Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anidaso a Yebenya wɔ Wiase a Ɔhaw Ahyɛ Mu Ma Yi Mu

Anidaso a Yebenya wɔ Wiase a Ɔhaw Ahyɛ Mu Ma Yi Mu

Anidaso a Yebenya wɔ Wiase a Ɔhaw Ahyɛ Mu Ma Yi Mu

“NNIPA betumi ayɛ nneɛma pa pii ama ɔmanfo na wɔadi ɔhaw a wɔtaa hyia ho dwuma ama wɔn nnɛ sen bere biara a atwam wɔ nnipa abakɔsɛm mu.” Amerika kan Ɔmampanyin Bill Clinton na ɔkaa saa asɛm no wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Ottawa, Canada, wɔ March 2006 mu no ase. Ɔkae sɛ efi bere a tsunami no sii wɔ afe 2004 mu no, nkurɔfo de wɔn bere ne wɔn ahode reboa nnipa wɔ wiase nyinaa, na ɔde ahotoso kae sɛ seesei wiase mu nnipa “dan wɔn ho wɔn ho sen bere biara a atwam.”

So yebetumi ahwɛ kwan sɛ atoyerɛnkyɛm na ɛbɛkanyan nnipa a wɔwɔ baabiara ma wɔayɛ nneɛma a ɛbɛma asi wɔn yiye daakye? So yebetumi agyina ‘dan a nkurɔfo dan wɔn ho wɔn ho sen bere biara a atwam’ no so anya ahotoso sɛ daakye nnipa benya asomdwoe ankasa ne ahobammɔ daa?

Onii a Ɔma Yenya Anidaso Ankasa

Mmɔden a adesamma abɔ bɛboro mfe mpem asia ni no ada no adi sɛ nnipa taa di wɔn yɔnko nnipa huammɔ. Ɛno nti, Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” (Dwom 146:3) Sɛ yɛde yɛn ho to wiase ahyehyɛde ahorow, emu nneɛma, ne wɔn nsusuwii so a, yɛn nsa besi fam. Dɛn ntia? Efisɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam.”—1 Yohane 2:17.

Nanso Onyankopɔn de, onnii atreneefo a wɔde wɔn ho to no so no huammɔ da wɔ mfehaha pii a atwam no mu. Bible frɛ no “Wo a [na tete] Israel hwɛ wo kwan” ne “[Israel] agyanom anidaso,” na ɛka ne mu anidaso, ne ne mu ahotoso ho nsɛm pii. (Yeremia 14:8; 17:13; 50:7) Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma ‘yɛn ani nna Yehowa so.’—Dwom 27:14.

Mmebusɛm 3:5, 6 hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi agyina so anya bɔhyɛ a ɛte saa no mu awerɛhyem efisɛ Yehowa Nyankopɔn nsakra, ɔwɔ hɔ daa, na odi n’asɛm so. (Malaki 3:6; Yakobo 1:17) Ɔpɛ sɛ esi wo yiye, na sɛ wudi nea waka wɔ n’Asɛm Bible mu no so bere nyinaa a, ɛbɛkyerɛ wo kwan wɔ mmere a ɛyɛ hu yi mu.—Yesaia 48:17, 18.

Obi a ofi ne koma nyinaa mu di Onyankopɔn akwankyerɛ so no betumi anya bɔhyɛ yi mu awerɛhyem: “Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu.” (Yesaia 41:10) Mpaebɔ a emu yɛ den ne awerɛhyem yi a wɔn a wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn ankasa no dwennwen ho no kyekye wɔn werɛ paa, efisɛ ɛboa wɔn ma wogyina tebea a ɛyɛ den ne dadwen ano.

Susuw Andrea a ɔyɛ Yehowa Dansefo ne ɛna a ɔwɔ mma baanu no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Sɛ minhu nea menyɛ wɔ asetram a, mpaebɔ ne Yehowa bɔhyɛ a midwennwen ho no nkutoo na ɛma mesan nya ahoɔden. Sɛ mema ɛtra m’adwene mu sɛ Yehowa nsakra na ɔwɔ hɔ daa a, ɛnyɛ den koraa sɛ mɛkɔ so agyina me nan so.”

Hyɛ Anidaso a Wowɔ wɔ Yehowa mu Den

Bere a odwontofo bi reka hia a ehia sɛ yenya Yehowa mu anidaso ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntõatõa wɔn.” (Dwom 119:165) Onyankopɔn Asɛm a wubesua no yiye bɛboa wo kɛse ma wode biribiara a ‘ɛyɛ nokware, ɛsom bo, ɛteɛ, ɛho tew, ɛyɛ fɛ, wɔka ho asɛm pa, ne ɔbra pa biara a ɛwɔ hɔ, ne biribiara a ɛsɛ ayeyi’ ahyɛ w’adwene ne wo koma mu. Sɛ wobɔ mmɔden tie, sua, gye tom, na wode nneɛma a ɛtete saa bɔ wo bra a, ‘asomdwoe Nyankopɔn ne wo bɛtra.’—Filipifo 4:8, 9.

John a ɔde mfe pii asom Onyankopɔn no ka sɛ: “Sɛ na metumi asesa me nsusuwii wɔ daakye ho a, na ɛho hia sɛ mesesa me suban ne me nsusuwii ansa na matumi ne Onyankopɔn a ɔyɛ pɛ a wonhu no no anya abusuabɔ. Ɔkwan biako pɛ a na metumi afa so ne Onyankopɔn anya saa abusuabɔ no ne sɛ mɛkenkan n’Asɛm na madwennwen ho na ama manya Onyankopɔn adwene wɔ nsɛm ho.”

Nokware a ɛma nkwa a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a wubesua no yɛ ɔkwan pa a wubetumi afa so agyina nneɛma bɔne a wɔka ho asɛm da biara wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu no ano. Bible mu nsɛm a wode bedi dwuma no nso betumi ahyɛ wo ne w’abusua ntam abusuabɔ mu den na amma woammɔ hu pii. Bio nso Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ wayɛ krado sɛ “ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho no.” (2 Beresosɛm 16:9) Sɛnea obedi nsɛm ho dwuma no remma wunsuro hwee.

Phinehas a watra baabi a akodi kɔɔ so na wokunkum nnipa pii no ka sɛ: “Masua sɛ mede me ho bɛto Yehowa so. Bible nnyinasosɛm a mede abɔ me bra no ama makwati ɔhaw pii.” Sɛ wode wo ho to Yehowa Nyankopɔn so koraa a, obetumi aboa wo ma woadi ɔhaw biara so. (Dwom 18:29) Abofra a ɔne n’awofo wɔ abusuabɔ pa no wɔ wɔn mu ahotoso paa ma enti sɛ ɔyare anaa biribi haw no mpo a, onsuro. Sɛ wobɔ mmɔden hwehwɛ Yehowa na wode w’ani to no so a, wo nso wubetumi ate nka saa ara.—Dwom 37:34.

Nea Yɛn Anidaso Gyina so Ankasa

Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mommɔ mpae sɛ: ‘Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro.’” (Mateo 6:9, 10) Ɔsoro Ahenni yi a ɛyɛ nniso a Yesu Kristo di so no na Onyankopɔn bɛfa so ada Ne tumidi a ɛfata adi wɔ asase so.—Dwom 2:7-12; Daniel 7:13, 14.

Nneɛma pii a ɛma nnipa bɔ hu wɔ asetra mu biribiara ho nnɛ no yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ ehia sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nsɛm mu. Anigyesɛm ne sɛ bere a Onyankopɔn de ne ho begye nsɛm mu no abɛn! Wɔama Yesu Kristo a Onyankopɔn de no asi Mesia Ahenni no so Hene no tumi a ɔde bɛsan Yehowa tumidi ho na watew Ne din ho. (Mateo 28:18) Ɛrenkyɛ Ahenni no bɛba abeyi nea ɛde ehu ba nyinaa afi asase so. Yesaia 9:6 ka nneɛma a ɛma Yesu fata sɛ Sodifo a obetumi ayi ehu a ahyɛ yɛn so no afi hɔ ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔfrɛ no “Daa-agya,” “Ɔfotufo,” ne “Asomdwoe-hene.”

Susuw edin “Daa-agya” no ho hwɛ. Sɛ́ “Daa agya” no, Yesu wɔ tumi ne ɔpɛ sɛ ɔnam n’agyede afɔrebɔ no so bɛma nnipa asoɔmmerɛwfo anya daa nkwa wɔ asase so ho anidaso. Eyi kyerɛ sɛ awiei koraa no, wobegye wɔn afi bɔne ne sintɔ a wonya fii Adam, onipa a odi kan a ɔyɛ ɔbɔnefo no hɔ no mu. (Mateo 20:28; Romafo 5:12; 6:23) Kristo de tumi a Onyankopɔn de ama no no nso benyan nnipa pii a wɔawuwu no aba nkwa mu bio.—Yohane 11:25, 26.

Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔdaa ne ho adi sɛ “Ɔfotufo.” Esiane Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a na Yesu wɔ ne sɛnea ɔte nnipa ase ma ɛyɛ nwonwa nti, na onim sɛnea wodi asetram haw ahorow ho dwuma. Efi bere a wɔde Kristo sii ade so wɔ ɔsoro no, wakɔ so ayɛ “Ɔfotufo,” na ɔne onipa titiriw a Yehowa nam ne so ne adesamma di nkitaho. Nyansa wɔ Yesu afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no so bere nyinaa na asɛm biara nni ho. Sɛ wuhu eyi na wugye di a, ɛremma wonnwennwen ma wommɔ hu.

Yesaia 9:6 ka sɛ Yesu yɛ “Asomdwoe-hene” nso. Sɛ́ “Asomdwoe-hene” no, ɛrenkyɛ Kristo de ne tumi beyi nsisi a ɛwɔ amanyɔsɛm, nnipa ntam, ne sikasɛm mu nyinaa afi hɔ. Ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɔde adesamma bɛhyɛ Mesia Ahenni nniso a asomdwoe wom no ase.—Daniel 2:44.

Wɔ Ahenni nniso no ase no, asomdwoe a enni awiei bɛba asase so baabiara. Dɛn na ɛbɛma woagye eyi adi? Eyi wɔ Yesaia 11:9. Ɛhɔ kenkan sɛ: “[Ahenni no nkoa renyɛ] bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” Awiei koraa no, onipa biara a ɔwɔ asase so benya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ na watie no. So saa anidaso no ma w’ani gye? Sɛ ɛte saa, ɛnde ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubenya ‘Yehowa ho nimdeɛ’ a ɛsom bo no.

Wubetumi ahwehwɛ nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa fa nsɛm a esisi nnɛ ne daakye pa a Bible hyɛ ho bɔ no ho mu na woanya gyidi a ɛhyɛ den ne Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛma nkwa. Enti yɛhyɛ wo nkuran sɛ nya Bible adesua ho nhyehyɛe a Yehowa Adansefo ne afoforo yɛ wɔ wo mpɔtam hɔ no so mfaso. Eyi yɛ ɔkwan biako a wubetumi afa so ayi ehu a ɛwɔ wo mu no afi hɔ na woanya anidaso ankasa wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 7]

Nea Enti a Ahenni Nniso no Ma Yenya Anidaso

Wɔde hokwan ama Yesu Kristo, Onyankopɔn Ahenni no so Hene sɛ onni amansan nyinaa so tumi. (Mateo 28:18) Ɔbɛsan asiesie biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asase so. Ɔwɔ tumi a ɔde bɛsa nyarewa nyinaa nso. Anwonwade a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no yɛ nhyira kɛse a yebenya wɔ ne nniso ase sɛ Ɔhene a ɔyɛ pɛ na ɔfata no ho nsusuwso. Mesia Ahenni no so Hene yi su a wɔaka ho asɛm wɔ ha yi mu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho paa?

Nnipa tumi bɛn no.Marko 10:13-16.

Ɔwɔ ntease na ɔnhwɛ nnipa anim.Marko 10:35-45.

Yetumi de yɛn ho to no so, na ne yam ye.Mateo 4:5-7; Luka 6:19.

Ɔyɛ ɔtreneeni na obu atɛntrenee.Yesaia 11:3-5; Yohane 5:30; 8:16.

Ɔwɔ tema ne ahobrɛase.Yohane 13:3-15.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Bible a yɛbɛkenkan na yɛadwennwen ho no betumi ama yɛde yɛn ani ato Yehowa so