Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Asafo No Nyɛ Den

Momma Asafo No Nyɛ Den

Momma Asafo No Nyɛ Den

‘Asafo no nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den.’—ASOMAFO NNWUMA 9:31.

1. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa wɔ “Nyankopɔn asafo” no ho?

WƆ Pentekoste 33 Y.B. mu no, Yehowa gyee Kristo asuafo bi toom sɛ ɔman foforo, “Nyankopɔn Israel no.” (Galatifo 6:16) Kristofo a wɔasra wɔn yi san bɛyɛɛ nea Bible frɛ no “Nyankopɔn asafo.” (1 Korintofo 11:22) Dɛn na na ɛno kyerɛ? Ná wɔbɛhyehyɛ “Nyankopɔn asafo” no dɛn? Dwuma bɛn na na ebedi wɔ asase so, ɛmfa ho baabi a emufo te? Na ɛfa yɛn asetra ne anigye a yebenya ho dɛn?

2, 3. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ na asafo no de nhyehyɛe na ɛbɛyɛ adwuma?

2 Sɛnea yehui wɔ adesua a edi kan no mu no, Yesu kaa n’akyidifo a wɔasra wɔn asafo yi a wɔbɛhyehyɛ ho asɛm bere a ɔka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ: “Ɔbotan yi [Yesu Kristo] so na mesi m’asafo, na Hades apon renni so nkonim” no. (Mateo 16:18) Bio nso, bere a na Yesu da so ne n’asomafo no wɔ hɔ no, ɔma wohuu dwuma a asafo yi a na ɛrenkyɛ wɔbɛhyehyɛ no bedi ne nhyehyɛe a wɔde bɛyɛ adwuma wɔ asafo no mu.

3 Yesu nam ne nsɛnkae ne ne nnwuma so kyerɛe sɛ ebinom bedi asafo no anim. Ná wɔnam afoforo a wɔbɛsom wɔn wɔ wɔn mu no so na ɛbɛyɛ saa. Kristo kae sɛ: “Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ amanaman sodifo no di wɔn so bakoma na wɔn mu atitiriw no di wɔn so tumi. Nanso ɛnte saa mo mu; na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse mo mu no, ɔnyɛ somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan mo mu no, ɔnyɛ mo nyinaa mu akoa.” (Marko 10:42-44) Ɛda adi sɛ, na “Nyankopɔn asafo” no renyɛ ankorankoro a obiara te ne baabi, na ankɔyɛ sɛ asafo bi a nhyehyɛe nni mu. Mmom no, na ɛde nhyehyɛe na ɛbɛyɛ adwuma, na ankorankoro a wɔwom no bɛbom ayɛ adwuma ne wɔn ho wɔn ho adi nkitaho.

4, 5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ asafo no Yehowa ho ade?

4 Yesu a na ɔbɛyɛ saa “Nyankopɔn asafo” no Ti no kyerɛe sɛ n’asomafo ne afoforo a na wakyerɛkyerɛ wɔn no benya asɛyɛde pɔtẽẽ wɔ asafo no mufo a wɔaka no ho. Dɛn na na wɔbɛyɛ? Adwuma titiriw a na wɔbɛyɛ ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ asafo no mufo Yehowa ho asɛm. Kae sɛ Yesu a na wɔanyan no no ka kyerɛɛ Petro wɔ asomafo no binom anim sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” Petro buaa no sɛ: “Yiw, Awurade, wunim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nguammaa. . . . Hwɛ me nguan nkumaa. . . . Yɛn me nguan nkumaa.” (Yohane 21:15-17) Adwuma a ɛsõ bɛn ara ni!

5 Yebetumi ahu afi Yesu nsɛm yi mu sɛ wɔde wɔn a wɔreboaboa wɔn ano aba asafo no mu no toto nguankuw ho. Ɛho behia sɛ wɔde Bible kyerɛkyerɛ nguan yi—Kristofo mmarima, mmea, ne mmofra—na wɔhwɛ wɔn yiye. Bio nso, esiane sɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ afoforo na wɔnyɛ asuafo nti, ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ onipa foforo biara a ɔbɛba abɛyɛ Yesu guammaa no sɛnea obedi ahyɛde a efi Onyankopɔn hɔ yi so.—Mateo 28:19, 20.

6. Nhyehyɛe bɛn na wɔyɛe wɔ “Nyankopɔn asafo” a wɔhyehyɛɛ no foforo no mu?

6 Bere a wɔhyehyɛɛ “Nyankopɔn asafo” no, na emufo no hyia daa ma wɔkyerɛkyerɛ wɔn, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran: “Wɔkɔɔ so tuu wɔn ho sii hɔ maa asomafo no nkyerɛkyerɛ ne nneɛma a wɔbom kyɛ, ne adidi ne mpaebɔ.” (Asomafo Nnwuma 2:42, 46, 47) Asɛm foforo a ehia a ɛwɔ Asomafo Nnwuma no mu no ne sɛ, wɔpaw mmarima a wɔfata sɛ wɔmmoa nhwɛ nni nneɛma a ɛho hia bi ho dwuma. Ɛnyɛ sukuu dodow a na wɔakɔ, anaa nimdeɛ soronko bi a na wɔwɔ nti na wɔpaw wɔn. Ná “honhom ne nyansa ayɛ” mmarima yi “mã.” Ná wɔn mu baako ne Stefano, na kyerɛwtohɔ no ka ne ho asɛm sɛ “ɔbarima a gyidi ne honhom kronkron ayɛ no mã.” Ade biako a efii asafo a na wɔahyehyɛ no mu bae ne sɛ, “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so nyinii, na asuafo no dodow bu bɔɔ ho pii wɔ Yerusalem.”—Asomafo Nnwuma 6:1-7.

Onyankopɔn de Mmarima Dii Dwuma

7, 8. (a) Dwuma bɛn na asomafo no ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no dii wɔ tete Kristofo no mu? (b) Bere a wɔde akwankyerɛ kɔmaa asafo ahorow no, dɛn na efi mu bae?

7 Asomafo no ne afoforo dii anim wɔ asafo a wodii kan hyehyɛe no mu. Bere bi Paulo ne n’ayɔnkofo san kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria. Asomafo Nnwuma 14:27 ka sɛ: “Bere a wɔbae na wɔfrɛɛ asafo no nyinaa boaa ano no, wɔkaa nneɛma pii a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ . . . no kyerɛe.” Bere a na wɔda so ara wɔ saa asafo no mu no, na ebinom pɛ sɛ wohu sɛ ehia sɛ Amanaman mufo a wɔabɛyɛ gyidifo no twa twetia anaasɛ ɛnsɛ sɛ wotwa. Nea ɛbɛyɛ na wɔabua saa asɛm no, wɔsomaa Paulo ne Barnaba ma wokohuu “asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem” a na ɛda adi sɛ na wɔyɛ sodikuw no mufo no.—Asomafo Nnwuma 15:1-3.

8 Yakobo, Yesu nua a na ɔyɛ Kristofo asafo no mu panyin nanso na ɔnyɛ ɔsomafo no na ɔtraa guam bere a “asomafo no ne mpanyimfo no hyiae sɛ wɔrebɛhwɛ asɛm yi aka” no. (Asomafo Nnwuma 15:6) Bere a honhom kronkron no boaa wɔn ma wosusuw ho wiei no, wosii gyinae a ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia. Wɔkyerɛw krataa kɔmaa asafo ahorow no. (Asomafo Nnwuma 15:22-32) Wɔn a wɔn nsa kaa krataa yi gye toom na wɔde yɛɛ adwuma. Dɛn na efi mu bae? Ɛhyɛɛ anuanom nkuran na wɔyɛɛ den wɔ gyidi mu. Bible ka sɛ: “Asafo ahorow no kɔɔ so yɛɛ den gyidi mu na wɔn dodow kɔɔ anim daa.”—Asomafo Nnwuma 16:5.

9. Nnwuma bɛn na Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo mmarima a wɔfata yɛ?

9 Nanso na wɔbɛyɛ dɛn ahwɛ asafo ahorow no so? Fa asafo ahorow a na ɛwɔ Kreta supɔw so no sɛ nhwɛso. Ɛwom sɛ nnipa pii a na wɔte hɔ no nni din pa de, nanso ebinom sesaa wɔn suban na wɔbɛyɛɛ nokware Kristofo. (Tito 1:10-12; 2:2, 3) Ná wɔtete nkurow ahorow mu, na na wɔmmɛn sodikuw a ɛwɔ Yerusalem no koraa. Nanso na ɛno nyɛ ɔhaw kɛse, efisɛ wɔpaw “mpanyimfo” wɔ asafo biara a na ɛwɔ Kreta mu sɛnea na wɔyɛ wɔ baabiara no. Mmarima a wɔte saa no duu ahwehwɛde a ɛwɔ Bible mu no ho. Wɔpaw wɔn sɛ mpanyimfo anaa ahwɛfo a wotumi de ‘nkyerɛkyerɛ pa no tu fo na woyi wɔn a wɔkasa tia no atɛn.’ (Tito 1:5-9; 1 Timoteo 3:1-7) Ná mmarima afoforo nso fata sɛ wɔsom sɛ asafo mu asomfo wɔ asafo no mu.—1 Timoteo 3:8-10, 12, 13.

10. Sɛnea Mateo 18:15-17 kyerɛ no, na wobedi ɔhaw a anibere wom ho dwuma dɛn?

10 Yesu daa no adi sɛ na wɔbɛyɛ nhyehyɛe a ɛte saa. Kae asɛm a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no. Yesu kae sɛ ɛtɔ mmere bi a nsɛnnennen betumi asɔre wɔ Onyankopɔn nkurɔfo baanu ntam wɔ bɔne bi a ebia ɔbaako ayɛ ne yɔnko no ho. Ná ɛsɛ sɛ nea wɔayɛ no bɔne no kɔ ɔfoforo no nkyɛn “kɔda ne mfomso adi kyerɛ no,” ɔne ne nkutoo ntam. Sɛ ɛno antumi amma wɔansiesie asɛm no a, wobetumi afrɛ onipa baako anaa nnipa baanu a wonim asɛm no mu ma wɔabɛboa wɔn. Sɛ ɛno nso anyɛ yiye nso ɛ? Yesu kae sɛ: “Sɛ wantie wɔn a, ka kyerɛ asafo no. Sɛ wantie asafo no nso a, bu no sɛ amanaman muni anaa towgyeni.” Bere a Yesu kaa saa no, na Yudafo no da so ara yɛ “Nyankopɔn asafo,” enti saa bere no na ɛfa wɔn ho. * Nanso bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, na wɔde Yesu akwankyerɛ yi bɛyɛ adwuma. Eyi nso yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ na wɔbɛhyehyɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ asafo na wɔde akwankyerɛ ama Kristoni biara ma wayɛ den gyidi mu.

11. Dɛn na na mpanyimfo no yɛ de siesie ɔhaw ahorow?

11 Ɛfata sɛ mpanyimfo anaa ahwɛfo no gyina asafo no ananmu siesie ɔhaw ahorow anaa wodi wɔn a wɔayɛ bɔne no asɛm. Eyi ne nea wɔhwehwɛ wɔ mpanyimfo hɔ a ɛwɔ Tito 1:9 no hyia. Nokwarem no, na asafo mu mpanyimfo no tɔ sin te sɛ Tito a Paulo somaa no kɔɔ asafo ahorow mu sɛ ‘onkosiesie nea atɔ kyima’ no. (Tito 1:4, 5) Ɛnnɛ, ansa na wobesusuw obi ho apaw no sɛ asafo mu panyin no, na ɛsɛ sɛ ɔde bere tenten ada gyidi ne ahofama adi. Eyi bɛma afoforo a wɔwɔ asafo no mu no anya nhyehyɛe a wɔde paw mpanyimfo no mu ahotoso.

12. Asafo no ho asɛyɛde bɛn na ɛda mpanyimfo no so?

12 Paulo ka kyerɛɛ mpanyimfo a na wɔwɔ Efeso asafo no mu sɛ: “Momma mo ani mmra mo ho ne nguankuw a honhom kronkron apaw mo ahwɛfo wɔ wɔn mu no nyinaa so, sɛ monhwɛ Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa Ba mogya tɔe no so yiye.” (Asomafo Nnwuma 20:28) Saa ara na nnɛ wɔpaw asafo mu ahwɛfo sɛ ‘wɔnhwɛ Onyankopɔn asafo no so.’ Ɛsɛ sɛ wofi ɔdɔ mu yɛ, na ɛnsɛ sɛ wodi wɔn so bakoma. (1 Petro 5:2, 3) Ɛsɛ sɛ ahwɛfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ ‘nguankuw no nyinaa’ den na wɔaboa wɔn.

Fa Wo Ho Bɔ Asafo no Denneennen

13. Ɛtɔ mmere bi a, dɛn na ebetumi asi wɔ asafo bi mu, na dɛn ntia?

13 Asafo mu mpanyimfo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu nyinaa tɔ sin, enti ɛtɔ mmere bi a, wontwiwontwi anaa ɔhaw afoforo tumi ba wɔn ntam sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu bere a na asomafo no bi da so ara wɔ hɔ no. (Filipifo 4:2, 3) Ebia asafo mu panyin anaa onipa foforo bɛka asɛm bi a ɛnyɛ dɛ, ɛhaw adwene anaasɛ ɛnyɛ nokware ankasa akyerɛ ne yɔnko. Ebi nso a, yebesusuw sɛ biribi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia rekɔ so wɔ asafo no mu a ɛte sɛ nea mpanyimfo no nim nanso wɔnhwɛ ho asɛm nka. Nokwarem no, ebetumi aba sɛ wɔadi tebea no ho dwuma dedaw anaasɛ wogyina Kyerɛwnsɛm no ne nokwasɛm a ɛwɔ asɛm no mu a yennim so redi ho dwuma. Nanso sɛ biribi a ennyina Kyerɛwnsɛm so rekɔ so mpo a, susuw eyi ho hwɛ: Bɔne a anibere wom kɔɔ so wɔ Korintofo asafo a na Yehowa ani ku ho no mu kosii bere bi. Bere bi akyi no, Yehowa ma wosiesiee ɔhaw no wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. (1 Korintofo 5:1, 5, 9-11) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ na mewɔ Korintofo asafo no mu saa bere no a, anka dɛn na mɛyɛ bere a na wonnya nsiesiee ɔhaw no?’

14, 15. Dɛn nti na ebinom twee wɔn ho fii Yesu ho, na dɛn na yesua fi eyi mu?

14 Susuw asɛm foforo a ebetumi asi wɔ asafo no mu ho hwɛ. Fa no sɛ ɛyɛ den ma obi sɛ ɔbɛte Bible nkyerɛkyerɛ bi ase na wagye atom. Ebia na wayɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne asafo nhoma ahorow mu na wahwehwɛ mmoa afi mfɛfo Kristofo a wɔn ho akokwaw anaa asafo mu mpanyimfo mpo hɔ. Nanso ɛda so ara yɛ den ma no sɛ ɔbɛte ase. Dɛn na obetumi ayɛ? Aka bɛyɛ afe ma Yesu awu no, biribi a ɛte saa sɔree. Ɔkae sɛ ɔne “nkwa paanoo no” na sɛ obi betumi atra ase daa a, gye sɛ odi ‘onipa Ba no honam na ɔnom ne mogya.’ Asɛm yi maa n’asuafo no bi ho dwiriw wɔn. Sɛ́ anka wɔbɛhwehwɛ nkyerɛkyerɛmu anaa wobenya gyidi atwɛn no, asuafo no pii ‘ne no annantew bio.’ (Yohane 6:35, 41-66) Eyi nso, sɛ na yɛwɔ hɔ a, dɛn na anka yɛbɛyɛ?

15 Ɛnnɛ nso, ebinom agyae asafo no, na wosusuw sɛ wɔn nkutoo betumi atew wɔn ho asom Onyankopɔn. Ebia wobeyi wɔn ho ano sɛ obi kaa asɛm bi tiaa wɔn, anaa wosusuw sɛ wɔanni ɔhaw bi a ɛwɔ asafo no mu ho dwuma anaasɛ wonnye Bible nkyerɛkyerɛ bi ntom. So ntease wom sɛ wɔbɛyɛ saa? Ɛwom sɛ ɛyɛ nokware sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni biara ne Onyankopɔn nya abusuabɔ de, nanso yɛrentumi mmu yɛn ani ngu so sɛ Yehowa de n’asafo a ɛwɔ asase so no redi dwuma sɛnea ɔyɛe wɔ asomafo no mmere so no. Bio nso, Yehowa de asafo ahorow a na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu no dii dwuma na ohyiraa wɔn. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔpaw mpanyimfo ne asomfo a wɔfata ma wɔboaa asafo ahorow no. Saa ara nso na ɛte nnɛ.

16. Sɛ obi pɛ sɛ ogyae asafo no a, dɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho?

16 Sɛ Kristoni bi te nka sɛ ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ nko ara dɔɔso a, na ɔretwe ne ho afi Onyankopɔn nhyehyɛe—ne nkurɔfo a wɔbom yɛ asafo biako wɔ wiase nyinaa ne asafo ahorow a obiara wom—ho. Ebia saa Kristoni no nkutoo bɛtwe ne ho anaasɛ ɔde ne ho bɛbɔ nnipa kakraa bi ho. Sɛ saa a, ɛnde na mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wɔpaw asafo mu mpanyimfo ne asomfo? Bere a Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Kolose asafo no, na ɔde akwankyerɛ mae sɛ wɔnkenkan wɔ Laodikea asafo mu nso no, ɔkae sɛ ‘wonnye nhin, na wɔnto wɔn nsi Kristo so.’ Wɔn a na wɔda so wɔ asafo no mu no na na wobenya eyi so mfaso na ɛnyɛ wɔn a na wɔatwe wɔn ho afi asafo no ho no.—Kolosefo 2:6, 7; 4:16.

Nokware no Dum ne ne Nnyinaso

17. Dɛn na 1 Timoteo 3:15 ma yehu wɔ asafo no ho?

17 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo a na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu no mu no, ɔkyerɛɛ nea wɔhwehwɛ fi mpanyimfo ne asomfo hɔ wɔ asafo ahorow mu. Ɛno akyi pɛɛ no, Paulo kae sɛ “Nyankopɔn teasefo no asafo” no yɛ “nokware no dum ne ne nnyinaso.” (1 Timoteo 3:15) Ɛda adi sɛ na Kristofo a wɔasra wɔn asafo mũ no nyinaa na na wɔbom yɛ saa nokware dum no wɔ afeha a edi kan no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo asafo no ne nhyehyɛe titiriw a na ɛbɛma Kristoni biara anya saa nokware no. Ɛhɔ na na wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn Bible mu nokware no, baabi a na wobetumi anya denhyɛ.

18. Dɛn nti na asafo nhyiam ahorow ho hia?

18 Saa ara na Kristofo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no yɛ Onyankopɔn fie, “nokware no dum ne ne nnyinaso.” Asafo nhyiam ahorow a yɛkɔ no daa na yɛma mmuae no yɛ ɔkwan titiriw a yɛnam so ma yɛn gyidi yɛ den, ɛhyɛ yɛne Onyankopɔn abusuabɔ mu den, na esiesie yɛn ma yɛyɛ n’apɛde. Bere a Paulo rekyerɛw asafo a ɛwɔ Korinto no, ɔtwee adwene sii nea wɔka wɔ nhyiam a ɛtete saa ase no so. Ɔkyerɛwee sɛ ɔpɛ sɛ nea wɔbɛka wɔ wɔn asafo nhyiam ase no mu da hɔ na ntease ba mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔbɛba ase no betumi anya ‘denhyɛ.’ (1 Korintofo 14:12, 17-19) Ɛnnɛ, sɛ yegye tom sɛ Yehowa Nyankopɔn na wama wɔayɛ nhyehyɛe wɔ asafo ahorow no mu na ɔtaa akyi a, ɛnde yɛn nso yebetumi anya denhyɛ a ɛte saa ara.

19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokyerɛ asafo a wowom no ho anisɔ?

19 Nokwarem no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Kristofo a wɔyɛ den wɔ gyidi mu a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yɛtra asafo no mu. Asafo no abɔ yɛn ho ban afi atoro nkyerɛkyerɛ ho bere tenten ni, na Onyankopɔn nam so rehwɛ ama wɔaka ne Mesia Ahenni no ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn nam Kristofo asafo no so ayɛ pii.—Efesofo 3:9, 10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Bible ho ɔbenfo Albert Barnes kae sɛ akwankyerɛ a Yesu de mae sɛ “ka kyerɛ asafo no” betumi akyerɛ “wɔn a na wɔyɛ asɔre no ananmusifo a wɔama wɔn tumi sɛ wonni nsɛm a ɛtete saa no. Wɔ Yudafo hyiadan mu no, na wɔwɔ mpanyimfo a wobu atɛn a na wɔde nsɛm a ɛtete saa kɔdan wɔn.”

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de asafo ahorow a ɛwɔ asase so no bedi dwuma?

• Ɛwom sɛ asafo mu mpanyimfo tɔ sin de, nanso dɛn na wɔyɛ ma asafo no?

• Ɔkwan bɛn so na asafo a wowom no rehyɛ wo den?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Asomafo no ne mpanyimfo a na wɔwɔ Yerusalem no na na wɔyɛ sodikuw no

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wɔkyerɛkyerɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi asɛyɛde a wɔwɔ wɔ asafo no mu ho dwuma