Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akorade A Yɛhwehwɛe No Ama Yɛanya Nhyira Pii

Akorade A Yɛhwehwɛe No Ama Yɛanya Nhyira Pii

Asetram Nsɛm

Akorade A Yɛhwehwɛe No Ama Yɛanya Nhyira Pii

Sɛnea Dorothea Smith Ne Dora Ward ka kyerɛe

Akorade bɛn na na yɛrehwehwɛ no? Ná yɛyɛ mmabaa baanu a yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛboa ama ahyɛde a Yesu de mae sɛ: ‘Yɛnkɔ nkɔyɛ aman nyinaa n’asuafo’ no anya mmamu. (Mateo 28:19) Ma yɛnka nea enti a akorade a yɛhwehwɛe no ama yɛanya nhyira pii no nkyerɛ wo.

DOROTHEA: Bere a Wiase Ko I no fii ase no, ankyɛ koraa na wɔwoo me wɔ afe 1915 mu sɛ abofra a ɔto so abiɛsa wɔ yɛn abusua no mu. Ná yɛte kurow bi a ɛbɛn Howell a ɛwɔ Michigan mantam mu wɔ United States. Ná me papa ani nnye nyamesom ho, nanso me maame de na osuro Onyankopɔn. Maame bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛadi Mmara Nsɛm Du no so, nanso na ɛhaw no sɛ me ne me nuabarima Willis, ne me nuabea Viola nkɔ asɔre biara.

Bere a midii mfe 12 no, Maame kae sɛ memmɔ asu wɔ Presby Asɔre no mu. Mekae da a wɔbɔɔ me asu no paa. Ɛda a wɔbɔɔ me asu no, saa bere no ara na wɔbɔɔ nkokoaa baanu a na wɔdeda wɔn maamenom nsa so nso asu. M’ani wui yiye sɛ wɔbɔɔ me ne nkokoaa asu wɔ bere koro mu. Ɔsɔfo no de nsu petepetee me ti so, na ɔbesebesee n’ano kekaa nsɛm bi a mante ase. Nokwarem no, ná minnim asubɔ ho hwee te sɛ nkokoaa no ara pɛ!

Da bi, wɔ afe 1932 mu no, kar bi begyinaa yɛn fie kwan ano, na maame ne wɔn a na wɔte mu no kɔkasae. Ná wɔyɛ mmerante baanu bi a wɔrekyekyɛ nyamesom nhoma. Wɔn mu biako kae sɛ wɔfrɛ no Albert Schroeder. Ɔde nhoma bi a na Yehowa Adansefo atintim kyerɛɛ Maame ma ogyei. Saa nhoma no boaa no ma osuaa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no.

Yefii Ase Hwehwɛɛ Akorade No

Awiei koraa no, mitu kɔɔ Detroit ne me nuabea panyin kɔtrae. Mihyiaa ɔbaa panyin bi a na ɔba me nuabea no nkyɛn ne no besua Bible no. Wɔn nkɔmmɔbɔ no ma mekaee radio so dwumadi bi a na wɔyɛ no dapɛn biara a na mitie bere a na mewɔ me maame nkyɛn no. Ná J. F. Rutherford a odi Yehowa Adansefo anim saa bere no na na ɔde simma 15 ma ɔkasa a egyina Bible so wɔ saa dwumadi no mu. Wɔ afe 1937 mu no, yefii ase de yɛn ho bɔɔ Yehowa Adansefo asafo a wodii kan hyehyɛe wɔ Detroit no. Afe a edi hɔ no, mebɔɔ asu.

Wɔ afe 1940 mfe no mfiase no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Yehowa Adansefo rebɛte sukuu bi a wɔfrɛ no Gilead wɔ South Lansing, New York, de atete asɛmpatrɛwfo. Bere a mihui sɛ wɔbɛma wɔn a wɔbɛkɔ sukuu no bi akɔsom wɔ amannɔne no, mekae sɛ, ‘M’ani gye ho sɛ mɛkɔ bi!’ Enti, mede sii m’ani so sɛ mɛkɔ Gilead. Hokwan bɛn ara na na eyi bɛma manya de akɔhwehwɛ “akorade”—nnipa a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristo Yesu asuafo no—wɔ aman foforo so!—Hagai 2:6, 7.

Nkakrankakra Miduu Me Botae no Ho

Wɔ April 1942 mu no, migyaee honam fam adwuma a na meyɛ no, na me ne anuanom mmea baanum bi fii ase yɛɛ akwampae adwuma, anaa bere nyinaa asɛmpaka adwuma wɔ Findlay a ɛwɔ Ohio no. Ná asafo biara nni hɔ, enti na yenhyiam daa nyɛ asafo nhyiam, nanso na yɛbom kenkan Kristofo nhoma ahorow de hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. Wɔ ɔsram a meyɛɛ akwampae adwuma no mu no, memaa wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho nhoma mmiako mmiako 95! Bɛyɛ afe ne fã akyi no, wɔmaa mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Chambersburg a ɛwɔ Pennsylvania no. Mekɔɔ hɔ no, mekɔtoo akwampaefo baanum a wɔn mu biako ne Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Dora Ward a ofi Iowa no. Dora bɛyɛɛ me hokafo wɔ akwampae adwuma no mu. Mibehui sɛ, wɔbɔɔ yɛn asu wɔ afe biako mu, na na yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛkɔ Gilead Sukuu na yɛkɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne.

Wɔ afe 1944 mfiase no, anigye da a na yɛrehwɛ kwan no dui! Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn baanu nyinaa kɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so anan no bi. Yefii sukuu no ase wɔ August mu wɔ saa afe no mu. Ansa na mɛtoa m’asɛm no so no, ma Dora nso nka nea ɛyɛe a ofi bere tenteenten ayɛ me hokafo wɔ akorade a yɛrehwehwɛ no mu no ho asɛm nkyerɛ wo.

Me Ho Peree Me sɛ Mede Me Bere Nyinaa Bɛyɛ Asɛnka Adwuma

DORA: Ná me maame rebɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte Onyankopɔn Asɛm ase. Kwasida bi, me ne me maame tiee J. F. Rutherford kasa bi wɔ radio so. Bere a ɔmaa ɔkasa no wiei pɛ na Maame teɛɛm sɛ: “Eyi ne nokware no!” Ankyɛ koraa na yefii ase suaa Yehowa Adansefo nhoma. Wɔ afe 1935 mu, bere a na madi mfe 12 no, mikotiee asubɔ kasa bi a Yehowa Dansefo bi mae, na ɛkaa me koma ma mihyiraa me ho so maa Yehowa. Mfe abiɛsa akyi no, wɔbɔɔ me asu. M’ahosohyira ne m’asubɔ no boaa me ma botae a na mede asi m’ani so no traa m’adwenem bere nyinaa wɔ mfe a aka a na mede rekɔ sukuu no mu. Ná me ho pere me sɛ mewie sukuu na matumi ayɛ akwampae adwuma no bi.

Saa bere no, yɛne Adansefo kuw bi a na wɔwɔ Fort Dodge a ɛwɔ Iowa no na na yehyia sɛ asafo. Ná egye mmɔdenbɔ paa ansa na yɛatumi akɔ Kristofo nhyiam. Saa bere no, na wɔmfa nsɛmmisa nka Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a yesua wɔ asafo nhyiam ase no ho. Ná wɔma yɛde nsɛmmisa a yɛn ankasa akyerɛw kɔma onua a ɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no so no. Dwoda anwummere biara na me ne me maame kyerɛw nkyekyɛm biara ho asɛmmisa de kɔma onua a ɔhwɛ adesua no so no ma ɔfa emu biara a ɔpɛ.

Ná ɔhwɛfo kwantufo bɛsra yɛn asafo no bere ne bere mu. Bere a midii mfe 12 no, ahwɛfo akwantufo no mu biako a wɔfrɛ no John Booth kyerɛɛ me sɛnea yɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no. Midii mfe 17 no, meka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ me sɛnea wɔhyehyɛ akwampae adwuma akwammisa kratasin no, na ɔyɛɛ saa. Na minnim sɛ akyiri yi yebehyia ama yɛabɛyɛ nnamfo yɛn nkwa nna nyinaa!

Bere a na meyɛ ɔkwampaefo no, na metaa ne Onuawa Dorothy Aronson a ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo a na ɔsen me panyin mfe 15 no na ɛkɔ asɛnka. Me ne no kɔɔ asɛnka araa kosii sɛ wɔfrɛɛ no ma ɔkɔɔ Gilead adesuakuw a edi kan no bi wɔ afe 1943 mu. Ɛno akyi no, me nkutoo na mekɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no.

Ɔsɔretia Amma Yɛannyae

Yehyiaa nsɛnnennen wɔ afe 1940 mfe no mu efisɛ na Wiase Ko II no ama nnipa dodow no ara abenya ɔmampɛ honhom. Sɛ na yɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ afie afie a, na nkurɔfo totow nkesua funu ne tomantosi a abere bobɔ yɛn, na ɛtɔ mmere bi mpo a, na wɔpa yɛn abo! Yehyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa wɔ bere a na yɛde Ɔwɛn-Aban ne Consolation nsɛmma nhoma (a ɛnnɛ wɔfrɛ no Awake!) no rema wɔ mmɔnten so no. Polisifo a na nyamesomfo a wɔsɔre tia yɛn no akeka yɛn ho nsɛm akyerɛ wɔn no behunahunaa yɛn, na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ wohu yɛn bio sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no wɔ mmɔnten so a, wɔbɛkyere yɛn.

Nokwarem no, yɛannyae adansedi da, na wɔkyeree yɛn kɔɔ polisifo adwumam kobisabisaa yɛn nsɛm. Wogyaee yɛn no, yɛsan kogyinaa baabi a wɔkyeree yɛn wɔ hɔ no ara kɔkyekyɛɛ nsɛmma nhoma koro no ara. Yɛde afotu a asafo no mu mpanyimfo no de maa yɛn no yɛɛ adwuma, na na yɛka Yesaia 61:1, 2 mu nsɛm de twitwa gye yɛn ho. Bere bi a na polisini aberante bi reba me so no, mede ahopopo kaa kyerɛw nsɛm mu nsɛm no guu no so. Anwonwasɛm ne sɛ, ɔsan n’akyi bɔkɔɔ! Ɛyɛɛ me sɛ na abɔfo rebɔ yɛn ho ban.

Ɛda a Me Werɛ Remfi Da

Wɔ afe 1941 mu no, m’ani gyei sɛ minyaa hokwan kɔɔ ɔmantam nhyiam bi a Yehowa Adansefo de nnanum yɛe wɔ St. Louis a ɛwɔ Missouri no bi. Wɔ saa nhyiam no ase no, Onua Rutherford kae sɛ mmofra a wɔadi fi mfe 5 kosi 18 no nyinaa mmɛboa wɔn ho ano wɔ agoprama no mfinimfini. Mmofra mpempem pii na wɔbae. Onua Rutherford him ne duku de maa yɛn akwaaba. Yɛn nso yehim yɛn de de gyee no so. Bere a ɔmaa ɔkasa dɔnhwerew biako wiei no, ɔkae sɛ: “Mmofra a moagye atom sɛ mobɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ na moagyina Onyankopɔn nniso a Kristo Yesu yɛ so hene no afã, na efi nnɛ rekɔ moapene so sɛ mubetie Onyankopɔn ne ne Hene no asɛm nyinaa, mesrɛ mo, monsɔre nnyina hɔ.” Mmofra a na yɛn dodow si 15,000 no nyinaa sɔre gyinaa hɔ prɛko pɛ, na na meka ho! Ɔkasafo no de kaa ho sɛ: “Mo a mopene so sɛ mobɛka Onyankopɔn Ahenni no ne nhyira a ɛde bɛba no ho asɛm akyerɛ afoforo no, mesrɛ mo, monka sɛ Yiw.” Yegyee so sɛ yiw, na nnipa a wɔwɔ nhyiam no ase bɔɔ wɔn nsam denneennen.

Afei oyii nhoma a wɔato din Children * (Mmofra) no adi, na yɛtoo santen tenteenten kɔɔ asɛnka agua no so, na Onua Rutherford maa yɛn mu biara nhoma foforo no bi. Yɛn ani gyee yiye! Ɛnnɛ, yɛn a yegyee nhoma no bi saa da no mu pii da so ara de nsi resom Yehowa wɔ wiase nyinaa reka Onyankopɔn Ahenni no ne Onyankopɔn trenee ho asɛm.—Dwom 148:12, 13.

Bere a me nkutoo meyɛɛ akwampae adwuma no mfe abiɛsa akyi no, hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔyɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Chambersburg! Ɛhɔ na mihyiaa Dorothea, na ankyɛ koraa na ɔbɛyɛɛ me yɔnko berɛbo. Saa bere no, na yɛyɛ mmabaa a yɛn ho yɛ den, na na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ adwuma no. Ná yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛyɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Yeboom fii ase hwehwɛɛ akorade no, na yɛakɔ so ahwehwɛ abesi nnɛ.—Dwom 110:3.

Bere a yɛyɛɛ akwampaefo atitiriw akyi asram kakraa bi no, yehyiaa Albert Mann a na ɔno nso akɔ Gilead adesuakuw a edi kan no bi awie no. Ná ɔrebɛkɔ akɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne. Ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ, baabi a wɔbɛka sɛ yɛnkɔsom wɔ amannɔne biara no, yɛnkɔ.

Wɔfrɛɛ Yɛn Baanu Kɔɔ Sukuu no Bi

DORA NE DOROTHEA: Wo de, hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a wofii ase tetee yɛn sɛ asɛmpatrɛwfo no! Da a edi kan a yɛkɔɔ sukuu no, Albert Schroeder, onua a na wama Dorothea maame Studies in the Scriptures nhoma no bi bɛyɛ mfe 12 a na atwam no na ɔkyerɛw yɛn din. Ná John Booth nso wɔ hɔ. John Booth na na ɔhwɛ Kingdom Farm, baabi a na sukuu no wɔ no so. Akyiri yi, mmarima baanu yi nyinaa somee sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo.

Yesuaa Bible mu nneɛma a emu dɔ wɔ Gilead Sukuu hɔ. Ná ɛyɛ ntetee a ɛso bi nni. Ná yɛyɛ adesuafo 104, na ɛyɛ saa bere no na obi a odi kan a ɔnyɛ Amerikani a ofi Mexico baa sukuu no bi. Bere a na ɔno rebɔ mmɔden sɛ obesua Borɔfo kasa yiye no, na yɛn nso yɛrebɔ mmɔden sɛ yebesua Spania kasa. Da a Onua Nathan H. Knorr kyekyɛɛ yɛn dwumadi maa yɛn sɛ yɛnkɔ amannɔne no, yɛn ani gyei kɛse! Wɔde adesuafo dodow no ara kɔɔ Amerika Mfinimfini ne Anafo fam; na wɔde yɛn kɔɔ Chile.

Yɛhwehwɛɛ Akorade Wɔ Chile

Ná yehia tumi krataa ansa na yɛatumi akɔ Chile, na ɛno gyee bere pii ansa na yɛn nsa reka. Enti, bere a yewiee Gilead wɔ January 1945 mu no, yɛyɛɛ akwampae adwuma wɔ Washington, D.C., afe ne fã. Bere a akyiri yi yɛn nsa kaa tumi krataa no, yɛkɔkaa asɛmpatrɛwfo baakron a na wɔn nso rekɔ Chile no ho ne wɔn kɔe. Ná wɔn mu baason adi kan akɔ Gilead sukuu no bi dedaw.

Bere a yeduu Chile ahenkurow Santiago mu no, yɛn nuanom Kristofo pii behyiaa yɛn kwan. Ná wɔn mu biako ne Albert Mann a na wawie Gilead a na wahyɛ yɛn nkuran wɔ mfe bi a atwam no. Ná ɔne Joseph Ferrari a na wawie Gilead adesuakuw a ɛto so abien no aba Chile wɔ afe a na atwam no mu. Bere a yeduu Chile no, na adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no nnu 100. Ná yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛhwehwɛ akorade—nnipa komapafo—pii wɔ yɛn asasesin foforo no mu.

Wɔde yɛn kɔtraa asɛmpatrɛwfo fie wɔ Santiago. Ná asɛmpatrɛwfo abusua kɛse a yɛne wɔn trae no yɛ biribi foforo koraa ma yɛn. Ná wɔma asɛmpatrɛwfo no nyinaa mu biara noa aduan pɛnkoro dapɛn biara ma abusua no de ka nnɔnhwerew pɔtee bi a na wɔhwehwɛ sɛ yɛde yɛ asɛnka adwuma no ho. Yɛyɛɛ nneɛma bi a ɛmaa yɛn ani wui mmere bi. Bere bi na yɛretõ bisket ama yɛn abusua a na ɔkɔm de wɔn no, nanso bere a yeyii bisket no fii fononoo mu no, na ɛbɔn paa. Sɛɛ na obi de atomde bi akogu toa a ɛnsɛ sɛ ɔde gu mu no mu, na ɛno na yɛfa de tõõ bisket no!

Nanso, nea ɛhyɛɛ yɛn aniwu kɛse ne mfomso ahorow a yɛyɛe bere a na yɛresua Spania kasa no. Ɛkaa kakraa bi na anka abusua kɛse bi a na yɛne wɔn sua Bible no regyae adesua no, efisɛ na wɔnte nsɛm a yɛka no ase. Nanso, kyerɛw nsɛm a na wɔkenkan fi wɔn ankasa Bible mu no ma wotumi kɔɔ so suaa nokware no, na wɔn mu baanum bɛyɛɛ Adansefo. Wɔ saa bere no, na wɔnyɛ nhyehyɛe mma asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo nsua ɔman a wɔkɔ mu no mu kasa. Yeduu hɔ ara pɛ na yefii ase kaa asɛm no, na yɛbɔɔ mmɔden suaa kasa no fii nnipa a na yedi wɔn adanse no hɔ.

Yɛyɛɛ Bible adesua pii, na wɔn a yɛne wɔn suaa ade no bi gyee nokware no ntɛm. Na na ɛsɛ sɛ yenya afoforo nso ho abotare pii. Teresa Tello yɛ ababaa bi a otiee nokware no na ɔkae sɛ, “Mesrɛ mo, ɛyɛ a monsan mmra mmɛka pii nkyerɛ me.” Yɛsan kɔɔ hɔ mpɛn 12, nanso yɛanto no. Mfe abiɛsa twaam. Afei, yɛkɔɔ nhyiam bi a yɛyɛe wɔ asa bi a wogyigye ɔmanfo ani wɔ hɔ so wɔ Santiago. Bere a yɛrefi baabi a yɛyɛɛ nhyiam hɔ Kwasida no, yɛtee sɛ obi refrɛ sɛ, “Mama Dora, Mama Dora!” Yetwaa yɛn ani no, na ɛyɛ Teresa na na ɔrefrɛ yɛn. Sɛɛ na ɔtaa kɔsra ne nuabea wɔ baabi a yɛyɛɛ nhyiam no nkyɛn hɔ ara, na ɔbaa nhyiam no ase sɛ ɔrebɛhwɛ ade a wɔreyɛ wɔ hɔ no. Yɛn ani gyei sɛ yɛsan huu no bio! Yɛyɛɛ nhyehyɛe san ne no kosuaa Bible no, na ankyɛ koraa na ɔbɔɔ asu. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo titiriw. Ɛnnɛ, bɛyɛ mfe 45 akyi no, Teresa da so ara yɛ bere nyinaa somfo.—Ɔsɛnkafo 11:1.

Yehuu Akorade Wɔ “Anhwea Mu”

Wɔ afe 1959 mu no, wɔde yɛn kɔɔ Punta Arenas—a ɛkyerɛ “Anhwea So”—a ɛwɔ Chile mpoano a ne tenten yɛ kilomita 4,300 no anafo fam tɔnn. Punta Arenas yɛ asasesin soronko. Sɛ edu ahohuru bere a, owia gyina so ara kosi sɛ ɛbɛbɔ anadwo 11:30 ansa na akɔtɔ. Sɛ edu saa bere no a, yetumi de nna pii yɛ asɛnka adwuma no, nanso ɛyɛ a na yehyia nsɛnnennen efisɛ wɔ ahohuru bere mu no, Antarctic mframa a ano yɛ den no bɔ wɔ hɔ. Edu awɔw bere mu a, awɔw no ano yɛ den, na ade sã ntɛm.

Nsɛnnennen yi nyinaa akyi no, nneɛma a ɛyɛ fɛ nso wɔ Punta Arenas. Sɛ edu ahohuru bere a, osuwusiw kumɔnn twam ntɛmntɛm kɔ atɔe fam. Ɛtɔ mmere bi a na osu kakra atew agu wo so, nanso mframa bɔ di akyiri ma wo ho wo. Nyankontɔn fɛfɛ bi to bere a owia no yi ne ho wɔ osuwusiw no mu no. Ɛtɔ mmere bi a nyankontɔn no di nnɔnhwerew pii wɔ ewim, na sɛ osuwusiw no kata owia no ani a, na nyankontɔn no ayera, na sɛ owia no san yi ne ho a, na nyankontɔn no asan aba.—Hiob 37:14.

Saa bere no, na adawurubɔfo kakraa bi na wɔwɔ Punta Arenas. Ná ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ anuanom mmea no na yɛhwɛ adesua so wɔ asafo ketewaa bi a na ɛwɔ hɔ no mu. Yehowa hyiraa yɛn adwuma no so. Mfe 37 akyi no, yɛsan kɔɔ hɔ nsrahwɛ. Dɛn na yekohui? Asafo asia a ɛredɔ ntɛmntɛm ne Ahenni Asa fɛfɛ abiɛsa na na ɛwɔ hɔ. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ Yehowa ma yetumi nyaa honhom fam akorade wɔ kurow a ɛwɔ anafo fam anhwea so no mu!—Sakaria 4:10.

Akorade Pii Wɔ “Mpoano a Ɛhɔ Trɛw”

Bere a yedii mfe abiɛsa ne fã wɔ Punta Arenas no, wɔde yɛn kɔɔ kurow Valparaiso a po so hyɛn gyinabea wɔ hɔ no mu. Kurow no da Pacific Mpoano. Mmepɔw 41 atwa ɛpo faka bi ho ahyia wɔ kurow no mu. Yɛyɛɛ yɛn asɛnka adwuma no wɔ saa mmepɔw yi mu biako a wɔfrɛ no Playa Ancha a ase ne “Mpoano a Ɛhɔ Trɛw” no so. Mfe 16 a yɛde traa hɔ no, yehuu Kristofo mmerante a seesei wɔanyinyin wɔ asafo no mu abɛyɛ ahwɛfo akwantufo ne Kristofo asafo no mu mpanyimfo wɔ asafo ahorow mu wɔ Chile nyinaa.

Kurow a edi hɔ a yɛkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wom ne Viña del Mar. Yɛyɛɛ adwuma wɔ hɔ mfe abiɛsa ne fã kosii sɛ asasewosow bi bubuu asɛmpatrɛwfo fie a na ɛwɔ hɔ no. Yɛsan kɔɔ Santiago a ɛhɔ na yefii ase yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma mfe 40 a na atwam no. Ná nneɛma asesa wɔ hɔ. Ná wɔasi Betel foforo, na na wɔde dedaw no ayɛ asɛmpatrɛwfo fie ama asɛmpatrɛwfo a wɔaka wɔ ɔman no mu nyinaa no. Akyiri yi, wofii ase yɛɛ Asomfo Ntetee Sukuu wɔ hɔ. Yehowa yɛɛ yɛn adɔe bio saa bere no. Wɔtoo nsa frɛɛ asɛmpatrɛwfo baanum a na yɛanyinyin no kɔɔ Betel. Wɔ mmere a yɛde asom wɔ Chile ha no, wɔama yɛayɛ adwuma wɔ nsasesin 15 mu. Yɛahu sɛ adawurubɔfo a na wɔn dodow nnu 100 no dodow akɔ anim akodu bɛyɛ 70,000! Hwɛ anigye a yɛanya sɛ yɛde mfe 57 ahwehwɛ akorade wɔ Chile!

Yɛahu sɛ Yehowa ahyira yɛn kɛse sɛ wama yɛanya nnipa pii—a wɔyɛ akorade ankasa—a Yehowa akɔ so de wɔn ayɛ adwuma wɔ n’ahyehyɛde no mu. Yɛafi yɛn koma nyinaa mu agye asɛm a Ɔhene Dawid kae yi atom wɔ bɛboro mfe 60 a yɛabom asom Yehowa no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Wo papa a wode asie ama wo fɛrefo no sõ dɛn ara!”—Dwom 31:19.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 24 Yehowa Adansefo na wotintimii, nanso seesei wɔagyae tintim.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Dorothea wɔ afe 2002 mu ne bere a ɔreyɛ asɛnka adwuma wɔ afe 1943 mu

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Mereyɛ asɛnka adwuma wɔ abɔnten so wɔ Fort Dodge, Iowa, 1942

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Dora, 2002

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Dorothea ne Dora te wɔn asɛmpatrɛwfo fie a edi kan anim wɔ Chile, 1946