Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wo Nhyehyɛe Betim”

“Wo Nhyehyɛe Betim”

“Wo Nhyehyɛe Betim”

WƆ DWOM bi a odwontofo Dawid hyehyɛe mu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu. Ma minnya wo nkwagye ho abotɔyam bio, na ayamyi honhom nso me mu.” (Dwom 51:10, 12) Bere a Dawid ne Bat-Seba yɛɛ bɔne akyi no, Dawid a na wanu ne ho no srɛɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔntew ne koma mu na ɔnyɛ honhom foforo wɔ ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ adetrenee.

So Yehowa bɔ koma foforo ankasa ma yɛn, na mpo ɔde ayamyi honhom foforo hyɛ yɛn mu? Anaasɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho nya koma a emu tew na yɛbɔ ho ban? “Nea ɔsɔ koma hwɛ ne [Yehowa, NW],” nanso ɔhwehwɛ yɛn koma mu kodu he? (Mmebusɛm 17:3; Yeremia 17:10) Nkɛntɛnso bɛn na onya wɔ yɛn abrabɔ, yɛn nsusuwii, ne yɛn nneyɛe so?

Onyankopɔn din a epue mpɛn awotwe wɔ Mmebusɛm ti 16 nkyekyɛm 1 kosi 9 no ma yehu sɛnea yebetumi de yɛn ho ahyɛ Onyankopɔn ase sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn “nhyehyɛe betim.” (Mmebusɛm 16:3, NW) Nkyekyɛm 10 kosi 15 no twe adwene si ɔhene anaa sodifo asɛyɛde so.

Hena na ‘Osiesie Koma’ No?

Mmebusɛm 16:1a ka sɛ: “Komam nsiesiei yɛ onipa dea.” Ɛda adi sɛ yɛn ankasa na ɛsɛ sɛ ‘yesiesie yɛn koma.’ Yehowa mfa anwonwakwan so nsiesie yɛn koma na saa ara nso na ɔmma yɛn ayamyi honhom. Ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho nya n’Asɛm Bible no mu nokware nimdeɛ, yedwennwen nea yesua no ho, na yenya n’adwene wɔ nneɛma ho.—Mmebusɛm 2:10, 11.

Nanso “koma a emu tew” ne “honhom foforo” a Dawid srɛe no da no adi sɛ ogye toom sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo na ohia Onyankopɔn mmoa na ama ne koma mu atew. Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, anhwɛ a yɛde yɛn ho bɛhyɛ “ɔhonam nnwuma” mu. (Galatifo 5:19-21) Yehia Yehowa mmoa na yɛatumi ‘akum yɛn nipadua akwaa a ɛwɔ asase so no wɔ aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere ho.’ (Kolosefo 3:5) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ ne mmoa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentɔ sɔhwɛ mu na yɛayi nsusuwii bɔne biara afi yɛn koma mu!

So yebetumi aboa afoforo ma ‘wɔasiesie’ wɔn koma? Bible ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Bere bɛn na yɛn tɛkrɛma sa afoforo yare? Ɛyɛ bere a “tɛkrɛma mmuae fi [Yehowa, NW]” hɔ, kyerɛ sɛ bere a yɛka Bible mu nokwasɛm no nkutoo na ɛyɛ saa.—Mmebusɛm 16:1b.

Bible ka sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.” (Yeremia 17:9) Yɛn koma tumi ma yebu yɛn ho bem na yɛdaadaa yɛn ho. Bere a Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete Israel de eyi ho kɔkɔbɔ rema no, ɔkae sɛ: “Onipa akwan nyinaa so tew n’ani so, na ahonhom karifo ne [Yehowa, NW].”—Mmebusɛm 16:2.

Esiane sɛ yɛdɔ yɛn ankasa ho nti, yebetumi abu yɛn ho bem wɔ yɛn mfomso ho, akata subammɔne bi so, na yɛabu yɛn ani agu yɛn ankasa bɔne so. Nanso yɛrentumi nnaadaa Yehowa. Ɔno ne honhom karifo. Onipa honhom yɛ ade a ɔdwene ho titiriw, na ɛfa koma no ho. Honhom a obi nya no gyina koma no so kɛse, na koma no mu na yɛn nsusuwii ne yɛn nkate fi. “Nea ɔsɔ koma hwɛ” no na ɔkari honhom, na ɔnyɛ animhwɛ wɔ atemmu mu. Sɛ yɛhwɛ yɛn honhom yiye a, na yɛyɛ anyansafo.

“Dan Wo Nnwuma Gu Yehowa So”

Nhyehyɛe a yɛbɛyɛ hwehwɛ sɛ yedwen nneɛma ho, na egyina koma no so. Mpɛn pii no, adwuma di nhyehyɛe akyi. So ebesi yɛn yiye wɔ yɛn nnwuma mu? Salomo kae sɛ: “Dan wo nnwuma gu Yehowa so, na wo nhyehyɛe betim.” (Mmebusɛm 16:3, NW) Yɛn nnwuma a yɛbɛdan agu Yehowa so no kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto no so, yɛde yɛn ho bɛhyɛ ne tumidi ase—sɛ yɛbɛka a, yɛbɛdan yɛn adesoa ato no so. Odwontofo no too dwom sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.”—Dwom 37:5.

Nanso sɛ yɛn nhyehyɛe betim a, ɛsɛ sɛ egyina Onyankopɔn Asɛm so, na efi adwempa mu. Bio nso ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae de hwehwɛ ne mmoa na yɛyɛ nea yebetumi biara de di Bible afotu so. Sɛ yehyia sɔhwɛ anaa nsɛnnennen a, ɛho hia paa sɛ ‘yɛdan yɛn adesoa to Yehowa so’ efisɛ ‘obeso yɛn mu.’ Nokwarem no, “ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”—Dwom 55:22.

Biribi Nti na Yehowa Yɛ Ade Nyinaa’

Dɛn bio na ebefi yɛn nnwuma a yɛde begu Yehowa so no mu aba? Ɔhene nyansafo no kae sɛ: ‘Biribi nti na Yehowa yɛ ade nyinaa.’ (Mmebusɛm 16:4a) Amansan Bɔfo no yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw. Sɛ yɛdan yɛn nnwuma gu no so a, yebenya yɛn nnwuma so mfaso, na ɛrenyɛ hunu anaa ɔkwa. Yehowa atirimpɔw ma asase no ne sɛ nnipa bɛtra so daa. (Efesofo 3:11) Ɔnwenee asase sɛ “wɔntra so.” (Yesaia 45:18) Afei nso nea ɔbɔɔ ne tirim fi mfiase sɛ ɔbɛyɛ ama adesamma wɔ asase so no bɛba mu ɔkwan biara so. (Genesis 1:28) Yɛn nkwa a yɛde bɛsom nokware Nyankopɔn no remma awiei da na yebenya so mfaso daa.

Yehowa ayɛ ‘ɔbɔnefo mpo ama da bɔne.’ (Mmebusɛm 16:4b) Ɛnyɛ Yehowa na ɔbɔɔ abɔnefo efisɛ “n’adeyɛ yɛ pɛ.” (Deuteronomium 32:4) Nanso wama wɔn kwan sɛ wɔntra hɔ nkosi bere a ɔde n’atemmu bɛba wɔn so. Sɛ nhwɛso no, Yehowa ka kyerɛɛ Misraim hene Farao sɛ: “Eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.” (Exodus 9:16) Nokwasɛm ni, Ɔhaw Du no ne Farao ne n’asraafo a wɔsɛee wɔn wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no yɛ Onyankopɔn tumi a enni ano a ɔdaa no adi a nnipa bɛkae daa.

Yehowa betumi afa kwan bi so nso ama abɔnefo ayɛ biribi ma n’atirimpɔw aba mu a wonnim. Odwontofo no kae sɛ: “Nnipa abufuhyew dan wo ayeyi, wode abufuhyew a ɛboro so no bɔ wo ho so.” (Dwom 76:10) Yehowa betumi ama n’atamfo kwan ma wɔadi atirimɔdensɛm atia n’asomfo de ateɛ wɔn so na wɔasua biribi afi mu, nanso ɔremma ɛntra so. Nea ɛboro eyi so no, Onyankopɔn na odi ho dwuma.

Ɛwom sɛ Yehowa boa n’asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase no de, nanso dɛn na ɔyɛ ahantanfo ne ahomasofo? Israel hene no kae sɛ: “Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ [Yehowa, NW] akyide, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorotɔɔ.” (Mmebusɛm 16:5) “Koma mu kwasiarefo” anaa ahantanfo betumi aka wɔn ti apam ho, nanso wɔrentumi nguan asotwe a ɛbɛba wɔn so no. Ɛnde ɛmfa ho nimdeɛ a yɛwɔ anaa nea yebetumi ayɛ anaa ɔsom hokwan biara a ebia yɛwɔ no, nyansa wom sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase.

‘Wɔ Yehowa Suro Mu’

Esiane sɛ wɔwoo yɛn bɔne mu nti, yetumi di mfomso. (Romafo 3:23; 5:12) Dɛn na ɛbɛboa yɛn na amma yɛanyɛ nhyehyɛe a ɛbɛkɔ akowie bɔne mu? Mmebusɛm 16:6 ka sɛ: “Wɔde adɔe ne nokware kata amumɔyɛ so, na wɔde [Yehowa, NW] suro kwati bɔne.” Bere a Yehowa nam n’adɔe ne ne nokware so kata yɛn bɔne so no, Yehowa suro na ɛma yɛkwati bɔne. Hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so sɛ Onyankopɔn ho dɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma n’adɔe nti, yesuro sɛ yɛbɛyɛ ade a ɔmpɛ!

Sɛ yenya obu kɛse ma Onyankopɔn tumi a enni ano no a, ɛma Onyankopɔn ho suro hyɛn yɛn koma mu. Wode susuw sɛnea ne tumi da adi wɔ adebɔ mu no ho hwɛ! Onyankopɔn tumi a ɛda adi wɔ n’adebɔ mu a wɔtwee tete agya Hiob adwene sii so no boaa no ma osiesiee n’adwene. (Hiob 42:1-6) Yɛn nso, sɛ yɛkenkan na yedwennwen sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no ho a, so ɛnka yɛn mma yɛnyɛ saa ara? Odwontofo no too dwom sɛ: “Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe, n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu.” (Dwom 66:5) Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Yehowa adɔe nti, yebetumi ayɛ nea yɛpɛ biara. Bere a Israelfo no ‘tew atua na wɔhyɛɛ Onyankopɔn honhom kronkron no yaw ma enti Yehowa dan wɔn ɔtamfo no, ɔno ara ne wɔn dii dɔm.’ (Yesaia 63:10) Nanso, “sɛ onipa akwan sɔ [Yehowa, NW] ani a, ɔma n’atamfo po ne no ntam ba asomdwoe.” (Mmebusɛm 16:7) Hwɛ sɛnea Yehowa suro yɛ ahobammɔ fa!

Ɔhene nyansafo no kae sɛ: “Trenee mu ade ketewa ye sen nnɔbae pii a emfi trenee mu.” (Mmebusɛm 16:8) Mmebusɛm 15:16 ka sɛ: “[Yehowa, NW] suro mu ade ketewa ye sen ahode pii a ɔhaw wɔ mu.” Obu a yebenya ama Onyankopɔn no ho hia paa na ama yɛakɔ so ayɛ adetrenee.

“Onipa Koma na Edwen ne Kwan Ho”

Wɔbɔɔ onipa sɛ ɔno ara betumi asisi gyinae, apaw papa anaa bɔne. (Deuteronomium 30:19, 20) Yɛn koma tumi susuw nneɛma ahorow ho na ɛpaw emu biako anaa nea ɛboro saa. Bere a Salomo rekyerɛ sɛ yɛn ara na ɛsɛ sɛ yesisi gyinae no, ɔkae sɛ: “Onipa koma na edwen ne kwan ho.” Sɛ ɔyɛ eyi wie a, “[Yehowa, NW] na ɔtaataa n’anammɔn.” (Mmebusɛm 16:9) Esiane sɛ Yehowa na obetumi ataataa yɛn anammɔn nti, sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛn nhyehyɛe tim’ a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ ne mmoa.

Sɛnea yɛahu dedaw no, koma no yɛ okontomponi na ebetumi ama yɛanya adwene a ɛnteɛ. Sɛ nhwɛso no, obi betumi ayɛ bɔne, na ne koma ama wabu ne ho bem. Sɛ́ anka onii no begyae bɔne a ɔreyɛ no, ebia obesusuw sɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ, ɔwɔ ayamye ne mmɔborohunu, na ɔde bɔne firi. Onipa a ɔte saa no ka wɔ ne komam sɛ: “Onyankopɔn werɛ afi, ɔde n’ani ahintaw, ɔrenhu ara da.” (Dwom 10:11) Nanso asiane wom, na ɛnyɛ papa sɛ Onyankopɔn mmɔborohunu nti yɛbɛyɛ nea yɛpɛ.

‘Abrammɔ ne Nsenia Tẽe Yɛ Yehowa Dea’

Bere a Salomo yii n’adwene fii koma ne nnipa nneyɛe so no, ɔdan kɔɔ ɔhene de so, na ɔkae sɛ: “Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anom, atemmu mu nso n’ano mfom.” (Mmebusɛm 16:10) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛfa Ɔhene Yesu Kristo ho. Ɔnam Onyankopɔn akwankyerɛ so na obedi asase no so.

Bere a ɔhene nyansafo no rekyerɛ baabi a atɛntrenee ne adetrenee fi no, ɔkae sɛ: “Abrammɔ ne nsenia tẽe yɛ [Yehowa, NW] dea, foto mu abo nyinaa yɛ ne nnwuma.” (Mmebusɛm 16:11) Yehowa na ɔde abrammɔ ne nsenia tẽe ma. Ɔhene biara ntumi mfi ne pɛ mu nkyerɛ abrammɔ ne nsenia tẽe a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Mintumi mmɔ me tirim nyɛ hwee; nea mete no ara na migyina so bu atɛn; na atɛn a mibu no teɛ, efisɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” Yebetumi ahwɛ kwan sɛ Ɔba a Agya no de “atemmu nyinaa ahyɛ” ne nsa no bebu atɛntrenee.—Yohane 5:22, 30.

Dɛn bio na yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɔhene a ogyina Yehowa ananmu no bɛyɛ? Israel hene no ka sɛ: “Ahene akyide ne abɔnefosɛm di, na trenee mu na agua tim.” (Mmebusɛm 16:12) Onyankopɔn trenee gyinapɛn na Mesia Ahenni no de yɛ adwuma. Ɛne “amammɔe agua” no nni twaka biara.—Dwom 94:20; Yohane 18:36; 1 Yohane 5:19.

Sɛnea Yebenya Ɔhene Anim Dom

Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a ɔhenkɛse di wɔn so no yɛ? Salomo kae sɛ: “Trenee ano ma ɔhenkɛse ani gye; na onipa a ɔka nea ɛteɛ na ɔdɔ no. Ɔhene abufuw te sɛ owu abɔfo, na onyansafo na osiw ano.” (Mmebusɛm 16:13, 14) Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ tie nsɛm yi na wɔyere wɔn ho wɔ Ahenni asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no mu. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Wonim sɛ wɔn ano a wɔde ka asɛmpa no ma Mesia Ahenni no so Hene, Yesu Kristo ani gye. Akyinnye biara nni ho sɛ na nyansa wom sɛ obi benya ɔhenkɛse bi anim dom mmom sen sɛ ɔbɛma ne bo afuw no. Sɛ saa a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ papa koraa sɛ yɛhwehwɛ Mesia Ahenni no so Hene anim dom!

Salomo toaa so sɛ: “Ɔhene animtew mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ adommere mu mununkum.” (Mmebusɛm 16:15) “Ɔhene animtew” kyerɛ n’anim dom, sɛnea ‘Yehowa anim hann’ kyerɛ n’anim dom no ara. (Dwom 44:3; 89:15) Sɛnea osu muna a, ɛkyerɛ sɛ yebenya nsu ama yɛn nnɔbae anyin no, ɔhene animtew nso kyerɛ nneɛma pa a ɛbɛba. Mesia Ahenni no so Hene no nniso no bɛma yɛanya anigye na asi yɛn yiye sɛnea ɛyɛe wɔ Ɔhene Salomo nniso ase saa bere no.—Dwom 72:1-17.

Bere a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi asase nyinaa so no, momma yɛnhwehwɛ ne mmoa mfa ntew yɛn koma mu. Momma yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so na yennya ne ho suro nso. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ ‘yɛn nhyehyɛe betim.’—Mmebusɛm 16:3.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yɛbɛte yɛ a Yehowa ayɛ ‘ɔbɔnefo mpo ama da bɔne’ no ase dɛn?