Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

• Dɛn na yebetumi asua afi Yesu mfatoho a ɛfa ɔbarima a oguan ne yɔnko ho no mu? (Luka 11:5-10)

Mfatoho yi ma yehu su a ɛsɛ sɛ yɛda no adi bere a yɛrebɔ mpae no. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bisa anaa yeguan Onyankopɔn ho de hwehwɛ ne honhom kronkron no titiriw. (Luka 11:11-13)—12/15, kratafa 20-22.

• Dɛn na yesua fi okunafo ne ɔtemmufo a wɔwɔ Yesu mfatoho mu no hɔ? (Luka 18:1-8)

Esi hia a ehia sɛ yɛbɔ mpae no so dua. Yehowa nte sɛ ɔtemmufo no. Yehowa teɛ na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Bio nso, ɛsɛ sɛ yenya gyidi te sɛ okunafo a ɔwɔ mfatoho no mu no.—12/15, kratafa 26-28.

• Dɛn nti na ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ ‘wɔntrɛw wɔn komam’? (2 Korintofo 6:11-13)

Ɛte sɛ nea na nnipa binom a wɔwɔ Korinto no nni obu mma wɔn mfɛfo gyidifo, na wɔnnka wɔn ho nnkɔ afoforo ho, na na wɔyɛ ayammɔnwene. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden da obu adi kyerɛ yɛn mfɛfo gyidifo, na mpo yɛyere yɛn ho hwehwɛ nnamfo foforo.—1/1, kratafa 9-11.

• Nsɔano bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:3 no?

Sɛ Onyankopɔn de honhom kronkron sra Kristofo a, ɛno yɛ nsɔano a edi kan. Nanso Adiyisɛm 7:3 fa nsɔano a etwa to, bere a wɔagye wɔn a wɔasra wɔn no atom koraa sɛ wɔada wɔn ho adi sɛ anokwafo no ho.—1/1, kratafa 30-31.

• Dɛn na awofo betumi asua afi Samuel ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no mu?

Ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm kyerɛkyerɛ wɔn mma sɛnea ɛda adi sɛ Samuel awofo de kyerɛkyerɛɛ no no. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn mma nkuran ma wɔde Yehowa som yɛ wɔn adwuma.—1/15, kratafa 16.

• Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛn ani gye sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa?

‘Yɛretwɛn Yehowa da no,’ na yɛhwɛ kwan sɛ, sɛ Yehowa sɛe amumɔyɛfo a, yɛn ho bɛtɔ yɛn. (2 Petro 3:7, 12) Yehowa ankasa ani gye ho sɛ obeyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ, nanso ɔretɔ ne bo ase sɛnea ɛbɛyɛ a obegye Kristofo nkwa wɔ ɔkwan a ɛbɛhyɛ ne din anuonyam so. Ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ Yehowa nim bere pa a ɛsɛ sɛ ogye ne nkurɔfo, enti saa bere yi, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi no ayɛ. (Dwom 71:14, 15)—3/1, kratafa 17-18.

• So Noa de mmoa a wɔn ho tew no mu biara ason ason anaa anini ne abere mu biara ason ason na ɛkɔɔ adaka no mu?

Wɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa mmoa a wɔn ho tew mu biara “ason ason.” (Genesis 7:1, 2) Wɔ Hebri kasa mu no, nea asɛmfua “ason” kyerɛ ankasa ne “ason ason.” Saa kwan a wɔfa so kasa no nkyerɛ sɛ ɛyɛ anini ne abere mu biara ason ason sɛnea Bible afoforo bi kyerɛ no. Ɛda adi sɛ Noa de mmoa a wɔn ho tew mu biara ason, anini ne abere abiɛsa abiɛsa ne biako a akyiri yi na ɔde bɛbɔ afɔre na ɛkɔɔ adaka no mu. (Genesis 8:20)—3/15, kratafa 31.

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo ‘hwɛ’ sɛnea mpanyimfo a wodi anim no gyidi bewie wɔn?

Ɔsomafo Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnhwɛ’ mpanyimfo no abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi. (Hebrifo 13:7) Yɛyɛ eyi efisɛ Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa. Afei nso, wɔama yɛahu sɛ Ahenni nneɛma ne yɛn yiyedi da mpanyimfo no koma so.—4/1, kratafa 28.