Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Wo Kwan

Ma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Wo Kwan

Ma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Wo Kwan

“W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—DWOM 119:105.

1, 2. Dɛn nti na nnipa dodow no ara nnyaa asomdwoe ne anigye ankasa?

SO WOKAE bere bi a na ɛsɛ sɛ wubisa obi ma ɔkyerɛ wo baabi a na worekɔ no? Ebia na woreyɛ adu baabi a na worekɔ no, nanso gyama na ɔkwan no atan w’ani so. Anaasɛ, ebia na woayera koraa ma enti na ɛsɛ sɛ wosan w’akyi kɔfa ɔkwan foforo so. Wɔ emu biara mu no, so na ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wubebisa obi a onim mpɔtam hɔ ma wakyerɛ wo kwan? Onipa a ɔte saa no betumi aboa wo ma woadu baabi a worekɔ no.

2 Mfe mpempem pii ni na adesamma abɔ mmɔden sɛ wɔn ankasa bɛbɔ wɔn bra a wɔremma Onyankopɔn nkyerɛ wɔn kwan. Nanso, esiane sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ nhwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ nti, wonni anidaso biara. Wontumi nhu ɔkwan a wɔbɛfa so anya asomdwoe ne anigye ankasa. Dɛn nti na wontumi nyaa asomdwoe ne anigye ankasa? Efisɛ bɛboro mfe 2,500 a atwam ni no, odiyifo Yeremia kae sɛ: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛrensi obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔno ankasa bɛbɔ ne bra na ɔremma obi a ɔwɔ abrabɔ mu osuahu mmoa no no yiye ɔkwan biara so. Nokwarem no, adesamma hia akwankyerɛ!

3. Dɛn nti na Yehowa Nyankopɔn na ɔfata koraa sɛ ɔkyerɛ nnipa kwan, na bɔ bɛn na wahyɛ yɛn?

3 Yehowa Nyankopɔn na ɔfata koraa sɛ ɔma yɛn akwankyerɛ a ɛte saa. Dɛn ntia? Efisɛ onim sɛnea nnipa te ankasa sen obiara. Na onim nea ɛyɛe a adesamma fom kwan na wɔyerae no yiye. Ɔno nso na onim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛateɛ yɛn akwan. Bio nso, esiane sɛ Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ nti, onim nea eye ma yɛn bere nyinaa. (Yesaia 48:17) Enti, yebetumi de yɛn ho ato ne bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 32:8 no so koraa. Wahyɛ bɔ wɔ hɔ sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” Yebetumi anya ahotoso paa sɛ: Yehowa na ɔma yɛn akwankyerɛ a eye sen biara. Nanso, dɛn na ɔyɛ de kyerɛ yɛn kwan?

4, 5. Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɛm atumi akyerɛ yɛn kwan?

4 Odwontofo bi bɔɔ Yehowa mpae sɛ: “W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.” (Dwom 119:105) Onyankopɔn asɛm ne ne nkaesɛm wɔ Bible mu, na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi nsɛnnennen a yebetumi ahyia wɔ yɛn asetram no so. Nokwarem no, sɛ yɛkenkan Bible no na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan a, yɛn ankasa yehu sɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia 30:21 no yɛ nokware. Ɛka sɛ: “W’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, . . . monnantew so.”

5 Nanso, hyɛ no nsow sɛ Dwom 119:105 ka nnwuma abien a edi nsɛ a Onyankopɔn Asɛm yɛ ho asɛm. Nea edi kan no, ɛte sɛ kanea a ɛkyerɛ yɛn kwan. Da biara da, sɛ yehyia nsɛnnennen wɔ yɛn asetram a, ɛsɛ sɛ yɛma nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ yɛn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma yɛasisi gyinae pa, na amma mfiri a ɛwɔ wiase yi mu no anyi yɛn. Nea ɛto so abien no, Onyankopɔn nkaesɛm yɛ yɛn kwan so hann, na ɛboa yɛn ma yɛyɛ nneɛma bi a ɛne anidaso a yɛwɔ sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ Paradise a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ mu no hyia. Sɛ yɛn kwan so yɛ hann a, yebetumi ahu nea ebefi yɛn nneyɛe mu aba no, sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne. (Romafo 14:21; 1 Timoteo 6:9; Adiyisɛm 22:12) Ma yɛnhwehwɛ sɛnea Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi ayɛ yɛn nan ase kanea ne yɛn kwan so hann no mu nkɔ akyiri.

“Me Nan Ase Kanea”

6. Tebea ahorow bɛn mu na Onyankopɔn asɛm yɛ yɛn nan ase kanea?

6 Yesisi gyinae da biara da. Gyinae no bi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea ɛnyɛ aniberesɛm biara, nanso mmere bi wɔ hɔ a yebetumi ahyia tebea bi a ebetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ sɛ yɛmmɔ aguaman, yenni atoro, anaasɛ yennyina ɔfã bi akyi wɔ amanyɔsɛm mu. Sɛ yebetumi adi nkonim wɔ sɔhwɛ a ɛtete saa mu a, ɛsɛ sɛ ‘yɛtete yɛn adwene tumi no ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’ (Hebrifo 5:14) Sɛ yenya Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ, na yehu nea emu nnyinasosɛm kyerɛ a, yɛtete yɛn ahonim sɛnea ɛbɛyɛ a yebesisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani.—Mmebusɛm 3:21.

7. Kyerɛkyerɛ tebea bi a ebetumi ama Kristoni bi de ne ho abɔ wɔn a wɔnyɛ gyidifo a ɔne wɔn yɛ adwuma no ho mu.

7 Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. So woyɛ obi a woanyin a wufi wo koma nyinaa mu rebɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ ade a ɛbɛma Yehowa koma atɔ ne yam? (Mmebusɛm 27:11) Sɛ ɛte saa a, ɛfata sɛ yɛkamfo wo. Nanso, fa no sɛ wowɔ hɔ ara na wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma no bi brɛɛ wo tekiti sɛ wo ne wɔn nkɔhwɛ agoru bi. Esiane sɛ, wɔn ani gye sɛnea wo ne wɔn bɔ wɔ adwumam hɔ no ho nti na wɔpɛ sɛ wɔne wo pue na mukogye mo ani. Wubetumi anya adwene paa sɛ saa nkurɔfo yi nyɛ nnipa bɔne, na ebi mpo a wɔwɔ su pa bi. Dɛn na wobɛyɛ? So asiane bi wom sɛ wo ne wɔn bɛkɔ? Wɔ nsɛm a ɛte saa mu no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm betumi aboa wo ma woasi gyinae pa?

8. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛboa yɛn ma yehu nea yɛbɛyɛ wɔ fekubɔ ho?

8 Susuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bi ho hwɛ. Nea edi kan a ebetumi aba yɛn adwene mu ne nea ɛwɔ 1 Korintofo 15:33 no. Ɛka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” So saa nnyinasosɛm yi a yɛde bɛyɛ adwuma no hwehwɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi wɔn a wɔnyɛ gyidifo no ho koraa? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛnte saa. Efisɛ, ɔsomafo Paulo ankasa daa ɔdɔ adi kyerɛɛ “nnipa ahorow nyinaa,” a na wɔn a wɔnyɛ gyidifo nso ka ho. (1 Korintofo 9:22) Kristofo som adwuma no hwehwɛ paa sɛ yɛkyerɛ nnipa foforo ho anigye, a wɔn a wɔne yɛn nni ɔsom biako mu nso ka ho. (Romafo 10:13-15) Nokwarem no, sɛ yɛtwe yɛn ho fi nnipa a ebia wobehia sɛ yɛboa wɔn no ho a, yɛbɛyɛ dɛn atumi de afotu a ɛka sɛ “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye” no ayɛ adwuma?—Galatifo 6:10.

9. Bible mu afotu bɛn na ɛboa yɛn ma yehu sɛnea yɛne nkurɔfo a yɛne wɔn yɛ adwuma bɛbɔ wɔ ɔkwan a ɛfata so?

9 Nanso, ɛsono sɛ yɛbɛtew yɛn anim akyerɛ obi a yɛne no yɛ adwuma, ɛnna ɛsono sɛ yɛne no bɛfa adamfo. Ɛha nso, yebetumi asusuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm foforo ho. Ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.” (2 Korintofo 6:14) Dɛn na asɛm a ɛne “mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro” no kyerɛ? Bible nkyerɛase bi kyerɛ saa asɛm yi ase sɛ “mo ne wɔn mmmom nnyɛ ade,” “mo ne wɔn mmmom nnyɛ ade te sɛ nea mo ne wɔn kura adwene koro no,” anaasɛ “mo ne wɔn mmmɔ fekuw a ɛmfata.” Bere bɛn na wo ne obi a wo ne no yɛ adwuma adamfofa bɛyɛ nea ɛmfata? Bere bɛn na adamfofa a ɛte saa yɛ nea ɛkɔ akyiri dodo ma ɛbɛyɛ te sɛ nea wo ne onii no retwe kɔndua koro? Onyankopɔn Asɛm Bible no betumi akyerɛ wo kwan ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ saa tebea no mu.

10. (a) Henanom na Yesu faa wɔn nnamfo? (b) Nsɛmmisa bɛn na ebetumi aboa obi ma wahu nnipa a ɛsɛ sɛ ɔfa wɔn nnamfo?

10 Susuw Yesu a wada ɔdɔ adi akyerɛ nnipa fi bere a wɔbɔɔ nnipa no nhwɛso no ho hwɛ. (Mmebusɛm 8:31) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔne n’akyidifo no faa adamfo denneennen. (Yohane 13:1) ‘Ɔdaa ɔdɔ’ adi kyerɛɛ ɔbarima bi mpo a na atoro som asɛe n’adwene. (Marko 10:17-22) Nanso, ɛnyɛ obiara na Yesu faa no adamfo. Ɔne nnipa a na wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛyɛ n’Agya apɛde no amfa nnamfo. Bere bi, Yesu kae sɛ: “Sɛ moyɛ nea merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.” (Yohane 15:14) Nokwarem no, ebetumi aba sɛ wo ne obi a wo ne no yɛ adwuma ntam yɛ kama. Nanso, bisa wo ho sɛ: ‘So saa nipa no wɔ ɔpɛ sɛ obedi Yesu ahyɛde so? So n’ani gye ho sɛ obesua Yehowa a Yesu hyɛe sɛ yɛnsom no no ho ade? So ɔbɔ ne bra sɛnea me a meyɛ Kristoni no bɔ me bra?’ (Mateo 4:10) Sɛ wo ne wo mfɛfo adwumayɛfo bɔ nkɔmmɔ na woka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa Bible nnyinasosɛm mmɔ wɔn bra a, mmuae a wɔde bɛma wo no bɛma woanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

11. Ka tebea ahorow a ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn asɛm kyerɛ yɛn kwan wom no bi ho asɛm.

11 Tebea foforo pii wɔ hɔ a Onyankopɔn asɛm betumi ayɛ te sɛ yɛn nan ase kanea wom. Sɛ nhwɛso no, wobetumi afa Kristoni bi a ɔnyɛ adwuma a ɔrepɛ adwuma denneennen wɔ adwuma bi mu. Nanso, adwuma no begye ne bere pii, na sɛ ɔpene so yɛ adwuma no a, ɛbɛma watoto Kristofo nhyiam mu, na nokware som mu nnwuma foforo nso bɛpa ne ti so. (Dwom 37:25) Biribi betumi atwetwe Kristoni foforo nso ma ayɛ no sɛ ɔnhwɛ anigyede bi a Bible kasa tia pefee. (Efesofo 4:17-19) Saa ara nso na Kristoni foforo nso wɔ hɔ a ne mfɛfo gyidifo sintɔ betumi ahyɛ no abufuw ntɛmntɛm. (Kolosefo 3:13) Ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm yɛ yɛn nan ase kanea wɔ nea yɛaka yi nyinaa mu. Nokwarem no, sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, yebetumi agyina ɔhaw biara a yehyia wɔ asetram no ano. Efisɛ, Onyankopɔn Asɛm ‘ye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.’—2 Timoteo 3:16.

“Me Kwan so Hann”

12. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm yɛ yɛn kwan so hann?

12 Dwom 119:105 ka sɛ Onyankopɔn asɛm betumi ama yɛn kwan so ayɛ hann ama yɛahu baabi a yɛrekɔ. Yenim nea ɛbɛba daakye efisɛ Bible ma yehu nea amanehunu a ɛrekɔ so wɔ wiase no kyerɛ ne nea ebefi mu aba no. Yiw, yenim sɛ yɛte wiase bɔne yi “nna a edi akyiri mu.” (2 Timoteo 3:1-5) Esiane sɛ yenim nea ɛreba nti, ɛsɛ sɛ ɛka sɛnea yɛbɔ yɛn bra nnɛ no kɛse. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Esiane sɛ eyinom nyinaa bɛnan nti, munhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne nyamesom pa mu bere a motwɛn na moma Yehowa da no ba yɛ ntɛm mo adwenem!”—2 Petro 3:11, 12.

13. Ɛsɛ sɛ wiase a ɛretwam no ka yɛn nsusuwii ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra no dɛn?

13 Ɛsɛ sɛ yɛn nsusuwii ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra no kyerɛ sɛ yegye di paa sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam.” (1 Yohane 2:17) Sɛ yɛde Bible akwankyerɛ yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa wɔ nea yɛbɛyɛ daakye ho. Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne ne trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” (Mateo 6:33) Yebetumi akamfo mmerante ne mmabaa pii a yehu sɛ wɔkyerɛ Yesu asɛm yi mu gyidi na wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no! Nnipa foforo, a ebi yɛ abusua mũ, atu wɔn ho ama akɔtra mmeae a wohia Ahenni adawurubɔfo denneennen no.

14. Dɛn na Kristofo abusua bi ayɛ de retrɛw wɔn som adwuma mu?

14 Susuw Kristofo abusua bi a emufo yɛ baanan a wɔatu afi United States akɔtra Dominican Republic sɛ wɔrekɔboa asafo bi a ɛwɔ kurow bi a emu nnipa dodow yɛ 50,000 mu no ho hwɛ. Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ asafo no mu dodow bɛyɛ 130. Nanso, bere a wɔhyɛɛ Kristo wu Nkaedi no ho fã wɔ April 12, 2006 mu no, nnipa bɛyɛ 1,300 na wɔkɔɔ ase! Asasesin a ɛwɔ hɔ no “ahoa sɛ wotwa” araa ma wɔ asram anum pɛ akyi no, na agya no, ɛna no, wɔn babarima ne wɔn babea no ne nnipa 30 reyɛ Bible adesua. (Yohane 4:35) Agya no kae sɛ: “Ná anuanom mmarima ne mmea 30 atu aba hɔ rebɛboa asafo no. Wɔn mu bɛyɛ 20 fi United States, na wɔn a wɔaka no nso fi Bahamas, Canada, Italy, New Zealand, ne Spain. Wɔde anigye ayɛ asɛnka adwuma no, na ama anuanom a wɔwɔ hɔ no nso de anigye kɛse reyɛ bi.”

15. Nhyira bɛn na Ahenni no a wode adi kan wɔ w’asetra mu no ama woanya?

15 Nokwarem no, nnipa dodow no ara na wɔrentumi ntu nkɔ aman a wohia Ahenni adawurubɔfo pii wɔ hɔ no so nkɔboa. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wobetumi atu akɔ aman a ɛte saa so anaa wobetumi ayɛ nsakrae wɔ wɔn asetram na wɔakɔboa no benya nhyira pii sɛ wɔyɛɛ ɔsom adwuma no wɔ saa kwan yi so. Sɛ wufi w’ahoɔden nyinaa mu som Yehowa a, ɛmfa ho baabiara a wobɛsom no no, wubenya anigye a ɛte saa. Yehowa hyɛ bɔ sɛ sɛ wode Ahenni no di kan wɔ w’asetra mu a, ‘obehwie nhyira ama aboro wo so.’—Malaki 3:10.

Nya Yehowa Akwankyerɛ so Mfaso

16. Sɛ yɛma Onyankopɔn asɛm kyerɛ yɛn kwan a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn?

16 Sɛnea yɛahu no, Yehowa asɛm kyerɛ yɛn kwan wɔ akwan abien a edi nsɛ so. Ɛyɛ yɛn nan ase kanea. Onyankopɔn asɛm boa yɛn ma yɛfa ɔkwan a ɛteɛ so, na sɛ ɛho behia sɛ yesisi gyinae a, ɛkyerɛ yɛn kwan. Onyankopɔn Asɛm san yɛ yɛn kwan so hann, na ɛma yetumi hu nea ɛda yɛn anim pefee. Na ɛno nso boa yɛn ma yetie Petro afotu yi. Ɔkae sɛ: “Mommɔ mo adwene abɔso mma adwumayɛ, momma mo ani nna hɔ yiye; momfa mo ani nto adom a mo nsa bɛka wɔ Yesu Kristo ahoyi mu no so.”—1 Petro 1:13.

17. Ɔkwan bɛn so na Bible a wubesua no bɛboa wo ma wode Onyankopɔn akwankyerɛ abɔ wo bra?

17 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ma yɛn akwankyerɛ. Nanso, asɛm no ne sɛ, So wubetie? Nea ɛbɛyɛ na woate akwankyerɛ a Yehowa de ma ase no, fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Bible no fã bi da biara da. Dwennwen nea wokenkan no ho, bɔ mmɔden sɛ wubehu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ wɔ asɛm no mu, na susuw akwan horow a wubetumi afa so de nea woakenkan no ayɛ adwuma wɔ w’asetra mu no ho. (1 Timoteo 4:15) Afei fa ‘w’adwene’ yɛ adwuma bere a woresisi gyinae no.—Romafo 12:1.

18. Sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn kwan a, nhyira bɛn na yenya?

18 Sɛ yɛma ho kwan a, nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bɛma yɛanya nimdeɛ ne akwankyerɛ a yehia, na sɛ ɛba sɛ yɛresi gyinae afa ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so ho a, akyerɛ yɛn kwan. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa asɛm ma nea “onni nimdeɛ hu nyansa.” (Dwom 19:7, NW) Sɛ yɛma Bible kyerɛ yɛn kwan a, yebenya ahonim pa na yɛanya akomatɔyam esiane sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti. (1 Timoteo 1:18, 19) Sɛ yɛma Onyankopɔn asɛm kyerɛ yɛn kwan da biara da a, Yehowa de nhyira a ɛkyɛn so a ɛne daa nkwa bɛma yɛn.—Yohane 17:3.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma Yehowa Nyankopɔn kyerɛ yɛn kwan?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm betumi ayɛ yɛn nan ase kanea?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asɛm betumi ayɛ yɛn kwan so hann?

• Ɔkwan bɛn so na Bible a yebesua no bɛboa yɛn ma yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ abɔ yɛn bra?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Bere bɛn na wo ne obi a ɔnyɛ gyidini adamfofa bɛyɛ nea ɛmfata?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Nnipa a wɔyɛɛ Yehowa apɛde na Yesu faa wɔn nnamfo

[Mfonini wɔ kratafa 17]

So yɛn abrabɔ da no adi sɛ yɛde Ahenni no di kan?