Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛmmɔ Afɔre A Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Momma Yɛmmɔ Afɔre A Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Momma Yɛmmɔ Afɔre A Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

NHOMA a wɔato din The Mighty Aztecs no ka sɛ: “Ná Aztecfo a wɔde nnipa bɔ afɔre sen Amerikafo biara no gye di sɛ nkwa fi owu mu.” Nhoma no kɔɔ so kae sɛ, “Bere a ahemman no reyɛ kɛse no, wɔnam mogya pii a wohwie gui nkutoo so na ɛmaa ɔmanfo no nyaa ahotoso sɛ ahemman no yɛ den.” Sɛnea nhoma foforo bi kyerɛ no, eduu bere bi no, na Aztecfo no de nnipa 20,000 na ɛbɔ afɔre wɔ afe biako mu.

Efi tete besi nnɛ no, ade a ama nnipa bi abɔ afɔre ama wɔn anyame ne ehu ne adwenem naayɛ, anaa afobu ne ahonu. Nanso, Bible kyerɛ sɛ, afɔre ahorow bi wɔ hɔ a ade nyinaa so tumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn na ɔkae sɛ wɔmmɔ. Enti, ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa sɛ: Afɔre bɛn na ɛsɔ Onyankopɔn ani? Na so ɛsɛ sɛ yɛbɔ afɔre wɔ Onyankopɔn som mu nnɛ?

Afɔre a Wɔbɔ wɔ Nokware Som Mu

Bere a wɔhyehyɛɛ Israel man no, Yehowa maa Israelfo no akwankyerɛ a emu da hɔ wɔ ɔkwan a na ɔpɛ sɛ wɔfa so som no no ho, na na afɔrebɔ ka ho. (Numeri, ti 28 ne 29) Wɔde nnɔbae na ɛbɔɔ afɔre ahorow no bi; wɔde mmoa bi te sɛ anantwinini, nguanten, mpapo, mmorɔnoma, ne nturukuku na ɛbɔɔ afoforo. (Leviticus 1:3, 5, 10, 14; 23:10-18; Numeri 15:1-7; 28:7) Afɔrebɔ no bi wɔ hɔ a na wɔde ogya hyew nneɛma a wɔde rebɔ afɔre no nyinaa. (Exodus 29:38-42) Ná asomdwoe afɔre nso wɔ hɔ a nnipa a wɔrebɔ afɔre no di aduan a wɔde rebɔ afɔre ama Onyankopɔn no bi.—Leviticus 19:5-8.

Afɔre a na wɔbɔ ma Onyankopɔn wɔ Mose Mmara no ase nyinaa yɛ ɔkwan a na wɔfa so som Onyankopɔn, na wɔnam so gyee no toom sɛ amansan Hene. Israelfo no nam afɔrebɔ a ɛtete saa so daa anisɔ a na wɔwɔ ma Yehowa wɔ ne papayɛ ne n’ahobammɔ ho no adi, na wɔnam so nyaa bɔne fafiri. Bere tenten a wɔkɔɔ so dii nneɛma a Yehowa hwehwɛ fi wɔn hɔ wɔ ne som mu ho dwuma no, wonyaa nhyira pii.—Mmebusɛm 3:9, 10.

Ade a na ehia Yehowa sen biara ne su a na wɔn a wɔbɔ afɔre no da no adi no. Yehowa nam ne diyifo Hosea so kae sɛ: “Mepɛ adɔeyɛ, na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ sen ɔhyew afɔre.” (Hosea 6:6) Enti, bere a nkurɔfo no twee wɔn ho fii nokware som ho, na wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu, na wokunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne biara no, na mfaso biara nni nneɛma a wɔde kɔbɔ afɔre wɔ Yehowa afɔremuka so no so. Ɛno nti, Yehowa nam Yesaia so ka kyerɛɛ Israel man no sɛ: “Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? . . . Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani.”—Yesaia 1:11.

“Menhyɛɛ Wɔn Sa”

Ná Kanaanfo no yɛ soronko koraa wɔ Israelfo no ho. Kanaanfo no de wɔn mma bɔɔ afɔre maa wɔn anyame, a na ebi ne Amonfo nyame a ne din de Molek a na wɔsan frɛ no Milkom anaa Molok no. (1 Ahene 11:5, 7, 33; Asomafo Nnwuma 7:43) Halley’s Bible Handbook nhoma no ka sɛ: “Ná Kanaanfo mmarima ne mmea deda wɔ wɔn anyame anim sɛ ɔsom mu amanne; na afei na wokunkum wɔn mmakan de bɔ afɔre ma saa anyame yi.”

So nneyɛe a ɛte saa no sɔɔ Yehowa Nyankopɔn ani? Dabida. Bere a Israelfo no rebɛhyɛn Kanaan asase so no, Yehowa de ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 20:2, 3 no maa wɔn sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Obiara a ofi Israelfo anaa ahɔho a wɔabɛtra Israel mu no mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, okum na wonkum no; asase no sofo nsiw no abo. Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afi me man mu akyene, efisɛ ɔde ne mma bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fĩ na wahura me din kronkron no ho.”

Ɛwom sɛ, ɛte sɛ nea na Israelni biara ntumi nyɛ biribi a ɛte saa da de, nanso Israelfo bi a wɔman fii nokware som ho na wɔde wɔn ho hyɛɛ adaemonesom yi mu no de wɔn mma bɔɔ afɔre maa atoro anyame. Dwom 106:35-38 ka eyi ho asɛm sɛ: “Wɔfrafraa amanaman no mu, na wosuasuaa wɔn nneyɛe. Na wɔsom wɔn ahoni, na ɛdan wɔn afiri. Na wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmabea bobɔɔ afɔre maa abosom, na wɔkaa mogya a enni fɔ gui, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mogya: wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni, ma mogya guu asase no ho fĩ.”

Bere a Yehowa reka sɛnea okyi saa adeyɛ yi ho asɛm no, ɔnam ne diyifo Yeremia so kaa Yudafo no ho asɛm sɛ: “Wɔde wɔn akyide asisi ofi a wɔde me din ato no mu, de agu ho fĩ; na wɔasisi sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Hinom ba bon mu no, de hyew wɔn mmabanin ne wɔn mmabea ogya mu; nso menhyɛɛ wɔn sa, na ɛmmaa me komam da.”—Yeremia 7:30, 31.

Esiane sɛ Israel man no yɛɛ akyide a ɛte saa nti, awiei koraa no, wɔhweree Onyankopɔn anim dom. Bere bi akyi no, wɔsɛee Israel ahenkurow Yerusalem, na wɔde nkurɔfo no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon. (Yeremia 7:32-34) Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ nokware Nyankopɔn no na ɔkae sɛ wɔmfa nnipa mmɔ afɔre, na saa ara nso na ɛnyɛ ade a wɔyɛ wɔ ɔsom kronn mu. Adaemonesom mu nkutoo na wɔde nnipa bɔ afɔre, na nokware Nyankopɔn no asomfo mfa wɔn ho nhyɛ adeyɛ a ɛte saa mu.

Kristo Yesu Agyede Afɔre No

Nanso, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na na Mmara a Yehowa de maa Israel no hwehwɛ sɛ wɔde mmoa bɔ afɔre?’ Ɔsomafo Paulo susuw saa asɛmmisa yi ho, na ɔmaa mmuae sɛ: “Ɛnde Mmara no bɛyɛɛ dɛn? Wɔde kaa ho na mmarato ada adi de akosi sɛ aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba; . . . Ne saa nti Mmara no abɛyɛ yɛn kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so.” (Galatifo 3:19-24) Ná mmoa a wɔde bɔ afɔre wɔ Mose Mmara no ase no yɛ afɔre kɛse a na Yehowa Nyankopɔn de ne Ba Yesu Kristo bɛbɔ ama adesamma no ho sɛnkyerɛnne. Yesu kaa afɔre a Yehowa fi ɔdɔ mu bɔe no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro mae, na obiara a ogye no di no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.

Ɔdɔ a Yesu wɔ ma Onyankopɔn ne adesamma nti, ofii ne pɛ mu de ne nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛ agyede de maa Adam asefo. (Romafo 5:12, 15) Yesu kae sɛ: “Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mateo 20:28) Ná onipa biara nni asase so a obetumi agye adesamma afi bɔne ne owu a na Adam bɔne no de yɛn akɔ mu no mu. (Dwom 49:7, 8) Enti, Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Yesu “hyɛn kronkronbea hɔ prɛko konyaa daa ogye maa yɛn, nanso ɛnyɛ mmirekyi ne anantwi mma mogya na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom n’ankasa mogya.” (Hebrifo 9:12) Esiane sɛ Onyankopɔn gyee Yesu mogya a ɔde bɔɔ afɔre no toom nti, “ɔpopaa nsaano nkyerɛwee a ahyɛde wom a na etia yɛn no fii hɔ.” Ɛno kyerɛ sɛ, Yehowa yii Mmara apam no ne emu ayɛyɛde ne afɔre a na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔbɔ no fii hɔ, na ɔde ‘akyɛde a ɛne daa nkwa no besii ananmu.’—Kolosefo 2:14; Romafo 6:23.

Ayɛyɛde ne Afɔre a Wɔbɔ wɔ Onyankopɔn Som Mu

Esiane sɛ wɔnhwehwɛ sɛ yɛde mmoa bɔ afɔre wɔ nokware som mu bio nti, so ɛho da so ara hia sɛ yɛbɔ afɔre bi nnɛ? Yiw, afɔre bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛbɔ. Yesu Kristo de ne ho bɔɔ afɔre wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu, na awiei koraa no, ɔde ne ho mae maa adesamma. Enti, ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma no mpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa.” (Mateo 16:24) Eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ odi Yesu akyi no de nneɛma bi bɔ afɔre. Dɛn ne saa afɔre ahorow yi?

Ade biako ne sɛ, obiara a ɔyɛ Kristo kyidifo ankasa no ntra ase mma ne ho, na mmom ɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɔde nneɛma a Onyankopɔn pɛ ne nneɛma a Onyankopɔn ani gye ho di ɔno ankasa de anim. Hyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo kaa eyi ho asɛm no nsow: “Anuanom, menam Onyankopɔn mmɔborohunu so srɛ mo sɛ momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Nyankopɔn ani, ɔsom kronn a mode mo adwene di akyi. Na mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu” no.—Romafo 12:1, 2.

Afei nso, Bible kyerɛ sɛ, yebetumi abu nsɛm a yɛka de yi Onyankopɔn ayɛ no sɛ afɔre a yɛbɔ ma Yehowa. Odiyifo Hosea faa asɛm a ɛne sɛ “yɛmfa yɛn ano nyɛ anantwinini” no kaa asɛm de kyerɛe sɛ, Onyankopɔn bu yɛn anofafa a yɛde yi no ayɛ no sɛ afɔrebɔ ahorow a eye sen biara no mu biako. (Hosea 14:2) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Hebrifo Kristofo no nkuran sɛ: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ ne din wɔ baguam no.” (Hebrifo 13:15) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo ayere wɔn ho denneennen reka asɛmpa no, na wɔreyɛ amanaman nyinaa asuafo. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wɔrebɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre awia ne anadwo wɔ wiase nyinaa.—Adiyisɛm 7:15.

Wɔ asɛnka adwuma a yɛyɛ akyi no, papa a yɛyɛ afoforo no nso yɛ afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Paulo tuu yɛn fo sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi papayɛ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.” (Hebrifo 13:16) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɔ ayeyi afɔre no bɔ ɔbra pa ansa na wɔn afɔre no asɔ Onyankopɔn ani. Paulo de afotu yi mae sɛ: “Momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no.”—Filipifo 1:27; Yesaia 52:11.

Sɛnea na ɛte wɔ tete no, afɔre ahorow a wɔbɔ de boa nokware som nyinaa de Yehowa nhyira ne anigye kɛse na ɛba. Enti, momma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa mfa mmɔ afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa!

[Mfonini wɔ kratafa 18]

“Wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmabea . . . bobɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni”

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Sɛ nokware Kristofo ka asɛmpa no, na wɔyɛ nneɛma de boa afoforo a, na wɔrebɔ afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani