Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Kristo Ne N’akoa Nokwafo No Nokware

Di Kristo Ne N’akoa Nokwafo No Nokware

Di Kristo Ne N’akoa Nokwafo No Nokware

“Ne wura . . . [de] no besi nea ɔwɔ nyinaa so.”—MATEO 24:45-47.

1, 2. (a) Hena na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɔyɛ yɛn Kannifo? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristo redi Kristofo asafo no anim?

“MOMMMA nnipa mmfrɛ mo ‘akannifo’—efisɛ mo Kannifo yɛ biako, ɔne Kristo!” (Mateo 23:10, The New Testament in Modern English) Yesu nam asɛm yi a ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no so maa emu daa hɔ pefee sɛ, onipa biara nni asase yi so a ɔbɛyɛ wɔn kannifo. Ná wɔn Kannifo biako no bɛwɔ soro, na ɔno ne Yesu Kristo ankasa. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔpaw Yesu sɛ Ɔkannifo. Yehowa ‘nyanee Kristo fii awufo mu, na ɔyɛɛ no ade nyinaa ti maa asafo no, na ɛno ne ne nipadua no.’—Efesofo 1:20-23.

2 Esiane sɛ Kristo yɛ “ade nyinaa ti” wɔ Kristofo asafo no so nti, ɔwɔ biribiara a ɛkɔ so wɔ asafo no mu so tumi. Enti, ohu biribiara a ɛkɔ so wɔ asafo no mu no. Ɔhwɛ paa sɛ Kristofo asafo ahorow mufo bɛbɔ wɔn bra sɛ Kristo akyidifo, na wɔasom Onyankopɔn yiye. Eyi da adi pefee wɔ adiyisɛm a wɔde maa ɔsomafo Yohane wɔ afeha a edi kan Y.B. awiei no mu. Wɔ krataa a Yesu ma wɔkyerɛw asafo ahorow ason no mu no, Yesu kaa no mpɛn anum sɛ onim wɔn nnwuma, nneɛma pa a wɔyɛ ne wɔn mmerɛwyɛ nyinaa, na ɔde afotu ne nkuranhyɛ a ɛfata maa wɔn nyinaa. (Adiyisɛm 2:2, 9, 13, 19; 3:1, 8, 15) Yebetumi agye adi paa sɛ na Kristo nim sɛnea asafo ahorow a na ɛwɔ Asia Kumaa, Palestina, Siria, Babilon, Hela, Italia, ne mmeae foforo no nso gyidi te. (Asomafo Nnwuma 1:8) Na ɛnnɛ nso ɛ?

Akoa Nokwafo No

3. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔde Kristo toto onipa ti ho na wɔde asafo no toto nipadua ho?

3 Bere a wonyan Yesu fii awufo mu na aka kakra ma waforo akɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Wɔde tumi nyinaa ama me wɔ soro ne asase so.” Ɔkae nso sɛ: “Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mateo 28:18-20) Ná Yesu bɛkɔ so ne wɔn atra sɛ wɔn Ti a odi wɔn anim rekyerɛ wɔn kwan. Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Efeso ne Kolose mu no, ɔde Kristofo asafo no totoo “nipadua” a Kristo na ɔyɛ Ti ho. (Efesofo 1:22, 23; Kolosefo 1:18) Enti, The Cambridge Bible for Schools and Colleges nhoma no ka sɛ, ɛnyɛ nea Kristofo asafo a wɔde toto nipadua ho no “kyerɛ nko ne sɛ asafo no mufo ne nipadua no Ti no bɛyɛ biako, mmom no, ɛkyerɛ nso sɛ Ti no ma asafo no mufo akwankyerɛ. Wɔyɛ nkoa a Yesu de wɔn yɛ adwuma.” Kuw bɛn na Kristo de wɔn ayɛ adwuma sɛ ne nkoa fi bere a wɔde Ahenni tumi no maa no wɔ afe 1914 mu no?—Daniel 7:13, 14.

4. Sɛnea Malaki nkɔmhyɛ no kyerɛ no, bere a Yehowa ne Kristo Yesu bɛhwɛɛ honhom fam asɔrefie hɔ no, dɛn na wohui?

4 Malaki nkɔmhyɛ no kae sɛ, Yehowa, ‘nokware Awurade no’ bɛka ‘n’apam bɔfo’ no, ne Ba a ɔde no asi agua so foforo, Kristo Yesu ho abebu atɛn, na wɔabɛhwɛ ‘N’asɔrefie’ anaa sɛnkyerɛnne kwan so asɔrefie no. Ɛda adi sɛ, ‘bere a wɔahyɛ’ sɛ wɔde bebu atɛn wɔ ‘Onyankopɔn fie’ no dui wɔ afe 1918 mu. * (Malaki 3:1; 1 Petro 4:17) Wɔhwehwɛɛ wɔn a wɔka sɛ wogyina Onyankopɔn ananmu wɔ asase so na wɔyɛ ne nokware asomfo no mu kɔɔ akyiri. Wɔpoo Kristoman mu asɔre ahorow a na wɔde mfehaha pii akyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho atosɛm, na wɔaboa ma wɔakunkum nnipa pii wɔ Wiase Ko I no mu no. Wɔsɔɔ Kristofo anokwafo a wɔde honhom asra wɔn no mu nkaefo no hwɛe, de ogya nanee wɔn yiyii wɔn mu, na wɔpenee wɔn so ma wɔbɛyɛɛ “wɔn a wɔde ayɛyɛde brɛ” Yehowa wɔ “trenee mu.”—Malaki 3:3.

5. Sɛnea Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ne ‘ba’ ho kyerɛ no, henanom na wɔbɛyɛɛ “akoa” nokwafo no?

5 Nea ɛne Malaki nkɔmhyɛ yi hyia no, Yesu maa n’asuafo no sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã pii a na ɛbɛma wɔahu ne “mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei,” na na nea ɛbɛma wɔahu “akoa” kuw no nso ka ho. Yesu kae sɛ: “Hena ankasa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no? Anigye ne akoa a ne wura bɛba abehu sɛ ɔreyɛ saa! Nokwarem mise mo sɛ, Ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so.” (Mateo 24:3, 45-47) Bere a Kristo ‘ba’ bɛhwɛɛ “akoa” no wɔ afe 1918 mu no, ohui sɛ na asuafo anokwafo a wɔde honhom asra wɔn nkaefo bi de Ɔwɛn-Aban ne Bible ho nhoma foforo rema Kristo nkoa no honhom fam “aduan wɔ bere a ɛsɛ mu” fi afe 1879 mu. Ogyee wɔn toom sɛ kuw anaa “akoa” a ɔde wɔn bɛyɛ adwuma, na wɔ afe 1919 mu no, Yesu de nea ɔwɔ wɔ asase so nyinaa hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ so.

Sɛnea Wɔrehwɛ Kristo Nneɛma a Ɛwɔ Asase so no So

6, 7. (a) Edin foforo bɛn na Yesu de frɛɛ ‘n’akoa’ nokwafo no? (b) Dɛn na asɛmfua ‘ofiehwɛfo’ a Yesu de frɛɛ akoa no kyerɛ?

6 Aka asram kakraa bi ma Yesu ahyɛ nkɔm a ɛfa ne mmae ne “akoa” a obegyina n’ananmu wɔ asase so ho no, ɔde din foforo bi frɛɛ “akoa” no, na ɛno ma wohuu adwuma a na akoa no bɛyɛ. Yesu kae sɛ: “Hena koraa ne fiehwɛfo nokwafo no, ɔbadwemma a ne wura de no besi n’asomfo kuw so sɛ ɔmfa wɔn aduan mma wɔn wɔ bere a ɛsɛ mu? Nokwarem mise mo sɛ, ɔde no besi nea ɔwɔ nyinaa so.”—Luka 12:42, 44.

7 Ɔfrɛɛ akoa no ofiehwɛfo wɔ asɛm yi mu, na wɔkyerɛɛ asɛmfua ofiehwɛfo yi ase fii Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “obi a ɔhwɛ ofie anaa agyapade bi so” mu. Ná ofiehwɛfo kuw no renyɛ animdefo kuw bi a wɔbɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm bi a ɛyɛ anigye mu ara kwa. Wɔ honhom fam aduan a ahoɔden wom a ‘ofiehwɛfo nokwafo’ no de bɛma wɔ “bere a ɛsɛ mu” akyi no, ɔbɛhwɛ Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so no so, na wɔama wahwɛ Kristofo asafo ahorow ne wɔn dwumadi a ɛno ne “nea ɔwɔ nyinaa” no so nso. Na dɛn ne nea Kristo wɔ nyinaa no?

8, 9. Dɛn ne nea Kristo ‘wɔ’ a ɔde ahyɛ akoa no nsa sɛ ɔnhwɛ so no?

8 Akoa no dwumadi bi nso ne sɛ ɔbɛhwɛ adan ne nneɛma a Kristo akyidifo de yɛ Kristofo som adwuma no so, na ebi ne Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti ne baa dwumadibea ahorow, ne mmeae a wohyiam som te sɛ Ahenni Asa ne Nhyiam Asa ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no. Nea ɛho hia sen biara no, akoa no san yɛ nhyehyɛe ma yehyiam sua Bible no dapɛn biara de hyɛ yɛn gyidi den, na bere ne bere mu no, yehyiam yɛ ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow. Wɔ saa nhyiam ahorow yi ase no, wɔma yehu Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu, na wɔde sɛnea yɛde Bible mu nsɛm bɛbɔ yɛn bra ho akwankyerɛ ma yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu.

9 Ofiehwɛfo no adwuma biako nso ne sɛ ɔbɛhwɛ adwuma a ɛho hia sen biara a ɛne “ahenni ho asɛmpa yi” a wɔbɛka, na wɔayɛ ‘aman nyinaa asuafo’ no so. Adwuma no bi ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔadi nea Kristo a ɔyɛ asafo no Ti ahyɛ sɛ wɔnyɛ wɔ awiei bere yi mu no nyinaa so. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Adiyisɛm 12:17) Asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ama wɔabenya “nnipakuw kɛse” a wɔyɛ nkaefo a wɔasra wɔn no ayɔnkofo anokwafo. Akyinnye biara nni ho sɛ saa “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” yi ka nea Kristo ‘wɔ’ a ɛsom bo a ɔde ahyɛ akoa nokwafo no nsa sɛ ɔnhwɛ so no ho.—Adiyisɛm 7:9; Hagai 2:7.

Sodikuw a Wogyina Akoa Kuw no Ananmu

10. Kuw bɛn na na wosisi gyinae wɔ afeha a edi kan no mu, na ɛkaa asafo ahorow no dɛn?

10 Ɛda adi sɛ na gyinae ahorow a akoa nokwafo no besisi nso ka wɔn asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru no ho. Wɔ tete Kristofo asafo no mu no, na asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no na wogyina akoa kuw no ananmu sisi gyinae ahorow ma Kristofo asafo mũ no nyinaa. (Asomafo Nnwuma 15:1, 2) Sɛ sodikuw a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu no sisi nsɛm bi ho gyinae wie a, na wɔkyerɛw ho nkrataa kɔma asafo ahorow no, na ebi nso wɔ hɔ a na wɔde soma ahwɛfo akwantufo. Tete Kristofo no ani gyei sɛ wɔn nsa kaa akwankyerɛ a emu da hɔ saa no. Na wɔn pɛ mu a wofi tiee sodikuw no maa asomdwoe ne biakoyɛ traa wɔn ntam.—Asomafo Nnwuma 15:22-31; 16:4, 5; Filipifo 2:2.

11. Henanom na Kristo nam wɔn so kyerɛ n’asafo no kwan nnɛ, na ɛsɛ sɛ yebu Kristofo kuw a wɔasra wɔn yi dɛn?

11 Ɛnnɛ nso, ahwɛfo kuw ketewaa bi a wɔde honhom asra emufo no na wɔyɛ Sodikuw ma Kristo akyidifo a wɔwɔ asase so sɛnea na ɛte wɔ tete Kristofo no mu no. Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no nam ne “nifa” a ɛno ne ne tumi a ɔde yɛ adwuma no so de akwankyerɛ ma mmarima anokwafo yi bere a wɔrehwɛ Ahenni adwuma no so no. (Adiyisɛm 1:16, 20) Albert Schroeder a ɔde bere tenten somee sɛ Sodikuw no muni a owiee n’asase som adwuma nnansa yi ara no kyerɛwee wɔ n’asetra mu nsɛm mu sɛ: “Sodikuw no hyiam Wukuda biara, na wɔbɔ mpae de hwehwɛ Yehowa honhom ne n’akwankyerɛ de fi wɔn nhyiam no ase. Wɔbɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛma asɛm biara a wobesusuw ho anaa gyinae biara a wobesi no agyina Onyankopɔn Asɛm Bible no so.” * Yebetumi anya Kristofo anokwafo a wɔte saa a wɔasra wɔn no mu ahotoso. Ɛsɛ sɛ yedi ɔsomafo Paulo ahyɛde a edi so yi a ɛfa Sodikuw no ho titiriw no so. Ɛne sɛ: “Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so.”—Hebrifo 13:17.

Obu a Ɛfata a Yebenya Ama Akoa Nokwafo No

12, 13. Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bɛn nti na ɛma yenya obu ma akoa kuw no?

12 Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yenya obu a ɛfata ma akoa nokwafo kuw no ne sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, na yɛrekyerɛ sɛ yebu Owura a ɔno ne Yesu Kristo no. Paulo kyerɛw wɔn a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ: “Nea wɔfrɛɛ no na ɔyɛ ɔdehye no . . . yɛ Kristo akoa. Wɔtɔɔ mo aboɔden.” (1 Korintofo 7:22, 23; Efesofo 6:6) Enti sɛ yefi nokwaredi mu tie akoa nokwafo no ne ne Sodikuw no akwankyerɛ a, na yɛretie Kristo a ɔno ne akoa no Wura no nso. Sɛ yenya obu a ɛfata ma wɔn a Kristo de wɔn yɛ adwuma ma wɔhwɛ nea ɔwɔ wɔ asase so no so a, ɛno yɛ ɔkwan biako a yɛfa so “pae mu ka sɛ Yesu Kristo ne Awurade de hyɛ Agya Nyankopɔn anuonyam.”—Filipifo 2:11.

13 Kyerɛwnsɛm mu asɛm foforo a enti ɛma yenya obu ma akoa nokwafo no ne sɛ, wɔfrɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no wɔ Bible mu sɛ “asɔrefie” a Yehowa ‘honhom te wɔn mu.’ Ɛno nti, wɔyɛ “kronkron.” (1 Korintofo 3:16, 17; Efesofo 2:19-22) Na ɛyɛ saa kuw yi mufo a wɔfrɛ wɔn asɔrefie kronkron no na Yesu de nea ɔwɔ wɔ asase so no ahyɛ wɔn nsa, na ɛno kyerɛ sɛ, hokwan ne asɛyɛde ahorow bi wɔ hɔ a akoa kuw no nkutoo na wɔde ama wɔn wɔ Kristofo asafo no mu. Eyi nti, wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa bu akoa kuw no ne ne Sodikuw no akwankyerɛ a wodi so no sɛ ɛyɛ ɔsom kronn a wɔde ma Onyankopɔn. Nokwarem no, “nguan foforo” no bu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a wɔanya sɛ wɔreboa akoa kuw no ma wɔreyɛ Owura no adwuma no.—Yohane 10:16.

Nokwaredi a Yɛde Bɛboa Akoa Kuw No

14. Sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no, dɛn na nguan foforo no yɛ de di akoa kuw a wɔasra wɔn no akyi de som sɛ “adwumayɛfo a wonnye akatua”?

14 Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ, nguan foforo no bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔne honhom fam Israelfo no ase. Ɔkae sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] se ni: Misraim adwumade [“adwumayɛfo a wonnye akatua,” NW] ne Etiopia aguade a wonyae, ne Sebafo, mmarima atenten no, bɛsen aba wo nkyɛn abɛyɛ wo de. Wobedi w’akyi; nkyehama mu na wɔbɛsen aba abɛsɔre wo, na wɔabɔ wo mpae sɛ: Ampa, wo mu na Onyankopɔn wɔ, na obi nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni baabi.” (Yesaia 45:14) Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, nguan foforo a wɔwɔ hɔ nnɛ no di akoa kuw a wɔasra wɔn no ne ne Sodikuw no akyi, na wodi wɔn akwankyerɛ so. Sɛ́ “adwumayɛfo a wonnye akatua” no, nguan foforo no fi wɔn pɛ mu de wɔn ahoɔden ne wɔn ahode boa wiase nyinaa asɛnka adwuma a Kristo de ahyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no nsa no.—Asomafo Nnwuma 1:8; Adiyisɛm 12:17.

15. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 61:5, 6 no kaa abusuabɔ a ɛwɔ nguan foforo no ne honhom fam Israelfo no ntam ho asɛm?

15 Nguan foforo no wɔ anigye ne anisɔ kɛse sɛ wɔresom Yehowa wɔ akoa kuw no ne ne Sodikuw no akwankyerɛ ase. Wobu wɔn a wɔasra wɔn no sɛ wɔyɛ “Nyankopɔn Israel” no mufo. (Galatifo 6:16) Sɛ́ sɛnkyerɛnne kwan so “ahɔho” ne “ananafo” a wɔde wɔn ho abɔ honhom fam Israel no, wɔde anigye som sɛ “akuafo” ne “turoyɛfo” wɔ wɔn a wɔasra wɔn a wɔne ‘Yehowa asɔfo’ ne “Nyankopɔn asomfo” no akwankyerɛ ase. (Yesaia 61:5, 6) Wɔde nsi ka Ahenni ho asɛmpa no bi, na wɔreyɛ amanaman nyinaa asuafo. Wofi wɔn koma nyinaa mu boa akoa kuw no ma wɔyɛ nguanhwɛ adwuma no, na wɔboa ma wɔtete wɔn a wɔaba asafo no mu foforo no nso.

16. Dɛn na ɛka nguan foforo no ma wɔde nokwaredi boa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no?

16 Nguan foforo no hu sɛ wɔanya honhom fam aduan a akoa nokwafo no bɔ mmɔden de ma wɔn wɔ bere a ɛsɛ mu no so mfaso kɛse. Wɔde ahobrɛase gye tom sɛ, sɛ ɛnyɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no a, anka wonnim Bible mu nokware a ɛsom bo te sɛ Yehowa tumidi, ne din ho a wɔbɛtew, Ahenni no, ɔsoro foforo ne asase foforo, ɔkra, tebea a awufo wom, ne nsonsonoe a ɛwɔ Yehowa, ne Ba no, ne honhom kronkron ntam no ho hwee. Esiane anisɔ a emu yɛ den a nguan foforo no wɔ ma akoa no ne nokware a wɔpɛ sɛ wodi ma wɔn kosi ase nti, wofi ɔdɔ mu boa Kristo “nuanom” a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so wɔ awiei bere yi mu no.—Mateo 25:40.

17. Dɛn na Sodikuw no ahu sɛ ehia sɛ wɔyɛ, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Esiane sɛ wɔn a wɔasra wɔn no dodow so retew nti, wɔrentumi nkɔ asafo ahorow no nyinaa mu nkɔhwɛ nneɛma a Kristo wɔ no so. Enti, Sodikuw no paw mmarima fi nguan foforo no mu ma wɔhwɛ baa dwumadibea ahorow, amantam, amansin, ne Yehowa Adansefo asafo ahorow no so. So nneyɛe a yɛda no adi wɔ saa ahwɛfo nkumaa yi ho no fa nokware a yedi Kristo ne n’akoa nokwafo no ho? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ March 1, 2004, kratafa 13-18, ne December 1, 1992, kratafa 13 no.

^ nky. 11 Wotintim no March 1, 1988, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 10-17.

Ntĩmu

• Hena ne yɛn Kannifo, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ onim nea ɛrekɔ so wɔ asafo ahorow no mu?

• Bere a wɔbɛhwɛɛ “asɔrefie” no, henanom na wohuu wɔn sɛ wɔyɛ akoa nokwafo no, na dɛn na wɔde hyɛɛ wɔn nsa?

• Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bɛn nti na yɛde nokwaredi boa akoa nokwafo no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Nea Kristo “wɔ” a ‘ofiehwɛfo’ no hwɛ so no bi ne adan ne nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no, nhyiam a yɛyɛ de sua Bible, ne asɛnka adwuma no

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nguan foforo no de nsi yɛ asɛnka adwuma no de boa akoa nokwafo kuw no