Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asuafoyɛ Adwuma No Na Akyerɛ Me Nea Menyɛ Wɔ M’asetra Mu

Asuafoyɛ Adwuma No Na Akyerɛ Me Nea Menyɛ Wɔ M’asetra Mu

Asetram Nsɛm

Asuafoyɛ Adwuma No Na Akyerɛ Me Nea Menyɛ Wɔ M’asetra Mu

Sɛnea Lynette Peters ka kyerɛe

Ná asraafo no aba sɛ wɔrebɛfa yɛn. Ná ɔsraani bi a onim tuo tow yiye ayɛ krado gyina ɔdan no atifi. Ná asraafo no bi nso deda sare no so a wɔapomapoma wɔn atuo. Saa Kwasida anɔpa no, bere a me ne me mfɛfo asɛmpatrɛwfo reguan akɔforo helikopta no, yɛbɔɔ mmɔden hyɛɛ yɛn ho so yɛɛ komm. Yɛforoe no, ankyɛ koraa na yɛnam wim. Simma du akyi no, wɔde yɛn kosii asraafo po so hyɛn bi a na egyina baabi a ɛbɛn mpoano retwɛn yɛn no so dwoodwoo.

ADE kyee anɔpa no, yɛtee sɛ anadwo no, atuatewfo no kɔtow ɔtopae too ahɔhodan a na yɛakohintaw hɔ no mu. Awiei koraa no, ɔman mu basabasayɛ a na akɔ so wɔ Sierra Leone mfe pii no bɛdanee ɔko a emu yɛ den. Wɔmaa ahɔho a na wɔwɔ ɔman no mu bere tiaa bi sɛ wɔmfa mfi ɔman no mu, na na yɛn nso yɛka ho. Ma mimfi ase nkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a mebaa saa tebea yi mu no mu.

Wɔtetee me wɔ British Guiana a efi afe 1966 reba no wɔfrɛ no Guyana no. Ná minni ɔhaw biara wɔ me mmofraase wɔ afe 1950 mfe no mu, na na m’ani gye paa nso. Ná awofo dodow no ara ani gye nhomasua ho yiye saa bere no, na na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn mma bɛbɔ mmɔden yiye wɔ sukuu adesua mu. Mekae sɛ bere bi, owura bi a ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea bisaa me papa sɛ: “Dɛn nti na wobɔ wo mma sukuukɔ ho ka pii saa?” Paapa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhomasua a ɛkɔ akyiri nkutoo na ɛbɛma mmofra no adi yiye daakye.” Saa bere no, na me papa susuw sɛ sukuu a agye din nkutoo na ɛbɛma yɛanya nhomasua a ɛkɔ akyiri. Nanso, na ɛrenkyɛ koraa na wasesa n’adwene.

Bere a midii mfe 11 no, me maame fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Ná ɔne ofipamfo bi akɔ Ahenni Asa so pɛn. Asɛm a wɔtee wɔ asafo nhyiam no ase saa anwummere no maa wɔn baanu nyinaa gye toom sɛ wɔahu nokware no. Akyiri yi, me maame kaa nea ɔtee no ho asɛm kyerɛɛ ofipamfo foforo. Ankyɛ koraa na wɔn baasa nyinaa ne asɛmpatrɛwfo Daphne Harry (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Baird) ne Rose Cuffie suaa Bible no. Annu afe na wɔbɔɔ Maame ne ne nnamfo baanu no nyinaa asu. Mfe anum akyi no, me papa gyaee Seventh-Day Adventist Asɔre no, na wɔbɔɔ no asu ma ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

Bere a na yɛyɛ mmofra no, na me ne me nuabeanom baanu—yɛn baasa a na yɛyɛ mmofra du no mu mpanyimfo no—kogye yɛn ani nnɔnhwerew pii wɔ asɛmpatrɛwfo no fie, na ɛhɔ na na Daphne ne Rose te. Ná wɔka osuahu a wonya wɔ asɛnka adwuma no mu kyerɛ yɛn saa bere no. Asɛmpatrɛwfo yi de anigye yɛɛ adwumaden de boaa afoforo ma wosuaa Onyankopɔn ho ade. Ɛyɛ wɔn nhwɛso no na ɛmaa m’ani begyee ho sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no.

Nanso, dɛn na ɛboaa me ma mekɔɔ so de m’adwene sii so sɛ mɛyɛ bere nyinaa som adwuma no, bere a na m’abusuafo ne me mfɛfo sukuufo nyinaa ani gye ho sɛ wɔbɛtoa wɔn nhomasua so na ama wɔanya adwuma pa ayɛ daakye no? Minyaa hokwan pii a anka ebetumi ama mayi m’adwene afi bere nyinaa som adwuma no so. Ná anka metumi akosua ade abɛyɛ mmaranimfo, odwontofo, oduruyɛfo, anaa adwuma foforo biara. Nanso, m’awofo nhwɛso pa boaa me ma mihuu nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Wɔde nea na wosua no bɔɔ wɔn bra, na wɔde nsi suaa Bible no, na wotuu wɔn ho mae boaa afoforo ma wosuaa Yehowa ho ade. * Afei nso, na wɔto nsa frɛ bere nyinaa asomfo ma wɔba yɛn fie daa. Anigye ne abotɔyam a saa anuanom mmarima ne mmea yi daa no adi no maa ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛma asuafoyɛ adwuma no akyerɛ me nea menyɛ wɔ m’asetra mu no mu yɛɛ den.

Midii mfe 15 no, wɔbɔɔ me asu. Afei, miwiee ntoaso sukuu ara pɛ na mifii ase de me ho hyɛɛ daa akwampae som adwuma no mu. Onipa a midii kan boaa no ma ohyiraa ne ho so bɔɔ asu ne Philomena, ɔbea bi a na ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea. Anigye a minyae bere a mihui sɛ Philomena abenya Yehowa ho dɔ no hyɛɛ ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛkɔ so ayɛ bere nyinaa somfo no mu den. Ɛno akyi bere tiaa bi no, minyaa adwuma pa bi wɔ aban adwuma mu sɛ ɔkyerɛwfo. Nanso migyaee, na mekɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no mmom.

Ná meda so ara te m’awofo nkyɛn, na asɛmpatrɛwfo no kɔɔ so bɛsraa yɛn. Ná m’ani gye ho paa sɛ metie wɔn suahu ahorow no! Na eyinom nyinaa hyɛɛ ɔpɛ a na mewɔ sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no mu den, ɛwom mpo sɛ na ɛte sɛ nea anidaso biara nni hɔ sɛ ɛbɛyɛ yiye de. Efisɛ efi saa bere no besi nnɛ nyinaa, wɔda so ara de asɛmpatrɛwfo kɔ Guyana. Da bi, wɔ afe 1969 mu no, me ho dwiriw me, nanso m’ani gyei sɛ wɔfrɛɛ me sɛ menkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ Brooklyn, New York.

Dwumadi a na Menhwɛ Kwan

Ná yɛyɛ adesuafo 54 a yefi aman 21 so na yɛkɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 48 no. Na yɛn mu 17 yɛ mmea a yɛyɛ asigyafo. Ɛwom sɛ mfe 37 atwam de, nanso meda so ara kae nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ asram anum no mu no yiye. Ná yɛwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ yesua a na ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm no mu nokware nkutoo, na mmom nyansahyɛ ne afotu a na wɔde ma yɛn a na yɛrekɔyɛ asɛmpatrɛwfo no nso ka ho. Sɛ nhwɛso no, misuaa sɛnea medi akwankyerɛ akyi, makari pɛ wɔ nneɛma a ɛba so ho, na mamia m’ani agyina tebea ahorow a ɛnyɛ anigye ano.

Ná m’awofo akɔ so asi hia a ehia sɛ mekɔ asafo nhyiam daa so dua akyerɛ me. Sɛ na yɛn mu bi patuw yare na wankɔ asafo nhyiam Kwasida a, na m’awofo mma no kwan mma ompue nkɔhwɛ agoru anwummere wɔ ɛda a edi hɔ no. Nanso, bere a na mewɔ Gilead sukuu mu no, na menkɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa. Fida bi, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛ nea enti a na mintumi nkɔ asafo nhyiam no mu akyerɛ Don ne Dolores Adams. Ná wɔyɛ awarefo a wɔwɔ Betel a na wɔde wɔn kar fa me kɔ asafo nhyiam. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ dwumadi a wɔde ma yɛn sɛ yɛnyɛ no dɔɔso dodo! Enti, mɛyɛ dɛn atumi anya bere akɔ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam? Bere a Onua Adams ne me susuw asɛm no ho kakra no, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Fa w’ahonim yɛ adwuma.” Mitiee n’afotu no, na manto asafo nhyiam mu saa anadwo no anaa nna a edi hɔ no. Wɔ mfe a atwam mu no, sɛ ɛnyɛ tebea bi a meyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye a, memma biribiara nsiw me kwan wɔ Kristofo nhyiam ahorow a mɛkɔ ho.

Bere a yetwaa bɛyɛ asram abiɛsa wɔ Gilead no, na ebinom rebɔ baabi a wɔbɛma yɛn dwumadi no ho nkɔmmɔ. Mede, nea na ɛwɔ me tirim ara ne sɛ wɔbɛma makɔ Guyana, baabi a na wohia mmoa pii wɔ asɛnka adwuma no mu no. Ɛyɛɛ me nwonwa yiye sɛ mihui sɛ merensan nkɔ Guyana bio. Mmom no, wɔmaa me dwumadi wɔ Sierra Leone a ɛwɔ Afrika Atɔe fam no. Medaa Yehowa ase yiye sɛ awiei koraa no, ɔmaa ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ akyirikyiri asase bi so no baam!

Nneɛma Pii a na Ɛsɛ sɛ Misua

Bere a miduu Sierra Leone nea edi kan na mihuu mmepɔw, ɛpo faka, ne ɛhɔ mpoano no, na nea metumi aka ara ne sɛ ɛhɔ yɛ “fɛ yiye.” Nanso, nea na ɛyɛ fɛ ankasa wɔ Afrika Atɔe fam man yi mu ne emu nnipa a ɔdɔ ne ayamye a wɔda no adi no ma ahɔho mpo ani ka ɔman no mu no. Eyi boa ma asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo ani nnyina wɔn kurom. Sierra Leonefo ani gye ho sɛ wɔbɛka wɔn amammerɛ ho asɛm akyerɛ ahɔho na wɔaboa wɔn ma wɔasua ɔman no mu kasa a ɛne Krio no.

Wɔn a wɔka Krio kasa no bu mmɛ pii a ɛnyɛ den sɛ obi bɛte ase. Sɛ nhwɛso no, wobu bɛ bi sɛ bere a asoroboa reyɛ adwuma no, na akaatia redi. Nea ɛno kyerɛ ne sɛ, ɛnyɛ nea ɔbrɛ na odi bere nyinaa. Hwɛ sɛnea saa bɛ yi kyerɛkyerɛ asisisɛm a abu so wɔ wiase yi mu no mu!—Yesaia 65:22.

Ná asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no yɛ anigye yiye. Ná ɛyɛ den sɛ wubehyia obi a n’ani nnye Bible ho. Mfe pii a atwam no, asɛmpatrɛwfo ne Yehowa asomfo a wɔde mfe pii ayɛ asɛnka adwuma no aboa nnipa pii, mmofra ne mpanyin ne mmusuakuw ahorow mu nnipa nyinaa bi ma wɔagye nokware no.

Erla St. Hill a na ɔyɛ me hokafo a odi kan wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu no yɛ obi a na ɔpɛ adwuma paa. Ɛkame ayɛ sɛ nsi a na ɔde yɛ asɛmpatrɛwfo fie hɔ nnwuma no te sɛ nea na ɔde yɛ asɛnka adwuma no ara pɛ. Ɔboaa me ma metee nneɛma pii a ɛho hia ase. Nneɛma bi te sɛ afipamfo a me ne wɔn bɛbɔ amanni, Adansefo ne anigyefo a wɔyare a mɛkɔ akɔsra wɔn, na sɛ ɛho behia a maboa ma wɔayɛ ayi ho nhyehyɛe. Ɔmaa mihuu hia a ɛho hia sɛ sɛ mekɔ asɛnka wɔ asasesin bi mu na mepɔn a, mɛkɔ akokyia anuanom mmarima ne mmea a wɔte mpɔtam hɔ no ansa na makɔ fie. Bere a meyɛɛ saa nneɛma yi no, ankyɛ koraa na minyaa ɛnanom, nuabarimanom, nuabeanom, ne nnamfonom, na baabi a mereyɛ adwuma no bɛyɛɛ te sɛ me kurom.—Marko 10:29, 30.

Me ne asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ su pa a me ne wɔn yɛɛ adwuma no nso nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Wɔn mu bi ne Adna Byrd a na me ne no da dan mu a ɔsomee wɔ Sierra Leone wɔ afe 1978 ne 1981 ntam hɔ, ne Cheryl Ferguson a ɔno na wayɛ obi a me ne no ada dan mu mfe 24 ni no.

Ɔmanko no De Sɔhwɛ Pii Bae

Wɔ afe 1997 mu no, bere a wohyiraa Sierra Leone baa dwumadibea foforo no so akyi bɛyɛ ɔsram biako no, ɔko ma yeguan fii ɔman no mu sɛnea madi kan aka ho asɛm no. Mfe asia ansa na saa asɛm yi resi no, yɛn ani sɔɔ Liberia Adansefo a na wɔaguan afi Liberia ko no mu aba Sierra Leone no gyidi a wɔdaa no adi no. Ebinom de nsapan na ɛbae. Nanso, wɔ nsɛnnennen a wohyiae nyinaa akyi no, na wɔkɔ asɛnka da biara da. Sɛnea na wɔdɔ Yehowa ne nnipa no ka koma yiye.

Saa bere yi a na yɛn nso yɛaguan akɔtra Guinea no, yesuasuaa yɛn nuanom Liberiafo no nhwɛso no, na yɛkɔɔ so de yɛn ho too Yehowa so, na yɛde Ahenni adwuma no dii kan wɔ yɛn asetra mu. Afe biako akyi no, yetumi san kɔɔ Sierra Leone, nanso wɔsan fii ase koe bio wɔ asram ason akyi, na na ɛsɛ sɛ yɛsan guan kɔ Guinea bio.

Ankyɛ na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ akuw a wɔredi ako no biako mufo akɔtra yɛn asɛmpatrɛwfo fie hɔ wɔ Kissy, na wɔawia yɛn nneɛma nyinaa asɛe nea aka no nso. Sɛ́ anka yɛn werɛ bɛhow no, yɛdaa Yehowa ase mmom sɛ yɛte ase. Nneɛma kakraa bi pɛ na na yɛwɔ, nanso yetumi de bɔɔ yɛn bra.

Bere a yeguanee nea ɛto so abien no, wɔmaa me ne Cheryl a na me ne no da ɔdan mu no kaa Guinea. Eyi kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ misua Franse kasa. Ankyɛ koraa na me mfɛfo asɛmpatrɛwfo no de Franse kasa a wɔasua no dii adanse, na sɛ wɔanka no yiye mpo a na ɛnhaw wɔn. Nanso mede, na m’ani nnye ho koraa sɛ mintumi nka kasa no yiye, enti na meka Franse kasa bere a na ɛho hia koraa sɛ meyɛ saa no nkutoo. Na ɛhaw me yiye. Da biara, na ɛsɛ sɛ mekae me ho nea enti a mewɔ Guinea a ɛno ne sɛ, mɛboa afoforo ma wɔahu Yehowa no.

Mede nkakrankakra suaa Franse kasa no denam wɔn a wɔka kasa no yiye a mitiee wɔn, ne mmofra a wɔwɔ asafo no mu a wɔka wɔn nsɛm penpen a mema wɔboaa me no so. Afei, bere a na yɛnhwɛ kwan no, Yehowa ahyehyɛde no bɛboaa yɛn. Efi September 2001 no, Yɛn Ahenni Som no de sɛnea yɛde nsɛmma nhoma bɛma nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow mu aka sɛnea yɛde nhoma ne nhomawa ma no ho. Seesei, sɛ mekɔ asɛnka na sɛ ɛba mpo sɛ mintumi nka asɛm bi wɔ Franse kasa mu sɛnea anka mɛka no wɔ me kurom kasa mu no a, minsuro.

Esiane sɛ minyinii wɔ abusua a na emu nnipa dɔɔso mu nti, aboa me paa ma mitumi ne nnipa pii tra. Bere bi, na yɛn dodow yɛ 17 wɔ asɛmpatrɛwfo fie hɔ. Wɔ mfe 37 a mede asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo mu no, me ne asɛmpatrɛwfo afoforo bɛboro 100 na atra. Hwɛ hokwan kɛse a manya sɛ me ne nnipa pii a ɛsono sɛnea wɔn mu biara suban te, nanso yɛn nyinaa yɛ adwuma biako no atra! Anigye biara nni hɔ a ɛsen sɛ wo ne Onyankopɔn bɛyɛ adwuma, na waboa nkurɔfo ma wɔagye Bible mu nokware no atom!—1 Korintofo 3:9.

Mfe a mede asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo mu no, nneɛma titiriw pii na akɔ so wɔ m’abusua mu a apa me ti so. Ebi ne me nuanom nkumaa dodow no ara ayeforohyia. Minhuu me nuanom no mmabarima ne wɔn mmabea no sɛnea mepɛ. Me ne m’abusuafo a wɔakɔ so ahyɛ me nkuran sɛ menkɔ so nyɛ asɛmpatrɛw adwuma no de nneɛma pii abɔ afɔre.

Nanso, minya nneɛma a apa me ti so wɔ m’abusua mu no bi wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu bere ne bere mu. Ɛwom sɛ manware de, nanso mewɔ honhom fam mma pii. Ɛnyɛ wɔn a me ne wɔn suaa Bible no nko ara, na mmom wɔn a me ne wɔn abɔ sɛ nnamfo no nso. Bio nso, mahu sɛnea me nnamfonom mma anyinyin aware atete wɔn mma wɔ nokware no mu no. Wɔn mu binom ayɛ sɛ me, na wɔn nso ama asuafoyɛ adwuma no akyerɛ wɔn nea wɔnyɛ wɔ wɔn asetra mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Me maame yɛɛ akwampae adwuma no bɛboro mfe 25, na bere a me papa kɔɔ pɛnhyen no, ɔno nso bɛyɛɛ akwampaefo boafo.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Wɔde me kɔɔ Sierra Leone, Afrika Atɔe fam

GUINEA

SIERRA LEONE

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Me nuabeanom baanu a wɔne me ne asɛmpatrɛwfo no gyee yɛn ani nnɔnhwerew pii wɔ afe 1950 mfe no mu no

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Me ne me mfɛfo Gilead adesuakuw a ɛto so 48 no mufo

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɛda a wohyiraa Sierra Leone baa dwumadibea foforo no so