Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛyɛ Dɛn Aboa Me Mma Ma Wɔanya Nkyerɛkyerɛ Pa?

Mɛyɛ Dɛn Aboa Me Mma Ma Wɔanya Nkyerɛkyerɛ Pa?

Mɛyɛ Dɛn Aboa Me Mma Ma Wɔanya Nkyerɛkyerɛ Pa?

YEBETUMI de nkyerɛkyerɛ a yɛde ma mmofra atoto akwantu bi a ɛyɛ anika nanso ɛyɛ den ho. Eyi yɛ ɔkwan a wo ne wo mma nyinaa bom tu. Wohyɛ wɔn nkuran, wufi ɔdɔ mu ma wɔn akwankyerɛ, na woboa wɔn ma esi wɔn yiye wɔ abrabɔ mu. Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wosua!

Sɛ ebesi mmofra yiye ankasa na wɔn ani agye wɔ asetra mu a, ɛsɛ sɛ wonya abrabɔ fam ntetee na wɔne Onyankopɔn nso nya abusuabɔ na ama wɔahu papa ne bɔne mu nsonsonoe. Sɛ wohu Yehowa na wonya ɔdɔ ma no a, wobenya nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔn no so mfaso na akwankyerɛ a wobenya no bɛboa wɔn daa. Sɛ́ ɔwofo no, wowɔ dwuma titiriw bi di wɔ nea wo mma sua ne sɛnea wobu asɛm a wɔresua no na wɔte ase no mu.

Awofo behyia nsɛnnennen pii wɔ akwantu yi mu. Ɛnyɛ den sɛ afoforo benya mmofra so nkɛntɛnso, na wobetumi asua nneɛma bɔne pii afi abɔnten. Yɛte wiase bi a Satan Ɔbonsam na odi so mu. (1 Yohane 5:19) N’ani gye ho sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wo mma, nanso ɛsono adwene a okura koraa. Satan yɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw paa, nanso ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo bɔne ankasa. Ɛwom sɛ ɔyɛ ne ho sɛ “hann bɔfo” de, nanso nea ɔkyerɛkyerɛ no yɛ nnadaa na ɛne Yehowa Asɛm ne n’apɛde nhyia. (2 Korintofo 4:4; 11:14; Yeremia 8:9) Ɔbonsam ne n’adaemone no nyinaa aben wɔ nnaadaa mu, na wɔhyɛ pɛsɛmenkominya, atorodi, ne abrabɔ bɔne ho nkuran.—1 Timoteo 4:1.

Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ wo mma ho ban afi nnaadaa ho? Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadi ade a ɛyɛ nokware na mfaso wɔ so akyi? Ade a ɛho hia biako ne sɛ wobɛhwehwɛ wo ho mu yiye. Ehia sɛ woyɛ nhwɛso pa. Ɛho hia nso sɛ w’ankasa wugye bere de tete wo mma. Nanso ansa na yebesusuw nsɛm yi ho no, ma yɛnhwehwɛ ade a nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so gyina so.

Ade a Nkyerɛkyerɛ Pa Gyina so

Yebetumi asua biribi afi Israel Hene Salomo, a ɔyɛ mmarima anyansafo a wɔatra ase pɛn no mu baako hɔ. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn maa Salomo nyansa ne nhumu bebree pa ne koma a emu trɛw sɛ mpoano nhwea. Na Salomo nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.” Salomo ‘bubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom si apem ne anum.’ Ná ɔwɔ mmoa ne afifide ho nimdeɛ a emu dɔ. (1 Ahene 4:29-34) Bio nso, Ɔhene Salomo hwɛ ma wosisii adan wɔ Israel, a Yehowa asɔrefie kɛse a na ɛwɔ Yerusalem no ka ho.

Nsɛm a Salomo kyerɛwee te sɛ nea ɛwɔ Ɔsɛnkafo nhoma mu no da no adi sɛ na ɔte nnipa suban ase yiye. Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛɛ ade a nkyerɛkyerɛ pa gyina so. Salomo kae sɛ: “[Yehowa, NW] suro ne nimdeɛ mfiase.” Ɔhene nyansafo no san kae sɛ: “Nyansa mfiase ne [Yehowa, NW] suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.”—Mmebusɛm 1:7; 9:10.

Sɛ yesuro Onyankopɔn a, yenya obu ma no na yɛhwɛ yiye sɛ yɛrenyɛ ade a ɔmpɛ. Yenim sɛ ɔno ne Opumpuni na yebebu nea yɛyɛ ho akontaa akyerɛ no. Ebia nnipa bebu wɔn a wommu yɛn nkwamafo no sɛ anyansafo, nanso nyansa a ɛte saa no yɛ “nkwaseasɛm ma Onyankopɔn.” (1 Korintofo 3:19) Wo mma hia nkyerɛkyerɛ a egyina “nyansa a efi soro ba no” so.—Yakobo 3:15, 17.

Yehowa ho suro pa a yɛwɔ ne ɔdɔ a yɛwɔ ma no no wɔ abusuabɔ kɛse. Yehowa pɛ sɛ n’asomfo suro no na bere koro no ara nso wɔdɔ no. Mose kae sɛ: “Israel, dɛn na [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn repɛ wo nkyɛn sɛ gye sɛ wusuro [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, na wonantew n’akwan nyinaa so, na wodɔ no, na wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa som [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, na wudi [Yehowa, NW] mmara nsɛm ne n’ahyɛde a merehyɛ wo nnɛ yi so, na ayɛ wo yiye?”—Deuteronomium 10:12, 13.

Sɛ yɛde Yehowa ho suro pa dua yɛn mma mu a, na yɛreto nhyɛase pa ama nkyerɛkyerɛ a ɛbɛma wɔayɛ anyansafo ankasa. Sɛ wɔkɔ so nya Yehowa ho suro pa a, wobenya anisɔ kɛse ama wɔn Bɔfo a nimdeɛ nyinaa fi no no. Eyi bɛboa yɛn mma no ma wɔanya nea wɔresua no ho adwempa, na wɔansisi gyinae bɔne. Wobehu “papa ne bɔne mu nsonsonoe.” (Hebrifo 5:14) Yehowa ho suro a ɛte saa nso bɛboa wɔn ma wɔakɔ so abrɛ wɔn ho ase na wɔakwati nneɛma bɔne.—Mmebusɛm 8:13; 16:6.

Wo Mma Rehwɛ Wo!

Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn mma ma wɔadɔ Yehowa na wɔasan asuro no? Asɛmmisa yi ho mmuae wɔ Mmara a Yehowa nam odiyifo Mose so de maa Israelfo no mu. Wɔka kyerɛɛ awofo a wɔyɛ Israelfo sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn. Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:5-7.

Awofo betumi asua nneɛma a ɛho hia pii afi kyerɛwsɛm yi mu. Biako ni: Sɛ́ ɔwofo no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. Ɛsɛ sɛ w’ankasa wudi kan dɔ Onyankopɔn na woma ne nsɛm da wo koma so ansa na woatumi akyerɛkyerɛ wo mma ma wɔadɔ Yehowa. Dɛn nti na eyi ho hia paa? Efisɛ wo titiriw na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma. Nea wosua fi wo nkyɛn no benya wɔn so tumi paa. Na biribiara nni hɔ a ebetumi anya abofra so nkɛntɛnso sen awofo no nhwɛso.

Ɛnyɛ wo kasa mu nko na wo nsusuwii, wo gyinapɛn, ne nneɛma a w’ani gye ho da adi, na mmom ɛda adi wɔ wo nneyɛe mu nso. (Romafo 2:21, 22) Mmofra fi wɔn mmofraase hwɛ nea wɔn awofo yɛ, na wosua wɔn. Mmofra hu nea ehia wɔn awofo, na eyinom taa bɛyɛ nneɛma a ɛho hia mmofra no nso. Sɛ wodɔ Yehowa ampa a, wo mma behu. Sɛ nhwɛso no, wobehu sɛ wofa Bible akenkan ne adesua aniberesɛm. Wɔbɛba abehu sɛ wode Ahenni ho nneɛma di kan wɔ w’asetra mu. (Mateo 6:33) Kristofo nhyiam ne asɛnka a wobɛkɔ daa no bɛma wɔahu sɛ ɔsom kronn a wode ma Yehowa no ho hia wo sen ade foforo biara.—Mateo 28:19, 20; Hebrifo 10:24, 25.

Di W’asɛyɛde Ho Dwuma

Ade foforo a awofo betumi asua afi Deuteronomium 6:5-7 mu ni: Ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ mokyerɛkyerɛ mo mma. Ná awofo a wɔwɔ Yehowa nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu no kyerɛkyerɛ wɔn mma. Awofo a na wɔwɔ Kristofo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no nso kɔɔ so maa wɔn ani kuu wɔn mma nkyerɛkyerɛ ho. (2 Timoteo 1:5; 3:14, 15) Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw krataa akɔma ne mfɛfo Kristofo no, ɔkyerɛe sɛ agyanom titiriw na ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ so tete wɔn mma wɔ Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.’—Efesofo 6:4.

Esiane adwuma ne nneɛma afoforo a egye awofo bere ne wɔn ahoɔden nti, anhwɛ a wobegyaw wɔn mma ntetee ato nnipa bi te sɛ, sukuu akyerɛkyerɛfo ne wɔn a wɔhwɛ mmofra so. Nanso obiara nni hɔ a obetumi asi ɔwofo a ɔwɔ ɔdɔ ananmu ayɛ n’adwuma ama no. Mmu nkɛntɛnso a wowɔ wɔ wo mma so no adewa da. Sɛ wuhia mmoa a, paw no nyansam, nanso nnyaw adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wo nsa no nto obi so da.

Gye Bere Fa Tete Wo Mma

Asuade foforo bio a awofo betumi anya afi Deuteronomium 6:5-7 mu ni: Mmofra ntetee gye bere ne mmɔdenbɔ. Ná ɛsɛ sɛ awofo a wɔyɛ Israelfo de Onyankopɔn ho nokwasɛm “kyerɛkyerɛ” wɔn mma. Mfitiase Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “kyerɛkyerɛ” no kyerɛ sɛ “wubeti asɛm mu,” “wobɛka no mpɛn pii.” Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi da mũ no nyinaa, fi adekyee kosi adesae, ‘wɔn afitra mu’ ne ‘wɔn kwan so nantew mu.’ Egye bere ne mmɔdenbɔ na wɔatumi akyerɛkyerɛ mmofra na wɔaboa wɔn ma wɔanya suban a ɛbɛma wɔasɔ Onyankopɔn ani.

Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wo mma ma wɔanya nkyerɛkyerɛ pa? Nneɛma pii. Kyerɛkyerɛ wɔn ma wonnya Yehowa ho dɔ na wɔnsan nsuro no. Yɛ nhwɛso pa. Di w’asɛyɛde a ɛne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo mma no ho dwuma, na gye bere fa tete wɔn. Wotɔ sin, enti wubedi mfomso bere a wokyerɛkyerɛ wo mma no. Nanso sɛ wufi wo koma mu bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛda adi sɛ wo mma no bɛkyerɛ wo mmɔdenbɔ no ho anisɔ na wɔanya so mfaso. Mmebusɛm 22:6 ka sɛ: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”

Nkyerɛkyerɛ a wode ma wo mma no te sɛ ɔkwan a wo ne wo mma de mo nkwa nna nyinaa retu. Sɛ wo ne wo mma dɔ Onyankopɔn a, mubetumi anya anigye wɔ akwantu yi mu afebɔɔ. Efisɛ yebenya nneɛma pii asua afa Yehowa ho bere nyinaa na yɛama n’atirimpɔw aba mu.—Ɔsɛnkafo 3:10, 11.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

So wokenkan Bible kyerɛ wo mma?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Gye bere kyerɛkyerɛ wo mma Ɔbɔadeɛ no ho ade