Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owusɔre No—Wugye Di Sɛ Ɛbɛba?

Owusɔre No—Wugye Di Sɛ Ɛbɛba?

Owusɔre No—Wugye Di Sɛ Ɛbɛba?

‘Wɔbɛsɔre afi owu mu.’​—ASOMAFO NNWUMA 24:15.

1. Dɛn nti na ɛte sɛ nea obiara ntumi nkwati owu?

“WƆ WIASE yi mu no, owu ne towtua nkutoo na wontumi nkwati.” Nkurɔfo bu asɛm yi a Amerika ɔmanyɛfo Benjamin Franklin kyerɛw no afe 1789 mu no sɛ ɛyɛ nyansasɛm. Nanso nnipa pii nni nokware wɔ towtua mu anaasɛ wontua koraa mpo. Nanso owu de, ɛte sɛ nea obiara ntumi nkwati. Yɛn ankasa ntumi nyɛ ho hwee, ɛyɛ dɛn ara obiara bewu. Owu da hɔ ma yɛn nyinaa. Asaman a ɛyɛ adesamma damoa no mmee da, ɛkɔ so fa yɛn adɔfo. (Mmebusɛm 27:20) Nanso susuw asɛm a ɛma awerɛkyekye yi ho hwɛ.

2, 3. (a) Dɛn nti na ebinom renwu? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Yehowa Asɛm ma yenya owusɔre ho anidaso a edi mu, ɛne sɛ wobenyan awufo aba nkwa mu bio. Eyi nyɛ adaeso bi kɛkɛ, na tumi biara nni amansan yi mu a ebetumi asiw Yehowa kwan sɛ ɔremma anidaso yi mma mu. Nanso wɔ nnipa pii fam no, wonnim sɛ ebinom renwu. Dɛn nti na wonwu? Efisɛ “nnipakuw kɛse” a wonnim wɔn dodow benya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛbɛba nnansa yi ara no mu. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Wɔbɛtra ase daa wɔ ahohiahia kɛse no akyi. Eyi nti, wɔrenwu da. Bio nso ‘wobetu owu agu.’—1 Korintofo 15:26.

3 Ɛsɛ sɛ yegye di sɛ owusɔre no bɛba sɛnea na ɔsomafo Paulo gye di no. Ɔkae sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.” (Asomafo Nnwuma 24:15) Ma yensusuw nsɛmmisa abiɛsa a ɛfa owusɔre ho no ho nhwɛ. Nea edi kan no, dɛn na ɛma wugye di sɛ owusɔre no bɛba ɔkwan biara so? Nea ɛto so abien, dɛn na wubetumi ayɛ na ama owusɔre anidaso no akyekye wo werɛ? Nea ɛto so abiɛsa, anidaso yi betumi aka sɛnea wobɔ wo bra nnɛ no dɛn?

Owusɔre no Bɛba Ɔkwan Biara So

4. Dɛn nti na owusɔre no ho hia na ama Yehowa atirimpɔw aba mu?

4 Nneɛma pii na ɛma yegye di sɛ owusɔre no bɛba ɔkwan biara so. Nea edi kan koraa no, ɛho hia na ama Yehowa atirimpɔw aba mu. Kae sɛ Satan na ɔmaa nnipa yɛɛ bɔne, na ɛkɔfaa owu baa yɛn nyinaa so. Enti Yesu kaa Satan ho asɛm sɛ: “Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase.” (Yohane 8:44) Nanso Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ “ɔbea” anaa ne soro ahyehyɛde a ɛte sɛ ne yere no bɛwo ‘aseni’ bi a ɔbɛbɔ “ɔwɔ dedaw” no ti de ayi Satan afi hɔ korakora. (Genesis 3:1-6, 15; Adiyisɛm 12:9, 10; 20:10) Bere a Yehowa daa n’atirimpɔw a ɛfa Aseni a ɔne Mesia no ho adi nkakrankakra no, ɛbɛdaa adi sɛ ɛnyɛ sɛe nko na Aseni no bɛsɛe Satan. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Eyi nti na woyii Nyankopɔn Ba no adi, sɛnea ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.” (1 Yohane 3:8) Owu a Adam bɔne nti yenyae no ne Satan nnwuma mu nea edi kan a Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔnam Yesu Kristo so beyi afi hɔ. Yesu ogye afɔre no ne owusɔre no ho hia paa wɔ eyi mu.—Asomafo Nnwuma 2:22-24; Romafo 6:23.

5. Dɛn nti na owusɔre no bɛhyɛ Yehowa din anuonyam?

5 Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛhyɛ ne din kronkron no anuonyam. Satan asɛe Onyankopɔn din na waka atosɛm pii. Odii atoro kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ, sɛ wodi aduaba a Onyankopɔn ahyɛ wɔn sɛ mma wonnni no a, ‘ɛnyɛ owu na wobewu.’ (Genesis 2:16, 17; 3:4) Efi saa bere no, Satan atrɛw atoro nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ara mu, a ebi ne sɛ, onipa wu a ɔkra no kɔ so tra ase wɔ owu akyi. Nanso Yehowa nam owusɔre no so bɛma ada adi sɛ eyinom nyinaa yɛ atosɛm. Ɔbɛma ada adi daa sɛ ɔno nkutoo na ɔkora nkwa so na ɔma awufo ba nkwa mu bio.

6, 7. Yehowa te nka dɛn wɔ nnipa a obenyan wɔn no ho, na yɛyɛ dɛn hu?

6 Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obenyan awufo. Bible ma yehu sɛnea Yehowa te nka wɔ owusɔre ho. Sɛ nhwɛso no, susuw nsɛm a Onyankopɔn maa ɔbarima nokwafo Hiob kyerɛwee yi ho hwɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? Anka m’akõdi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba. Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.” (Hiob 14:14, 15) Saa nsɛm no kyerɛ dɛn?

7 Ná Hiob nim sɛ ne wu akyi no, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn wɔ owu mu. Obuu saa bere no sɛ ‘akõdi,’ bere a na ɔretwɛn kosi sɛ wobeyi no afi tebea a na ɔwom no mu. Ne fam no, na onim sɛ wobegye no afi saa tebea no mu ɔkwan biara so. Hiob hui sɛ obenya ogye. Dɛn ntia? Efisɛ na onim sɛnea Yehowa te nka. Yehowa ‘ani begyina’ sɛ obehu ne somfo nokwafo no bio. Nokwarem no, Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔde atreneefo nyinaa bɛba nkwa mu bio. Yehowa bɛma afoforo anya hokwan atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so nso. (Luka 23:43; Yohane 5:28, 29) Esiane sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma saa atirimpɔw no ba mu nti, hena na obetumi asianka no?

8. Dɛn na Yehowa ayɛ “de ayɛ nnyinasode” ama yɛn daakye anidaso?

8 Yesu wusɔre no yɛ yɛn daakye anidaso ho nnyinasode. Bere a Paulo maa ɔkasa bi wɔ Atene no, ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn ayi] da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn wɔ trenee mu, na wanyan no afi owu mu de ayɛ nnyinasode ama nnipa nyinaa.” (Asomafo Nnwuma 17:31) Bere a ebinom a wɔretie Paulo tee owusɔre ho asɛm no, wofii ase dii fɛw. Nanso wɔn mu bi bɛyɛɛ gyidifo. Ebia wohui sɛ anidaso no wɔ nnyinaso nti na ɛma wogye dii. Yehowa yɛɛ anwonwade a ɛsen biara bere a onyanee Yesu no. Onyan ne Ba no fii owu mu baa nkwa mu sɛ honhom a ɔwɔ tumi. (1 Petro 3:18) Yesu a na wanyan no no bɛyɛɛ kɛse mpo sen bere a na ɔwɔ soro ansa na ɔreba asase so no. Esiane sɛ Yesu nwu da na Yehowa akyi no ɔne obi a ɔwɔ tumi sen biara wɔ amansan no mu nti, seesei n’Agya betumi de adwuma kɛse biara ahyɛ ne nsa. Yesu so na Yehowa nam nyan awufo afoforo nyinaa a wɔbɛtra ɔsoro ne asase so. Yesu ankasa kae sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa.” (Yohane 5:25; 11:25) Yehowa de ne Ba no a onyan no fii owu mu no yɛɛ nnyinasode maa anokwafo a wɔwɔ saa anidaso no nyinaa.

9. Dɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ owusɔre no bɛba ampa?

9 Nkurɔfo huu nnipa a wonyan wɔn no, na wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Wɔaka owusɔre ahorow awotwe a wonyan nnipa ma wɔsan baa nkwa mu bɛtraa asase so ho nsɛm pii wɔ Bible no mu. Wɔanyɛ anwonwade yi wɔ ahintawee mu na mmom na wɔtaa yɛ wɔ baguam ma nnipa pii hu. Yesu nyanee Lasaro a na wawu nnanan wɔ nnipadɔm a na wɔredi awerɛhow anim, na akyinnye biara nni ho sɛ na Lasaro abusuafo, ne nnamfo, ne n’afipamfo wɔ hɔ bi. Ná tumi wɔ adanse yi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa Yesu no mu araa ma Yesu atamfo a wɔyɛ nyamesomfo no antumi annye ho kyim da. Mmom no, wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu ne Lasaro nyinaa! (Yohane 11:17-44, 53; 12:9-11) Nokwarem no, yebetumi anya ahotoso sɛ owusɔre no bɛba ɔkwan biara so. Onyankopɔn ama wɔakyerɛw nnipa a wonyan wɔn bere a atwam no ho asɛm ato hɔ ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛkyekye yɛn werɛ na ahyɛ yɛn gyidi den.

Ma Owusɔre Anidaso no Nkyekye Wo Werɛ

10. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya awerɛkyekye afi owusɔre ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu no mu?

10 So wobɛpɛ sɛ wunya awerɛkyekye bere a woreyɛ awu no? Owusɔre ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no ne ade biako a ɛma nkurɔfo nya awerɛkyekye. Sɛ wokenkan kyerɛwtohɔ a ɛte saa, dwennwen ho, na wutwa ho mfonini wɔ w’adwenem a, ɛbɛma woagye adi sɛ owusɔre no bɛba ampa. (Romafo 15:4) Eyinom nyɛ anansesɛm bi ara kwa. Ɛyɛ nnipa a na wɔte sɛ yɛn a wɔtraa ase wɔ bere bi mu ne beae pɔtee bi na wonyanee wɔn. Ma yɛnka emu biako ho asɛm kakra—owusɔre a edi kan wɔ Bible kyerɛwtohɔ mu.

11, 12. (a) Awerɛhosɛm bɛn na ɛtoo okunafo a ɔwɔ Sarefat no, na mfiase no ɔyɛɛ n’ade dɛn? (b) Kyerɛkyerɛ nea Yehowa maa ne diyifo Elia tumi ma ɔyɛ maa okunafo no mu.

11 Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ. Ná odiyifo Elia akɔtra okunafo bi a ɔwɔ Sarefat fie nnawɔtwe dodow bi, na na ɔte okunafo no abansoro pia bi mu. Ná ɛyɛ bere a emu yɛ den. Ná ɔpɛ ne ɔkɔm asi mpɔtam hɔ ama nnipa pii rewuwu. Esiane okunafo no gyidi nti, na Yehowa nam Elia so adi kan ayɛ anwonwade ama okunafo hiani no ma n’aduan adɔɔso. Ná okunafo no ne ne ba no aduan reyɛ asa koraa ma wɔadi kɔm, ɛnna Onyankopɔn maa Elia tumi ma ɔyɛɛ anwonwade maa esiam ne ngo a ɔbea no wɔ no yɛɛ bebree. Nanso afei awerɛhosɛm bi too ɔbea no. Ɔyare bɔɔ ne ba no mpofirim, na ankyɛ koraa na ogyaee home. Hwɛ sɛnea okunafo no werɛ how fae! Ná ɛyɛ den ma ɔbea yi a onni kunu a ɔbɛboa no no, nanso afei de wasan ahwere ne ba koro pɛ no nso. Esiane awerɛhow a ɔredi nti, ɔkae sɛ Elia ne ne Nyankopɔn, Yehowa na wɔama aba saa! Dɛn na na odiyifo no bɛyɛ?

12 Elia anka okunafo no anim wɔ asɛm a ɛnyɛ nokware a ɔkae no ho. Mmom no, ɔkae sɛ: “Fa wo ba no brɛ me!” Bere a Elia de abofra a wawu no kɔɔ abansoro pia no mu no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a abofra no bɛsan anya nkwa. Awiei koraa no, Yehowa yɛɛ ho biribi! Hwɛ sɛnea Elia ani begye afa bere a ohui sɛ abofra no rehome no. Abofra no ani buei, na ohuu ade. Elia de abofra no brɛɛ ne maame na ɔkae sɛ: “Hwɛ, wo ba no anya nkwa.” Ɔbea no ani gye boroo so. Ɔkae sɛ: “Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nipa ne wo, na [Yehowa, NW] asɛm a ɛwɔ w’anom no yɛ nokware.” (1 Ahene 17:8-24) Afei Yehowa ne ne diyifo no mu gyidi a na ɔwɔ no mu yɛɛ den paa.

13. Dɛn nti na okunafo no ba a Elia nyanee no no ma yenya awerɛkyekye nnɛ?

13 Akyinnye biara nni ho sɛ asɛm a ɛte saa a wubedwennwen ho no bɛma woanya awerɛkyekye kɛse. Eyi ma ɛda adi pefee sɛ Yehowa betumi adi owu a ɔyɛ yɛn tamfo no so nkonim! Wode hwɛ sɛnea daakye nnipa mpempem pii a wɔwɔ asase so benya anigye a ɔbea kunafo no nyae no bi bere a wobenyan awufo pii asan aba nkwa mu no! Wɔn a wɔwɔ soro nso ani begye paa bere a Yehowa ma ne Ba no nyan awufo wɔ wiase nyinaa no. (Yohane 5:28, 29) So owu afa wo dɔfo bi pɛn? Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ Yehowa betumi anyan awufo, na ɔbɛyɛ nso!

Sɛnea Anidaso a Wowɔ no Ka W’abrabɔ Nnɛ

14. Owusɔre anidaso a wowɔ no betumi aka w’abrabɔ dɛn?

14 Owusɔre ho anidaso a wowɔ no betumi aka sɛnea wobɔ wo bra nnɛ no dɛn? Anidaso yi betumi ahyɛ wo den bere a worehyia nsɛnnennen, ɔhaw, ɔtaa, anaa asiane no. Satan pɛ sɛ ɔde owu hunahuna wo ma wode nokware a wubedi ama Onyankopɔn no sesa biribi a enni nnyinaso. Kae sɛ Satan ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.” (Hiob 2:4) Satan nam asɛm a ɔkae yi so kasa tiaa yɛn nyinaa, a wo nso woka ho. So ɛyɛ nokware sɛ sɛ wuhu sɛ wubewu a, wubegyae Onyankopɔn som? Owusɔre anidaso no ho a wubedwennwen no betumi ama woagyina pintinn akɔ so ayɛ wo soro Agya no apɛde.

15. Sɛ wɔde owu hunahuna yɛn a, ɔkwan bɛn so na Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 10:28 no betumi akyekye yɛn werɛ?

15 Yesu kae sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum nipadua nanso wontumi nkum ɔkra no; mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.” (Mateo 10:28) Ɛnsɛ sɛ yesuro Satan anaa nnipa a ɔde wɔn di dwuma no. Ɛwom sɛ ebinom wɔ tumi a wobetumi apira yɛn anaa mpo wɔakum yɛn de, nanso sɛ wokum yɛn mpo a, yɛrenka adamoa mu daa. Yehowa betumi ayi ade bɔne biara a wɔde bɛyɛ n’asomfo anokwafo no afi hɔ, na mpo wanyan wɔn, na ɔbɛyɛ nso. Yehowa nkutoo na ɔfata sɛ yesuro no, yɛsom no, na yedi no ni. Ɔno nkutoo na obetumi akum yɛn a yɛrennya anidaso biara, na wasɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna. Anigyesɛm ne sɛ Yehowa mpɛ sɛ biribi a ɛte saa to wo. (2 Petro 3:9) Esiane owusɔre ho anidaso no nti, sɛ́ Onyankopɔn asomfo no yenim sɛ yɛwɔ ahobammɔ bere nyinaa. Sɛ yɛkɔ so di nokware a, yebenya daa nkwa, na biribiara nni hɔ a Satan ne ne nkurɔfo betumi ayɛ ma abɔ yɛn.—Dwom 118:6; Hebrifo 13:6.

16. Owusɔre anidaso a yɛwɔ no ka nneɛma a ɛho hia a yɛyɛ wɔ asetram no dɛn?

16 Sɛ yegye di paa sɛ owusɔre no bɛba a, ebetumi asesa sɛnea yɛbɔ yɛn bra. Yenim sɛ “sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ Yehowa dea.” (Romafo 14:7, 8) Ɛnde ansa na yɛbɛyɛ nneɛma a ɛho hia yɛn wɔ asetram no, ɛsɛ sɛ yɛde Paulo afotu yi yɛ adwuma: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu.” (Romafo 12:2) Nnipa pii ho pere wɔn sɛ wobenya nea wɔpɛ biara, wɔbɛyɛ nea wɔabɔ wɔn tirim biara, na wɔn nsa aka biribiara a wɔhwehwɛ. Esiane sɛ wonim sɛ nkwa yɛ tiaa nti, ɛte sɛ nea wɔn ho pere wɔn sɛ wobenya anigye ɔkwan biara so, na sɛ wɔsom Onyankopɔn mpo a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛne ‘Nyankopɔn pɛ a edi mu’ no nhyia.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa Asɛm ma yehu sɛ onipa nkwa yɛ tiaa, nanso dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ yenya? (b) Dɛn na ɛka yɛn ma yeyi Yehowa ayɛ da biara da?

17 Nokwarem no, nkwa tiaa. “Etwam ntɛmso, na yetu kɔ” wɔ ebia mfe 70 anaa 80 mu. (Dwom 90:10) Nnipa nna te sɛ sare, te sɛ sunsuma a ɛretwam, na ɛte sɛ ahuhuw. (Dwom 103:15; 144:3, 4) Nanso Onyankopɔn ammɔ yɛn sɛ yemmedi mfe kakraa bi mfa nnya nyansa ne osuahu, na mfe kakraa bi akyi no yɛabɔ nkwakoraa ne mmerewa, na yɛayare awuwu. Yehowa bɔɔ nnipa sɛ wɔntra ase daa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “ɔde bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam.” (Ɔsɛnkafo 3:11, NW) So Onyankopɔn tirim yɛ den sɛ ɔbɛma yɛanya anidaso a ɛte saa na ɔmma ɛmma mu? Dabida, efisɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Ɔnam owusɔre no so bɛma nnipa a wɔawuwu no atumi anya daa nkwa.

18 Esiane owusɔre anidaso no nti, yebetumi anya daakye a ahotɔ wom. Ɛho nhia sɛ yɛpere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ anaa yebenya biribiara nnɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛma wiase a ɛretwam yi ‘gye yɛn adwene.’ (1 Korintofo 7:29-31; 1 Yohane 2:17) Yɛnte sɛ wɔn a wonni anidaso no, mmom yɛwɔ akyɛde soronko a ɛne sɛ sɛ yɛkɔ so di Yehowa Nyankopɔn nokware a, yɛbɛtra nkwa mu daa ayi no ayɛ na yɛanya anigye wɔ asetra mu. Ɛnde momma yenyi Yehowa a ɔbɛma owusɔre anidaso no aba mu ɔkwan biara so no ayɛ da biara da!

Wubebua Dɛn?

• Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ owusɔre no ho?

• Nneɛma bɛn na ɛma yegye di sɛ owusɔre no bɛba ɔkwan biara so?

• Awerɛkyekye bɛn na wubetumi anya afi owusɔre anidaso no mu?

• Owusɔre anidaso a wowɔ no betumi aka sɛnea wobɔ wo bra no dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ná Hiob nim sɛ Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obenyan atreneefo

[Mfonini wɔ kratafa 29]

“Hwɛ, wo ba no anya nkwa”