Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wadi Dɛm Nanso Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom

Wadi Dɛm Nanso Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom

Wadi Dɛm Nanso Ɔwɔ Ɔpɛ sɛ Ɔsom

SƐ WUHU Leonardo a, anhwɛ a woremmu no sɛ obi a obetumi ayɛ adansi adwuma. Asiane bi too no wɔ n’adwuma mu ma wotwitwaa ne nsa abien nyinaa. Nanso ɛmfa ho sɛ Leonardo adi dɛm no, ɔreyɛ adwumaden wɔ beae bi a wɔresi dan wɔ Acujatla, El Salvador, sɛnea ɛwɔ mfonini a ɛwɔ ha yi mu no.

Sɛnea ɛbɛyɛ a Leonardo betumi ayɛ adansi adwuma no bi no, ɔno ara yɛɛ nnwinade bi. Ɔde ne nsa nifa hyɛ dade tokuru bi a ɔde asɔ sofi ho no mu de sesa anhwea gu wheelbarrow mu. Ɔde nnade bi nso abobɔ wheelbarrow no nsa ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno ara betumi de ne nsa ahyɛ mu apia. Dɛn na ɛkaa no ma ɔde ne ho hyɛɛ adansi adwuma yi mu?

Ná Leonardo pɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ Ahenni Asa, anaa baabi a Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no behyiam asom a na wɔresi no mu bi. Ná obetumi agyina nneɛma pii so ayi ne ho ano wɔ adansi adwuma no ho. Ná ɔwɔ honam fam adwuma a ɔyɛ, na wadi dɛm, afei nso na ɔresom sɛ asafo mu somfo. Nanso na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara de som Nyankopɔn wɔ baabi a wɔresi dan no nso.

So wowɔ su a ɛte saa ara wɔ Onyankopɔn som ho? Sɛ́ anka Leonardo de dɛm a wadi no beyi ne ho ano no, ɔde n’adwene yɛɛ n’ankasa nnwinade sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ adwuma a anka ɔrentumi nyɛ bi da no bi. Ná ɔde ‘n’adwene nyinaa’ resom Onyankopɔn. (Mateo 22:37) Sɛ́ nnipa a wɔde wɔn ho ahyɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa adansi adwuma mu wɔ wiase nyinaa no adi dɛm anaasɛ wonnii dɛm no, wɔwɔ atuhoama su. Obiara betumi akɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow no bi, enti wɔto nsa frɛ wo sɛ bra bi.