Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛnsɛ sɛ Kristoni di nnuan anaa ɔnom biribi a caffeine wom?

Bible nkasa ntia kɔfe, tii, chocolate, ne anonne afoforo a caffeine wom a Kristoni bi bɛnom. Nanso Kyerɛwnsɛm no ma yɛn nnyinasosɛm a ebetumi aboa yɛn ma yɛasi gyinae nyansam. Nea edi kan no, momma yensusuw nea enti a nnipa binom mpɛ sɛ wodi nnuan anaa wɔnom biribi a caffeine wom no ho.

Ade titiriw biako a enti ebinom mpɛ sɛ wodi nnuan anaa wɔnom biribi a caffeine wom ne sɛ ebetumi ama obi su ne ne nneyɛe asesa, na ebetumi anya obi adwene so nkɛntɛnso. Afei nso, ne nom betumi aka obi hɔ. Adufrafo nhoma bi ka sɛ: “Sɛ obi di nnuan anaa ɔnom bibiri a caffeine pii wom bere tenten a, ne nom betumi aka no hɔ. Sɛ obi gyae nnuan anaa biribi a caffeine wom prɛko pɛ a, obetumi ahyia ɔhaw te sɛ tipae, abufuw, ehu, dadwen, ne anisobiri.” Wɔasusuw ho sɛ wɔbɛkyerɛw ɔhaw a sɛ obi gyae nnuan anaa biribi a caffeine wom anaa nnubɔnenom prɛko pɛ a ɛde ba no so no wɔ Diagnostic and Statistical Manual of Mental Disorders nhoma no mu. Esiane sɛ Kristofo binom mpɛ sɛ nnuan anaa biribi a caffeine wom a wobedi anaa wɔbɛnom ka wɔn hɔ anaasɛ wɔpɛ sɛ wonya ahosodi nti, ebia ebinom besusuw sɛ ɛmfata sɛ wodi nnuan anaa wɔnom biribi a caffeine wom.—Galatifo 5:23.

Nnipa binom gye di sɛ nnuan anaa bibiri a caffeine wom betumi ahaw obi anaa abofra a ɔhyɛ ne na yam. Ɛsɛ sɛ Kristofo fi ‘wɔn kra nyinaa’ mu dɔ Nyankopɔn na wɔanyɛ biribiara a ebetumi atwa wɔn nkwa so. Na esiane sɛ wɔde ahyɛde ama Kristofo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnko nti, wɔnyɛ nneɛma a ebetumi apira abofra a ɔhyɛ ne na yam nso.—Luka 10:25-27.

So ka a wɔka sɛ caffeine betumi ahaw obi no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ odi nnuan anaa ɔnom biribi a caffeine wom? Ɛwom sɛ wɔka sɛ caffeine betumi ama obi anya nyarewa bi de, nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wogye tom. Nhwehwɛmufo bi mpo kyerɛ sɛ kɔfe boa ma obi nya akwahosan pa. Wɔ afe 2006 mu no, Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nhwehwɛmu a wodii kan yɛe ma ɛdaa adi sɛ [caffeine] betumi ama obi anya dwensɔtwaa mu kokoram, mogya mmoroso, ne nyarewa afoforo. Nanso nhwehwɛmu a wɔyɛe nnansa yi ara kyerɛe sɛ saa asɛm no nyɛ nokware, na mmom ɛbɛdaa adi sɛ mfaso bi wɔ caffeine a obi de bedi dwuma no so. Ɛte sɛ nea caffeine bɔ obi ho ban fi berɛbo mu yare, ehon ntini mu yare a ɛma obi ho wosowosow, asikreyare, yare a ɛka obi adwene ma ne werɛ fi biribiara, bɔnwoma mu yare, adwenemhaw ne ebia kokoram ahorow bi mpo ho.” Atesɛm krataa bi kaa caffeine a wɔde di dwuma ho asɛm sɛ: “Nea ehia titiriw ne sɛ wunni anaa wonnom mma ɛmmoro so.”

Ɛsɛ sɛ Kristoni biara gyina ntease a wanya wɔ nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ caffeine ho nnansa yi ne Bible nnyinasosɛm a ɛwom no so si n’ankasa gyinae. Sɛ Kristoni bi afa afuru na osusuw sɛ caffeine betumi ahaw ne ba no a, obetumi asi gyinae sɛ ɔrenni nnuan anaa ɔrennom biribi a caffeine wom. Sɛ Kristoni bi hu sɛ nnuan anaa biribi a caffeine wom a onnya daa no ma ne bo fuw anaa ɛyɛ no sɛ ɔyare a, wobetumi atu no fo ma wagyae nnuan anaa biribi a caffeine wom di akosi bere bi. (2 Petro 1:5, 6) Ɛnsɛ sɛ Kristofo afoforo kasa tia gyinae a ɛte saa, na ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsusuwii hyɛ saafo no so.

Gyinae biara a wubesi wɔ nnuan anaa biribi a caffeine wom ho no, ma Paulo afotu yi ntra w’adwene mu: “Sɛ moredidi oo, morenom oo, biribi foforo biara a moreyɛ no, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Nyankopɔn anuonyam.”—1 Korintofo 10:31.