Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mommrɛ mo Ho Ase Mma Ahwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ no

Mommrɛ mo Ho Ase Mma Ahwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ no

Mommrɛ mo Ho Ase Mma Ahwɛfo A Wɔwɔ Ɔdɔ no

“Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn.”—HEBRIFO 13:17.

1, 2. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne Yesu nyinaa yɛ Ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ?

YEHOWA NYANKOPƆN ne ne Ba Yesu Kristo nyinaa yɛ Ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bedi nim ama no; . . . Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.”—Yesaia 40:10, 11.

2 Saa nkɔmhyɛ yi a ɛfa Yudafo a na wɔbɛsan aba wɔn asase so ho no nyaa mmamu a edi kan wɔ afe 537 A.Y.B. mu, saa bere no na Yudafo nkaefo bi san baa Yuda asase so. (2 Beresosɛm 36:22, 23) Nkɔmhyɛ no nyaa mmamu bio bere a Kores Ɔkɛse, Yesu Kristo, gyee nkaefo a wɔasra wɔn no fii “Babilon Kɛse” no mu wɔ afe 1919 mu no. (Adiyisɛm 18:2; Yesaia 44:28) Yesu yɛ Yehowa “basa” a ɔde di tumi, na ɔnam no so na ɛboaboa ne nguan no ano na ɔka wɔn brɛoo. Yesu ankasa kae sɛ: “Mene oguanhwɛfo pa no, na minim me nguan, na me nguan nso nim me.”—Yohane 10:14.

3. Dɛn na Yehowa aka a ɛkyerɛ sɛ ofi ɔdɔ mu dwen sɛnea wɔhwɛ ne nguan so no ho?

3 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 40:10, 11 no si so dua sɛ, Yehowa fi ɔdɔ mu hwɛ ne nkurɔfo, na ɔyɛ wɔn brɛbrɛ. (Dwom 23:1-6) Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, na ɔno nso dɔ n’asuafo ne nnipa nyinaa. (Mateo 11:28-30; Marko 6:34) Yehowa ne Yesu nyinaa kasa tiaa Israel nguanhwɛfo anaa akannifo a wɔn tirim yɛ den a wɔn ani nwu asɛm a na wɔnhwɛ nguan no so yiye nanso na wodidi wɔn ho no. (Hesekiel 34:2-10; Mateo 23:3, 4, 15) Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: “Megye me nguan nkwa na wɔrenyɛ afow ade bio, na mebu oguan ne oguan ntam atɛn. Na mede oguanhwɛfo biako mesi wɔn so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛn wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfo.” (Hesekiel 34:22, 23) Wɔ awiei bere yi mu no, ɛyɛ Yesu Kristo, Dawid Ɔkɛse a ɔno ne “oguanhwɛfo biako” no na Yehowa apaw no sɛ ɔnhwɛ N’asomfo a wɔwɔ asase so a wɔne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn ne “nguan foforo” no nyinaa so.—Yohane 10:16.

Akyɛde a Efi Soro a Wɔde Ama Asafo No

4, 5. (a) Akyɛde a ɛsom bo bɛn na Yehowa de ama ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so no? (b) Akyɛde bɛn na Yesu de ama n’asafo no?

4 “Oguanhwɛfo biako,” Yesu Kristo, a Yehowa ma odi N’asomfo a wɔwɔ asase so anim no yɛ akyɛde a ɛsom bo a ɔde ama Kristofo asafo no. Wɔhyɛɛ Ɔkannifo a ɔyɛ akyɛde a efi soro yi ho nkɔm wɔ Yesaia 55:4 sɛ: “Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo.” Wɔaboaboa Kristofo a wɔasra wɔn no ne “nnipakuw kɛse” no ano afi aman, mmusua, nnipa, ne ɔkasa nyinaa mu. (Adiyisɛm 5:9, 10; 7:9) Wɔn na wɔbom yɛ amanaman ntam asafo a wɔne “kuw biako” no, na Kristo Yesu a ɔyɛ “ɔhwɛfo baako” no na odi wɔn anim.

5 Yesu nso ama n’asafo a ɛwɔ asase so no akyɛde a ɛsom bo. Wama yɛn ahwɛfo nkumaa anokwafo a wɔhwɛ nguan no so wɔ ɔdɔ mu sɛnea Yehowa ne Yesu hwɛ wɔn no. Ɔsomafo Paulo kaa saa akyɛde a wofi ɔdɔ mu de ama yɛn yi ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Efeso no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a ɔforo kɔɔ soro no, ɔde nnommum kɔe; ɔde nnipa mae sɛ akyɛde. . . . Ɔde ebinom ama sɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔde ateɛteɛ akronkronfo no ama ɔsom adwuma, na wɔde asi Kristo nipadua no.”—Efesofo 4:8, 11, 12.

6. Ɔkwan bɛn so na wɔaka ahwɛfo a wɔasra wɔn a wɔsom sɛ mpanyimfo akuw no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 1:16, 20, na dɛn na yebetumi aka afa nguan foforo no mufo a wɔapaw wɔn sɛ mpanyimfo no nso ho?

6 Saa ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ yi yɛ ahwɛfo anaa mpanyimfo a Yehowa ne ne Ba no nam honhom kronkron so apaw wɔn sɛ womfi ɔdɔ mu nhwɛ nguan no so no. (Asomafo Nnwuma 20:28, 29) Mfiase no, na saa ahwɛfo yi nyinaa yɛ Kristofo mmarima a wɔasra wɔn. Wɔaka wɔn a wɔsom sɛ mpanyimfo akuw wɔ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no mu ho asɛm wɔ Adiyisɛm 1:16, 20 sɛ wɔyɛ “nsoromma” anaa “abɔfo” wɔ Kristo nsa nifa mu a nea ɛkyerɛ ne sɛ, Kristo na ɔkyerɛ wɔn kwan. Nanso, wɔ awiei bere yi mu a ahwɛfo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no dodow so tew ara na ɛretew no, Kristofo mpanyimfo a wɔhwɛ asafo dodow no ara so no yɛ nguan foforo no mufo. Esiane sɛ honhom kronkron na ɛkyerɛ Sodikuw no ananmusifo kwan ma wɔpaw saa mpanyimfo yi nti, yebetumi aka sɛ wɔn nso wɔ Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo nsa nifa mu (anaasɛ ɔno na ɔkyerɛ wɔn kwan). (Yesaia 61:5, 6) Esiane sɛ mpanyimfo a wɔwɔ yɛn asafo ahorow mu brɛ wɔn ho ase ma Kristo a ɔyɛ asafo no Ti nti, ɛfata paa sɛ yetie wɔn.—Kolosefo 1:18.

Osetie ne Ahobrɛase

7. Afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de mae wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yebu Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo no ho?

7 Yɛn Ahwɛfo a wɔwɔ soro a wɔne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo, hwehwɛ sɛ yɛyɛ osetie, na yɛbrɛ yɛn ho ase ma ahwɛfo nkumaa a wɔde asɛyɛde ahorow ahyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu no. (1 Petro 5:5) Onyankopɔn maa ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkae wɔn a wodi mo anim a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo no, na monhwɛ sɛnea wɔn abrabɔ bewie nsuasua wɔn gyidi. Monyɛ osetie mma wɔn a wodi mo anim no na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔhwɛ mo kra so sɛ nnipa a wobebu akontaa; ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.”—Hebrifo 13:7, 17.

8. Dɛn na Paulo ka kyerɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnhwɛ’ wɔ yɛn mpanyimfo no ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ ‘yetie’ wɔn?

8 Hyɛ no nsow sɛ, Paulo ka kyerɛɛ yɛn sɛ ‘yɛnhwɛ’ anaa yensusuw nea efi mpanyimfo no abrabɔ pa mu ba no ho yiye, na yensuasua wɔn gyidi a ɛte saa no. Afei nso, otuu yɛn fo sɛ yɛnyɛ osetie na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma mmarima a wɔapaw wɔn yi. Bible ho ɔbenfo R. T. France kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Hela kasa a wodii kan kyerɛɛ ase sɛ “monyɛ osetie” no nkyerɛ “osetie a yenim no daa no wɔ asɛm yi mu, na mmom, nea ɛkyerɛ ankasa ne ‘gye tom’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ obi fi ne pɛ mu gye mpanyimfo no tom sɛ akannifo.” Ɛnyɛ ka a wɔaka akyerɛ yɛn wɔ Onyankopɔn Asɛm mu sɛ yentie mpanyimfo no nkutoo nti na yetie wɔn, na mmom yegye tom koraa nso sɛ mpanyimfo no ani kũ nneɛma a ɛfa Ahenni ho no ho, na wɔpɛ paa sɛ esi yɛn yiye wɔ yɛn asetram ne Onyankopɔn som mu. Sɛ yefi yɛn koma mu gye wɔn tom sɛ yɛn akannifo a, yɛn ani begye ankasa.

9. Wɔ osetie a yɛyɛ akyi no, dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase’?

9 Nanso, sɛ ɛkɔba sɛ yɛte nka sɛ mpanyimfo no ansi gyinae pa wɔ asɛm bi mu a, dɛn na ɛfata sɛ yɛyɛ? Sɛ asɛm a ɛte saa sɔre a, saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ahobrɛase. Sɛ yɛne mpanyimfo no yɛ adwene, na biribiara rekɔ so pɛpɛɛpɛ a, ɛnyɛ den koraa sɛ yebetie wɔn, nanso sɛ yɛnte akwankyerɛ bi a wɔde rema yɛn no ase na yegye tom a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ankasa. Petro a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo no daa ahobrɛase a ɛte saa adi.—Luka 5:4, 5.

Nneɛma Anan a Enti Yefi Yɛn Pɛ Mu Tie Ahwɛfo No

10, 11. Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo no ‘kaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ’ wɔn mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu, na ɛnnɛ nso ɛ?

10 Hebrifo 13:7, 17 a yɛafa mu asɛm aka dedaw mu no, ɔsomafo Paulo kaa nneɛma anan a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ osetie na yɛbrɛ yɛn ho ase ma Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo no ho asɛm. Nea edi kan ne sɛ, wɔn na “wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ” yɛn. Kae sɛ, nea enti a Yesu de ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ no maa asafo no ne sɛ ‘wɔbɛteɛteɛ akronkronfo no.’ (Efesofo 4:11, 12) Yesu nam ahwɛfo nkumaa anokwafo a Onyankopɔn maa wɔn mu binom kyerɛw nkrataa kɔmaa asafo no so na wɔteɛteɛɛ Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu nsusuwii ne wɔn abrabɔ. Ɔde ahwɛfo a wɔnam honhom kronkron so apaw wɔn no na ɛkyerɛɛ tete Kristofo no kwan na wɔhyɛɛ wɔn gyidi den.—1 Korintofo 16:15-18; 2 Timoteo 2:2; Tito 1:5.

11 Ɛnnɛ, Yesu nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a Sodikuw no gyina n’ananmu ne mpanyimfo a wɔapaw wɔn no so na ɛkyerɛ yɛn kwan. (Mateo 24:45) Esiane sɛ yebu “oguanhwɛfo panyin” Yesu Kristo nti, yetie afotu a Paulo de maa yɛn yi: “Momfa obu mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu na wodi mo anim wɔ Awurade mu na wotu mo fo no.”—1 Petro 5:4; 1 Tesalonikafo 5:12; 1 Timoteo 5:17.

12. Dɛn na ahwɛfo no yɛ de ‘hwɛ yɛn kra so’?

12 Ade a ɛto so abien a enti yetie Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo no ne sɛ, “wɔn na wɔhwɛ [yɛn] kra so.” Sɛ wohu nneyɛe anaa suban bi a enye a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam a, wɔyɛ ntɛm de afotu a ɛfata ma yɛn, na nea enti a wɔyɛ saa ne sɛ wɔbɛteɛteɛ yɛn, anaasɛ wobegye yɛn asi yiye. (Galatifo 6:1) Nea Hela asɛm a wɔkyerɛɛ ase sɛ “wɔhwɛ” no kyerɛ ankasa ne sɛ “wosi pɛ.” Sɛnea Bible ho ɔbenfo bi kyerɛ no, “ɛkyerɛ sɛ ɔhwɛfo no bɛma n’ani ada hɔ bere nyinaa.” Ahwɛfo no ani a wɔbɛma ada hɔ wɔ Onyankopɔn som ho akyi no, wɔtaa dwen asafo no mufo nkɔso ho araa ma enti ɛtɔ mmere bi mpo a sɛ wɔda a wɔnna. So ɛnsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu tie ahwɛfo nkumaa a wɔwɔ ɔdɔ na wɔyɛ nea wobetumi biara suasua sɛnea ‘oguanhwɛfo kɛse’ no, Yesu Kristo, yɛ nguan no brɛbrɛ no?—Hebrifo 13:20.

13. Hena na ahwɛfo ne Kristofo nyinaa bebu akontaa akyerɛ no, na akwan bɛn so na wɔbɛyɛ saa?

13 Ade a ɛto abiɛsa a enti yefi yɛn pɛ mu tie ahwɛfo no ne sɛ wɔhwɛ yɛn so sɛ “nnipa a wobebu akontaa.” Ahwɛfo no mma wɔn werɛ mfi sɛ wɔyɛ ahwɛfo nkumaa a wɔresom wɔ ɔsoro Ahwɛfo—Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo—akwankyerɛ ase. (Hesekiel 34:22-24) Yehowa na ɔyɛ nguan a “ɔde n’ankasa Ba mogya tɔe no” Wura, na Yehowa hwɛ kwan sɛ ahwɛfo a wɔapaw wɔn no bɛyɛ Ne nguankuw no “brɛbrɛ,” na ɔbɛma wɔabu sɛnea wɔhwɛ nguan no so ho akontaa. (Asomafo Nnwuma 20:28, 29) Enti, yɛn nyinaa bebu akontaa akyerɛ Yehowa wɔ sɛnea yedi n’akwankyerɛ so no ho. (Romafo 14:10-12) Osetie a yɛyɛ ma mpanyimfo a wɔapaw wɔn no nso yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no.—Kolosefo 2:19.

14. Dɛn na ebetumi ama Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo no de “ahomegu” ayɛ wɔn adwuma no, na dɛn na ɛno de bɛba?

14 Paulo ma yehu ade a ɛto so anan a enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Kristofo a wɔyɛ ahwɛfo no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛno bɛma wɔde anigye ayɛ eyi, na ɛnyɛ ahomegu, anyɛ saa a ɛrensi mo yiye.” (Hebrifo 13:17) Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo no asɛyɛde ahorow a emu yɛ duru a ɛne nkyerɛkyerɛ, nguanhwɛ adwuma, asɛnka adwuma a wodi anim, wɔn mmusua a wɔhwɛ wɔn, ne asafo no mu nsɛnnennen ho dwuma a wodi no ma wɔn adesoa mu yɛ duru. (2 Korintofo 11:28, 29) Sɛ yɛantie wɔn a, yɛma wɔn adesoa no mu yɛ duru kɛse. Eyi bɛma wɔde “ahomegu” ayɛ wɔn adwuma no. Sɛ yɛantie ahwɛfo no a, Yehowa ani rensɔ yɛn, na ebetumi aba sɛ ɛrensi yɛn yiye. Nanso, sɛ yedi mpanyimfo no ni na yetie wɔn a, ɛma wɔde anigye yɛ wɔn nnwuma, na ɛma yɛn nso yɛde anigye ne biakoyɛ yɛ Ahenni asɛnka adwuma no.—Romafo 15:5, 6.

Nea Yɛyɛ De Kyerɛ sɛ Yɛbrɛ Yɛn Ho Ase

15. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ osetie, na yɛbrɛ yɛn ho ase?

15 Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ayɛ osetie ama ahwɛfo a wɔapaw wɔn no. So nsakrae bi aba yɛn asasesin no mu ma enti ɛho abehia sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe na wɔyɛ asɛnka nhyiam no wɔ nna bi ne mmere bi mu ma enti ɛho abehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn bere nhyehyɛe mu? Momma yɛmmɔ mmɔden biara a yebetumi na yɛmmoa mma nhyehyɛe foforo a wɔayɛ no nnya nkɔso. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya nhyira pii a yɛnhwɛ kwan. So ɔsom adwuma sohwɛfo no rebɛsra yɛn Asafo Nhoma Adesua kuw no? Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu kɛse wɔ saa dapɛn no mu. So wɔama yɛn dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɔ na yɛkɔyɛ yɛn dwumadi no. So yɛn Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no aka sɛ adu yɛn kuw no so sɛ yesiesie Ahenni Asa no so? Momma yɛmmoa adesua sohwɛfo no sɛnea yɛn apɔwmuden ne yɛn ahoɔden betumi. Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma mmarima a Yehowa ne ne Ba no apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ nguankuw no so wɔ ɔdɔ mu wɔ nneɛma a yɛaka ho asɛm yi mu ne afei wɔ akwan foforo so nso.

16. Sɛ ɔpanyin bi anyɛ n’ade sɛnea akoa nokwafo no kyerɛ a, dɛn nti na ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtew no so atua?

16 Ɛtɔ mmere bi a ɔpanyin bi betumi ayɛ nneɛma bi a ɛne akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ne ne Sodikuw no akwankyerɛ nhyia. Sɛ ɔkɔ so yɛ n’ade wɔ saa kwan yi so a, obebu ho akontaa akyerɛ Yehowa a ɔne yɛn ‘guanhwɛfo ne yɛn kra hwɛfo no.’ (1 Petro 2:25) Nanso, sɛ mpanyimfo bi anyɛ wɔn ade yiye anaasɛ wodi mfomso a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkasa tia wɔn. Yehowa ani nnye wɔn a wɔyɛ asoɔden na wɔtew atua no ho.—Numeri 12:1, 2, 9-11.

Yehowa Hyira Wɔn a Wofi Wɔn Pɛ Mu Tie Ahwɛfo No

17. Ɛsɛ sɛ yebu yɛn ahwɛfo no dɛn?

17 Yehowa Nyankopɔn nim sɛ mmarima a wapaw wɔn sɛ ahwɛfo no nyɛ pɛ. Nanso, ɔde wɔn reyɛ adwuma, na ɔnam ne honhom no so hwɛ ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so no so. Yɛne mpanyimfo no nyinaa nim sɛ “tumi a ɛboro nnipa de so no [yɛ] Onyankopɔn dea, na ɛnyɛ yɛn ankasa dea.” (2 Korintofo 4:7) Enti, ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ adwuma a ɔde yɛn ahwɛfo anokwafo no reyɛ no ho, na ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu tie wɔn.

18. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma yɛn ahwɛfo no a, na henanom ankasa na yɛrebrɛ yɛn ho ase ama wɔn?

18 Ahwɛfo a wɔwɔ nna a edi akyiri yi mu no bɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade sɛnea Yehowa aka sɛ ahwɛfo a wɔapaw wɔn sɛ wɔnhwɛ ne nguan so bɛyɛ wɔn ade a wɔaka ho asɛm wɔ Yeremia 3:15 no. Ɔkae sɛ: “Mɛma mo ahwɛfo sɛ me koma pɛ, na wɔde nhumu ne nimdeɛ ayɛn mo.” Nokwarem no, mpanyimfo a wɔwɔ yɛn mu no rebɔ mmɔden wɔ ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu, na wɔrebɔ Yehowa nguan no ho ban. Momma yɛnkɔ so nkyerɛ wɔn adwumaden no ho anisɔ denam yɛn pɛ mu a yebefi atie wɔn na yɛabrɛ yɛn ho ase ama wɔn no so. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛn Ahwɛfo a wɔwɔ soro a wɔne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo no.

Ntĩmu

• Dɛn na Yehowa ne Yesu Kristo ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ Ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ?

• Wɔ osetie a yɛyɛ akyi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛyɛ osetie, na yɛwɔ ahobrɛase?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Kristofo a wɔyɛ mpanyimfo brɛ wɔn ho ase ma Kristo akanni

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma ahwɛfo a Yehowa apaw wɔn no