Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere A Aware Mu Anidaso Yɛ Hunu

Bere A Aware Mu Anidaso Yɛ Hunu

Bere A Aware Mu Anidaso Yɛ Hunu

SƐ ƐTE sɛ nea na ɔbarima ne ɔbea bi fata wɔn ho paa mpo ansa na wɔreware a, wɔn anidaso betumi ayɛ hunu bere a wɔaware no. Nanso dɛn na ɛma nnipa baanu a na ɛte sɛ nea wɔte wɔn ho ase yiye ansa na wɔreware no tumi sesa koraa wɔ ɛno akyi?

Bible ka sɛ wɔn a wɔware no “ho behiahia wɔn.” (1 Korintofo 7:28) Nea ɛtaa de ahohiahia a ɛte saa ba yi bi fi nnipa sintɔ. (Romafo 3:23) Bio nso, ebia na awarefo no mu baako anaa wɔn baanu nyinaa mfa Bible akwankyerɛ nyɛ adwuma. (Yesaia 48:17, 18) Nanso ɛtɔ mmere bi a, ɔbarima anaa ɔbea bi hwɛ nneɛma a ɛboro so kwan bere a waware no. Sɛ ɛba saa a, wɔnte wɔn ho ase, enti ebetumi akɔfa ɔhaw a emu yɛ den aba.

Nneɛma a Ɛboro so a Wɔhwɛ Kwan

Sɛ woyɛ okunu anaa ɔyere a, ebia wowaree no, na wohwɛ nneɛma bi kwan; saa na ɛte wɔ nnipa dodow no ara fam. Gye bere kakra fa susuw asetra ko a na wohwɛ kwan no ho hwɛ. So w’aware nte sɛ nea wususuwii no? Sɛ saa a, mpere wo ho nka sɛ worentumi nsiesie ɔhaw a aba no. Bible nnyinasosɛm a wode bɛyɛ adwuma no bɛboa wo ma woateɛteɛ nneɛma. * (2 Timoteo 3:16) Saa bere yi, ɛbɛyɛ papa sɛ wosan susuw adwene a ebia na wowɔ wɔ aware ho no ho.

Sɛ nhwɛso no, ebinom susuwii sɛ sɛ wɔware a, wobedi dɔ daa te sɛ nea wɔka ho asɛm wɔ ayɛsɛm nhoma ahorow mu no. Anaasɛ ebia wususuwii sɛ wo ne wo hokafo no de mo bere dodow no ara bɛbom ayɛ nneɛma anaa ɛrenyɛ den koraa sɛ mo baanu no besiesie mo ntam asɛm. Nnipa pii nso nyaa adwene sɛ ɛho nhia sɛ wonya ahosodi wɔ ɔbea ne ɔbarima nna ho bere a wɔaware no. Esiane sɛ nneɛma a wɔhwɛ kwan yi nyinaa nte sɛ nea wosusuwii no nti, ɛbɛma ebinom nsa asi fam ɔkwan biara so.—Genesis 3:16.

Ade foforo a nnipa hwɛ kwan a ɛmfata ne sɛ, aware kɛkɛ bɛma obi anya anigye. Nokwarem no, sɛ woware a, ebetumi ama w’ani agye paa. (Mmebusɛm 18:22; 31:10; Ɔsɛnkafo 4:9) Nanso, so ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ sɛ yɛware ara pɛ a, yɛn adwene behyia wɔ biribiara ho? Asɛm taa fa wɔn a wokura adwene a ɛte saa no ase!

Nea Obi Hwɛ Kwan a Ɔnka Ho Asɛm

Ɛnyɛ nneɛma a awarefo hwɛ kwan nyinaa na ɛmfata, ebi fata. Nanso esiane nneɛma bi a wɔhwɛ kwan nti, ɔhaw betumi asɔre. Aware ho fotufo bi ka sɛ: “Metaa hu awarefo a wɔn bo afuw wɔn ho wɔn ho esiane sɛ wɔn mu baako hwɛ kwan sɛ ne hokafo no bɛyɛ nea ɔpɛ ama no bere ko a onnim da sɛ ohia biribi a ɛte saa no.” Sɛ wobɛte nea ebetumi ama aba saa no ase a, susuw asɛm a edi so yi ho hwɛ:

Kwadwo akɔware Akosua fi akyirikyiri baabi aba ne kurom. Ansa na Akosua rebɛware no, ohui sɛ obehyia nsɛnnennen wɔ baabi foforo a obetu akɔtra no, ne titiriw esiane sɛ ɔfɛre ade nti. Nanso na ɔwɔ ahotoso sɛ Kwadwo bɛboa no ma n’ani aka. Sɛ nhwɛso no, na Akosua hwɛ kwan sɛ Kwadwo bɛboa no ma watumi ne ne nnamfo abɔ. Nanso amma saa. Kwadwo ne ne nnamfo pii no bɔ nkɔmmɔ araa ma ne werɛ tumi fi Akosua a wabɛtɔ wɔn mu no. Akosua te nka sɛ Kwadwo abu n’ani agu no so, na wapo no mpo. Ɔka wɔ ne tirim sɛ, ‘Dɛn nti na Kwadwo nnwen me ho koraa saa?’

So nea na Akosua hwɛ kwan no mfata? Ɛnte saa ankasa. Ɔpɛ sɛ ne kunu boa no ara kwa ma n’ani ka baabi foforo a waba no. Akosua fɛre ade, na sɛ ohu nnipa pii a onnim wɔn a, onhu nea ɔnyɛ. Nanso nokwasɛm ne sɛ, Akosua nkaa sɛnea ɔte nka no nkyerɛɛ Kwadwo da. Enti Kwadwo nnim nea ɛhaw Akosua. Sɛ tebea no kɔ so saa ara a, dɛn na ebesi? Ebetumi ahaw Akosua araa ma bere kɔ so no, ebia wanya adwene sɛ ne kunu nnwen ne ho koraa.

Wo nso, ebia ɛte sɛ nea wo hokafo nni nea ehia wo ho dwuma mma wo ma enti woayɛ basaa. Sɛ saa na ɛte a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Ka Ho Asɛm

Sɛ wohwɛ biribi kwan na sɛ amma mu a, ebetumi ahaw adwene paa. (Mmebusɛm 13:12) Nanso wubetumi ayɛ tebea no ho biribi. Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ.” (Mmebusɛm 16:23) Enti sɛ wote nka sɛ wuhia biribi a ɛfata nanso wo hokafo nyɛ mmaa wo a, wo ne no nsusuw ho.

Bɔ mmɔden sɛ wobɛpaw bere a ɛfata, tebea pa, ne nsɛm a ɛfata a wode bɛka w’asɛm. (Mmebusɛm 25:11) Kasa odwo ne obu so. Kae sɛ wo botae ne sɛ wobɛka nea wohwɛ kwan ne sɛnea wote nka akyerɛ wo hokafo no, na ɛnyɛ sɛ wobɛbɔ no sobo.—Mmebusɛm 15:1.

Dɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ woyɛ saa? So ɔhokafo a odwen wo ho rentumi nhu nea ehia wo? Ebia ɛsono sɛnea wo hokafo no hu asɛm no, nanso sɛ wokyerɛkyerɛ mu a, obesusuw nea woreka no ho. Sɛ woka nea ehia wo ho asɛm a, ɛnkyerɛ sɛ wunni aware pa na saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ wo hokafo no nnwen wo ho.

Enti ntwentwɛn wo nan ase sɛ wo ne wo hokafo besusuw nsɛm ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Akosua ne Kwadwo asɛm a yɛkae no mu no, anka Akosua betumi aka akyerɛ Kwadwo sɛ: “Ma menka, ɛyɛ den ma me sɛ me ne nnipa pii a minnim wɔn saa bɛbɔ. So wubetumi aboa me ma m’anim akokwaw obiara anim?”

‘Yɛ Ntɛm Asɛntie Ho’

Afei susuw asɛm no ho wɔ ɔkwan foforo so. Fa no sɛ wo hokafo aka akyerɛ wo sɛ esiane sɛ wunni biribi a ɛfata ho dwuma mma no nti, ama wayɛ basaa. Sɛ ɔka saa a, tie no! Mmɔ mmɔden sɛ wubeyi wo ho ano. Mmom no, ‘yɛ ntɛm asɛntie ho, yɛ nyaa ɔkasa ho, yɛ nyaa abufuw ho.’ (Yakobo 1:19; Mmebusɛm 18:13) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.”—1 Korintofo 10:24.

Wubetumi afa no sɛ wo na wowɔ tebea a wo hokafo no wom no mu na woate no ase. Bible ka sɛ: “Mo okununom, monkɔ so ne wɔn ntra saa ara wɔ nimdeɛ mu” anaa sɛnea J. B. Phillips nkyerɛase no ka no, “ɛsɛ sɛ mo okununom mobɔ mmɔden te mo yerenom a mo ne wɔn te no ase.” (1 Petro 3:7) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɔyerenom nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa ara ama wɔn kununom.

Kae sɛ ɛmfa ho sɛnea ebia wo ne wo hokafo fata mo ho no, mo nyinaa munkura adwene koro wɔ nsɛm nyinaa ho. (Hwɛ adaka, “Wɔhwɛ Ade Koro, Nanso Ɛsono Sɛnea Obiara Hu No.”) Nokwarem no, mfaso wɔ eyi so, efisɛ eye sɛ wubesusuw nneɛma ho sɛnea ɔfoforo no nso hu no no. Esiane sɛ ɛsono abusua a wo ne wo hokafo no fi mu ne sɛnea mo mu biara yɛ n’ade nti, ɛsono nea obiara hwɛ kwan wɔ aware mu. Ne saa nti, ebetumi aba sɛ modɔ mo ho paa de, nanso nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛsono adwene a obiara kura wɔ ho.

Sɛ nhwɛso no, ebia na Kristofo awarefo nim tiyɛ nhyehyɛe a Bible ka ho asɛm no yiye. (Efesofo 5:22, 23) Nanso ɔkwan pɔtẽẽ bɛn so na ɔbarima de tiyɛ nhyehyɛe no bɛyɛ adwuma wɔ n’abusua mu, na ɔkwan bɛn so na ɔbea bɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ase? So mo baanu no ma Bible nnyinasosɛm yi kyerɛ mo nea monyɛ, na morebɔ mo ho mmɔden sɛ mode bɛyɛ adwuma?

Ebetumi aba nso sɛ ɛsono adwene a mowɔ wɔ nneɛma foforo ho wɔ abrabɔ mu. Hena na ɔbɛyɛ ofie nnwuma bi? Bere bɛn na mobɛkɔ akɔsra abusuafo, na bere tenten ahe na mubedi wɔ hɔ? Dɛn na Kristofo awarefo bɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔde Ahenni no redi kan wɔ wɔn asetra mu? (Mateo 6:33) Ɛdefa sikasɛm ho no, ɛnyɛ den koraa sɛ mobɛde ka, enti mfaso wɔ so sɛ morenyɛ atotɔatotɔ, na ama moahwɛ mo sika so yiye. Nanso, sɛ́ morenyɛ atotɔatotɔ na mobɛhwɛ mo sika so yiye no kyerɛ dɛn? Ɛho hia sɛ mufi mo koma mu susuw nsɛm a ɛtete saa ho wɔ obu mu, na sɛ moyɛ saa a, mubenya so mfaso.

Ebesi saa bere yi mpo sɛ w’anidaso wɔ aware mu no bi mmaa mu a, nsɛm a ɛtete saa a wo ne wo hokafo besusuw ho no betumi aboa wo ma woanya anigye wɔ w’aware mu. Nokwasɛm ni, wubetumi de ɔsomafo Paulo afotu yi ayɛ adwuma yiye: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”—Kolosefo 3:13.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Afotu pa pii a wɔde ma awarefo wɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma a Yehowa Adansefo atintim no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 10]

WƆHWƐ ADE KORO, NANSO ƐSONO SƐNEA OBIARA HU NO

“Fa no sɛ akwantufo bi rehwɛ asase bi a ɛyɛ fɛ ankasa. Ɛwom sɛ kuw no nyinaa hwɛ ade koro de, nanso ɛsono sɛnea wɔn mu biara hu no. Dɛn ntia? Efisɛ ɛsono faako a wɔn mu biara gyina. Nnipa baanu biara nni hɔ a wogyina beae koro. Afei nso, ɛsono baabi a obiara hwɛ. Wɔn mu biara wɔ nea n’ani gye ho kɛse. Saa ara na ɛte wɔ aware mu. Sɛ ahokafo baanu no fata wɔn ho yiye mpo a, ɛnyɛ biribiara na wɔn adwene hyia pɛpɛɛpɛ wɔ ho. . . . Nea ɛka nkitahodi ho ne sɛ awarefo no bɛbɔ mmɔden ayɛ nsakrae ma wɔn adwene ahyia wɔ nneɛma ho. Eyi hwehwɛ sɛ wogye bere bɔ nkɔmmɔ.”—August 1, 1993 Ɔwɛn-Aban, kratafa 4.

[Mfonini wɔ kratafa 11]

NEA WUBETUMI AYƐ SEESEI

• San susuw nneɛma a na wohwɛ kwan no ho. So ɛfata? So wohwehwɛ pii fi wo hokafo hɔ sen nea ɛfata?—Filipifo 2:4; 4:5.

• Bɔ mmɔden yɛ nsakrae wɔ nneɛma a wohwɛ kwan a ɛnte sɛ nea wususuwii no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ anka wobɛka sɛ, “Yɛn adwene behyia wɔ biribiara ho no,” fa yɛ wo botae sɛ wobɛbɔ mmɔden ma moasiesie mo ntam asɛm asomdwoe mu.—Efesofo 4:32.

• Ka nneɛma a wohwɛ kwan no ho asɛm. Nneɛma a ɛhaw mo ho asɛm a mobɛka no yɛ ɔkwan titiriw a mofa so sua sɛnea mobɛda ɔdɔ ne obu adi akyerɛ mo ho mo ho.—Efesofo 5:33.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yɛ ‘ntɛm tie’ nea ɛhaw wo hokafo no