) Nhoma foforo biara nni hɔ a ebetumi aboa wo saa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible nnyinasosɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu akɔ akyiri a ebetumi aboa w’abusua a, hwɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

So wote nka sɛ mfaso wɔ Bible mu afotu a ɛfa asanom ho no so?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

So wugye afotu a egyina Bible so a ɛka sɛ mma yɛnnom sigaret no tom?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Asase mfonini: Based on NASA Photo

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Sɛ wode Bible mu afotu yɛ adwuma a, ɛma anigye ba w’abusua mu