Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yefta Dii Bɔ A Ɔhyɛɛ Yehowa No So

Yefta Dii Bɔ A Ɔhyɛɛ Yehowa No So

Yefta Dii Bɔ A Ɔhyɛɛ Yehowa No So

ƆKOFONI nkonimdifo bi fi akono baa fie bere a ogyee ne man fii nhyɛso ase no. Ne babea de mmirika fii adi de mpintin ne asaw behyiaa no anigye so. Bere a ohuu no no, sɛ́ anka n’ani begye no, osunsuanee n’atade mu mmom. Dɛn ntia? So na n’ani nnyee te sɛ nea na ne babea no ani agye sɛ wasan aba fie asomdwoe mu no? Ɔko bɛn na na wadi mu nkonim no? Ɔbarima bɛn na yɛreka ne ho asɛm yi?

Ɔbarima yi ne Yefta, na na ɔyɛ tete Israel atemmufo no mu baako. Nanso ansa na yebebua nsɛmmisa afoforo na yɛahwɛ sɛnea asɛm no fa yɛn ho no, ehia sɛ yesusuw nsɛm a esisii ansa na ɔne ne babea yi rebehyia no ho.

Bere a na Emu Yɛ Den wɔ Israel

Yefta traa ase wɔ bere a na emu yɛ den mu. Ná ne mfɛfo Israelfo agyae nokware som akodi Sidon, Moab, Amon, ne Filistea anyame akyi. Enti Yehowa gyaw wɔn maa Amonfo ne Filistifo ma wodii wɔn so mfe 18. Nnipa a na wɔte Gilead a ɛda Yordan Asubɔnten no apuei fam no titiriw na wohuu amane paa. * Awiei koraa no Israelfo no ani baa wɔn ho so, na wɔsakrae hwehwɛɛ Yehowa mmoa, wofii ase som no, na woyiyii ananafo anyame no fii wɔn mu.—Atemmufo 10:6-16.

Amonfo no kɔbɔɔ nsra wɔ Gilead, na Israelfo no boaboaa wɔn ho ano kohyiaa wɔn. Nanso na Israelfo no nni safohene. (Atemmufo 10:17, 18) Saa bere yi na Yefta nso rehyia ɔhaw. Ná ne papa mma aniberefo no apam no afi fie sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa n’agyapade. Enti Yefta tu kɔɔ Tob, baabi a ɛda Gilead apuei fam a na ɛnyɛ den koraa sɛ Israel atamfo bɛtow ahyɛ wɔn so no. “Nnipa ahuhufo” a na ɛbɛyɛ sɛ wɔn nhyɛsofo ama wɔn adwuma afi wɔn nsa anaa na wɔatew wɔn wuranom so atua boaa wɔn ho ano kɔɔ Yefta nkyɛn. “Wɔne no kɔɔ afow,” kyerɛ sɛ ebia wokogyaa Yefta bere a ɔkotow hyɛɛ wɔn atamfo a atwa wɔn ho ahyia so kɔfaa wɔn nneɛma no. Ɛbɛyɛ sɛ esiane sɛnea na Yefta akwadare akodi mu nti na Kyerɛwnsɛm no frɛɛ no “ɔbarima a ɔyɛ nnam” no. (Atemmufo 11:1-3) Ɛnde, hena na na obedi Israelfo no anim ako atia Amonfo no?

“Bra Bɛyɛ Yɛn Safohene”

Gilead mpanyimfo ka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Bra bɛyɛ yɛn safohene.” Sɛ na wosusuw sɛ bere a wɔkaa saa no Yefta bɛsan aba ne kurom ntɛm ara a, ɛnde na wɔboa. Obuaa wɔn sɛ: “So ɛnyɛ mo ara na motan me na mopam me fii m’agya fi no? Na ɛdɛn nti na moba me nkyɛn afei a mowɔ ahohia mu yi?” Hwɛ sɛnea na ɛnteɛ sɛ mfiase no wɔpoo Yefta na akyiri yi wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛɛ mmoa!—Atemmufo 11:4-7.

Sɛ na Yefta bedi Gileadfo no anim a, na gye sɛ mpanyimfo no yɛ ade a obebisa wɔn no ma no ansa. Ɔkae sɛ, ‘Sɛ Yehowa de Amonfo hyɛ me nsa a, me na minni mo ti anaa?’ Sɛ wodi nkonim a, ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gyina Yefta akyi, nanso na Yefta abɔ ne tirim sɛ sɛ wofi ahokyere no mu ara pɛ a, ɔbɛhwɛ sɛ wɔrempo Onyankopɔn nniso.—Atemmufo 11:8-11.

Sɛnea Ɔne Amonfo no Dii

Yefta bɔɔ mmɔden sɛ ɔne Amonfo no bɛyɛ apam bi. Ɔsomaa nkurɔfo ma wɔkɔɔ Amonfo hene nkyɛn kobisaa nea enti a Amonfo no ani abere wɔn so. Mmuae a wɔde mae ni: Bere a Israelfo fi Misraim bae no, wɔfaa Amonfo asase, enti ɛsɛ sɛ wɔdan ma yɛn.—Atemmufo 11:12, 13.

Esiane sɛ na Yefta nim Israel ho abakɔsɛm yiye nti, ɔbɔɔ Amonfo nsɛm no gui. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ bere a Israelfo no fii Misraim no, wɔanhaw Amon, Moab, anaa Edom; na saa ara nso na bere a na Israelfo fi Misraim reba no, na asase a manso da so yi nyɛ Amonfo dea. Ná ɛyɛ Amorifo dea, nanso Onyankopɔn de wɔn hene Sihon hyɛɛ Israelfo nsa. Bio nso, na Israelfo atra asase no so mfe 300. Ɛnde dɛn nti na afei de Amonfo se ɛyɛ wɔn dea yi?—Atemmufo 11:14-22, 26.

Yefta de n’adwene sii ade titiriw nti a na Israelfo rehu amane no so nso: Hena ne nokware Nyankopɔn? Yehowa anaa asase a Israelfo te so no anyame? Sɛ na Kemos wɔ tumi bi a, anka ɔremfa nnye asase no mma ne nkurɔfo anaa? Eyi yɛ asɛm a na abɛda atoro som a na Amonfo di mu akoten no ne nokware som ntam. Enti Yefta gyinaa eyi so kae sɛ: “[Yehowa, NW] temmufo na ommu Israelfo ne Amonfo ntam atɛn nnɛ.”—Atemmufo 11:23-27.

Amon hene antie asɛm a Yefta soma ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn no. “[Yehowa, NW] honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase” sen kɔe, na ɛbɛyɛ sɛ ɔboaboaa mmarima a wɔn ho yɛ den a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko ano.—Atemmufo 11:28, 29.

Yefta Bɔ a Ɔhyɛe

Esiane sɛ na Yefta rehwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ denneennen nti, ɔhyɛɛ no bɔ sɛ: “Sɛ wode Amonfo no hyɛ me nsa a, ɛnde nea ebefi me fi apon ano abehyia me da a meresan mafi Amonfo so dwoodwoo no, ɛbɛyɛ [Yehowa, NW] de, na mede mɛbɔ afɔre mũ.” Onyankopɔn tiee Yefta na ohyiraa no ma odii Amonfo nkurow 20 so nkonim kunkum wɔn “okum kɛse pa ara,” na ɛmaa Israelfo dii wɔn atamfo so nkonim.—Atemmufo 11:30-33.

Bere a Yefta fi akono bae no, obiara ammehyia no sɛ ne babea a ɔdɔ no a na odi no bakoro no! Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ohuu no no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: Ao! me ba, ɔbrɛ na woabrɛ me ase, na worebɛhow me werɛ! Na mabue m’ano mama [Yehowa, NW], na mintumi mensan m’akyi.”—Atemmufo 11:34, 35.

So na Yefta bekum ne babea no de no abɔ afɔre ankasa? Dabi. Ná ɛnyɛ saa na ɛwɔ n’adwenem. Yehowa kyi nnipa a wokum wɔn de wɔn bɔ afɔre. Ná eyi yɛ nneɛma bɔne a na Kanaanfo yɛ no mu biako. (Leviticus 18:21; Deuteronomium 12:31) Bere a Yefta hyɛɛ bɔ no, na Onyankopɔn honhom wɔ no so, na Yehowa san hyiraa ne mmɔdenbɔ so. Yefta gyidi ne dwuma a odii wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu nti, Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛmpa. (1 Samuel 12:11; Hebrifo 11:32-34) Enti na ɛnyɛ sɛ obekum ne ba no de no abɔ afɔre. Ɛnde, dɛn na na ɛwɔ Yefta adwenem bere a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde onipa bɛbɔ afɔre ama Yehowa no?

Ɛda adi sɛ na Yefta kyerɛ sɛ ɔde onii a ɔbɛba abehyia no no bɛma Onyankopɔn ma wayɛ ne som adwuma nkutoo. Ná Mose Mmara no ma kwan sɛ wobetumi ahyɛ bɔ de nnipa abɔ afɔre ama Yehowa. Sɛ nhwɛso no, na mmea som wɔ asɔrefie hɔ, na ɛbɛyɛ sɛ na wɔkɔ nsu. (Exodus 38:8; 1 Samuel 2:22) Bible nka ɔsom a ɛte saa ho nsɛm pii, sɛ ebia na wɔyɛ no daa anaasɛ ɛnte saa. Ɛda adi sɛ na ɔsom titiriw a ɛte saa ho asɛm na na ɛwɔ Yefta adwenem bere a ɔhyɛɛ bɔ no, na ɛte sɛ nea na ne bɔhyɛ no kyerɛ sɛ onii no bɛsom wɔ asɔrefie hɔ daa.

Yefta babea no ne akyiri yi abarimaa Samuel nyinaa boae ma wɔn awofo a na wosuro Onyankopɔn no tumi dii bɔ a wɔhyɛɛ Onyankopɔn no so. (1 Samuel 1:11) Sɛ́ Yehowa somfo nokwafo no, na Yefta babea no ankasa ne ne papa nyinaa gye tom sɛ ɛsɛ sɛ ne papa di ne bɔhyɛ so. Ná afɔrebɔ no nna fam efisɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ Yefta babea no renware da. Osuu ne mmabaabere anaa ne baabunyɛ efisɛ na Israelni biara pɛ sɛ ɔwo mma na amma n’abusua din anyera na ɔde abɔ n’agyapade nso ho ban. Wɔ Yefta fam no, bɔhyɛ yi a na obedi so no kyerɛ sɛ na ɔrennya ne babea koro pɛ a na ɔdɔ no no ne no mmɔ bio.—Atemmufo 11:36-39.

Ababaa nokwafo yi abrabɔ anyɛ ɔkwa. Ne bere nyinaa a ɔde somee wɔ Yehowa fie no yɛ ɔkwan a eye sen biara a abotɔyam wom a ɔfaa so dii Onyankopɔn ni. Enti, “daa afirihyia Israel mmabea kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babea no.” (Atemmufo 11:40) Nokwarem no, Yefta dii ne babea no som a ɔde maa Yehowa no ho ahurusi.

Ɛnnɛ Onyankopɔn asomfo pii de wɔn bere nyinaa yɛ Yehowa som adwuma. Ebinom som sɛ akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, ahwɛfo akwantufo, anaa Betel abusua no mufo. Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ wɔrentaa nhu wɔn abusuafo sɛnea anka wɔpɛ no no. Nanso wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no ne wɔn abusuafo nyinaa ani betumi agye ɔsom kronn a ɛte saa a wɔde ma Yehowa no ho.—Dwom 110:3; Hebrifo 13:15, 16.

Wɔtew Onyankopɔn akwankyerɛ so Atua

Yehu sɛ Israelfo no pii poo Yehowa akwankyerɛ wɔ Yefta nna no mu. Ɛmfa ho sɛ na Onyankopɔn nhyira wɔ Yefta so no, Efraimfo ne no hamee. Ná wɔpɛ sɛ wohu nea enti a wamfrɛ wɔn ne wɔn ankɔ ɔko no. Wɔbɔɔ wɔn tirim mpo sɛ wɔde ogya bɛhyew Yefta fie ‘agu no so’!—Atemmufo 12:1.

Yefta kae sɛ ɔfrɛɛ Efraimfo no, nanso wɔamma. Sɛnea ɛte biara no, Onyankopɔn na odii nkonim. So na afei de wɔn bo afuw sɛ Gileadfo no anhu wɔn ansa na wɔrepaw Yefta sɛ wɔn safohene? Nokwasɛm ne sɛ, pene a na Efraimfo no mpene so no kyerɛ sɛ na wɔatew atua atia Yehowa, na twa ara na na etwa sɛ wɔne wɔn di ako. Wɔ ɔko no mu no, wodii Efraimfo no so nkonim. Esiane sɛ na Efraimfo no ntumi mmɔ asɛmfua “Shibolet” yiye nti, na ɛnyɛ den sɛ wobehu Efraimfo mmarima a na wɔreguan no. Wokunkum Efraimfo 42,000 wɔ ɔko no mu.—Atemmufo 12:2-6.

Awerɛhosɛm bɛn ara na esii wɔ Israel sɛɛ yi! Nkonim a atemmufo Otniel, Ehud, Barak, ne Gideon dii no ma wonyaa asomdwoe. Nanso saa bere yi de, wɔanka asomdwoe ho asɛm. Nea kyerɛwtohɔ no de baa awiei ara ne sɛ: “Yefta buu Israel atɛn mfe asia. Na Gileadni Yefta wui na wosiee no Gilead nkurow no bi mu.”—Atemmufo 3:11, 30; 5:31; 8:28; 12:7.

Dɛn na yebetumi asua afi eyi nyinaa mu? Ɛwom sɛ Yefta faa ɔhaw pii mu wɔ n’asetra mu de, nanso odii Onyankopɔn nokware. Ɔbarima kokodurufo yi bɔɔ Yehowa din bere a ɔne Gilead mpanyimfo, Amonfo, ne babea no, ne Efraimfo kasae no, ne afei bere a ɔhyɛɛ bɔ no. (Atemmufo 11:9, 23, 27, 30, 31, 35; 12:3) Onyankopɔn hyiraa Yefta wɔ ne ho a otu mae no ho, na ɔnam Yefta ne ne babea no so ma nokware som nyaa nkɔso. Bere a afoforo poo Onyankopɔn gyinapɛn no, Yefta de, ɔbataa ho denneennen. Wo nso, wubetie Yehowa bere nyinaa te sɛ Yefta anaa?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Ná Amonfo no tirim yɛ den paa. Eyi akyi no, annu mfe 60 mpo na wɔyɛe sɛ sɛ wodi Gilead kurow bi so a, wobetutu emu nnipa biara aniwa nifa. Odiyifo Amos kaa bere a Amonfo paapaee Gilead anyinsɛnfo mu no ho asɛm.—1 Samuel 11:2; Amos 1:13.