Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wusuro Nea Ɛbɛba Daakye?

Wusuro Nea Ɛbɛba Daakye?

Wusuro Nea Ɛbɛba Daakye?

NNEƐMA pii na ɛma nnipa bɔ hu. Sɛ nhwɛso no, nnipa binom suro nea ɛbɛba asase so daakye. Time nsɛmma nhoma a ɛbaa April 3, 2006 no ka sɛ, “Mframa a emu yɛ hyew, ahum, nsuyiri, ogya hyehyew, ne nsukyenee a ɛnan da no adi sɛ nneɛma resɛe wɔ wiase yi mu paa.”

Wɔ May 2002 mu no, Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Abɔde a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Nsɛm So no kyerɛw sɛnea nneɛma te wɔ wiase nyinaa no ho asɛm. Nnipa bɛboro 1,000 na wɔboom kyerɛw saa asɛm no. Nsɛm ho amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Sɛnea nneɛma si rekɔ wɔ asase so no, adu baabi a ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae ntɛm, efisɛ nneɛma a nkurɔfo yɛ wɔ so no resɛe kwae, ɛpo, nsubɔnten, mmepɔw, wuram mmoa ne nneɛma afoforo a nnɛɛmmafo ne nkyirimma nkwa gyina so no.”

Sɛnea nneɛma te wɔ asase so nnɛ no nso ka ho bi na ɛma ehu ka nnipa. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa suro sɛ awudifo bɛba abɛtow ahyɛ wɔn so. Canada ɔman no bammɔfo kuw titiriw bi abadiakyiri kae sɛ: “Edu anadwo a, sɛ anka yɛbɛda no, yesi pɛ dwennwen nneɛma a yesuro sɛ ebesi ho.” Nokwasɛm ne sɛ nsɛm a yɛte ne nea yehu wɔ television so ara kɛkɛ mpo tumi ma yɛbɔ hu!

Adwumayɛfo pii a wɔde nsi yɛ wɔn adwuma suro sɛ wɔn adwuma befi wɔn nsa. Nnipa a woyi wɔn adi fi adwuma mu, nnwuma a egu, akansi a ɛkɔ so wɔ adwuma mu, ne adwuma a adwumawuranom hwehwɛ sɛ adwumayɛfo yɛ boro nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ so no tumi ma nkurɔfo te nka sɛ wɔn adwuma betumi afi wɔn nsa bere biara. Mmerante ne mmabaa suro sɛ wɔn atipɛnfo bɛpo wɔn. Ebia mmofra nkumaa benya adwene sɛ wɔn awofo nnɔ wɔn ankasa. Nanso mmofra no te nka dɛn wɔ nea ɛrekɔ so wɔ wiase no mu ho? Ɛna bi a nsɛm haw no ka sɛ, “Wɔ mmofra ne wɔn a wonni asetram suahu fam no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn fie nkutoo na wɔwɔ ahobammɔ, na sɛ wopue a, wohu sɛ wiase yɛ hu paa.” Nea ɛhaw awofo pii ne sɛnea wiase no abrabɔ a asɛe renya wɔn adɔfo, titiriw wɔn mma so nkɛntɛnso no.

Mpɛn pii no, nkwakoraa ne mmerewa suro sɛ wɔbɛhwe ase wɔ atrapoe so anaa afoforo bɛtow ahyɛ wɔn so wɔ abɔnten so. Nokwarem no, ‘wosuro nea ɛwɔ soro, na kwan mu yɛ wɔn hu.’ (Ɔsɛnkafo 12:5) Nnipa suro sɛ yare a emu yɛ den bɛbɔ wɔn. Influensa, kokoram, ne nsanyare ho nsɛm a yɛte no betumi ama yɛasuro sɛ sɛ anhwɛ a ɔyare a ebi mmae da betumi abubu yɛn agu hɔ anaasɛ akum yɛne yɛn abusuafo. Ɛno nti sɛ yehu sɛ nnipa a wɔwɔ ahoɔden yare na wontumi nyɛ hwee a, ɛma yesusuw sɛ yare koro no ara bi betumi abɔ yɛn anaa yɛn adɔfo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ wobɛhwɛ ɔyarefo bi anim na woahu sɛ anidaso biara nni hɔ ma no!

Esiane sɛ nneɛma pii na ɛma nnipa bɔ hu nti, so yɛwɔ nea yebetumi agyina so asusuw sɛ biribi pa bi bɛba daakye? Biribi wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anya anidaso? Wobebua nsɛmmisa yi wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

© Jeroen Oerlemans/Panos Pictures