Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wodii Bem Wɔ Europa Asɛnnibea A Ɛhwɛ Hokwan A Nnipa Wɔ So Hɔ

Wodii Bem Wɔ Europa Asɛnnibea A Ɛhwɛ Hokwan A Nnipa Wɔ So Hɔ

Wodii Bem Wɔ Europa Asɛnnibea A Ɛhwɛ Hokwan A Nnipa Wɔ So Hɔ

WƆ JANUARY 11, 2007 mu no, atemmufo a wɔwɔ Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa wɔ So a ɛwɔ Strasbourg, France no nyinaa buu Yehowa Adansefo bem wɔ asɛm bi a na ɛda wɔne Russia man no ntam no ho. Wosii gyinae sɛ Yehowa Adansefo wɔ ɔsom mu ahofadi ne hokwan sɛ wodi wɔn asɛm ma wɔn a animhwɛ biara nnim. Ma yensusuw nea ɛkɔfaa asɛm yi bae ho.

Yehowa Adansefo asafo bi a ɛwɔ Chelyabinsk, Russia no mufo dodow no ara yɛ mum. Ná baabi a wohyiam no yɛ sukuu dan bi a wɔagye tua ho ka. Bere a wɔreyɛ wɔn nhyiam Kwasida, April 16, 2000 no, ɔbea a ɔda asoɛe a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa wɔ So ano ne polisifo mpanyimfo baanu ne ɔbarima bi a na ɔnhyɛ polisifo atade betwaa wɔn nhyiam no so. Esiane sɛ na ɔsoafo no titiriw mpɛ Yehowa Adansefo asɛm nti, wotwaa atoro too wɔn so sɛ wɔreyɛ nhyiam a mmara mma kwan, ma enti ɔma wogyaee nhyiam no. Wɔ May 1, 2000 mu no, wɔn a wɔde ɔdan no maa Yehowa Adansefo de yɛ wɔn nhyiam no twaa nhyehyɛe no mu.

Yehowa Adansefo de asɛm no kɔtoo Chelyabinsk kurow no mmaranimfo anim, nanso ankosi hwee. Russia Amammu Mmara ne Mmara a Ɛbɔ Hokwan ne Ahofadi a Nnipa wɔ Ho Ban no kyerɛ sɛ nkurɔfo wɔ hokwan sɛ wɔdɔm nyamesom kuw anaa fekuw biara a wɔpɛ. Enti wɔde asɛm no kɔɔ ɔmansin asɛnnibea, na akyiri yi, wɔde kɔdan ɔmantam asɛnnibea no. Wɔ July 30, 1999 mu no, na asɛnnibea kunini no adi kan aka wɔ asɛm foforo bi a wodii mu sɛ “sɛnea Russia Mmara a ɛfa ahonim ne ɔsom mu fekubɔ ho kyerɛ no, ɔkasasin a ɛne ‘biribiara nsiw kwan’ no kyerɛ sɛ enhia sɛ nkurɔfo srɛ kwan fi atumfoɔ hɔ anaa wɔma wɔn kwan ansa na wɔatumi ahyiam asom.” Eyi nyinaa akyi no, ɔmansin ne ɔmantam asɛnnibea no nyinaa bɔɔ asɛm no gui.

Wɔ December 17, 2001 mu no, wɔde asɛm no kɔdan Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa wɔ So no. Wodii asɛm no September 9, 2004. Nea edidi so yi yɛ nsɛm a Asɛnnibea no kae de buaa asɛm no mu bi:

“Asɛnnibea no ahu sɛ wɔatiatia hokwan a Yehowa Adansefo no wɔ sɛ wɔsom no so, efisɛ wɔ April 16, 2000 mu no, Aban mpanyimfo no amma wɔanwie nhyiam a na wɔreyɛ no.”

“Wonni mmara mu nnyinaso biara a ɛma wɔn kwan sɛ wontwa nhyiam a na wɔreyɛ wɔ ɔdan a wɔnam mmara kwan so agye atua ho ka no mu no so.”

“[Asɛnnibea no] sii Russia Asɛnnibea Kunini no mmara a ɛkyerɛ sɛ enhia sɛ ɔsom bi mufo kogye hokwan fi atumfoɔ hɔ anaa wɔbɔ wɔn amanneɛ ansa na wɔayɛ nhyiam no so dua.”

“Ɛno nti, esiane sɛ ɔsoafo no ne ne mpanyimfo no amma Yehowa Adansefo no anwie wɔn nhyiam a na wɔreyɛ wɔ April 16, 2000 mu no nti, wɔato Amanyɔ Mmara a ɛto so 9 [ɔsom mu ahofadi] a ɛbɔ ɔsom hokwan a ɔmanfo wɔ ho ban no.”

“Asɛnnibea no ahu sɛ ɔmansin ne ɔmantam asɛnnibea no anyɛ wɔn adwuma yiye . . . sɛ wobetie afanu no nyinaa na wɔabu atɛntrenee. Wɔato Amanyɔ Mmara a ɛto so 6 [hokwan a obiara wɔ sɛ wotie n’asɛm a animhwɛ biara nnim] a ɛbɔ ɔsom hokwan a ɔmanfo wɔ ho ban no.”

Yehowa Adansefo da Nyankopɔn ase sɛ wama wɔadi bem wɔ Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa wɔ So no. (Dwom 98:1) Asɛnnibea no gyinaesi no benya nkɛntɛnso bɛn? Joseph K. Grieboski a ɔyɛ Nyamesom ne Ɔmanfo Mmara Asuae titrani no kae sɛ: “Eyi nso yɛ atemmu titiriw a ɛfa ɔsom mu ahofadi ho wɔ Europa nyinaa, efisɛ gyinaesi no bɛka ɔsom hokwan a afoforo wɔ wɔ aman a ɛhyɛ Europa Asɛnnibea a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa wɔ So ase no nyinaa.”