Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na Paulo asɛm a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ okunafo yɛ “okunu baako yere” ansa na wafata sɛ obi a Kristofo asafo no betumi aboa no no kyerɛ?—1 Timoteo 5:9.

Esiane sɛ na Paulo reka okunafo ho asɛm nti, ɛda adi sɛ asɛm “okunu baako yere” no fa tebea a na ɔbea no wom ansa na ɔrebɛyɛ okunafo no ho. So eyi betumi akyerɛ sɛ na okunafo no aware ɔbarima biako pɛ? Anaasɛ Paulo asɛm no betumi akyerɛ biribi foforo? *

Ebinom aka sɛ na wɔn a Paulo reka wɔn ho asɛm no ne akunafo a na wɔaware ɔbarima biako nkutoo. Ɛyɛ nokware sɛ wɔ mmusua ne aman bi mu no, wobu no sɛ ɛyɛ ɔbra pa sɛ okunafo bi rensan nware bio. Nanso, adeyɛ a ɛte saa no ne Paulo nsɛm foforo a ɔkyerɛwee no nhyia. Sɛ nhwɛso no, wɔ krataa a Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Korinto mu no, ɔdaa no adi pefee sɛ ɔno n’adwene de, sɛ okunafo anware bio a anka n’ani begye paa de, nanso sɛ ɔpɛ sɛ ɔware bio nso a, “ɔwɔ hokwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, Awurade mu nkutoo.” (1 Korintofo 7:39, 40; Romafo 7:2, 3) Bio nso, wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw Timoteo mu no, ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ akunafo a wonnyinii no ware.” (1 Timoteo 5:14) Enti, sɛ na okunafo bi pɛ sɛ ɔware a, na ɛnsɛ sɛ wɔkasa tia no.

Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛte Paulo asɛm a ɔkyerɛw Timoteo no ase dɛn? Asɛm a ɛne “okunu baako yere” no pue wɔ nkyekyɛm yi mu nkutoo. Wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw asɛm yi mu no, nea ɛkyerɛ ne “ɔbarima baako yere.” Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, saa asɛm yi ne nsɛm a Paulo de yɛɛ adwuma mpɛn pii wɔ ne nkrataa mu no di nsɛ. Ebi ne “ɔbea baako kunu,” anaa wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw asɛm no a ɛno ne “okunu a ne yere baako” no. (1 Timoteo 3:2, 12; Tito 1:6) Paulo de asɛm a ɛne “okunu a ne yere baako” no yɛɛ adwuma bere a ɔkaa ahwehwɛde ahorow a ɛma obi fata sɛ Kristofo asafo no mu ɔhwɛfo anaa ɔsomfo ho asɛm no. Nea saa asɛm no kyerɛ ankasa ne sɛ, sɛ ɔbarima bi yɛ ɔwarefo na ɔbɛfata ama ɔsom hokwan wɔ Kristofo asafo no mu a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a odi ne yere nokware, na asɛm biara nni ne ho wɔ abrabɔ mu nso. * Esiane sɛ asɛm yi yɛ nokware nti, ɛte sɛ nea ntease koro yi ara na asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 5:9 no kura: Sɛ na okunafo bi bɛfata sɛ asafo no boa no a, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔyere a ɔwɔ ahofama na odi nokware wɔ Onyankopɔn som mu, na bere a ne kunu te ase no odii no nokware, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔmfaa ne ho nhyɛɛ ɔbrasɛe biara mu nso. Ahwehwɛde foforo a Paulo bobɔɔ din wɔ nkyekyɛm a edi hɔ no mu nyinaa twe adwene si okunafo a ɔte saa so.—1 Timoteo 5:10.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Wɔ asomafo no bere so no, na Helafo ne Romafo nnye ntom sɛ ɔbea bɛware mmarima dodow bi wɔ bere koro mu. Enti, ɛda adi sɛ na ɛnyɛ ɛno ho asɛm na na Paulo rekyerɛw Timoteo, na saa ara nso na na ɛnyɛ sɛ ɔrekasa atia obiara a ɔde ne ho hyɛ aware a ɛte saa mu no.

^ nky. 5 Sɛ wopɛ sɛ wuhu baabi a wɔakyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae October 15, 1996, kratafa 17, ne “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbae wɔ Borɔfo Ɔwɛn-Aban September 15, 1980, kratafa 31.