Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Atirimɔdensɛm To Betwa Da Bi?

So Atirimɔdensɛm To Betwa Da Bi?

So Atirimɔdensɛm To Betwa Da Bi?

NNIPA pii begye atom sɛ pɛsɛmenkominya ne su titiriw a ɛma nnipa di atirimɔdensɛm wɔ wiase yi mu nnɛ. Pɛsɛmenkominya su a wɔatwe adwene asi so kɛse fi tete no ama nnipa dodow no ara dwen wɔn nkutoo ho. Nnipa pii fa kwan biara so hwehwɛ nea wɔpɛ, na eyi taa ma wodi atirimɔdensɛm. Ɛnyɛ ankorankoro bi nko na wɔyɛ eyi na mmom ɔman mũ nyinaa nso tumi yɛ saa.

Ɛte sɛ nea onipa mmu ne yɔnko nipa nkwa bio. Nnipa binom ani gye ho sɛ wobedi atirimɔdensɛm. Ɛma wɔn ani gye, sɛnea nsɛmmɔnedifo binom ka sɛ wopira afoforo de gyigye wɔn ani no. Na nnipa ɔpepem pii a wɔn ani gye sini a basabasayɛ ne atirimɔdensɛm wom ho ma enti ɛma wɔn a wɔyɛ sini a ɛtete saa no nya wɔn ho no nso ɛ? Atirimɔdenne a nkurɔfo taa hwɛ de gyigye wɔn ani ne nea nsɛm ho amanneɛbɔfo ka ho asɛm no ama nnipa pii nni ayamhyehye ne tema.

Mpɛn pii no, wɔn a wɔyɛ wɔn basabasa no nya adwenemhaw na wodi yaw, na ebia wɔne afoforo bedi no sɛnea wɔyɛɛ wɔn no ara. Bere a Noemí Díaz Marroquín a ɔkyerɛ ade wɔ National Autonomous University of Mexico reka atirimɔdensɛm a ɛde basabasayɛ ba ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Nnipa sua basabasayɛ, ɛyɛ yɛn su . . . Sɛ baabi a yɛte ma nkurɔfo tumi yɛ basabasa na ɛhyɛ ho nkuran a, ɛma yesua.” Enti ɛtaa ba sɛ wɔn a wɔayɛ wɔn basabasa no nso yɛ afoforo basabasa, ebi mpo a wɔfa ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ wɔn basabasa no bi ara so.

Wɔn a wɔnom nsa bebrebe ne wɔn a wɔnom nnubɔne nso betumi adi atirimɔdensɛm. Ade foforo nso ne sɛ, sɛ aban bi ntumi nyɛ nea ne manfo hia mma wɔn a, ɛma ebinom nwiinwii. Wɔn mu binom a wɔpɛ sɛ nnipa hu nea ɛhaw wɔn no tumi di atirimɔdensɛm na wɔma awudisɛm kɔ so. Wɔn a wɔn ho nni asɛm na wɔtaa hu eyi ho amane.

Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘So nnipa ankasa na wonyaa ɔpɛ sɛ wobedi atirimɔdensɛm? Dɛn na ɛma wodi atirimɔdensɛm?’

Hena Ankasa na Ɔma Nnipa Di Atirimɔdensɛm?

Bible ma yehu sɛ Satan Ɔbonsam wɔ tumi kɛse wɔ wiase yi so, na ɛfrɛ no “wiase yi nyame.” (2 Korintofo 4:4) Ɔyɛ pɛsɛmenkominya ne otirimɔdenfo sen obiara wɔ amansan yi mu. Yesu frɛɛ no “owudifo” ne “atoro agya.”—Yohane 8:44.

Efi bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, Satan anya adesamma so tumi kɛse. (Genesis 3:1-7, 16-19) Bere a nnipa baanu a wodi kan no tew Yehowa so atua bɛyɛ mfe 1,500 akyi no, abɔfo atuatewfo dan wɔn ho nnipa bɛwarewaree mmea na wɔne wɔn wowoo abran a wɔfrɛ wɔn Nefilim. Su bɛn na na ɛma wɔda nsow? Wɔn din ma yehu sɛnea na wɔte. Wɔn din no kyerɛ “Abusuyɛfo,” anaa “wɔn a wɔbrɛ afoforo ase.” Ɛda adi sɛ na wɔyɛ basabasayɛfo a wodii atirimɔdensɛm san bɔɔ brabɔne. Nsuyiri a Onyankopɔn de bae no nkutoo na etumi sɛee wɔn. (Genesis 6:4, 5, 17) Ɛwom sɛ wɔsɛee Nefilim no wɔ Nsuyiri no mu de, nanso wɔn papanom san kɔɔ ahonhom atrae sɛ adaemone.—1 Petro 3:19, 20.

Sɛnea abɔfo atuatewfo yi tirim yɛ den no daa adi wɔ sɛnea adaemone haw abofra bi wɔ Yesu bere so no mu. Ná adaemone no taa ma abofra no sinsen, na ɛma otwa hwe ogya ne nsu mu sɛnea ɛbɛyɛ a obepira. (Marko 9:17-22) Ɛda adi sɛ “ahonhommɔne dɔm” a wɔte saa no da su a wɔn kannifo tirimɔdenfo Satan Ɔbonsam wɔ no bi adi.—Efesofo 6:12.

Ɛnnɛ, adaemone da so ara ma nkurɔfo di atirimɔdensɛm. Bible kaa ho asɛm sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, . . . ahohoahoa, ahantan, . . . bonniayɛfo, wɔn a wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam, ntwirifo, wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, wɔn a woyi afoforo ma, wɔn a wɔyɛ asobrakye, wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn; wɔde nyamesom pa adura wɔn anim, nanso wɔmfa tumi a ɛwom no nni dwuma.”—2 Timoteo 3:1-5.

Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ yɛn bere yi titiriw na emu bɛyɛ den efisɛ bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni a Kristo Yesu di so hene sii hɔ wɔ 1914 mu no, wɔtow Satan ne n’abɔfodɔm no fii soro baa asase so. Bible ka sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn a ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:5-9, 12.

So eyi kyerɛ sɛ tebea no rentumi nyɛ yiye? Díaz Marroquín a yɛfaa n’asɛm kae no ka sɛ “nnipa betumi agyae” basabasayɛ. Nanso esiane sɛ Satan nkɛntɛnso wɔ asase so baabiara nti, sɛ obi amma kwan amma tumi a ɛkyɛn so ansesa ne nsusuwii ne ne nneyɛe a, ebetumi ayɛ den sɛ obegyae basabasayɛ. Eyi yɛ tumi bɛn?

Ɛbɛyɛ Dɛn na Obi Asesa?

Anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn honhom kronkron no ne tumi a ano yɛ den sen biara, na ebetumi adi tumi biara a adaemone wɔ so. Ɛhyɛ ɔdɔ ne nnipa yiyedi ho nkuran. Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Yehowa ani no gyae biribiara a ɛreyɛ ayɛ sɛ atirimɔden mpo na ama wanya Onyankopɔn honhom. Eyi hwehwɛ sɛ obi sesa ne nipasu ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Dɛn ne saa apɛde no? Ɛne sɛ yebesuasua Onyankopɔn sɛnea yebetumi. Nea eyi kyerɛ ne sɛ yebebu afoforo sɛnea Onyankopɔn bu wɔn.—Efesofo 5:1, 2; Kolosefo 3:7-10.

Sɛ wusua sɛnea Onyankopɔn di nneɛma ho dwuma a, ɛbɛma woahu sɛ Yehowa dwen yɛn ho bere nyinaa. Ɔnyɛɛ onipa anaa aboa biara mpo basabasa da. * (Deuteronomium 22:10; Dwom 36:7; Mmebusɛm 12:10) Okyi atirimɔdensɛm ne wɔn a wɔyɛ saa no nyinaa. (Mmebusɛm 3:31, 32) Nipasu foforo a Yehowa pɛ sɛ Kristofo nya no boa wɔn ma wobu afoforo sɛ wɔkorɔn sen wɔn na wodi wɔn ni. (Filipifo 2:2-4) Nipasu foforo a ɛsɛ sɛ Kristofo nya no bi ne “ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, ne abodwokyɛre.” Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu ɔdɔ nso so “efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kolosefo 3:12-14) Wunnye ntom sɛ sɛ nnipa dodow no ara da su a ɛtete saa adi a, anka wiase mu tra bɛyɛ dɛ?

Nanso ebia wubenya adwene sɛ obi ntumi nsesa ne su koraa. Susuw obi asetra mu asɛm a esii ankasa ho hwɛ. Ná Martín * taa teɛteɛm gu ne yere so wɔ wɔn mma anim, na ɔhwe no paa. Bere bi, ɔhwee ne yere no araa ma ne mma tutuu mmirika kɔfrɛɛ wɔn afipamfo ma wobegyee no. Mfe bi akyi no, abusua no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Martín behuu su a ɛsɛ sɛ ɔda no adi, ne sɛnea ɛsɛ sɛ ɔne afoforo di nsɛm. So otumi yɛɛ nsakrae? Ne yere no bua sɛ: “Bere bi a atwam no, sɛ me kunu bo fuw a, na obiara ntumi mpata no. Esiane eyi nti, yɛn asetra yɛɛ basaa bere tenten. Minhu nea menka mfa nna Yehowa ase wɔ sɛnea waboa Martín ma wayɛ nsakrae no ho. Seesei ɔyɛ agya pa ne okunu a ɔntoto n’asɛyɛde ase koraa.”

Ɛno yɛ nhwɛso biako pɛ. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem pii a wɔne Yehowa Adansefo sua Bible no agyae atirimɔdensɛm a wodi no. Nokwarem no, nnipa betumi asesa.

Atirimɔdensɛm Nyinaa To Betwa Nnansa Yi Ara

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni a seesei wɔahyehyɛ wɔ soro a Kristo Yesu a ɔwɔ ayamhyehye no di so no na ebedi asase so tumi. Wɔatu Satan, nea ɔde atirimɔdensɛm nyinaa bae no ne n’adaemone afi soro dedaw. Ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma ne manfo a wɔwɔ asase so a wɔpɛ asomdwoe no nsa aka wɔn ahiade nyinaa. (Dwom 37:10, 11; Yesaia 11:2-5) Ɛno ne wiase haw nyinaa ano aduru koro pɛ. Nanso sɛ obi yɛ wo ade a ɛyɛ yaw bere a woretwɛn Ahenni yi nso ɛ?

Sɛ obi yɛ wo ade a ɛyɛ yaw na woyɛ bi tua no ka a, ɛremmoa wo. Ɛno bɛma onii no akɔ so adi atirimɔdensɛm atia wo. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so, na wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, ‘ɔbɛma obiara sɛnea n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.’ (Yeremia 17:10) (Hwɛ adaka mu asɛm “Nea Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ wɔ Atirimɔdensɛm Ho.”) Nokwarem no, ebia wɔde atirimɔdensɛm adi wo ma worehu amane. (Ɔsɛnkafo 9:11) Nanso Onyankopɔn betumi ayi nea atirimɔdensɛm de aba nyinaa, a owu mpo ka ho afi hɔ. Sɛnea ne bɔhyɛ te no, wɔn a atirimɔdensɛm nti wɔawuwu a ɔkae wɔn no nyinaa bɛsan aba nkwa mu.—Yohane 5:28, 29.

Ɛwom sɛ wobetumi de atirimɔdensɛm adi yɛn nyinaa de, nanso yebetumi anya awerɛkyekye wɔ abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn wɔ ne gyidi a yɛwɔ wɔ ne bɔhyɛ ahorow mu no mu. Susuw Sara a ɔno nkutoo tetee ne mmabarima baanu na ɔhwɛɛ wɔn sukuu sɛnea ɛsɛ no ho hwɛ. Bere a ɔbɔɔ aberewa no, ne mma no gyaw no hɔ ma mpo sɛ ɔyare a, na onnya obi a ɔbɛhwɛ no. Nanso seesei, Sara a ɔyɛ Kristoni no ka sɛ: “Ɛwom sɛ midi yaw de, nanso Yehowa nnyaw me. Yehowa nam me nuanom mmarima ne mmea Kristofo so hwɛ me bere nyinaa. Migye di paa sɛ, ɛrenkyɛ koraa, obedi me ne wɔn a wɔde wɔn ho to no so na wodi ne mmara so no haw nyinaa ho dwuma ama yɛn.”

Henanom ne anuanom a Sara ka wɔn ho asɛm yi? Wɔyɛ ne mfɛfo Kristofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo. Wɔn nyinaa bom yɛ wiase nyinaa anuanom kuw a wɔwɔ ayamhyehye ne ahotoso koraa sɛ ɛrenkyɛ atirimɔdensɛm to betwa no. (1 Petro 2:17) Wobeyi Satan Ɔbonsam a ɔma atirimɔdensɛm kɔ so, ne obiara a ɔyɛ n’ade te sɛ ɔno no afi hɔ. Yɛn bere yi a nhoma kyerɛwfo bi kaa ho asɛm sɛ “basabasayɛ bere” no betwam. Dɛn nti na wonhwehwɛ Yehowa Adansefo na wo ne wɔn nsua anidaso yi ho ade?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 16 Sɛ wopɛ Onyankopɔn su ahorow mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Bɛn Yehowa nhoma a Yehowa Adansefo atintim no.

^ nky. 17 Wɔasesa din ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Nea Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ wɔ Atirimɔdensɛm Ho

Onyankopɔn Asɛm de afotu a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi atirimɔdensɛm ho dwuma ma yɛn. Susuw sɛnea wubetumi de nsɛm a nyansa wom a edidi so yi adi dwuma no ho hwɛ:

“Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn [Yehowa, NW], na ɔbɛboa wo.”—Mmebusɛm 20:22.

“Sɛ wuhu ɔbrɛfo so hyɛ ne atemmu ne trenee anidan . . .  a, mma wo ho nnnwiriw wo saa asɛm no ho, na nea ɔsõ no, nea ɔsõ sen no hwɛ no.”—Ɔsɛnkafo 5:8.

“Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.”—Mateo 5:5.

“Enti nea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo biara no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

“Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. Monnwene nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnni mo ho werɛ, na mmom munnyaw mma Nyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’”—Romafo 12:17-19.

“Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso a mode bedi n’anammɔn akyi pɛɛ. . . . Bere a wɔsopaa no no, wanyɛ bi antua ka. Bere a ɔrehu amane no, wanhunahuna obiara, na mmom ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ nea obu atɛntrenee no nsa.”—1 Petro 2:21-23.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa akyerɛkyerɛ nnipa pii ma wɔagyae atirimɔdensɛm