Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea na Adryana Pɛ

Nea na Adryana Pɛ

Nea na Adryana Pɛ

ADRYANA yɛ abeawa a wadi mfe asia a ɔte Tulsa, Oklahoma, U.S.A. Ná ɔpɛ sɛ wɔyɛ biribi ma no. Ná n’asɛm no te sɛ odwontofo Dawid de no ara. Dawid too dwom sɛ: “Ade biako na masrɛ [Yehowa, NW], ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra [Yehowa, NW] fi, na mahwɛ [Yehowa, NW] animtew, na madwen me tirim, n’asɔrefi.”—Dwom 27:4.

Wɔwoo Adryana ma odii asram asia no, wohui sɛ wanya kokoram wɔ ne hon nkwaadɔm fã bi. Yare huhuuhu yi ma obubui. Nnuruyɛfo yɛɛ no oprehyɛn mpɛn pii na wɔde nnuru a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa maa no bɛyɛ afe.

Adryana papa a ɔnyɛ Ɔdansefo no kohuu adwumakuw bi a ɛhwɛ yɛ mmofra a wɔyare ahiade ma wɔn sɛ wɔmfa ne babea no nkɔhwehwɛ baabi a agye din paa a mmofra kogye wɔn ani wɔ hɔ. Ansa na adwumakuw no regye Adryana papa adesrɛde atom no, wobisabisaa Adryana nsɛm. Adryana kyerɛɛ hokwan a wɔde ama no no ho anisɔ, nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɔpɛ sɛ ɔkɔhwehwɛ Betel, wiase nyinaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York no. Bere a ohuu nea ne papa pɛ sɛ ɔyɛ ma no no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma ɔmfa hokwan no nkɔhwehwɛ Betel. Ɛwom sɛ mfiase no na adwumakuw no susuw sɛ Betel nyɛ baabi a mmofra ani begye hɔ de, nanso esiane sɛ Adryana papa penee n’adesrɛde no so nti, adwumakuw no yɛɛ nea abofra no pɛ maa no.

Adryana ne ne maame, ne nuabea ne n’adamfo boom tuu kwan kɔhwehwɛɛ New York Betel. Eyi ne bere a edi kan a wɔkɔɔ hɔ. Adryana kae sɛ, “Yehowa tiee me mpaebɔ. Ná minim sɛ wobegye yɛn fɛw so wɔ Betel. Mihuu sɛnea wɔyɛ nhoma, nsɛmma nhoma ne Bible. Ɛhɔ a mekɔe no ye paa sen sɛ anka mɛkɔ beae a mmofra kogyigye wɔn ani.”

Ampa ara, Adryana ‘hwɛɛ Yehowa animtew,’ na nea ohui no maa n’ani sɔɔ adwuma a nnɛ Yehowa nkurɔfo reyɛ wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ no. Wo nso wubetumi abɛhwɛ sɛnea Betel te. Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York no da nkyɛn a, wɔwɔ Betel adwumayɛbea wɔ aman horow so.