Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monntetew Nea Onyankopɔn Aka Abom No Mu

Monntetew Nea Onyankopɔn Aka Abom No Mu

Monntetew Nea Onyankopɔn Aka Abom No Mu

“Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom ɔhonam biako. Enti nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—MATEO 19:6.

1, 2. Dɛn nti na Kyerɛwnsɛm no ka sɛ awarefo behyia ɔhaw wɔ bere ne bere mu, na dɛn nti na ntease wom sɛ wɔhwɛ kwan saa?

FA NO sɛ wode wo kar rebetu kwantenten bi. So wobɛboaboa wo ho yiye sɛ wubedi ɔhaw biara a wubehyia wɔ ɔkwan so no ho dwuma? Ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wubesusuw sɛ worenhyia ɔhaw biara! Sɛ nhwɛso no, ewim betumi ayɛ basaa, na ama ɛho abehia sɛ wotɔ wo bo ase na woyɛ ahwɛyiye wɔ ɔkwan so. Edu baabi a, wo kar no betumi asɛe a w’ankasa wuntumi nsiesie a ɛho behia sɛ wode si kwankyɛn na wohwehwɛ obi ma ɔboa wo. Sɛ biribi a ɛte saa si a, so ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛka sɛ anka ɛnsɛ sɛ wutu kwan no, na afei wugyaw wo kar no si baabi? Dabi. Sɛ woretu kwantenten a, ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ wubetumi ahyia nsɛnnennen, na nyansa wom sɛ wohwehwɛ akwan a wobɛfa so adi ho dwuma.

2 Saa na aware nso te. Ɔhaw mpa aware mu da, na ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wɔware no bɛhwɛ kwan sɛ wɔn ani begye bere nyinaa wɔ wɔn aware mu. Bible ka no pefee wɔ 1 Korintofo 7:28 sɛ okununom ne ɔyerenom “ho behiahia wɔn ɔhonam mu.” Dɛn nti na ɛte saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, okununom ne ɔyerenom nyɛ pɛ, na yɛte “mmere a emu yɛ den” mu nso. (2 Timoteo 3:1; Romafo 3:23) Enti, ɛtɔ mmere bi a awarefo a wɔte wɔn ho wɔn ho ase na wɔn mu biara wɔ ɔpɛ sɛ ɔde Onyankopɔn Asɛm bɛbɔ ne bra no mpo hyia ɔhaw wɔ bere ne bere mu.

3. (a) Nnipa pii a wɔwɔ wiase no bu aware dɛn? (b) Dɛn nti na Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn aware agyina?

3 Wɔ ɛnnɛ wiase yi mu no, sɛ awarefo bi hyia nsɛnnennen wɔ wɔn aware mu a, nea wodi kan susuw ho ara ne sɛ wobegyae aware. Wɔ aman pii so no, awaregyae redɔɔso araa ma wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Nanso, nokware Kristofo de, wosiesie ɔhaw a ɛsɔre wɔ wɔn aware mu no sen sɛ wɔbɛpere wɔn ho agyae aware. Dɛn ntia? Efisɛ, wobu aware sɛ ɛyɛ akyɛde kronkron a efi Yehowa hɔ. Yesu ka kyerɛɛ awarefo sɛ: “Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.” (Mateo 19:6) Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ awarefo bedi saa asɛm yi so bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, abusuafo ne afoforo, ne aware ho afotufo binom a wɔmfa Bible mu nnyinasosɛm nyɛ adwuma no taa hyɛ awarefo nkuran sɛ wɔntetew wɔn aware mu anaasɛ wonnyae aware no bere a wonni Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biara a wobetumi agyina so ayɛ saa no. * Nanso, Kristofo de, wonim sɛ ɛyɛ papa paa sɛ wosiesie ɔhaw a ɛba wɔn aware mu ma egyina sen sɛ wɔbɛpere wɔn ho agyae aware. Nokwarem no, ɛho hia sɛ aware no mfiase pɛɛ no, yesi gyinae sɛ yɛde Yehowa afotu bɛyɛ adwuma a yɛrentie nea afoforo bɛka.—Mmebusɛm 14:12.

Sɛnea Wobedi Aware mu Nsɛnnennen Ho Dwuma

4, 5. (a) Nsɛnnennen bɛn na ɛsɛ sɛ awarefo di ho dwuma? (b) Sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ aware mu a, dɛn nti na nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu tumi boa ma wodi ho dwuma yiye?

4 Nokwasɛm ne sɛ, awarefo nyinaa hia bere a wɔde besiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm wɔ bere ne bere mu. Mpɛn pii no, ɛtaa yɛ nsɛm nketenkete a wosiesie. Nanso, nsɛm a anibere wom paa tumi sɔre wɔ aware bi mu a sɛ wɔanhwɛ a, na ɛreyɛ agu aware no ara ne sa. Ɛtɔ mmere bi a, mubehia Kristofo asafo no mu panyin bi a waware akyɛ ma waboa mo. Nanso, sɛ ɛba saa a, ɛno nkyerɛ sɛ woankɔ aware pa. Mmom no, ɛma muhu sɛnea ɛho hia sɛ mode Bible mu nnyinasosɛm siesie mo ntam nsɛmnsɛm.

5 Esiane sɛ Yehowa na ɔyɛ nnipa Bɔfo, na ɔno ne aware Hyehyɛfo nti, ɔno nkutoo na onim ade a ebetumi ama aware bi agyina. Asɛm no ne sɛ, So yebetie afotu a ɛwɔ n’Asɛm mu no na yɛde ayɛ adwuma? Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya so mfaso kɛse. Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete no sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.” (Yesaia 48:18) Sɛ awarefo de akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma a, ɛbɛma wɔn aware no asɔ. Nea edi kan no, ma yensusuw afotu a Bible de ma okununom no ho nhwɛ.

“Monkɔ so Nnɔ Mo Yerenom”

6. Afotu bɛn na Kyerɛwnsɛm no de ma okununom?

6 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo mu no, ɔde akwankyerɛ a emu da hɔ maa okununom. Paulo kyerɛwee sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ mae no. Saa ara na ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔhwɛ so ma n’ani kũ ho sɛnea Kristo nso yɛ asafo no. Nanso sɛ́ ankorankoro no, mo mu biara nnɔ ne yere te sɛ ne ho.”—Efesofo 5:25, 28, 29, 33.

7. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo aware gyina so titiriw? (b) Dɛn na okununom yɛ de kɔ so da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn yerenom?

7 Ɛnyɛ ɔhaw a ebetumi asɔre wɔ okunu ne ɔyere ntam nyinaa ho asɛm na Paulo kae. Mmom no, ɔtwee adwene sii ade titiriw a ɛsɛ sɛ wɔde siesie Kristofo aware mu nsɛmnsɛm nyinaa a ɛne ɔdɔ no so. Nokwarem no, ɔbɔɔ ɔdɔ din mpɛn asia wɔ saa kyerɛwsɛm no mu. Hyɛ no nsow sɛ Paulo ka kyerɛɛ okununom sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo yerenom.” Paulo hui sɛ sɛ́ obi bɛdɔ obi no nyɛ den koraa, na mmom sɛ ɔne no bɛkɔ so atra wɔ ɔdɔ mu no ne asɛm no. Eyi te saa titiriw wɔ “nna a edi akyiri” yi mu, bere a nnipa pii yɛ “ahopɛ” na “wontumi ne wɔn nyɛ apam” no. (2 Timoteo 3:1-3) Saa subammɔne yi resɛe aware pii nnɛ. Nanso, okunu a ɔdɔ ne yere no remma wiase no pɛsɛmenkominya su no nnya n’adwene ne ne nneyɛe so nkɛntɛnso.—Romafo 12:2.

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Ahwɛ Wo Yere?

8, 9. Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni a waware hwɛ ne yere?

8 Sɛ woyɛ Kristoni a wowɔ yere a, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wonyɛ pɛsɛmenkominya, na wufi wo komam dɔ wo yere? Wɔ asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Efesofo a yɛadi kan aka ho asɛm mu no, ɔkyerɛɛ nneɛma abien a ɛsɛ sɛ okunu yɛ, na ɛno ne sɛ wobɛhwɛ wo yere, na woama w’ani akũ ne ho sɛ w’ankasa wo nipadua. Wobɛyɛ dɛn atumi ahwɛ wo yere wɔ saa kwan yi so? Ɔkwan biako ne sɛ wobɛma no honam fam nneɛma a ohia. Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Nokwasɛm ni, sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ nipa bɔne sen nea onnye nni mpo.”—1 Timoteo 5:8.

9 Nanso, aduan, ntama, ne dabere a okunu de bɛma ne yere kɛkɛ no ara nnɔɔso. Dɛn ntia? Efisɛ, okunu betumi ayere ne ho de honam fam nneɛma a ne yere hia ama no, nanso ɔrenyɛ nneɛma a ɛbɛma ne yere ani agye, na ebia ɔremmoa no wɔ Onyankopɔn som mu nso. Nanso, nea ehia paa ne sɛ ɔbɛma ne yere ani agye na waboa no wɔ Onyankopɔn som mu. Nokwarem no, Kristofo mmarima pii de bere pii reyɛ nnwuma wɔ asafo no mu. Nanso, sɛ okunu bi wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ asafo no mu mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obu n’ani gu asɛyɛde a Onyankopɔn de ama no sɛ abusua ti no so. (1 Timoteo 3:5, 12) Mfe bi a atwam no, Ɔwɛn-Aban bi kaa asɛm a edi so yi faa saa asɛm yi ho sɛ: “Nea ɛne Bible mu ahwehwɛde hyia no, wobetumi aka sɛ ‘nguanhwɛ fi ase wɔ fie.’ Sɛ ɔpanyin bu n’ani gu n’abusua so a, obetumi ama paw a wɔapaw no no ho aba asɛm.” * Ɛda adi pefee sɛ, ɛho hia koraa sɛ wohwɛ wo yere wɔ honam fam na woma n’ani gye, na nea ɛho hia sen biara no, woboa no wɔ Onyankopɔn som mu.

Dɛn na Wobɛyɛ De Akyerɛ sɛ W’ani Kũ Wo Yere Ho?

10. Dɛn na okunu bɛyɛ de akyerɛ sɛ n’ani kũ ne yere ho?

10 Sɛ w’ani kũ wo yere ho a, wobɛhwɛ no yiye efisɛ wodɔ no. Akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ahwɛ wo yere. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wunya bere pii ma no. Sɛ woannya wo yere ho adagyew a, ɔdɔ a ɔwɔ ma wo no so bɛtew. San hyɛ no nsow sɛ, ebia wubesusuw sɛ bere ne adagyew a wunya ma wo yere no ara ye ma no, nanso ebia ɔno de onhu no saa. Ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ wode w’ano bɛka kɛkɛ sɛ w’ani kũ wo yere ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ wo yere no ankasa te nka sɛ wohwɛ no yiye na wowɔ ne ho adagyew. Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.” (1 Korintofo 10:24) Sɛ́ okunu a wowɔ ɔdɔ no, ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ wunim nneɛma a wo yere hia ankasa.—Filipifo 2:4.

11. Ɔkwan bɛn so na sɛnea okunu bi ne ne yere di nsɛm no betumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam na aka ne gyinabea wɔ asafo no mu nso?

11 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so akyerɛ sɛ w’ani kũ wo yere ho ne sɛ wobɛyɛ no brɛbrɛ wɔ wo kasa ne wo nneyɛe mu. (Mmebusɛm 12:18) Paulo kyerɛw Kolosefo no sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen.” (Kolosefo 3:19) Sɛnea nhoma bi kyerɛ no, wobetumi akyerɛ Paulo asɛm no fã a ɛka sɛ “mo bo mmfuw wɔn denneennen” no ase wɔ ɔkwan foforo so sɛ “nyɛ no te sɛ w’abaawa,” anaa “mmfa no nyɛ w’afenaa.” Ɛda adi pefee sɛ, okunu a ɔyɛ ne yere ayayade wɔ fie anaa abɔnten so no nnɔ ne yere. Sɛ okunu yɛ ne yere basabasa a, ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam. Ɔsomafo Petro kyerɛw okununom sɛ: “Monkɔ so ne [mo yerenom] ntra saa ara wɔ nimdeɛ mu, na munni ɔbea no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw, efisɛ mo ne wɔn nyinaa yɛ nkwa a wɔde adom mo no adedifo, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” *1 Petro 3:7.

12. Dɛn na Kristoni a ɔyɛ okunu betumi ayɛ de asuasua sɛnea Yesu ne Kristofo asafo no dii nsɛm no?

12 Nnya adwene da sɛ wo yere bɛkɔ so adɔ wo bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ woma ohu da biara da sɛ wodɔ no. Yesu yɛɛ ɔdɔ ho nhwɛso maa Kristofo a wɔyɛ okununom denam sɛnea ɔne Kristofo asafo no dii nsɛm no so. Bere mpo a n’akyidifo no daa subammɔne adi mpɛn pii no, ɔyɛɛ wɔn brɛbrɛ, na ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn de wɔn mfomso firii wɔn. Enti Yesu tumi ka kyerɛɛ afoforo sɛ: “Mommra me nkyɛn, . . . efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no.” (Mateo 11:28, 29) Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ okunu suasua Yesu na ɔne ne yere di nsɛm sɛnea Yesu ne asafo no dii nsɛm no. Okunu a ɔnam nsɛm a ɔka ne ne nneyɛe so kyerɛ sɛ ɔdɔ ne yere paa no bɛma ne yere ho adwo no ankasa.

Ɔyerenom a Wɔde Bible mu Nnyinasosɛm Bɔ Wɔn Bra

13. Nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa ɔyerenom?

13 Nnyinasosɛm pii wɔ Bible mu nso a ebetumi aboa ɔyerenom. Efesofo 5:22-24 ka sɛ: “Momma ɔyerenom mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn kununom te sɛ nea wɔreyɛ ama Awurade, efisɛ okunu yɛ ne yere ti, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no ti no, na ɔne nipadua yi agyenkwa. Nokwarem no, sɛnea asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na momma ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom wɔ biribiara mu. . . .  Na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”

14. Dɛn nti na Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛka sɛ mmea mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn kununom no nkyerɛ sɛ wɔabrɛ wɔn ase?

14 Hyɛ sɛnea Paulo sii ahobrɛase ne obu so dua no nsow. Ɔka kyerɛɛ ɔyere sɛ ɔmmrɛ ne ho ase mma ne kunu. Saa a ɔbɛyɛ no ne Onyankopɔn nhyehyɛe hyia. Abɔde biara a ɛte ase wɔ ɔsoro ne asase so no hyɛ obi ase. Yesu mpo hyɛ Yehowa Nyankopɔn ase. (1 Korintofo 11:3) Nokwarem no, okunu a odi ne tiyɛ ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so no bɛma ayɛ mmerɛw ama ne yere sɛ ɔbɛkɔ so abrɛ ne ho ase ama no.

15. Afotu a Bible de ma ɔyerenom no bi ne nea ɛwɔ he?

15 Paulo kae nso sɛ “ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.” Ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni yɛ ‘komm na odwo,’ na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahantan a sɛ ne kunu ka biako a na waka mmienu, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ankasa pɛ. (1 Petro 3:4) Ɔyere a osuro Onyankopɔn no yɛ adwumaden de boa n’abusua, na ɔnam saayɛ so di ne kunu a ɔyɛ ne ti no ni. (Tito 2:4, 5) Ɛsɛ sɛ ɔyere bɔ mmɔden ka ne kunu ho asɛmpa, na sɛ ɔyɛ saa a, ɛremma afoforo mmu ne kunu animtiaa. Sɛ ne kunu si gyinae bi a, ɔbɛyere ne ho nso aboa no ama gyinae a wasi no ayɛ adwuma.—Mmebusɛm 14:1.

16. Dɛn na Kristofo a wɔyɛ ɔyerenom betumi asua afi Sara ne Rebeka hɔ?

16 Sɛ Kristoni bea bi yɛ komm na odwo a, ɛno nkyerɛ sɛ ontumi nkyerɛ n’adwene wɔ nneɛma bi ho anaasɛ ne nsusuwii ho nhia. Mmea a wosuro Onyankopɔn a wɔtraa ase wɔ tete mmere mu te sɛ Sara ne Rebeka kyerɛɛ wɔn adwene wɔ nneɛma bi ho, na Bible ka sɛ Yehowa penee wɔn adwenkyerɛ no so. (Genesis 21:8-12; 27:46–28:4) Ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo nso betumi aka sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho. Nanso, ɛsɛ sɛ wosusuw ɔkwan a wɔbɛfa so aka no no ho yiye, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no animtiaabu so. Wobehu sɛ, sɛ wɔka wɔn nsɛm wɔ saa kwan yi so a, wɔn kununom ani begye wɔn nkɔmmɔbɔ ho kɛse, na wɔagye wɔn adwenkyerɛ atom.

Sɛnea Nokwaredi Boa Ma Aware Gyina

17, 18. Dɛn ne akwan bi a okununom ne ɔyerenom betumi afa so ako atia mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛsɛe wɔn aware no?

17 Ɛsɛ sɛ awarefo di nokware wɔ wɔn aware mu wɔn nkwa nna nyinaa. Enti, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nyinaa nya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛboa ama aware no agyina. Sɛ wɔanka nneɛma a ɛhaw wɔn ho asɛm a, ɛbɛma wɔn ntam nsɛmnsɛm ayɛ kɛse na abɛyɛ aniberesɛm. Mpɛn pii na sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ awarefo ntam a wɔyɛ aka, na wonya wɔn ho menasepɔw. Awarefo bi mpo bɔ wɔn tirim pɔw sɛ wobegyae aware, na ebia wɔbɛma wɔn ani akogye obi foforo ho. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.”—Mateo 5:28.

18 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a wɔaware ne wɔn a wɔnwaree nyinaa fo sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne; mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.” (Efesofo 4:26, 27) Yɛn tamfo kɛse Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ nsɛmnsɛm a ɛsɔre wɔ Kristofo ntam no mu gya. Mommma no kwan! Sɛ nsɛnnennen sɔre a, momfa Bible ho nhoma nyɛ nhwehwɛmu wɔ Bible no mu, na munhu nea Yehowa pɛ sɛ moyɛ wɔ asɛm no ho. Mumfi mo komam nsusuw mo ntam nsɛmnsɛm ho, na ɛnsɛ moyɛ no abufuw so. Fa nea wo koma ka wo sɛ yɛ no toto nea wunim sɛ Yehowa pɛ sɛ woyɛ no ho, na fa nea Yehowa pɛ no yɛ adwuma. (Yakobo 1:22-25) Munsi mo bo sɛ mobɛkɔ so ne Onyankopɔn anantew wɔ mo aware no mu, na mommma onipa biara anaa biribi foforo biara nntetew nea Onyankopɔn aka abom no mu da!—Mika 6:8.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Hwɛ adaka a ɛnne “Awaregyae ne Ntetewmu” a ɛwɔ February 8, 2002, Nyan! a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 28.

^ nky. 9 Hwɛ May 15, 1989, Ɔwɛn-Aban kratafa 12.

^ nky. 11 Sɛ onuabarima bi bɛfata sɛ wɔde dwumadi bi hyɛ ne nsa wɔ Kristofo asafo no mu a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ “tutupɛfo,” a ɛkyerɛ sɛ ɔbobɔ afoforo akuturuku anaasɛ ɔyeyaw wɔn. Enti, September 1, 1990, Ɔwɛn-Aban no kratafa 25 ka sɛ: ‘Sɛ ɔbarima bi yi suban pa adi wɔ mmeae foforo na sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo wɔ fie a, ɔmfata.’—1 Timoteo 3:2-5, 12.

So Wokae?

• Dɛn nti na Kristofo mpo betumi ahyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu?

• Dɛn na okunu betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔhwɛ ne yere na n’ani kũ ne ho?

• Dɛn na ɔyere betumi ayɛ de akyerɛ sɛ obu ne kunu kɛse?

• Dɛn na okunu ne ɔyere nyinaa betumi ayɛ de adi nokware wɔ wɔn aware mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Ɛnyɛ honam fam nneɛma nko na ɛsɛ sɛ okunu de ma ne yere, na mmom ɛsɛ sɛ ɔboa no wɔ Onyankopɔn som mu nso

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Okunu a ɔdɔ ne yere ma ne yere ho dwo no

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Kristofo a wɔyɛ ɔyerenom de obu kyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho