Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Paulo Akyi kɔ Beroia

Di Paulo Akyi kɔ Beroia

Di Paulo Akyi kɔ Beroia

Adwuma a asɛmpatrɛwfo baanu no yɛe no sow aba pii, na nnipa bebree bɛyɛɛ gyidifo. Afei basabasayɛfo bi sɔre tiaa wɔn. Eyi nti, wosii nea wɔbɛyɛ ho gyinae. Esiane asafo foforo a na wɔatew ne asɛmpatrɛwfo no ahobammɔ nti, na ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo baanu yi fi hɔ ntɛm ara, wɔ anadwo dasum. Enti Paulo ne Silas guan fii Tesalonika a ɛwɔ Makedonia mpoano wɔ bɛyɛ afe 50 Y.B. mu. Wɔtoaa so kɔɔ Beroia, kurow a edi hɔ a na wɔrekɔka asɛm no wɔ hɔ no.

SƐ OBI gyina akyiri a, obehu sɛ tete kurow Beroia (Véroia) da so ara da Bepɔw Bermios a ɛso afifide yɛ fɛ no ase wɔ apuei fam. Beroia da Tesalonika anafo fam apuei, na efi hɔ rekɔ Tesalonika no yɛ bɛyɛ akwansin 40. Efi Beroia rekɔ Aegean Po ho no yɛ akwansin 25. Bepɔw Olympus a ɛyɛ tete Helafo anyame no mu atitiriw atrae no da Beroia anafo fam.

Beroia ho hia Bible asuafo efisɛ ɛyɛ baabi a Paulo kaa asɛmpa no maa nnipa pii sakra bɛyɛɛ Kristofo. (Asomafo Nnwuma 17:10-15) Ma yenni Paulo anammɔn akyi nkɔ Beroia nkɔhwehwɛ kurow no abakɔsɛm mu.

Kurow no Ho Abakɔsɛm

Obiara nnim bere pɔtẽẽ a wɔkyekyee Beroia kurow no. Ɛbɛyɛ sɛ nnipa a wodii kan bɛtraa hɔ no yɛ Frigiafo, na Makedoniafo pam wɔn fii hɔ wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu. Mfe ahasa akyi no, Alexander Ɔkɛseɛ no nkonimdi ahorow maa Makedonia dii yiye. Wosisii adan akɛse na wɔtoo afasu. Saa ara nso na wosisii asɔrefie maa Seus, Artemi, Aollo, Athena, ne Helafo anyame afoforo.

Abakɔsɛm nhoma bi ka sɛ, mfe pii a atwam ni no, Beroia “dii dwuma titiriw bi wɔ ne mpɔtam ne nkurow a aka a ɛwɔ Hela atifi fam no nso mu.” Kurow no gyee din kɛse wɔ Antigonidfo no nniso (306-168 A.Y.B.), a na ɛyɛ Makedonia ahene abusua a etwa to no bere so. Ewiee ase no, Romafo no tuu wɔn nniso no gui.

Encyclopædia Britannica ka sɛ, “nniso a na ɛwɔ so no gui, na Romafo no na wobedii tumi wɔ Mediterranea apuei fam hɔ” bere a Romafo no dii Ɔhene Philip V so nkonim wɔ afe 197 A.Y.B. mu no. Wɔ afe 168 A.Y.B. mu no, Roma sahene bi dii nkonim kɛse wɔ tete Makedonia sodifo Perseus a otwa to no so wɔ Pydna a ɛda Beroia anafo fam no. Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu no, Roma nniso na ebesii Hela wiase tumidi no ananmu. (Daniel 7:6, 7, 23) Ɔko no akyi no, Makedonia nkurow a edii kan de wɔn ho hyɛɛ Roma nniso ase no mu biako ne Beroia.

Wɔ afeha a edi kan A.Y.B. mu no, Makedonia na Pompey ne Julius Caesar dii ako. Nokwasɛm ne sɛ, Pompey de n’asraafo kɔɔ Beroia, na ɛhɔ na ofi yɛɛ ne nnwuma nyinaa.

Esii Wɔn Yiye wɔ Roma Nniso Ase

Wɔ Roma Asomdwoe bere mu no, sɛ na ahɔho kɔ Beroia a wohu akwan a wɔde abo ayɛ a adum sisi ho. Ná ɔmanfo aguaree, agodibea, nhomakorabea ahorow, ne baabi a na wosi ntɔkwaw ho akan wɔ kurow no mu. Ná wonya durubɛn mu nsu nom, na wotwitwaa nsuka a nsufĩ fa mu totoo asase ase wɔ kurow no mu. Beroia bɛyɛɛ beae titiriw a wodi gua a na aguadifo, wɔn a wodi adwinni, ne mmirikatufo ba hɔ. Ná bɛhwɛadefo nso bɛhwɛ wɔn a wotu mmirika ne agodi afoforo no. Ná ahɔho tumi nya baabi a wɔsom a na wobetumi ayɛ wɔn som mu amanne wɔ hɔ. Nokwarem no, na nkurɔfo a wodi ahonhonsɛm a wofi Roma ahemman no mu nyinaa bi wɔ hɔ.

Ná Roma ahempɔn a wɔawuwu a wɔsom wɔn sɛ anyame no ka anyame a na wɔsom wɔ Beroia no ho. Ɛbɛyɛ sɛ na eyi nyɛ ade foforo mma Beroiafo efisɛ na wɔsom Alexander Ɔkɛseɛ a na wobu no sɛ onyame no ansa na wɔrebɛsom ahempɔn ahorow sɛ anyame. Helafo nhoma bi ka sɛ: “Esiane sɛ na ɛyɛ Helafo su sɛ wɔbɛsom ɔhene bi sɛ onyame bere a ɔte ase no nti, na Helafo a wɔwɔ ahemman no apuei fam no ani gye ho sɛ wɔbɛsom Roma ahempɔn no nso sɛ anyame . . . Wɔyɛɛ ɔhempɔn a ɔhyɛ ahenkyɛw hyɛnhyɛn a wobu no sɛ onyame no mfonini too wɔn sika so. Ná wɔto nnwom de bɔ no mpae te sɛ nea wɔbɛyɛ ama onyame bi ara pɛ.” Wosisii afɔremuka ne asɔrefie, na wɔbɔɔ afɔre maa Ɔhempɔn no. Ná ahempɔn mpo ba fã a Helafo hyɛ ma wɔn anyame, a mmirikatu, adwinnidi, ne nhomakyerɛw ho akansi ka ho no ase bi.

Dɛn nti na na abosonsom agye nhin wɔ Beroia saa? Efisɛ ɛhɔ na na Makedoniafo Koinon no wɔ. Ná Koinon yi yɛ baguafo a wɔayiyi wɔn afi Makedonia nkurow mu. Ná Romafo no hwɛ ma baguafo yi taa hyia wɔ Beroia susuw kurow no ne ɔmansin no ho ne sɛnea wobedi ho dwuma ho. Adwuma titiriw biako a na Koinon no yɛ ne sɛ wɔbɛhwɛ ma wɔahyɛ fã ama ahempɔn no.

Tebea a na ɛwɔ kurow a Paulo ne Silas guan fii Tesalonika kɔɔ hɔ mu no ni. Ebeduu saa bere no, na Beroia ahyɛ Roma nniso ase mfe ahannu.

Asɛmpa no Duu Beroia

Paulo fii n’asɛnka adwuma no ase wɔ hyiadan a na ɛwɔ Beroia kurow mu no mu. Dɛn na wɔyɛe wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ho? Bible bɔ amanneɛ sɛ na Yudafo a wɔwɔ hɔ no “wɔ adwempa sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, efisɛ wogyee asɛm no ntɛm so, na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.” (Asomafo Nnwuma 17:10, 11) Esiane sɛ na wɔwɔ “adwempa” nti, wɔansen wɔn kɔn anni wɔn atetesɛm akyi. Ɛwom sɛ na wɔntee nsɛm yi bi da de, nanso wɔannye akyinnye anaa wɔn bo amfuw. Sɛ́ anka wɔbɛpo Paulo asɛm no, wɔwɛn wɔn aso de adwempa tiee no.

Ná ɛbɛyɛ dɛn na saa Yudafo no ahu nokwasɛm a ɛwɔ Paulo nkyerɛkyerɛ no mu? Wɔde nea wɔtee no totoo Bible no ho hwɛe sɛ ɛte saa anaa. Wɔtɔɔ wɔn bo ase de nsi hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu. Matthew Henry a ɔyɛ Bible ho ɔbenfo no kae sɛ: “Esiane sɛ Paulo ne wɔn susuw kyerɛw nsɛm no ho, na ɔtwee wɔn adwene sii Apam Dedaw no so de foaa n’asɛm a ɔkae no so nti, wɔhwɛɛ wɔn Bible mu huu baabi a ɔtwee wɔn adwene sii so no, na wɔkenkanee nsɛm a ɛfa ho no, susuw ntease a ɛwom no ho, de totoo kyerɛw nsɛm ahorow ho hwɛe sɛ Paulo nsɛm no yɛ nokware na ɛtɔ asom anaa, na wogyinaa so sii gyinae.”

Eyi kyerɛ sɛ, wɔamfa wɔn ani amfa nsɛm a wɔakyerɛw no mu ara kɛkɛ. Ɛnyɛ Homeda nko na Beroiafo no gyee bere de nsi suaa ade, na mmom na wɔyɛ saa daa.

Susuw nea efi mu bae no ho hwɛ. Yudafo a na wɔwɔ Beroia no mu pii tiee asɛm no, na wɔbɛyɛɛ gyidifo. Helafo binom gye dii, na ɛbɛyɛ sɛ ebinom a na wɔasakra abɛyɛ Yudafo nso ka ho. Ɔmanfo huu nea na ɛrekɔ so no. Bere a Yudafo a wɔwɔ Tesalonika tee no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Beroia ‘kotutu guu ɔmanfo no asom hwanyan wɔn.’—Asomafo Nnwuma 17:4, 12, 13.

Tebea no ma Paulo fii Beroia, nanso ɔkɔɔ so kaa asɛm no wɔ baabi foforo. Saa bere yi de, ɔfaa po so hyɛn bi a na ɛrekɔ Atene. (Asomafo Nnwuma 17:14, 15) Nanso n’ani gyei sɛ adwuma a ɔyɛe wɔ Beroia no nti, Kristosom gyee nhin wɔ hɔ. Na ɛresow aba nnɛ.

Nokwarem no, nkurɔfo da so ara wɔ Beroia (Véroia) a wɔtɔ wɔn bo ase hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu na ‘wɔsɔ ade nyinaa hwɛ,’ na ‘wokura’ nokwasɛm a ɛwɔ nnyinaso no mu ‘pintinn.’ (1 Tesalonikafo 5:21) Yehowa Adansefo asafo abien a ɛrenya nkɔso wɔ kurow no mu no reka Bible mu asɛmpa no kyerɛ afoforo sɛnea Paulo yɛe no. Wɔhwehwɛ nnipa komapafo ne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no ho, na wɔma tumi a ɛwɔ Bible mu no boa wɔn a wɔpɛ sɛ wohu Yehowa, nokware Nyankopɔn no.—Hebrifo 4:12.

[Mfonini wɔ kratafa 13]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no fã bi

MISIA

Troa

Neapoli

Filipi

MAKEDONIA

Amfipoli

Tesalonika

Beroia

HELA

Atene

Korinto

AKAIA

ASIA

Efeso

RODO

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Dwetɛ sika a Alexander Ɔkɛseɛ a wobu no sɛ Helafo nyame mfonini da so

[Asɛm Fibea]

Sika: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Yudafo atrae a ɛwɔ Beroia (Véroia) no apon no mu biako

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Hyiadan dedaw bi a ɛwɔ nnɛyi Beroia (Véroia)