Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti A Ɛrenkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa

Nea Enti A Ɛrenkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa

Nea Enti A Ɛrenkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa

“Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ.”​—DEUTERONOMIUM 32:4.

1, 2. (a) Dɛn nti na w’ani gye sɛ wobɛtra ase daa? (b) Dɛn na ɛmma nnipa pii nnye Onyankopɔn a ɔhyɛ daakye a ɛyɛ anigye ho bɔ no nni?

SO WUBETUMI de w’adwene abu sɛnea asetra bɛyɛ wɔ Paradise? Ebia wuhu sɛ wonam asase a ɛyɛ fɛ yi so rehwɛ abɔde ahorow a enni ano a ɛwɔ so no. Anaasɛ ebia wususuw abotɔyam a wubenya bere a wo ne afoforo bom yɛ adwuma de siesie asase no ma ɛdan turo fɛfɛ bi no ho. Anaa ebia susuw nimdeɛ a wubenya wɔ adwinni, adansi, nnwonto, anaa nneɛma foforo a wunnya bere nsua wɔ wiase a adagyew nnim koraa yi mu nnɛ no ho hwɛ. Sɛnea ɛte biara no, w’ani begye sɛ wubenya asetra a Bible frɛ no “nkwa ankasa”—asetra a na Yehowa pɛ sɛ yenya wɔ asase so daa no.—1 Timoteo 6:19.

2 Ɛyɛ hokwan kɛse ne anigye sɛ yɛbɛka saa Bible mu anidaso no ho asɛm akyerɛ afoforo, ɛnte saa? Nanso nnipa pii mpɛ sɛ wɔte asɛm a ɛte saa a yɛka no. Wobu no sɛ ɛyɛ adaeso bi anaa nsusuwii hunu, na nnipa a wonnim hwee na wɔka kyerɛ wɔn. Ebetumi ayɛ den mpo ama wɔn sɛ wobegye Onyankopɔn a wahyɛ Paradise asetra a enni awiei ho bɔ no adi. Dɛn ntia? Wɔ ebinom fam no, nea ɛhaw wɔn ne nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no. Wosusuw sɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ a ɔwɔ ɔdɔ a, ɛnde na wonhu nea enti a bɔne ne amanehunu wɔ wiase. Wɔka sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ a ɔsosɔ bɔne so, na sɛ ɔwɔ hɔ a, ɛnde na ɔnyɛ ade nyinaa so tumfoɔ anaa onnwen yɛn ho. Ebinom bu asɛm yi sɛ ɛtɔ asom. Akyinnye biara nni ho sɛ Satan aben wɔ sɛnea wofura nnipa adwene ani mu.—2 Korintofo 4:4.

3. Asɛmmisa a ɛyɛ den bɛn na yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔanya ho mmuae, na dɛn nti na yɛn nkutoo na yebetumi aboa wɔn?

3 Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛn nkutoo ne nnipa a yebetumi aboa nkurɔfo a Satan ne wiase nyansa adaadaa wɔn no. (1 Korintofo 1:20; 3:19) Yenim nea enti a nnipa pii nnye Bible bɔhyɛ ahorow nni no. Asɛm no ara ne sɛ wonnim Yehowa. Ebetumi aba sɛ wonnim ne din anaa nea ɛkyerɛ, na ɛbɛyɛ sɛ wonni ne su ahorow anaa sɛnea ɔma ne bɔhyɛ ba mu no ho nimdeɛ ahe biara. Yehowa ahyira yɛn sɛ yɛanya nimdeɛ a ɛte saa. Ɛwom wom a, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw sɛnea yebetumi aboa nnipa a “wɔn adwene aduru sum” no ho ma wonya nsɛmmisa a ɛyɛ den paa a nnipa bisa no mu biako ho mmuae, “Dɛn nti na Onyankopɔn ma bɔne ne amanehunu kɔ so?” (Efesofo 4:18) Nea edi kan no, yebesusuw ɔkwan pa a yɛbɛfa so abua asɛmmisa no ho. Afei yebesusuw sɛnea Yehowa su ahorow da adi wɔ ɔkwan a wafa so adi bɔne ho dwuma no ho.

Ɔkwan Pa a Yɛbɛfa so Abua Asɛm No

4, 5. Sɛ obi bisa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan a, dɛn na ɛho behia sɛ yedi kan yɛ? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Sɛ obi bisa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan a, ɛyɛ a yebua dɛn? Anhwɛ a yebefi ase akyerɛkyerɛ nea esii wɔ Eden turo mu no mu akyerɛ no ntɛm ara. Ɛtɔ mmere bi a, ɛfata sɛ yɛyɛ saa. Nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye. Ebia ebehia sɛ yɛne no susuw nsɛm bi ho ansa. (Mmebusɛm 25:11; Kolosefo 4:6) Ma yensusuw nsɛm abiɛsa a ebetumi ama yɛaboa obi ansa na yɛabua n’asɛmmisa no ho.

5 Nea edi kan no, sɛ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ wiase no na ɛhaw onii no titiriw a, ebetumi aba sɛ asɛmmɔne bi ato ɔno anaa n’adɔfo bi pɛn. Ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ yebedi kan anya tema ama onii no. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Mo ne wɔn a wosu nsu.” (Romafo 12:15) Sɛ yɛda “tema” adi a, ebetumi aka onii no koma. (1 Petro 3:8) Sɛ ohu sɛ yedwen ne ho a, ebia ɛrenyɛ den sɛ obetie asɛm a yɛbɛka no.

6, 7. Dɛn nti na ɛbɛfata sɛ yɛkamfo obi a ofi ne koma mu bisa Bible mu asɛm bi a ɛhaw no no?

6 Nea ɛto so abien no, yebetumi akamfo onii no wɔ asɛm a wabisa yi ho. Nnipa binom susuw sɛ sɛ ebinom bisa nsɛm a ɛte saa a, ɛkyerɛ sɛ wonni gyidi anaasɛ wommu Onyankopɔn. Ebi mpo a na ɔsɔfo bi na waka biribi a ɛte saa akyerɛ wɔn. Nanso nsɛm a ɛte saa a obi bisa no nkyerɛ ankasa sɛ onni gyidi. Nokwasɛm ni, nnipa anokwafo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no bisaa nsɛm a ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, odwontofo Dawid bisae sɛ: “[Yehowa, NW] adɛn nti na wugyina akyirikyiri, na wode wo ho hintaw ahokyere bere mu?” (Dwom 10:1) Odiyifo Habakuk nso bisae sɛ: “[Yehowa, NW] mateɛm makyɛ dɛn ara, na wuntie? Nhyɛso nti misu mefrɛ wo, na worennye me. Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw yi? Ɔsɛe ne nhyɛso da m’anim, na ɔham ba, na akameakame sɔre.”—Habakuk 1:2, 3.

7 Ná mmarima yi yɛ anokwafo a wobu Onyankopɔn paa. So wɔkaa wɔn anim wɔ nsɛm a ɛhaw wɔn a wobisae no ho? Yehowa anyɛ saa, na mmom ɔma wɔkyerɛw wɔn nsɛmmisa a efi koma mu yi wɔ n’Asɛm mu. Ɛnnɛ, sɛ abɔnefosɛm a ɛrekɔ so no haw obi a, ebetumi akyerɛ sɛ Onyankopɔn asɛm ho kɔm na ɛde no, na ɔrehwehwɛ mmuae a Bible mu nkutoo na obenya afi. Kae sɛ Yesu kamfoo wɔn a Onyankopɔn asɛm ho kɔm de wɔn anaa wɔn a “wonim wɔn honhom mu ahiade” no. (Mateo 5:3) Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛbɛboa nnipa a wɔte saa ma wɔanya anigye a Yesu hyɛɛ ho bɔ no bi!

8. Nkyerɛkyerɛ a ntease nnim bɛn na ama nkurɔfo gye di sɛ Onyankopɔn na ɔde amanehunu ba, na yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn?

8 Nea ɛto so abiɛsa no, ebia ebehia sɛ yɛboa onii no ma ohu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nneɛma bɔne kɔ so pii saa wɔ wiase yi mu. Wɔakyerɛkyerɛ nkurɔfo pii sɛ Onyankopɔn na odi wiase a yɛte mu yi so, na Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara a ɛto yɛn no ato hɔ bere tenten ni, ma enti yɛrentumi nte nea enti a ɔde ɔhaw a ɛte saa ba adesamma so no ase. Saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ atoro. Ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛma ɛyɛ te sɛ nea ɔno na ɔma nneɛma bɔne ne amanehunu kɔ so wɔ wiase. Enti ebia ebehia sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm teɛteɛ nneɛma. (2 Timoteo 3:16) Ɛnyɛ Yehowa na odi wiase a aporɔw yi so; na mmom ɛyɛ Satan Ɔbonsam. (1 Yohane 5:19) Yehowa nhyehyɛɛ nea ɛbɛto nnipa ntoo hɔ; ɔma obiara hokwan sɛ ɔmpaw papa ne bɔne, nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ mu nea ɔpɛ. (Deuteronomium 30:19) Ɛnyɛ Yehowa na ɔma nneɛma bɔne kɔ so; okyi abɔnefosɛm na odwen wɔn a wohu amane no ho.—Hiob 34:10; Mmebusɛm 6:16-19; 1 Petro 5:7.

9. Nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ a yɛde bɛboa nkurɔfo ma wɔate nea enti a Yehowa Nyankopɔn ma amanehunu ho kwan no bi ne nea ɛwɔ he?

9 Sɛ wokyerɛkyerɛ nsɛm mu saa wie a, ebia wubehu sɛ wo tiefo no ayɛ krado sɛ obesua nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu kɔ so no ho ade. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ayɛ nhoma ahorow a ɛbɛboa wo. (Mateo 24:45-47) Sɛ nhwɛso no, woyii kratawa a wɔato din sɛ Ɛnkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa! adi wɔ “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam a yɛyɛe wɔ afe 2005 ne 2006 mu no ase. Sɛ wɔakyerɛ kratawa yi ase kɔ wo kasa mu a, dɛn nti na wonkenkan mu nsɛm no? Saa ara na wɔakyerɛkyerɛ asɛmmisa a ɛho hia yi mu wɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a wɔakyerɛ ase kɔ kasa horow 157 no ti ahorow no biako mu. Fa eyinom di dwuma yiye. Ɛkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no sɔree wɔ Eden ne nea enti a Yehowa dii ɔsɛmpɔw no ho dwuma saa a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no mu yiye. Ma ɛntra w’adwenem nso sɛ bere a wo ne wo tiefo no resusuw asɛm yi ho no, na worema wanya nimdeɛ a ɛho hia sen biara. Nimdeɛ yi fa Yehowa ne ne su ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho.

Twe Adwene si Yehowa Su Ahorow So

10. Dɛn na ɛyɛ den ma nkurɔfo pii sɛ wɔbɛte ase wɔ amanehunu a Onyankopɔn ama ho kwan no ho, na nimdeɛ bɛn na ebetumi aboa wɔn?

10 Bere a woreboa nkurɔfo ma wɔate nea enti a Yehowa ama nnipa kwan sɛ wonni wɔn ho so wɔ Satan tumi ase no, bɔ mmɔden sɛ wobɛtwe adwene asi Yehowa su ahorow a ɛyɛ nwonwa no so. Nnipa pii nim sɛ Onyankopɔn wɔ tumi; wɔtaa te sɛ wɔfrɛ no ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Nanso ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛte nea enti a ɔmfa ne tumi kɛse no nni dwuma mfa nyi atɛnkyea ne amanehunu mfi hɔ ntɛm ara no ase. Ebia wɔnte Yehowa su afoforo te sɛ ne kronkronyɛ, n’atɛntrenee, ne nyansa, ne ne dɔ ase. Yehowa da su ahorow yi adi wɔ ɔkwan pa so. Enti Bible ka sɛ: “N’adeyɛ yɛ pɛ.” (Deuteronomium 32:4) Wobɛyɛ dɛn asi su ahorow yi so dua bere a worebua nsɛm a wɔtaa bisa wɔ asɛm yi ho no? Ma yensusuw ɛho nhwɛso kakraa bi ho nhwɛ.

11, 12. (a) Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, dɛn nti na na wontumi mfa mfiri wɔn? (b) Dɛn nti na Yehowa rensosɔ bɔne so daa?

11 So na anka Yehowa ntumi mfa Adam ne Hawa bɔne mfiri wɔn kɛkɛ? Ná bɔne fafiri ho asɛm nni asɛm yi mu koraa. Sɛ́ nnipa a wɔyɛ pɛ no, Adam ne Hawa boapa poo Yehowa tumidi na wogyee Satan akwankyerɛ mmom toom. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ atuatewfo no anyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔanu wɔn ho. Nanso sɛ nkurɔfo bisa nea enti a Onyankopɔn amfa amfiri wɔn no ho asɛm a, ebia na nea wɔpɛ sɛ wohu ankasa ne nea enti a Yehowa ammu n’ani angu bɔne ne atuatew a ɛsɔree no so anka sɛ ɛnyɛ hwee. Mmuae no fa Yehowa su titiriw bi ho kɛse—ne kronkronyɛ.—Exodus 28:36; 39:30.

12 Bible si Yehowa kronkronyɛ so dua mpɛn pii. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ wiase a aporɔw yi mu nnipa kakraa bi na wɔte saa su no ase. Yehowa ho tew, ɔyɛ kronn, na bɔne biara nni ne ho. (Yesaia 6:3; 59:2) Ɛdefa bɔne ho no, wayɛ nhyehyɛe a wɔnam so bɛpata, na wapopa afi hɔ, na ɔrensosɔ bɔne so daa. Sɛ Yehowa bɛsosɔ bɔne so daa a, anka yenni daakye ho anidaso biara. (Mmebusɛm 14:12) Wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛma abɔde nyinaa asan ayɛ kronkron. Ɛbɛba saa ɔkwan biara so efisɛ saa na Ɔkronkronni no pɛ.

13, 14. Dɛn nti na Yehowa ansɛe atuatewfo no wɔ Eden?

13 So na anka Yehowa betumi asɛe atuatewfo no wɔ Eden na wasan ahyɛ biribiara ase bio? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔwɔ tumi a ɔde bɛyɛ saa; ɛrenkyɛ, ɔde saa tumi no bɛsɛe abɔnefo nyinaa. Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Dɛn nti na wanyɛ saa bere a na nnipa baasa pɛ na wɔyɛ abɔnefo wɔ amansan no mu no? Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka ɛrensiw bɔne a atrɛw ne amane a yehu wɔ wiase yi mu no ano anaa?’ Dɛn nti na Yehowa anyɛ saa? Deuteronomium 32:4 ka sɛ: “N’akwan nyinaa yɛ trenee.” Yehowa ntoto n’atɛntrenee ase koraa. Nokwarem no, “[Yehowa, NW] dɔ atemmu” anaa atɛntrenee. (Dwom 37:28) Esiane sɛ Yehowa dɔ atɛntrenee nti na wansɛe atuatewfo no wɔ Eden no. Dɛn ntia?

14 Satan atuatew no maa fata a Onyankopɔn fata sɛ odi tumi no ho baa asɛm. Esiane Yehowa atɛntrenee nti, na ɛsɛ sɛ obua asɛm a Satan ma ɛsɔree no wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Ɛwom sɛ sɛ ɔsɛee atuatewfo no ntɛm ara a anka ɛfata de, nanso na ɛno remmua asɛm no. Anka ɛbɛma ada adi sɛ Yehowa wɔ tumi kɛse de, nanso na ɛnyɛ ne tumi na ɛho aba asɛm. Bio nso na Yehowa aka n’atirimpɔw akyerɛ Adam ne Hawa. Ná wɔbɛwo mma ahyɛ asase so ma na wɔadi abɔde a ɛwɔ asase so nyinaa so. (Genesis 1:28) Sɛ Yehowa sɛee Adam ne Hawa a, anka atirimpɔw a ɔwɔ ma nnipa no bɛyɛ kwa. Yehowa atɛntrenee nti, biribi a ɛte saa rensi da efisɛ n’asɛm ba mu bere nyinaa.—Yesaia 55:10, 11.

15, 16. Sɛ nkurɔfo kyerɛ wɔn adwene wɔ sɛnea anka wobedi asɛm a ɛsɔree wɔ Eden no ho dwuma ho a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

15 So obi wɔ soro anaa asase yi so a anka obetumi adi Eden atuatew no ho dwuma nyansa mu asen Yehowa? Ebia ebinom bɛkyerɛ wɔn adwene wɔ sɛnea anka wobedi atuatew a ɛsɔree wɔ Eden no ho dwuma. Nanso sɛ nkurɔfo ka saa a, so ɛnyɛ nea wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ anka wobetumi adi ɔhaw no ho dwuma yiye asen Yehowa? Ebia na wonkura adwemmɔne, na mmom ɛyɛ Yehowa ne ne nyansa a emu dɔ mu ntease a wonni ntia. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Roma no, ɔkaa Onyankopɔn nyansa ne “ahintasɛm kronkron” a ɛfa Yehowa atirimpɔw a ɔnam Mesia Ahenni no so begye nnipa anokwafo na watew Ne din kronkron ho no ho asɛm kɔɔ akyiri. Paulo tee nka dɛn wɔ Onyankopɔn a ɔkaa asɛm yi nyansa ho? Ɔsomafo no de krataa no baa awiei sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafo koro pɛ no, ɔno na anuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa. Amen.”—Romafo 11:25; 16:25-27.

16 Paulo hui sɛ Yehowa yɛ “onyansafo koro pɛ”—kyerɛ sɛ ɔne nyansa nyinaa wura wɔ amansan yi mu. Onipa a ɔnyɛ pɛ bɛn na obetumi ahu ɔkwan pa a ɔbɛfa so adi ɔhaw biara ho dwuma na kampɛsɛ wadi asɛm a ɛyɛ den sen biara a ɛsɔree wɔ fata a Onyankopɔn fata sɛ odi tumi no ho? Ɛnde ehia sɛ yɛboa nkurɔfo ma wonya obu a yɛwɔ ma Onyankopɔn a ɔyɛ “koma mu nyansafo” no bi. (Hiob 9:4) Dodow a yenya Onyankopɔn nyansa mu ntease yiye no, dodow no ara na yebetumi de yɛn ho ato ɔkwan a ɔfa so di nneɛma ho dwuma no so koraa.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Yehowa Su Titiriw no a Yebehu

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa dɔ ho ntease a emu dɔ bɛboa wɔn a amanehunu a Onyankopɔn ama ho kwan no haw wɔn no?

17 “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Bible mu nsɛm a ɛka koma yi ma yehu Yehowa su titiriw a ɛda nsow wɔ nea aka no nyinaa ho na ɛma nnipa a nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no haw wɔn no nya awerɛkyekye sen biara. Yehowa ada ɔdɔ adi wɔ ɔkwan biara a wafa so adi ɔhaw kɛse a bɔne de aba n’abɔde so no ho dwuma mu. Ɔdɔ na ɛkaa Yehowa ma ɔmaa Adam ne Hawa asefo a wɔyɛ abɔnefo no anidaso. (Genesis 3:15) Onyankopɔn maa wɔn hokwan a wobetumi ne no adi nkitaho wɔ mpaebɔ mu, na ɔmaa ɛyɛɛ yiye sɛ wɔne no betumi anya abusuabɔ pa. Ɔdɔ na ɛkaa Onyankopɔn ma ɔde agyede a ebebue kwan ma nnipa anya bɔne fafiri koraa na wɔasan ama wɔayɛ pɛ na wɔanya daa nkwa no mae. (Yohane 3:16) Ɔdɔ nso na aka no ma wanya adesamma ho abotare, na ama nnipa pii anya hokwan apaw Yehowa sɛ wɔn sodifo na wɔapo Satan.—2 Petro 3:9.

18. Dɛn ho ntease na yɛanya, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Bere a ɔsɔfo bi kasa kyerɛɛ nnipa bi a wɔahyiam rehyɛ asiane kɛse bi a amumɔyɛfo ma esii ho fã no, ɔkae sɛ: “Yennim nea enti a Onyankopɔn ama bɔne ne amanehunu rekɔ so.” Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛanya asɛm yi mu ntease? (Deuteronomium 29:29) Esiane sɛ Yehowa yɛ onyansafo, obu atɛntrenee, na ɔyɛ ɔdɔ nti, yenim sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛma amanehunu nyinaa to atwa. Nokwarem no, wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ saa. (Adiyisɛm 21:3, 4) Na nnipa pii a wɔawuwu mfe pii ni no nso ɛ? So ɔkwan a Yehowa afa so adi asɛm a ɛsɔree wɔ Eden no ho dwuma no kyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ ma wɔn? Ɛnte saa. Ɔdɔ aka no ma wayɛ nhyehyɛe ama wɔn nso; wobenya owusɔre. Ɛno ne asɛm a yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn na yebetumi aka akyerɛ obi a obisa nea enti a Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan no?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa kronkronyɛ ne n’atɛntrenee daa adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so dii atuatewfo no ho dwuma wɔ Eden no mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛboa nkurɔfo ma wonya Yehowa dɔ mu ntease a emu dɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Bɔ mmɔden sɛ wobɛboa wɔn a amanehunu a ɛrekɔ so wɔ wiase haw wɔn no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Anokwafo Dawid ne Habakuk fi wɔn komam bisaa Onyankopɔn nsɛm