Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoa a “Onyankopɔn a Ɔma Boasetɔ ne Awerɛkyekye no” De Ma

Mmoa a “Onyankopɔn a Ɔma Boasetɔ ne Awerɛkyekye no” De Ma

Mmoa a “Onyankopɔn a Ɔma Boasetɔ ne Awerɛkyekye no” De Ma

BƐYƐ mfe 2,000 a atwam ni no, Paulo a ɔkyerɛw Bible no bi no frɛɛ Yehowa sɛ “Onyankopɔn a ɔma boasetɔ ne awerɛkyekye.” (Romafo 15:5) Esiane sɛ Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa nsakra nti, yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn da so ara kyekye wɔn a wɔsom no no werɛ. (Yakobo 1:17) Nokwarem no, Bible ka sɛ Yehowa kyekye wɔn a wɔwɔ ahohia mu no werɛ wɔ akwan pii so. Saa akwan yi bi ne nea ɛwɔ he? Onyankopɔn hyɛ wɔn a wɔbɔ no mpae hwehwɛ ne mmoa no den. Onyankopɔn san kanyan nokware Kristofo koma ma wɔkyekye wɔn mfɛfo gyidifo werɛ. Na Yehowa ama yɛn nsɛm a ɛka koma pii wɔ n’Asɛm Bible mu, na wɔn a ɛhyɛ wɔn den titiriw ne wɔn a wɔn ba awu na wɔredi awerɛhow no. Ma yensusuw saa awerɛkyekyesɛm yi ho mmiako mmiako nhwɛ.

‘Yehowa Ankasa Tie’

Ɔhene Dawid kyerɛw Ɔbɔadeɛ Yehowa ho asɛm sɛ: “Nkurɔfo, momfa mo ho nto no so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guandɔbea.” (Dwom 62:8) Dɛn nti na na Dawid wɔ Yehowa mu ahotoso saa? Bere a Dawid reka n’ankasa ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ohiani yi teɛɛm, na [Yehowa, NW] tiee no, na ogyee no n’ahohia nyinaa mu.” (Dwom 34:6) Wɔ ahohia a Dawid faa mu nyinaa mu no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa bere nyinaa, na Yehowa nso boaa no wɔ ne nyinaa mu. Ná Dawid nim dedaw sɛ Onyankopɔn begyina n’akyi na waboa no ma wagyina n’ahohia mu.

Ehia sɛ awofo hu sɛ Yehowa bɛboa wɔn wɔ awerɛhow kɛse a wodi no mu sɛnea ɔboaa Dawid no. Wobetumi akɔ “mpaebɔ tiefo” kɛse no anim a wɔwɔ ahotoso sɛ ɔbɛboa wɔn. (Dwom 65:2) William a yɛafa n’asɛm aka wɔ asɛm a edi eyi anim mu no kae sɛ: “Mete nka mpɛn pii sɛ merentumi ntra wiase a me ba no nka me ho, na masrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me mma minnya abotɔyam. Wahyɛ me den bere nyinaa, na wama manya akokoduru wɔ m’asetram.” Sɛ wo nso wode gyidi bɔ Yehowa mpae a, ɔsorosoroni Nyankopɔn kɛse no bɛboa wo. Efisɛ, Yehowa Nyankopɔn hyɛ wɔn a wɔde mmɔdenbɔ som no no bɔ sɛ: “Me, [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, mikura wo nifa mu; me na mise wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo!”—Yesaia 41:13.

Mmoa a Nnamfo Pa De Ma

Mpɛn pii na awofo a wɔn ba awu no hia bere a wɔn ankasa de bedi wɔn awerɛhow wɔ kokoam na wɔakyekye wɔn ho werɛ. Nanso, ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛtew wɔn ho afi afoforo ho bere tenten. Mmebusɛm 18:1 ka sɛ, “nea watew ne ho” no behu amane. Enti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔredi awerɛhow no hwɛ yiye na wɔantew wɔn ho.

Nnamfo a wosuro Onyankopɔn no betumi de mmoa a ɛho hia ama wɔn a wɔwɔ ahohia mu no. Mmebusɛm 17:17 ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.” Bere a Lucy a yɛaka ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim mu ba no wui no, ne nnamfo pa kyekyee ne werɛ. Ɔkaa ne nnamfo a wɔwɔ asafo no mu ho asɛm sɛ: “Ɛwom sɛ bere bi wɔ hɔ a wɔbɛsraa me a wɔanka nsɛm pii de, nanso wɔn nsrahwɛ no boae yiye. Ná m’adamfo bi sra me wɔ nna a na ɛka me nkutoo no. Ná onim sɛ mewɔ fie a meresu, na na ɔtaa ba me nkyɛn ne me besu. Ná m’adamfo foforo nso frɛ me wɔ telefon so kyekye me werɛ daa. Afoforo nso frɛɛ yɛn kɔɔ wɔn fie kodidii, na wɔda so ara frɛ yɛn.”

Ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ awofo a wɔn ba awu no werɛ befi awerɛhow pii a wodi no de, nanso sɛ wɔbɔ Onyankopɔn mpae na wɔne wɔn nnamfo a wɔyɛ Kristofo no bɔ a, wobenya awerɛkyekye ankasa. Kristofo pii a wɔyɛ awofo a wɔn mma awuwu no hu sɛ Yehowa boa wɔn. Yiw, Yehowa na “ɔsa wɔn a wɔn koma abubu yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.”—Dwom 147:3.

Bible mu Nsɛm a Ɛma Awerɛkyekye

Wɔ mpaebɔ ne fekubɔ a ɛhyɛ gyidi den akyi no, Onyankopɔn Asɛm kyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ. Bible mu nsɛm kyerɛ sɛ Yesu wɔ tumi ne ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obeyi ɛyaw a awofo a wɔn mma awuwu no di no afi hɔ denam awufo no a obenyan wɔn aba nkwa mu bio no so. Bible mu nsɛm a ɛte saa kyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ ankasa. Ma yensusuw nsɛm a ɛte saa no mu abien ho nhwɛ.

Luka ti 7 ka asɛm a esii bere a Yesu hyiaa ayifo bi a na wɔato santen wɔ Nain kurow no mu ho asɛm. Ná nkurɔfo no rekosie okunafo bi ba a odi no ɔbakoro. Luka 7:13 ka sɛ: “Bere a Awurade ani bɔɔ no so no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Gyae su.’”

Nnipa pii na ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wobetumi aka akyerɛ ɛna bi sɛ onnyae su wɔ ne ba ayi ase. Dɛn nti na Yesu de otumi kaa saa? Efisɛ, na onim sɛ ɛna no rebegyae awerɛhow no di amonom hɔ ara. Kyerɛwsɛm no kɔ so ka sɛ: “[Yesu bɛn] funnaka no de ne nsa kosoo mu, na wɔn a wokurakura mu no gyinae, na ɔkae sɛ: ‘Aberante, mise wo sɛ, sɔre!’ Na aberante a wawu no sɔre traa ase, na ofii ase kasae, na ɔde no maa ne maame.” (Luka 7:14, 15) Ɛbɛyɛ sɛ ɛna no san suu bio saa bere no, nanso saa bere yi de ne su no dan no serew.

Bere foforo nso, ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yairo kɔɔ Yesu nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmoa no efisɛ ne babea a wadi mfe 12 yare denneennen. Ankyɛ na wɔbɛkae sɛ abeawa no awu. Asɛm yi maa Yairo werɛ how yiye, nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, nya gyidi ara.” Yesu kɔɔ Yairo fie kɔhwɛɛ abeawa a wawu no. Yesu soo abeawa no nsa kae sɛ: “Abeawa, mise wo sɛ, sɔre!” Dɛn na esii? “Ɛhɔ ara abeawa no sɔree na ofii ase nantewee.” Dɛn na abeawa no awofo yɛe? “Wɔn ani gyei kɛse.” Yairo ne ne yere de anigye kɛse yɛɛ wɔn babea no atuu. Ɛyɛɛ wɔn te sɛ nea wɔreso dae.—Marko 5:22-24, 35-43.

Mmofra a wonyanee wɔn no ho nsɛm a Bible kyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri saa no ma awofo a wɔredi awerɛhow nnɛ no nya anidaso. Yesu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma ne Ba no anyan awufo. Mmofra ɔpepem pii a wɔawuwu no ‘bɛte Yesu nne’ bere a ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ ‘mise mo sɛ, monsɔre!’ no. Saa mmofra no bɛnantew na wɔakasa bio. Saa mmofra no awofo ‘ani begye kɛse’ te sɛ Yairo ne ne yere.

Sɛ wo babarima anaa wo babea awu a, hu sɛ Yehowa nam owusɔre so betumi ama w’awerɛhow adan wo anigye. Tie odwontofo no afotu yi na ama woanya anidaso a ɛkyɛn so no so mfaso. Odwontofo no kae sɛ: “Mompɛ [Yehowa, NW] ne ne tumi akyi kwan, monhwehwɛ n’anim daa yi. Monkae n’anwonwade a wayɛ, n’ahodwiriwde” no. (Dwom 105:4, 5) Yiw, som Yehowa, nokware Nyankopɔn no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.

Sɛ ‘wopɛ Yehowa’ a, dɛn na wubenya ntɛm ara? Wonam mpae a wobɛbɔ Onyankopɔn no so benya ahoɔden, wonam ɔdɔ a nokware Kristofo a wo ne wɔn bɔ no da no adi kyerɛ wo no so benya awerɛkyekye, na wonam Onyankopɔn Asɛm a wubesua no so bɛhyɛ wo ho den. Bio nso, ɛrenkyɛ wubehu sɛ Yehowa bɛyɛ ‘anwonwade ne ahodwiriwde’ ama woanya so mfaso afebɔɔ, na wo ba a owui no nso benya so mfaso bi.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

‘Wo Ne Ɔbea a Ne Mma Baanu Wui no Mmra’

Kehinde ne Bintu yɛ Nigeriafo awarefo a wɔyɛ Yehowa Adansefo. Wɔn mma baanan mu baanu wui wɔ kar akwanhyia bi mu. Efi saa bere no, wɔadi wɔn mma no wu ho awerɛhow pii. Ɛwom sɛ wodi awerɛhow de, nanso Yehowa mu ahotoso a wɔwɔ no aboa wɔn ma wɔakɔ so aka anidaso asɛm a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm akyerɛ wɔn afipamfo.

Afoforo huu abotɔyam ne akokoduru a Kehinde ne Bintu daa no adi no. Da bi, ɔbea bi a wɔfrɛ no Owurayere Ukoli ka kyerɛɛ Bintu adamfo bi sɛ: “Wo ne ɔbea a ne mma baanu wui da koro no a ɔda so ara ka Bible mu asɛm kyerɛ afoforo no mmra. Mepɛ sɛ mihu ade a ɛma onya ahoɔden de gyina asɛm no ano no.” Bere a Bintu kɔɔ Owurayere Ukoli fie no, ɔka kyerɛɛ Bintu sɛ: “Mepɛ sɛ mihu nea enti a woda so ara ka Onyankopɔn a okum wo mma no ho asɛm kyerɛ afoforo no. Onyankopɔn akum me babea a midi no ɔbakoro. Efi saa bere no, me ne Onyankopɔn nni hwee yɛ.” Bintu de Bible no kyerɛkyerɛɛ nea enti a nnipa wu ne nea enti a yebetumi anya ahotoso koraa sɛ wobenyan yɛn adɔfo no mu.—Asomafo Nnwuma 24:15; Romafo 5:12.

Akyiri yi, Owurayere Ukoli kae sɛ: “Ná misusuw sɛ Onyankopɔn na okum nnipa, nanso seesei de mahu nokware no.” Owurayere Ukoli sii gyinae sɛ ɔne Yehowa Adansefo besua Bible no sɛnea ɛbɛyɛ na obehu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ho nsɛm pii.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

‘Mepɛ sɛ Meboa, Nanso Minhu Nea Menyɛ’

Bere a awofo ne mmofra a wɔn nua awu no di awerɛhow kɛse no, wɔn nnamfonom betumi ayɛ basaa. Wɔpɛ sɛ wɔboa abusua no, nanso wosuro sɛ sɛ wɔankasa yiye anaasɛ wɔanyɛ wɔn ade yiye a, ɛbɛma awerɛhow a abusua no redi no mu ayɛ den aboro so. Nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔn a ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, ‘Wɔpɛ sɛ wɔboa, nanso wonhu nea wɔnyɛ’ no bi ni.

❖ Ntwe wo ho mfi abusua a wɔn biribi awu no ho esiane sɛ wunhu asɛm a wonka ne ade ɛsɛ sɛ woyɛ nti. Wɔn nkyɛn kɛkɛ a wobɛkɔ no ara bɛhyɛ wɔn den. So wunhu asɛm a wonka? Sɛ wukyia wɔn na wufi wo komam ka sɛ “monhyɛ den” a, ɛbɛma wɔahu sɛ wudwen wɔn ho. So wusuro sɛ ebia wusu a, ɛbɛma wɔadi awerɛhow kɛse? Bible ka sɛ: “Mo ne wɔn a wosu nsu.” (Romafo 12:15) Sɛ wusu a, ɛbɛma wɔahu sɛ wo ne wɔn redi awerɛhow, na ɛno bɛkyekye wɔn werɛ.

❖ Fi wopɛ mu yɛ biribi. So wubetumi ayɛ aduan kakra akɔma abusua no? Wubetumi ahohoro wɔn nkyɛnsee a emu ayɛ fĩ a wɔaboaboa ano asum hɔ no mu ama wɔn? Wubetumi akodi gua abrɛ wɔn? Nka sɛ, “Sɛ muhia biribi a monka nkyerɛ me.” Sɛ adwempa mpo na wode ka saa asɛm yi a, awofo a wɔn ba awu no bɛte ase sɛ wunni adagyew koraa a wode bɛboa wɔn. Mmom no, bisa sɛ “Dɛn na metumi ayɛ de aboa mo seesei?” Afei, yɛ nea wɔbɛka akyerɛ wo no. Nanso, nwurawura baabi a ɛnsɛ sɛ wokɔ wɔ ofie hɔ. Na saa ara na ɛnsɛ sɛ wubisabisa wɔn asetra mu nsɛm kɔ akyiri.

❖ Nka sɛ, “Minim sɛnea wote nka.” Ɛsono sɛnea onipa biara te nka bere a ne dɔfo bi awu no. Sɛ wo nso wo ba awu mpo a, ɛnyɛ nokware sɛ wunim sɛnea wɔte nka ankasa.

❖ Ɛbɛkyɛ ansa na abusua no atumi atoto wɔn nneɛma yiye. Enti kɔ so boa wɔn sɛnea wubetumi. Sɛ obi wu wɔ abusua bi mu a, mfiase no nnipa pii kɔboa wɔn, nanso wobehia mmoa pii akyiri yi. Enti, kɔ so boa wɔn wɔ adapɛn ne asram a edi hɔ no mu. *

[Ase hɔ asɛm]

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bible mu nsɛm kyerɛ sɛ Yesu wɔ tumi ne ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obenyan mmofra a wɔawuwu no