Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛho Hia Koraa Sen Ewim Tebea

Ɛho Hia Koraa Sen Ewim Tebea

Ɛho Hia Koraa Sen Ewim Tebea

ƐKAME ayɛ sɛ aman nyinaa bu mmɛ bi fa ewim tebea ho: Sɛ ewim bere anaasɛ ɛyɛ kɔɔ a, po so hyɛn mu adwumayɛfo ani gye; sɛ ewim bere anɔpa a, ɛbɔ wɔn kɔkɔ. Ɛnnɛ, ewim nsakrae ho animdefo kyerɛkyerɛ nea enti a sɛ ewim bere anɔpa a ɛyɛ kɔkɔbɔ sɛnea asɛm a yɛafa aka wɔ atifi hɔ kyerɛ no.

Wɔ Yesu bere so no, na nkurɔfo taa sua ewim tebea ho ade, na na wɔkyerɛ ewim tebea ase. Yesu ka kyerɛɛ Yudafo bi sɛ: “Sɛ edu anwummere a moka sɛ ‘anim bɛtew, efisɛ ewim abere’; anɔpa nso, ‘Wim bɛyɛ nwini ma osu atɔ nnɛ, efisɛ ewim abere na ayɛ kusuu.’ Mutumi kyerɛ wim tebea ase, nanso . . . “ Yesu toaa so kaa anwonwasɛm bi sɛ: “Mmere no ho nsɛnkyerɛnne de muntumi nkyerɛ ase.”—Mateo 16:2, 3.

Dɛn ne saa “mmere no ho nsɛnkyerɛnne” no? Ná ɛyɛ nneɛma a ɛma wohu pefee sɛ Yesu ankasa ne Mesia a Onyankopɔn somaa no no. Nneɛma a ɔbɛyɛe no daa no adi pefee te sɛ nea ewim bere a obiara tumi hu no. Nanso, Yudafo dodow no ara amfa sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Mesia no aba no anyɛ asɛm. Akyinnye biara nni ho sɛ saa nneɛma a esisii no ho hia sen ewim nsakrae koraa.

Ɛnnɛ nso, nsɛnkyerɛnne bi wɔ hɔ a ɛho hia paa sɛ yehu nea ɛkyerɛ sen sɛ yebehu nea ewim kɔla kyerɛ. Yesu ka too hɔ sɛ, wɔbɛsɛe saa wiase bɔne yi ama nea ɛyɛ papa abesi ananmu. Ɔkaa nsɛnkyerɛnne bi a ebesisi a ne nyinaa bɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na wiase bɔne yi akɔ n’awiei ama foforo aba ho asɛm. Nsɛnkyerɛnne no bi ne akodi ne aduankɔm a ɛbɛba wiase nyinaa. Yesu kae sɛ, sɛ yehu saa nneɛma yi a, na ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn abɛsɛe wiase yi ama foforo no aba.—Mateo 24:3-21.

So wuhu “mmere no ho nsɛnkyerɛnne” no?