Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afuw Bi a “Ahoa sɛ Wotwa”

Afuw Bi a “Ahoa sɛ Wotwa”

Afuw Bi a “Ahoa sɛ Wotwa”

Guajira da South America atifi fam asase ano pɛɛ. Ɛda Colombia atifi ne Venezuela atifi fam atɔe. Owia bɔ denneennen wɔ saa beae yi a ɛhɔ reyɛ ayɛ sɛ anhweatam no so, na osu nso ntaa ntɔ wɔ hɔ. Ɛhɔ tumi yɛ hyew papaapa. Ɛmfa ho sɛnea wim tebea te yi, nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no nim kuayɛ yiye na wonni wɔn ho adagyew koraa. Po so mframa a ɛbɔ fa hɔ ne mframa a ɛbɔ fi atifi fam apuei no ma ɛhɔ tra nyɛ den pii, na sɛnea ɛhɔ asase ne mpoano yɛ fɛ fa no ma ahɔho a wɔba hɔ no ani gye.

ƐHA na Wayuu Indiafo te. Wayuufo yi dodow yɛ bɛyɛ 305,000, na wɔn mu 135,000 tete Colombia. Saa nnipa yi bɛtraa ha bere tenten ansa na Spaniafo rebedi wɔn so.

Kuayɛ ne mmoayɛn yɛ Wayuufo adwuma titiriw. Wɔyɛ mpataayifo nso, na wɔne aman a atwa wɔn ho ahyia no di gua. Mmea no nim sɛnea wɔnwene nneɛma a ɛyɛ fɛ yiye, na ahɔho a wɔba hɔ nsrahwɛ no taa tɔ wɔn nneɛma.

Wayuufo yɛ nnipa a wɔka nokware na wɔpɛ ahɔhoyɛ. Nanso wɔte “mmere a emu yɛ den” mu te sɛ obiara. (2 Timoteo 3:1) Nneɛma a ɛhaw wɔn kɛse no mu biako ne ohia, na eyi ama wɔn mu dodow no ara nnim akenkan ne akyerɛw, mmofra nnya aduanpa nni, wonni ayaresabea, na mmofrabɔnesɛm kɔ so wɔ mmeae bi.

Kristoman asɔre ahorow no ama asɛmpatrɛwfo akɔtra Wayuufo yi mu mfe pii ni. Eyi nti, sukuu a wɔde tete akyerɛkyerɛfo ne sukuu a mmofra da hɔ no mu dodow no ara hyɛ asɔre ahorow no ase. Wayuufo pii agye nea wɔka sɛ ɛyɛ Kristofo amanne te sɛ ahonisom ne nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu atom, nanso wɔda so ara kura atetesɛm ne gyidihunu mu.

Wayuufo dodow no ara ani gye nyamesom ho, enti wotie Bible mu nokware a Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ no. Wɔ 1980 mfe no mfiase mu hɔ no, na Wayuufo baason pɛ na wɔyɛ Adansefo wɔ Guajira. Ná wɔn mu baasa te Ríohacha a ɛyɛ wɔn kuropɔn no mu. Ná Adansefo afoforo 20 a wɔnyɛ Wayuufo nso ka Ahenni ho asɛmpa no wɔ Spania kasa mu wɔ hɔ.

Wɔka Asɛm no Kyerɛ Wɔn wɔ Wɔn Ankasa Kasa Mu

Wayuufo dodow no ara a wɔte Ríohacha no tumi ka Spania kasa kakra ka wɔn kurom kasa Wayuunaiki ho. Mfiase no, nnipa pii antie Ahenni no ho asɛm a wɔkae no papa. Ná ɛte sɛ nea kurom hɔfo no mpɛ sɛ wɔne wɔn a wɔnyɛ Wayuufo no bɔ. Sɛ Adansefo no kɔ Wayuufo afie a, na wɔn mu dodow no ara nka Spania kasa, na mmom wɔde wɔn kurom kasa na na egye wɔn so. Sɛ ɛba saa a, na Adansefo no atoa so kɔ fie foforo mu.

Nanso ebeduu 1994 awiei no, na Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Colombia no de akwampaefo atitiriw anaa wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa kyerɛkyerɛ Bible no akɔ Ríohacha asafo no mu. Akwampaefo no ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔyɛ Wayuuni sɛ ɔnkyerɛ wɔn Wayuunaiki kasa. Bere a saa akwampaefo no suaa nsɛm ntiantiaa bi a wobetumi de adi adanse no, wofii ase de yɛɛ adwuma ntɛm ara wɔ asasesin no mu, na wohui sɛ afei de nkurɔfo retie asɛm no paa. Ɛmfa ho sɛ na akwampaefo atitiriw no ntumi nka Wayuunaiki kasa no yiye no, atiefo no ani gyei paa na wɔpɛe sɛ wotie. Ɛtɔ mmere bi a, na wɔde Spania kasa kakra a wonim no toa so bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye!

“Ahoa sɛ Wotwa”

Ɔsomafo Paulo de Kristofo asuafoyɛ adwuma no totoo kuadwuma ho. Eyi yɛ ntotoho a Wayuufo a wɔyɛ kua no te ase yiye. (1 Korintofo 3:5-9) Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, Wayuu afuw no “ahoa sɛ wotwa” ampa.—Yohane 4:35.

Wɔwoo Neil a ɔyɛ Wayuu Indiani a na ɔte Manaure no, na wadi dɛm. Esiane sɛ na Neil susuw sɛ Onyankopɔn na wama wadi dɛm nti, ɛhaw no araa ma ɔpɛe sɛ okum ne ho. Ɔdansefo bi a na n’adwuma de no kɔ nkurow afoforo so no de hokwan no kaa asɛm wɔ afie afie mu, na ɔkaa Yehowa Ahenni ho asɛm kyerɛɛ Neil. Saa bere no na Neil adi mfe 14 pɛ. Bere a Ɔdansefo no huu anigye a Neil wɔ no, ofii ase ne no suaa Bible no. Neil ani gyei sɛ obehui sɛ Yehowa wɔ ɔdɔ, na ɛma ohui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na wama wadi dɛm. Bere a ɔkenkanee asase so paradise a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ, baabi a yare nni hɔ bio ho asɛm no, ɛkaa ne koma paa!—Yesaia 33:24; Mateo 6:9, 10.

Saa bere no, na ntɔkwaw bi da Neil abusua ne abusua foforo bi ntam. Neil abusuafo no yɛɛ nyankomade bi de bɔɔ wɔn ho ban. Neil ka sɛ: “Mfiase no na misuro sɛ mɛka nneɛma foforo a na meresua wɔ Bible mu no ho asɛm akyerɛ m’abusuafo, titiriw abusua no mu mpanyimfo a yebu wɔn paa no.” Bere a Neil awofo hui sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ gyidi a ennyina Kyerɛwnsɛm so anaa ahonhonsɛmdi mu no, wɔn bo fuw no paa. Eyi nti, Neil tu kɔɔ Ríohacha, na ɔne asafo a ɛwɔ hɔ no bɔe. Akyiri yi, ɔbɔɔ asu. Wɔpaw no sɛ asafo mu somfo wɔ afe 1993 mu, na mfe abiɛsa akyi no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Afei wɔ afe 1997 mu no, wɔpaw no sɛ asafo mu panyin. Wɔ afe 2000 mu no, ɔtrɛw ne som adwuma mu bɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw.

Susuw Teresa a ɔyɛ Wayuuni a ɔne Adansefo no fii ase suaa Bible no nso ho hwɛ. Ná Daniel a ɔne no te a ɔnyɛɛ ne ho ade no di ne ho fɛw, na na ɔhwe ɔne ne mma baasa no nso. Ɛwom sɛ akyiri yi ɔpenee so sɛ ɔne Teresa bɛbom asua Bible no de, nanso na ɔtaa ne ne nnamfonom kɔwe nsa. Ɛtɔ mmere bi mpo a, otumi kohyem bɛyɛ nnanan anaa nnanum. Eyi maa n’abusua no dii hia. Teresa kɔɔ so suaa ade, na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam ahorow. Eyi boaa Daniel ma ohuu mfaso a ɛwɔ Bible sua so. Afei da bi, wɔn mma no baako tɔɔ nsuhyew mu hyehyewee paa ma owui. Awerɛhow a Teresa dii wɔ ne ba no wu ho akyi no, ne nnamfonom ne n’afipamfo hyɛɛ no sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ ayiyɛ ho amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so mu.

Wɔ saa mmere a na emu yɛ den no mu no, asafo a na ɛbɛn hɔ no mufo kyekyee Teresa ne Daniel werɛ na wɔhyɛɛ wɔn nkuran. Wɔyɛɛ ayi no wiei no, asafo a wɔka Wayuu kasa no mufo kɔɔ so bɛsraa wɔn kyekyee wɔn werɛ. Bere a Daniel huu ɔdɔ a asafo no mufo daa no adi no, ɛkaa no ma osuaa Bible no. Ogyaee nsanom na wanteetee Teresa bio. Daniel ne Teresa waree, na Daniel fii ase yɛɛ adwumaden de hwɛɛ n’abusua. Wɔkɔɔ so nyaa Onyankopɔn ho nimdeɛ na wɔbɔɔ asu wɔ afe 2003 mu. Wɔn baanu nyinaa yɛ Bible adesua ahorow. Esiane nhwɛso pa a Teresa ayɛ ama ne kunu ne ne mma nti, seesei ama n’abusuafo anya ɔpɛ sɛ sɛ Adansefo no ba wɔn fie a, wobetie wɔn. Daniel wɔfase baako yɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu, na ne wɔfasewanom baanu nso resua Bible no na wɔkɔ asafo nhyiam ahorow. Teresa akummaa a ɔno nso ba wui wɔ akwanhyia bi mu no ne n’abusua ani agye ho sɛ wobesua Bible no.

Bible ho Nhoma a Ɛwɔ Wayuunaiki Kasa Mu

Wɔ afe 1998 mu no, woyii Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! * nhomawa no adi wɔ Wayuunaiki kasa mu. Eyi bɛyɛɛ nhoma titiriw a na wɔde yɛ adwuma wɔ Wayuu asasesin no mu, na wɔde yɛɛ ofie Bible adesua ahorow nso. Wɔyɛɛ nhyehyɛe wɔ afe 2003 mu sɛ wɔbɛtete anuanom bi ma wɔakyerɛ Yehowa Adansefo nhoma ase akɔ Wayuunaiki kasa mu. Esiane adwumaden a wɔn a wɔkyerɛ nhoma ase wɔ Ríohacha reyɛ nti, wɔanya nhomawa pii, na aboa ma nnipa pii a wɔka Wayuunaiki kasa no reba Nyankopɔn som mu.

Efi afe 2001 reba no, wɔakyerɛ ɔmantam nhyiam dwumadi no bi ase akɔ Wayuunaiki kasa mu. Sɛ Bible asuafo no te dwumadi no wɔ wɔn ankasa kasa mu a, ɛhyɛ wɔn nkuran. Wɔhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛhwɛ Bible drama nso wɔ Wayuunaiki kasa mu.

Asasesin Bi a Ɛresow Aba

Uribia da Ríohacha atifi fam apuei, na efi Ríohacha kɔ hɔ yɛ bɛyɛ akwansin 60. Ahenni adawurubɔfo 16 na wɔwɔ Uribia Wayuu asafo mu, na wɔn mu pii rebɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛka asɛm no akyerɛ Indiafo a wɔtete nkuraase no. Asafo no mu mpanyimfo no mu baako ka asɛnka adwuma a wɔtaa kɔyɛ wɔ hɔ no mu biako ho asɛm sɛ: “Yɛkɔɔ akuraa bi a wɔyɛn mmoa a adan bɛyɛ 12 wɔ hɔ ase. Ɛhɔ adan no yɛ ntiantiaa na mpoma nketenkete na ɛdeda ho. Wɔabɔ apata wɔ fie biara anim. Sɛ owia bɔ denneennen a, apata yi ase na abusuafo ne ahɔho tratra. Yɛn ani gyei sɛ nnipa pii kyerɛɛ asɛm no ho anigye, enti yɛyɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛsan akɔ ne wɔn akɔyɛ Bible adesua. Bere a yɛsan kɔe no, yehui sɛ na wɔn mu pii nnim akenkan ne akyerɛw. Wɔkyerɛɛ yɛn sukuu dan bi a sika a wonni nti, wɔagyaw asi hɔ. Nea ɔhwɛ sukuu no so no fi ayamye mu maa yɛn kwan sɛ yensua akenkan ne akyerɛw wɔ sukuu dan no biako mu, na yɛne nkurɔfo nyɛ Bible adesua nso wom. Wayuufo baasia asua akenkan ne akyerɛw na wɔrenya nkɔso wɔ wɔn Bible adesua mu. Yɛn ani sɔ anigye a wɔakyerɛ wɔ asɛm no ho kɛse, enti yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ asafo nhyiam ahorow wɔ akuraa no ase.”

Adansefo binom a wɔnyɛ Wayuufo no asua Wayuunaiki kasa, na wɔreboa adwuma no paa. Asafo awotwe ne akuw abien na seesei wɔde Wayuu kasa yi yɛ asafo nhyiam ahorow wɔ Guajira.

Ɛda adi pefee sɛ Yehowa rehyira wɔn mmɔdenbɔ no so. Akyinnye biara nni ho sɛ asɛmpa a wɔreka wɔ Wayuufo mu no betumi asow aba pii. Yɛhwɛ kwan sɛ bere a wɔn a Onyankopɔn ho asɛm hia wɔn no bɛyɛ Kristofo no, adwuma no bɛkɔ so kɛse. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛma asomfo pii akɔyɛ adwuma wɔ asasesin a “ahoa sɛ wotwa” yi mu.—Mateo 9:37, 38.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

VENEZUELA

COLOMBIA

LA GUAJIRA

Manaure

Ríohacha

Uribia

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]

Wayuu akuraa na ɛwɔ ase ha no: Victor Englebert