Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kwadwom Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Kwadwom Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Kwadwom Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

ODIYIFO Yeremia huu atemmusɛm a ɔde mfe 40 ka kyerɛe no mmamu. Odiyifo no tee nka dɛn bere a ɔno ankasa hui sɛ wɔresɛe kurow a na ɔdɔ no no? Helafo Septuagint no fii Kwadwom nhoma no ase sɛ: “Yeremia traa ase sui de kwadwom yi mu nsɛm bɔɔ Yerusalem ho abubuw.” Bere a odiyifo no rehyehyɛ Kwadwom no wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, na nkurɔfo a wɔkaa wɔn hyɛɛ mu wɔ Yerusalem asram 18 na awiei koraa no wɔhyew kurow no ho asɛm da so ara wɔ n’adwenem yiye. Kwadwom nhoma no kyerɛkyerɛ ɛyaw a Yeremia dii no mu fann. (Yeremia 52:3-5, 12-14) Kurow foforo biara nni hɔ a wɔadi ho abooboo ma ayɛ awerɛhow saa da.

Kwadwom nhoma no yɛ anwensɛm anum mu nsɛm a wɔaka abom. Emu anan a edi kan no yɛ kwadwom anaa abubuw a wɔbɔ; nea ɛto so anum no yɛ adesrɛ anaa mpaebɔ. Nnwom anan a edi kan no yɛ anwensɛm a wɔde Hebri nkyerɛwde 22 no mu biara di nkyekyɛm no mu biara anim nnidiso nnidiso. Ɛwom sɛ wɔakyekyɛ dwom a ɛto so anum no mu 22 sɛnea Hebri nkyerɛwde no dodow te pɛpɛɛpɛ de, nanso wɔamfa nkyerɛwde no anhyehyɛ dwom no nnidiso nnidiso.—Kwadwom 5:1.

‘ME NUSU AMA M’ANIM AYƐ SIAMOO’

(Kwadwom 1:1–2:22)

“Ao, kurow a anka emu nkurɔfo dɔɔso no, ne nko ara te hɔ dɛn ni! Nea anka ɔsõ amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafo. Nea odi nsase horow so hemmaa no, wayɛ nea oyi tow.” Saa na odiyifo Yeremia fii Yerusalem ho kwadwom no ase. Odiyifo no kaa nea ɛde amanehunu yi bae no ho asɛm sɛ: “Ne mmarato dodow nti [Yehowa, NW] ahyɛ no awerɛhow.”—Kwadwom 1:1, 5.

Wɔkaa Yerusalem ho asɛm te sɛ ɔbea bi a ɔredi ne kunu ne ne mma wu ho awerɛhow, na Yerusalem kae sɛ: “Ɛyaw bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yaw a akã me yi”? Yerusalem bɔɔ n’atamfo ho mpae kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ma wɔn nnebɔne nyinaa mmra w’anim, na yɛ wɔn sɛnea me mmaratode nyinaa nti woyɛɛ me no; na m’apinisi adɔɔso, na me koma agurow.”—Kwadwom 1:12, 22.

Yeremia de awerɛhow kɛse kae sɛ: ‘Yehowa atwitwa Israel mmɛn nyinaa n’abufuhyew mu, wapono ne nifa ato n’akyi afi ɔtamfo anim, na ɔdɛwee Yakob mu sɛ ogyaframa a ɛhyew hyia.’ Odiyifo no bɔɔ abubuw kaa awerɛhow kɛse a na ɔredi no ho asɛm sɛ: “Nusu ama m’ani ayɛ siamoo, m’ayamde kyinkyim, me mmerɛbo ahwie agu fam.” Wɔn a na wɔretwam wɔ hɔ mpo de ahodwiriw kae sɛ: “So kurow a wɔfrɛ no Ahoɔfɛ a ewie fɛyɛ, asase nyinaa ahosan no, ni?”—Kwadwom 2:3, 11, 15.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:15—Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘tiatiaa Yuda babea so te sɛ nea wotiatia nsa-kyi-amoa mu no’? Bere a Babilonfo sɛee kurow a na wɔnsɛee no da na wokunkum nnipa pii no, na wobetumi de mogya pii a wohwie gui no atoto bobe a wɔrekyĩ mu nsu wɔ nsa-kyi-amoa mu ho. Esiane sɛ Yehowa hyɛɛ eyi ho nkɔm na ɔmaa kwan ma ɛbaa mu nti, yebetumi aka sɛ ɛyɛ ɔno na ‘otiatiaa nsa-kyi-amoa’ no mu.

2:1—Ɔkwan bɛn so na ‘wofi soro tow Israel ahoɔfɛ hwee fam’? Esiane sɛ “ɔsoro korɔn sen asase” nti, ɛtɔ mmere bi a wɔka nneɛma a ɛho wɔ nyam a wɔbrɛ no ase ho asɛm sɛ “wafi ɔsoro atow . . . ahwe fam.” Wɔtow “Israel ahoɔfɛ” a ɛno ne n’anuonyam, ne tumi a na ɔwɔ bere a na ɔwɔ Yehowa anim dom no hwee fam bere a wɔsɛee Yerusalem na Yuda nso dan amamfõ no.—Yesaia 55:9.

2:1, 6Dɛn ne Yehowa “nan ntiaso” ne ne “sese” no? Odwontofo no too dwom sɛ: “Momma yɛnkɔ ne trabea nkɔkotow ne nan ntiaso anim ɛ.” (Dwom 132:7) Enti, “nan ntiaso” a wɔaka ho asɛm wɔ Kwadwom 2:1 no fa Yehowa asɔrefie ho. Babilonfo no ‘hyew Yehowa asɔrefie’ no te sɛ nea ɛyɛ ɔsese anaa apata bi a esi turo bi mu.—Yeremia 52:12, 13.

2:17—Yehowa ‘asɛm’ pɔtee bɛn na ɛbaa mu wɔ Yerusalem ho? Ɛda adi sɛ ɛyɛ asɛm a ɛwɔ Leviticus 26:17 no na na ɔreka ho asɛm wɔ ha. Ɛhɔ ka sɛ: “Mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfo anim nkogu na wɔn a wokyi mo ahyɛ mo so, na obi ntaa mo po a, moaguan.”

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

1:1-9. Yerusalem suu denneennen anadwo, na ne nusu sensanee n’afono so. N’aponkɛse yɛɛ afo anaa nea ayɛ agowagow, na n’asɔfo guu ahome. Ne mmabaa yɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ, na ɔno ankasa nso werɛ how ne ho. Dɛn ntia? Efisɛ, Yerusalem yɛɛ bɔne a anibere wom. Ne ho fĩ kekaa n’atade mmuano mu. Bɔne so akatua nyɛ anigye; ɛyɛ nusu, ahomegu, awerɛhow, ne ɛyawdi.

1:18. Bere biara a Yehowa bɛtwe mmaratofo aso no, na ɛteɛ anaasɛ ɛfata sɛ ɔyɛɛ wɔn saa.

2:20. Wɔbɔɔ Israelfo kɔkɔ sɛ sɛ wɔantie Yehowa nne a, nnome na ɛbɛba wɔn so, na ebi ne sɛ ‘wobedi wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nam.’ (Deuteronomium 28:15, 45, 53) Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden!

‘NSIW W’ASO M’AHOMEGU HO’

(Kwadwom 3:1–5:22)

Wɔka Israel man no ho asɛm wɔ Kwadwom ti 3 sɛ “ɔbarima.” Ɛmfa ho sɛ na ɔbarima yi wɔ amanehunu mu no, ɔtoo dwom sɛ: “[Yehowa, NW] ye ma wɔn a wɔhwɛ no kwan, ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyi kwan no.” Ɔbɔɔ mpae srɛɛ nokware Nyankopɔn no sɛ: ‘Tie me nne, nsiw w’aso m’ahomegu ne me sufrɛ ho.’ Bere a ɔbarima no resrɛ Yehowa sɛ mma ommmu n’ani nngu ahohora a n’atamfo rebɔ no so no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] hyɛ wɔn ananmu, sɛ wɔn nsa ano nneyɛe te.”—Kwadwom 3:1, 25, 56, 64.

Yeremia sui wɔ amanehunu kɛse a nnipa a wɔwɔ Yerusalem no faa mu wɔ asram 18 a wɔkaa wɔn hyɛɛ mu wɔ kurow no mu no ho, na ɔbɔɔ abubuw sɛ: “Me man babea amumɔyɛ sõ sen Sodom bɔne, ɛno na wobutuwii afrɛso a ɛnyɛ nsa na ɛsɛee no.” Yeremia toaa so sɛ: “Wɔn a wɔtotɔ afoa ano no de ye sen wɔn a wɔtotɔ ɔkɔm ano a afuw mu nnɔbae a abɔ wɔn nti wokisa hyew no.”—Kwadwom 4:6, 9.

Anwensɛm a ɛto so anum no kaa Yerusalemfo ho asɛm te sɛ nea wɔrekasa. Wɔkae sɛ: “[Yehowa, NW], kae nea aba yɛn so, hwɛ na hu yɛn ahohora!” Bere a wɔreka wɔn amanehunu ho asɛm no, wɔsrɛe sɛ: “Wo [Yehowa, NW], wote hɔ daa, w’agua tim hɔ, awo ntoatoaso nyinaa mu. [Yehowa, NW], san yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsan, ma yɛn nna nyɛ foforo sɛ tete de no.”—Kwadwom 5:1, 19, 21.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:16—Asɛm a ɛne: “Mmosea abubu me se” no kyerɛ dɛn? Nhoma bi ka sɛ: “Bere a wɔde Yudafo no rekɔ nnommumfa mu no, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔtoo wɔn abodoo wɔ amoa a na wɔatutu mu ma enti mmosea frafraa wɔn abodoo mu.” Sɛ obi di abodoo a ɛte saa a, ebetumi abubu ne se.

4:3, 10—Dɛn nti na Yeremia de ne “man babea” totoo “sare so nsohori” ho? Hiob 39:16 ka sohori ho asɛm sɛ: “Ɔbɔ ne mma atirimɔden sɛnea wɔnyɛ ne de.” Sɛ nhwɛso no, sɛ sohori huane ne mma wie a, ɔbere no kɔka abere foforo ho, na ogyaw ne mma no ma onini no ma ɔhwɛ wɔn. Na sɛ ɔtamfo bi toa wɔn nso a, dɛn na wɔyɛ? Onini ne ɔbere no nyinaa guan gyaw wɔn mma no hɔ. Bere a Babilonfo kaa Yerusalemfo hyɛɛ mu na ɔkɔm kɛse bi sii kurow no mu no, ɛnanom a anka wɔwɔ ayamhyehye no bɔɔ wɔn ankasa mma atirimɔden te sɛ nea sare so nsohori yɛ wɔn mma no. Eyi ne abadae a asakraman da no adi wɔ wɔn mma ho no bɔ abira koraa.

5:7So Yehowa ma mma soa wɔn agyanom amumɔyɛ? Dabida, Yehowa nhyɛ da ntwe nkurɔfo aso wɔ wɔn agyanom amumɔyɛ ho. Efisɛ Bible ka sɛ: “Yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Nyankopɔn.” (Romafo 14:12) Nanso, nea efi nneɛma bɔne a nkurɔfo yɛ mu ba no tumi tra hɔ kyɛ, na ɛka nkyirimma. Sɛ nhwɛso no, bere a tete Israelfo kɔsom abosom no, ɛma ɛyɛɛ den paa maa Israelfo anokwafo a wɔbaa akyiri yi no sɛ wɔbɛfa ɔkwantrenee so.—Exodus 20:5.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

3:8, 43, 44. Yehowa antie Yerusalem kurow no mufo sufrɛ wɔ wɔn amanehunu no mu. Dɛn ntia? Efisɛ na nkurɔfo no ayɛ asoɔden, na wɔannu wɔn ho. Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ osetie ma no.—Mmebusɛm 28:9.

3:20. Yehowa a ɔyɛ “ɔsorosoroni, asase nyinaa so” no korɔn araa ma gye sɛ ɔbrɛ ne ho ase hwɛ fam ansa na wahwɛ “ɔsoro ne asase so.” (Dwom 83:18; 113:6) Nanso, ná Yeremia nim paa sɛ ade nyinaa so Tumfo no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ ne mu ase ahwɛ nnipa, a nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔbrɛ ne ho ase ba fam sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahyɛ wɔn nkuran. Hwɛ sɛnea yɛn ani betumi agye sɛ tumi ne nyansa a enni ano a nokware Nyankopɔn no wɔ nyinaa akyi no, ɔsan nso brɛ ne ho ase!

3:21-26, 28-33. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina amanehunu a ano yɛ den ano? Yeremia ma yehu nea yebetumi ayɛ. Mommma yɛn werɛ mmfi sɛ Yehowa adɔe ne ne mmɔborohunu dɔɔso. Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ, nkwa mu a yɛwɔ no nko ara mpo ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw, na ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase na yɛyɛ komm twɛn Yehowa nkwagye. Afei nso, ɛsɛ sɛ ‘yɛde yɛn ano butuw dɔte mu,’ a nea ɛno kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase gyina sɔhwɛ mu na yehu sɛ biribi pa nti na Onyankopɔn ma kwan ma sɔhwɛ ba yɛn so.

3:27. Fɛwdi ne ahokyere yɛ sɔhwɛ a obi betumi ahyia wɔ ne mmerantebere anaa ne mmabaabere mu. Nanso, ‘eye ma ɔbarima sɛ ɔbɛsoa ne kɔndua wɔ ne mmerantebere mu.’ Dɛn ntia? Efisɛ, sɛ obi hyia amanehunu bere a ɔyɛ ɔbabun a, esiesie no ma otumi gyina nsɛnnennen a obehyia daakye no ano.

3:39-42. Nyansa nnim sɛ sɛ yɛrehu amane wɔ bɔne a yɛayɛ ho a, ‘yebedi ho nkɔmmɔ,’ a nea ɛkyerɛ ne sɛ yebenwiinwii wɔ ho. Sɛ́ anka yebenwiinwii wɔ amane a yɛrehu wɔ bɔne bi a yɛayɛ ho no, “momma yɛmpɛɛpɛe yɛn akwan mu nhwehwɛ mu, na yɛnsan mmra [Yehowa, NW] nkyɛn.” Ɛyɛ papa sɛ yebenu yɛn ho na yɛasiesie yɛn akwan.

Nya Yehowa Mu Ahotoso

Bible mu nhoma a ɛne Kwadwom no ma yehu sɛnea na Yehowa te nka wɔ Yerusalem ne Yuda asase no ho bere a Babilonfo hyew kurow no na asase no dan amamfõ no. Nnipa no bɔne a wogye toom a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ nhoma no mu no da no adi pefee sɛ wɔ Yehowa ani so no, ɛyɛ bɔne a nkurɔfo no yɛe no na ɛde amanehunu baa wɔn so. Nnwom a ɛwɔ saa nhoma yi a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no mu no mu nsɛm nso ka anidaso a ɛsɛ sɛ yenya wɔ Yehowa mu ne ɔpɛ a ɛsɛ sɛ yenya sɛ yɛbɛyɛ adetrenee no ho asɛm. Ɛnyɛ nnipa a na wɔwɔ Yeremia bere so no mu dodow no ara na na wɔwɔ saa adwene yi, na mmom ɛyɛ Yeremia ne Yudafo nkaefo a wonuu wɔn ho no.

Asuade abien a ɛho hia na yenya fi sɛnea Yehowa buu nea esii wɔ Yerusalem a wɔaka ho asɛm wɔ Kwadwom nhoma no mu no. Nea edi kan no, Yerusalem a wɔsɛee no ne Yuda a ɛdan amamfõ no ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yetie Yehowa, na ɛsan nso yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu Onyankopɔn apɛdeyɛ so. (1 Korintofo 10:11) Yenya asuade a ɛto so abien no fi Yeremia nhwɛso no mu. (Romafo 15:4) Wɔ tebea a na ayɛ te sɛ nea anidaso biara nnim mpo mu no, odiyifo a na awerɛhow ahyɛ no so no hwɛɛ Yehowa nkwagye kwan. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa ne n’Asɛm so koraa, na yenya ne mu ahotoso!—Hebrifo 4:12.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Odiyifo Yeremia huu atemmusɛm a ɔkae no mmamu

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Esiane sɛ Koreafo a wɔyɛ Adansefo yi amfa wɔn ho anhyehyɛ amanyɔsɛm mu nti, wɔsɔɔ wɔn gyidi hwɛe