Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yehyiam?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yehyiam?

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yehyiam?

BERE a Christine ne ne kunu waree mfe 20 akyi no, ne kunu no guan gyaw no hɔ mpofirim. Ɛkaa Christine nkutoo a na ɛsɛ sɛ ɔtete mmabarima baason ne ɔbabea baako. Na akumaa paa a ɔwom no adi mfe 7, ɛnna ɔpanyin paa no nso adi mfe 18. Ɔka sɛ: “Afei de, na ɛsɛ sɛ me nkutoo misisi gyinae a ɛho hia. Metee nka sɛ na asɛyɛde no mu yɛ duru, na me yam a anka minyaa mmoa ne akwankyerɛ.” Ɛhe na onyaa mmoa a ɛte saa?

Christine ka sɛ: “Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam a, na ɛhyɛ me ne m’abusua gyidi den. Wɔ Kristofo nhyiam ase no, na yenya mmoa fi yɛn nnamfo hɔ na na yenya akwankyerɛ nso wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Nhyiam a na yɛkɔ daa no boaa yɛn wɔ biribiara a na ɛho hia wɔ yɛn abusua asetra mu.”

Wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no, yɛn nyinaa hyia sɔhwɛ ahorow. (2 Timoteo 3:1) Sɛnea na ɛte wɔ Christine fam no, ebia wo nso wubebu Yehowa Adansefo nhyiam ahorow sɛ biribi a wo gyidi gyina so, ade a ɛho hia paa wɔ Yehowa a wosom no no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ asafo nhyiam ahorow anum a yɛyɛ no dapɛn biara no hyɛ ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn ne daakye ho anidaso a wowɔ no mu den, na ɛma wunya akwankyerɛ a egyina Bible so a ɛfa sɛnea wubedi sɔhwɛ ho dwuma ho.

Nanso ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛkɔ Kristofo nhyiam daa. Ebedu anwummere no na wɔabrɛ ma enti wɔn ho a wobesiesie sɛnea ɛfata asan atwa kwan akɔ nhyiam no tumi yɛ te sɛ adesoa bi. Ebinom nso adwuma taa twitware nhyiam a wɔbɛkɔ mu. Sɛ wɔka sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no nyinaa a, wɔn akatua so bɛtew anaasɛ wɔn adwuma betumi afi wɔn nsa. Ebia afoforo nso bɛtoto nhyiamkɔ mu efisɛ wosusuw sɛ anigyede bi a wɔde wɔn ho behyem no bɛma wɔn ani agye paa sen sɛ wɔne asafo no bɛbɔ.

Ɛnde, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ ɛka wo ma wokɔ Kristofo nhyiam? Dɛn na w’ankasa wobɛyɛ na woanya nhyiam a ɛte saa so mfaso? Nea ɛbɛboa wo ma woanya nsɛmmisa yi ho mmuae no, ma yensusuw Yesu asɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Mateo 11:28-30 no ho. Ɔkae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa mu yɛ hare.”

“Mommra Me Nkyɛn”

Yesu kae sɛ: “Mommra me nkyɛn.” Ɔkwan biako a yɛbɛfa so agye ɔfrɛ yi so ne sɛ yɛbɛkɔ nhyiam daa. Nneɛma pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ, efisɛ bere foforo bi Yesu kae sɛ: “Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, na mewɔ wɔn mfinimfini.”—Mateo 18:20.

Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yesu ankasa too nsa frɛɛ nnipa ahorow sɛ wommedi n’akyi. Yesu nam eyi so ma wonyaa hokwan ne no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Ebinom dii n’akyi ntɛm ara. (Mateo 4:18-22) Ebinom nso maa honam fam nneɛma siw wɔn kwan sɛ wobedi Yesu akyi. (Marko 10:21, 22; Luka 9:57-62) Yesu kaa asɛm a ɛma awerɛhyem yi kyerɛɛ wɔn a wokodii n’akyi no: “Ɛnyɛ mo na mopaw me, na mmom me na mepaw mo.”—Yohane 15:16.

Kristo wu ne ne wusɔre akyi no, na ɔne n’asuafo no nni hɔ wɔ honam mu bio. Nanso na ɔda so ara ne wɔn wɔ hɔ, a ɛkyerɛ sɛ ɔkyerɛɛ wɔn kwan wɔ wɔn dwumadi mu na ohuu nea wɔyɛe wɔ afotu a ɔde maa wɔn no ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesu wusɔre akyi bɛyɛ mfe 70 no, ɔde afotu ne nkuranhyɛsɛm kɔmaa asafo ahorow ason a na ɛwɔ Asia Kumaa no. Ne nsɛm a ɔkae no daa no adi sɛ na onim ankorankoro a wɔwɔ saa asafo ahorow no mu mmɔdenbɔ ne wɔn mmerɛwyɛ.—Adiyisɛm 2:1–3:22.

Yesu ani da so ara kũ n’akyidifo no mu biara ho. Ɔhyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mateo 28:20) Seesei yɛte awiei mmere no mu, ma enti ɛho hia sɛ yegye Yesu ɔfrɛ a ɛne sɛ yemmedi n’akyi no so. Nhyiam a yɛbɛkɔ daa no ka nneɛma afoforo a ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ wɔ ɔfrɛ no ho no ho. Yesu pɛ sɛ yetie no, ‘na wɔnam no so kyerɛkyerɛ yɛn’ denam Bible a yesua ne ɔkasa ahorow a wɔma daa wɔ nhyiam horow no ase so. (Efesofo 4:20, 21) So woregye Yesu ɔfrɛ a ɛse, “Mommra me nkyɛn” no so?

“Mo a Moabrɛ na Wɔde Nnesoa Asoa Mo”

Nkuranhyɛ a yebenya ne ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam. (Hebrifo 10:24, 25) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn mu pii ‘abrɛ na wɔde nnesoa asoa yɛn’ wɔ akwan ahorow so. Ebia na w’ankasa wowɔ ɔhaw bi te sɛ yare. Yɛn mu biara betumi anya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ wɔ Kristofo nhyiam ase. (Romafo 1:11, 12) Sɛ nhwɛso no, wobɛte mmuae a ɛhyɛ gyidi den, wɔbɛkae wo Bible mu anidaso a wowɔ no, na wubehu gyidi a afoforo a wɔrehyia sɔhwɛ no nso wɔ. Eyi nyinaa betumi aboa wo ma woagyina ɔhaw a wuhyia no ano na woanya ho adwempa.

Susuw nsɛm a Kristoni ɔbea bi a ɔreko yare bi kae no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Me yare no nti, ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ mekɔda ayaresabea kakra. Sɛ woyi me ba fie a, etumi yɛ den ma me sɛ mɛkɔ nhyiam, nanso ɛhɔ ne baabi a ɛfata sɛ mekɔ. Anigye ne ɔdɔ a anuanom mmarima ne mmea da no adi no ma mesan nya anigye, na nkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ a Yehowa ne Yesu de ma no ma m’asetra di mũ.”

“Me Kɔndua Yɛ Mmerɛw na M’adesoa Mu Yɛ Hare”

Hyɛ no nsow sɛ Yesu kae wɔ asɛm a yɛresusuw ho no mu sɛ: “Munsua me.” Sɛ yesuasua Yesu a, yɛbɛyɛ n’asuafo, na yɛfa ne kɔndua bere a yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn na yɛabɔ asu no. (Mateo 28:19, 20) Sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ Yesu asuafo a, ɛho hia sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam daa. Dɛn ntia? Efisɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn Yesu, ne nkyerɛkyerɛ, ne ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no ho ade wɔ Kristofo nhyiam ase.

Adesoa bɛn na Kristo pɛ sɛ yɛsoa no? Ɛyɛ adesoa koro no ara a n’ankasa so no bi—hokwan a yɛanya sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (Yohane 4:34; 15:8) Egye mmɔdenbɔ na yɛatumi adi Onyankopɔn mmara so, nanso adesoa yi mu nyɛ duru dodo sɛ yɛbɛsoa. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn ankasa ahoɔden bɛsoa de a, ɛbɛyɛ te sɛ nea emu yɛ duru. Nanso sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom na yetie Bible mu asɛm a wɔkyerɛkyerɛ yɛn wɔ nhyiam ahorow ase no a, yebenya Onyankopɔn “tumi a ɛboro nnipa de so.” (2 Korintofo 4:7) Sɛ yesiesie yɛn ho ma nhyiam ahorow no na yɛde yɛn ho hyem a, ɛma Yehowa ho dɔ a yɛwɔ no mu yɛ den. Na sɛ ɔdɔ ka yɛn a, Onyankopɔn ahyɛde so di ‘renyɛ den.’—1 Yohane 5:3.

Ɛyɛ den ma nnipa dodow no ara sɛ wobenya sika ahwɛ wɔn ho, ahwɛ wɔn ho yare, na wɔadi ɔhaw ahorow ho dwuma. Nanso sɛ yebetumi adi ho dwuma yiye a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to nnipa nyansa so. Asafo nhyiam a yɛkɔ no boa ma ‘yɛnnnwennwene’ efisɛ Yehowa ma yɛn nsa ka yɛn ahiade na ɔboa yɛn ma yegyina ɔhaw ahorow ano. (Mateo 6:25-33) Nokwarem no, Kristofo nhyiam yɛ ade a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn.

“Midwo, na Mebrɛ Me Ho Ase Koma Mu”

Ná ɛyɛ Yesu su sɛ ɔbɛkɔ hyiadan mu, baabi a na wosusuw Onyankopɔn Asɛm ho no. Wɔ mmere a ɛte saa biako mu no, Yesu faa Yesaia nhoma mmobɔwee na ɔkenkanee sɛ: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, ɔsomaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifuraefo nhu ade, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho, na menka bere a ɛsɔ Yehowa ani nkyerɛ.” (Luka 4:16, 18, 19) Hwɛ anigye ara a anka ɛbɛyɛ sɛ wobɛte sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ saa nsɛm no mu sɛ: “Ɛnnɛ na kyerɛwsɛm a motee no seesei yi abam”!—Luka 4:21.

Yesu “oguanhwɛfo panyin” a odwo no da so ara hwɛ sɛ wɔbɛhwɛ n’akyidifo wɔ Onyankopɔn som mu. (1 Petro 5:1-4) “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no apaw mmarima sɛ ahwɛfo wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu wɔ Yesu akwankyerɛ ase. (Mateo 24:45-47; Tito 1:5-9) Saa mmarima yi de odwo ‘hwɛ Onyankopɔn asafo’ no so na wɔnam nhyiam a wɔkɔ daa no so yɛ nhwɛso pa ma asafo no. Wubetumi afa Kristofo nhyiam a wobɛkɔ na wode wo ho ahyem de ahyɛ afoforo nkuran no so akyerɛ ‘nnipa a ɔde wɔn mae sɛ akyɛde’ no ho anisɔ.—Asomafo Nnwuma 15:30-33; 20:28; Efesofo 4:8, 11, 12.

“Mo Kra Ho Bedwo No”

Sɛ worekɔ Kristofo nhyiam a, dɛn na wobɛyɛ na ama woanya nhyiam a ɛtete saa so mfaso ankasa? Ɔkwan biako ne sɛ wubetie Yesu afotu yi: “Monhwɛ sɛnea mutie asɛm yiye.” (Luka 8:18) Nnipa a na wɔn ani gye ho paa sɛ wosua biribi no yɛɛ aso tiee Yesu yiye. Wobisaa no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ mfatoho a ɔmae no mu, na ɛno ma wɔtee nneɛma ase yiye.—Mateo 13:10-16.

Wubetumi atie ɔkasa ahorow yiye wɔ nhyiam ase de asuasua nnipa a na Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn no. (Mateo 5:3, 6) Nea ɛbɛboa wo ma wode w’adwene asi asɛm no so no, bɔ mmɔden di sɛnea ɔkasafo no kyerɛkyerɛ nsɛm mu no akyi. Wubetumi abisa wo ho nsɛm a edidi so yi bi: ‘Mɛyɛ dɛn de asɛm yi abɔ me bra? Ɔkwan bɛn so na metumi de aboa afoforo? Mɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ asɛm yi mu?’ Bio nso, hwɛ kyerɛw nsɛm a ɔkasafo no de foa nsɛntitiriw a ɛwɔ ne kasa mu no so no. Dodow a woyɛ aso tie asɛm yiye no, dodow no ara na wubenya nhyiam no so mfaso.

Nhyiam no akyi no, wo ne afoforo mmɔ ho nkɔmmɔ. Fa w’adwene si asɛm no ne sɛnea wubetumi de adi dwuma no so. Nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ den ma nhyiam no yɛ anigye paa.

Akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ nneɛma pa pii a enti ɛsɛ sɛ yehyiam. Bere a woasusuw mfaso a yenya fi nhyiam mu a yɛaka ho asɛm yi no ho no, dɛn nti na wummisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na mereyɛ wɔ Yesu frɛ a ɛne sɛ, “Mommra me nkyɛn” no ho?’

[Mfonini wɔ kratafa 11]

So nneɛma afoforo twitware nhyiam a wobɛkɔ mu?