Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nkɔmhyɛ Mu Gyidi Gye Nkwa

Bible Nkɔmhyɛ Mu Gyidi Gye Nkwa

Bible Nkɔmhyɛ Mu Gyidi Gye Nkwa

BERE a Yesu refi Yerusalem asɔrefie hɔ nea etwa to no, n’asuafo no mu biako kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, hwɛ! abo ne adan bɛn ara ni!” Ná asɔrefie no yɛ Yuda man no agyapade a ɛsom bo sen biara a wɔde hoahoa wɔn ho. Nanso, Yesu buae sɛ: “Muhu adan akɛse yi? Wɔrennyaw ɔbo bi ɔbo so wɔ ha ɔkwan biara so a wonnwiriw ngu fam.”—Marko 13:1, 2.

Ná wonnwenee ho da sɛ asɛm a ɛte sɛɛ betumi asi! Ná abo a wɔde sii asɔrefie no mu bi yɛ akɛse. Afei nso, na asɛm a Yesu ka faa asɔrefie no ho no kyerɛ sɛ, wɔbɛsɛe Yerusalem ne ebia Yuda man a na emu na asɔrefie a wɔsom Onyankopɔn wom no si no. Enti, Yesu asuafo no kɔɔ so bisaa no sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛbam, na dɛn na ɛbɛyɛ bere a etwa sɛ nneɛma yi ba no ho sɛnkyerɛnne?”—Marko 13:3, 4.

Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Awiei no nnya nnui.” Nea edi kan no, na asuafo no bɛte ɔko, asasewosow, aduankɔm, ne ɔyaredɔm a ɛbɛkɔ so wɔ mmeaemmeae no ho asɛm. Afei, na nsɛm a ɛyɛ hu besisi ma asiane akɛse a ebi mmae da, yiw, “ahohiahia kɛse” aba Yuda man no so. Nanso, na Onyankopɔn de ne ho begye asɛm no mu, na wagye “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔne Kristofo anokwafo no nkwa. Ɔkwan bɛn so?—Marko 13:7; Mateo 24:7, 21, 22; Luka 21:10, 11.

Wɔtew Roma so Atua

Mfe 28 twaam a na Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no da so retwɛn sɛ awiei no bɛba. Ná akodi, asasewosow, aduankɔm, ne ɔyaredɔm rekɔ so wɔ Roma Ahemman no mu. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 9 no.) Ná ɔman ne mmusua ntam akokoakoko rekɔ so wɔ Yudea. Nanso, na asomdwoe kakra wɔ Yerusalem kurow a wɔato ɔfasu de abɔ ho ban no mu. Nkurɔfo didii, wɔyɛɛ adwuma, wɔwaree, na wɔwoo mma sɛnea na wɔyɛ bere nyinaa no. Asɔrefie kɛse a na esi kurow no mu no ma wonyaa adwene sɛ obiara ntumi nsɛe kurow no da.

Ɔsomafo Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem no bɛyɛ afe 61 Y.B. mu. Ɔkamfoo wɔn wɔ boasetɔ a na wɔanya no ho, nanso na nea ɛhaw no ne sɛ, na ɛte sɛ nea asafo no mufo binom abɛyɛ anibiannaso. Ná Kristofo binom retwe wɔn ho afi Onyankopɔn som ho, na saa ara nso na na wɔmpere nkɔ wɔn anim wɔ Onyankopɔn som mu. (Hebrifo 2:1; 5:11, 12) Paulo hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Enti monntow ahotoso a mode kasa . . . no nnkyene. . . . Na ‘aka kakraa bi’ na ‘nea ɔreba no abedu, na ɔrenkyɛ.’ ‘Na gyidi na ɛbɛma me treneeni anya nkwa,’ na, ‘sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rennye ne ho.’” (Hebrifo 10:35-38) Ná ɛyɛ afotu a ɔde mae wɔ bere pa mu ankasa! Nanso, so na Kristofo no benya gyidi na wɔama wɔn ani akɔ so ada hɔ ahwɛ sɛ Yesu nkɔmhyɛ no rebam? So na Yerusalem sɛe no abɛn ampa?

Nneɛma kɔɔ so sɛee wɔ Yerusalem wɔ mfe anum a edii hɔ no mu. Awiei koraa no, wɔ afe 66 Y.B. mu no, Roma Amrado Florus a na ne bra asɛe no kogyee talente 17 a na ɛyɛ “tow a akam” no fii asɔrefie kronkron no foto mu. Yudafo no bo fuwii, na wɔtew atua tiaa Roma aban no. Yudafo atuatewfo, anaa Anuɔdenfo no kɔɔ Yerusalem kokunkum Roma asraafo a na wɔwɔ hɔ no. Afei, wɔde akokoduru kae sɛ Yudea nhyɛ Roma ase bio. Eyi de ɔko baa Yudafo ne Romafo ntam!

Wɔ asram abiɛsa ntam no, Roma amrado a na ɔwɔ Siria a ne din de Cestius Gallus, de asraafo 30,000 kɔɔ anafo fam sɛ wɔrekosiw Yudafo atuatew no ano. N’asraafo no duu Yerusalem bere a na wɔredi Asese Afahyɛ no, na ntɛm ara na wɔko faa mmorɔn ahorow no. Yudafo Anuɔdenfo a na wɔaka kakraa bi no kɔhwehwɛɛ hintabea wɔ asɔrefie hɔ aban no mu. Ankyɛ na Roma asraafo no fii ase sɛ wɔrebubu asɔrefie no ho ɔfasu no. Yudafo no ho dwiriw wɔn kɛse. Hwɛ, saa bere yi, na asraafo a wɔyɛ abosonsomfo no regu beae a na ɛyɛ kronkron koraa wɔ Yudasom mu no ho fi! Nanso, Kristofo a wɔwɔ kurow no mu no kaee asɛm a na Yesu aka no. Ɔkae sɛ: ‘Sɛ muhu akyide no sɛ egyina kronkronbea hɔ a, afei momma wɔn a wɔwɔ Yudea mfi ase nguan nkɔ mmepɔw so.’ (Mateo 24:15, 16) So na wobenya Yesu nkɔmhyɛ no mu gyidi na wɔaguan? Sɛnea nkɔmhyɛ no baam no, na wɔn nkwa gyina guan a wobeguan so. So na wobeguan?

Obiara anhu nea ɛkaa Cestius Gallus ma ɔne n’asraafo no san wɔn akyi de wɔn ani kyerɛɛ mpoano no. Na Yudafo Anuɔdenfo no tiw wɔn denneennen. Anwonwasɛm ne sɛ, ankyɛ koraa na ahohiahia a ɛbaa kurow no so no baa awiei! Kristofo no nyaa Yesu nkɔmhyɛ a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no mu gyidi, na woguan fii Yerusalem kɔɔ Pella, kurow bi a ɛda mmepɔw so a atew no ho wɔ Asubɔnten Yordan agya no mu. Woguanee wɔ bere a ɛfata mu. Ankyɛ koraa na Yudafo Anuɔdenfo no san baa Yerusalem, na wɔbɛhyɛɛ kurow no mufo a wɔaka no sɛ wɔmmɛka wɔn ho mma wɔntew atua. * Saa bere no, na Kristofo no te Pella dwoodwoo a wɔretwɛn nea ɛbɛba.

Atuatew no Kowiee Basabasayɛ Mu

Asram kakraa bi akyi no, Roma asraafo foforo san siim sɛ wɔrekɔ Yerusalem. Ɔsahene Vespasian ne ne ba Titus boaboaa asraafo 60,000 ano wɔ afe 67 Y.B. mu. Mfe abien a edi hɔ no, asraafo a wɔsɛe ade yi de wɔn ani kyerɛɛ Yerusalem, na wotwiw faa nnipa biara a wɔko tiaa wɔn no so. Saa bere no, na Yudafo ne wɔn ho wɔn ho redi ako denneennen wɔ Yerusalem. Wɔsɛee aduan a na wɔde asie wɔ kurow no mu nyinaa, bubuu adan a ɛbemmɛn asɔrefie no pasaa, na wokunkum Yudafo bɛboro 20,000. Vespasian twentwɛnee ne nan ase wɔ Yerusalem a na ɔrekɔ no ho, na ɔkae sɛ: ‘Me nyame, Roma nyame no nim ko sen me; yɛn atamfo no ankasa rekunkum wɔn ho.’

Bere a Roma Ɔhempɔn Nero wui no, Vespasian san n’akyi sɛ ɔrekodi hene, na ogyaw Titus sɛ ɔne Yudafo no nkɔko. Bere a Titus duu Yerusalem no, na afe 70 Y.B. mu Twam afahyɛ no abɛn, na na kurow no mufo ne ahɔho a wɔatu kwan aba hɔ rebɛsom no ahyɛ kurow no mu ma. N’asraafo no twitwaa Yuda asase so nnua sensenee ano mfeamfeaa de gyee ban a ne tenten yɛ kilomita 7 twaa ahenkurow a na wɔaka nnipa ahyem no ho hyiae. Asɛm a Yesu ka siei no baa mu pɛpɛɛpɛ sɛ: “W’atamfo de nnua a ano yɛ mfeamfeaa betwa wo ho ahyia, na wɔaka wo ahyem ama wo ho ahiahia wo wɔ afa nyinaa.”—Luka 19:43.

Ankyɛ na ɔkɔm sii kurow no mu. Basabasayɛfo a wokurakura akode wurawuraa nkurɔfo a na wɔawuwu ne wɔn a na wɔreyɛ awuwu no afie mu wiaa wɔn nneɛma. Anyɛ yiye koraa no, ɔbea bi a na ne ho yeraw no kum ne ba wee ne nam de maa nkɔmhyɛ no nyaa mmamu sɛ: “Wubedi wo yafunu mu aba, wo mmabarima ne wo mmabea . . . nam . . . , ahohia ne ahokyere a w’atamfo bɛma wo ho akyere wo no mu.”—Deuteronomium 28:53-57.

Awiei koraa no, bere a wɔkaa nnipa hyɛɛ kurow no mu asram anum akyi no, wɔko faa Yerusalem. Wowiaa nneɛma a na ɛwɔ kurow no mu ne asɔrefie no mu nyinaa. Na wɔhyew kurow no, na afei woyiyii abo a wɔde too asɔrefie no fasu no mmiako mmiako. (Daniel 9:26) Nnipa bɛyɛ 1,100,000 na wowuwui; wɔtontɔn nnipa foforo 97,000 kɔɔ nkoasom mu. * (Deuteronomium 28:68) Ɛkaa kakraa ma anka woyii Yudafo no nyinaa fii Yudea asase no so. Nokwarem no, na asiane kɛse a ɛte saa ntoo Yudafo no da wɔ wɔn amanyɔsɛm, wɔn nyamesom, ne wɔn amammerɛ mu. *

Saa bere no, Kristofo a na wɔwɔ Pella no fii wɔn komam daa Onyankopɔn ase sɛ ogyee wɔn nkwa. Enti, Bible nkɔmhyɛ no a wogye dii no gyee wɔn nkwa ampa!

Sɛ yesusuw saa nsɛm a asisi no ho a, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: ‘So mewɔ gyidi a ebetumi agye me nkwa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu? So meyɛ obi a “[ɔwɔ] gyidi a egye ɔkra nkwa”?’—Hebrifo 10:39; Adiyisɛm 7:14.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus bɔɔ amanneɛ sɛ, Yudafo Anuɔdenfo no tiw Romafo no nnanson ansa na wɔresan aba Yerusalem.

^ nky. 15 Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, wokunkum Yudafo a wɔwɔ Roma Ahemman no mu nyinaa mu baason biara mu biako.

^ nky. 15 Bible ho ɔbenfo bi a ɔyɛ Yudani a wɔfrɛ no Alfred Edersheim kyerɛwee sɛ: “Ahohiahia a ɛbaa Israel so [yi] ne amanehunu a ɛsen biara a [na] ato wɔn pɛn, ná amanehunu biara nni hɔ a ɛbɛto wɔn akyiri yi a ebedu ɛno.”

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Sɛnkyerɛnne no a Enyaa Mmamu Wɔ Afeha a Edi Kan no Mu no Bi

AKODI:

Gaul (39-40 Y.B.)

Afrika Atifi fam (41 Y.B.)

Britania (43, 60 Y.B.)

Armenia (58-62 Y.B.)

ɔman ne mmusua ntam akodi a ɛkɔɔ so wɔ Yudea (50-66 Y.B.)

ASASEWOSOW:

Roma (54 Y.B.)

Pompeii (62 Y.B.)

Asia Kumaa (53, 62 Y.B.)

Kreta (62 Y.B.)

ADUANKƆM:

Roma, Hela, Misraim (bɛyɛ 42 Y.B.)

Yudea (bɛyɛ 46 Y.B.)

ƆYAREDƆM:

Babilon (40 Y.B.)

Roma (60, 65 Y.B.)

ATORO ADIYIFO:

Yudea (bɛyɛ 56 Y.B.)

[Asase mfonini/​Mfonini wɔ kratafa 10]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Ɔko a Romafo Dii wɔ Palestina, wɔ Afe 67-70 Y.B. Mu

Asase mfonini nkutoo: Based on maps copyrighted by Pictorial Archive (Near Eastern History) Est. and Survey of Israel

Ptolemai

Galilea Po

Pella

PEREA

SAMARIA

Yerusalem

Nkyene Po

YUDEA

Kaesarea

[Mfonini wɔ kratafa 11]

‘Yɛn atamfo no ankasa rekunkum wɔn ho.’—Vespasian

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Roma asraafo sɛee Yerusalem, afe 70 Y.B. mu

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 11]

Ogye: Soprintendenza Archeologica di Roma; Vespasian: Bildarchiv Preussischer Kulturbesitz/Art Resource, NY