Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhoma Mmobɔwee Bɛyɛɛ Nea Wobuebue Mu—Sɛnea Bible Bɛyɛɛ Nhoma Mua

Nhoma Mmobɔwee Bɛyɛɛ Nea Wobuebue Mu—Sɛnea Bible Bɛyɛɛ Nhoma Mua

Nhoma Mmobɔwee Bɛyɛɛ Nea Wobuebue Mu—Sɛnea Bible Bɛyɛɛ Nhoma Mua

MFEHAHA pii a atwam no, nnipa afa akwan pii so akora nsɛm so. Tete no, na wɔkyerɛw nsɛm gu nkaedum, abopon anaa duapon, mmoa nhoma, ne nneɛma foforo so. Eduu afeha a edi kan mu no, na nhoma mmobɔwee ne nea na Mediterranea Apuei famfo agye atom na wɔkyerɛw so. Akyiri yi, wobenyaa nhoma a wobuebue mu, na bere bi akyi no, ɛno besii nhoma mmobɔwee no ananmu, na ɛbɛyɛɛ nhoma a wɔkyerɛw nsɛm wɔ so kora so wɔ wiase nyinaa. Nhoma a wobuebue mu no boae kɛse nso ma wɔkyekyɛɛ Bible pii. Ná dɛn ne nhoma a wobuebue mu no, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbae?

Nhoma a wobuebue mu no ne nhoma a wodii kan yɛe a wɔhwɛɛ so yɛɛ nhoma a ɛwɔ hɔ nnɛ yi no. Ɛyɛ nkrataa a wobubu to so keka bom, na wɔpam. Ná wɔkyerɛw nkrataa no anim ne akyi nyinaa, na na ɛwɔ nnuraho. Nhoma a wobuebue mu a na ɛwɔ hɔ tete no nte sɛ nhoma a ɛwɔ hɔ nnɛ no, nanso sɛnea nneɛma a nnipa ayeyɛ dodow no ara te no, saa ara na wɔsesaa nhoma a wobuebue mu no yɛɛ no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo a wɔkenkan no ani begye ho.

Duapon, Srade, ne Mmoa Nhoma

Mfiase no, na wɔde nnuapon a wɔde srade afa so na na ɛyɛ nhoma a wobuebue mu no. Wohuu duapon bi a wɔde srade afa so akyerɛw so a wɔakeka asi anim wɔ ne nkyɛnmu wɔ kurow Herculaneum mu, kurow bi a Bepɔw Vesuvius pae sɛee ɛno ne Pompeii wɔ afe 79 Y.B. mu no. Awiei koraa no, wɔde nkrataa a wotumi bu to so besii duapon a wontumi mmu nto so no ananmu. Wɔ Latin kasa mu no, wɔfrɛ nhoma a wotumi bu to so yi membranae, anaa aboa nhoma a wɔkyerɛw so.

Wɔde mmɛw krataa na ɛyɛɛ nhoma a wobu to so anaa wobuebue mu a ebi da so wɔ hɔ no. Wɔde mmɛw krataa na ɛyɛɛ Kristofo nhoma a wobu to so a akyɛ sen biara a wohui wɔ Misraim afã bi a osu ntaa ntɔ wɔ hɔ no. *

Nhoma Mmobɔwee Anaa Nhoma a Wobuebue Mu?

Ɛte sɛ nea nhoma mmobɔwee no titiriw na Kristofo no de yɛɛ adwuma kosii afeha a edi kan Y.B. mu awiei. Efi afeha a edi kan Y.B. awiei mu besi afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no, na ebinom pɛ sɛ wɔde nhoma mmobɔwee no yɛ adwuma, na na afoforo nso pɛ sɛ wɔde nhoma a wobuebue mu no mmom na ɛyɛ adwuma. Ná wɔn a wokura tete adwene no ani gye nhoma mmobɔwee no ho, na na wɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn amammerɛ. Nanso, susuw sɛnea na ɛyɛ den sɛ wɔbɛkenkan nhoma mmobɔwee no ho hwɛ. Ná wɔtaa de amane tetare mmɛw nkrataa dodow bi ano keka si anim ma ɛyɛ tenteenten, na wowie a na wɔabobɔw de ayɛ nhoma mmobɔwee no. Ná wɔkyerɛw nsɛm no wɔ krataa no anim nkutoo. Sɛ na obi pɛ sɛ ɔkenkan nhoma mmobɔwee no a, gye sɛ ɔsan mu na ɔhwehwɛ baabi a ɔpɛ sɛ ɔkenkan no. Na sɛ ɔkenkan wie a, na wasan abobɔw. (Luka 4:16-20) Mpɛn pii no, sɛ obi pɛ sɛ ɔkenkan nhoma biako a, gye sɛ ɔkɔfa nhoma mmobɔwee bebree, na na ɛno ma ne kenkan yɛ den kɛse. Ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ afeha a ɛto so abien no mu ani gye ho sɛ wɔbɛhwɛ Kyerɛwnsɛm a ɛyɛ nhoma mmobɔwee no so akyerɛw bi ayɛ no nhoma a wobuebue mu de, nanso wɔkɔɔ so de nhoma mmobɔwee no yɛɛ adwuma mfehaha pii. Bio nso, nhwehwɛmufo gye di sɛ esiane sɛ Kristofo de nhoma a wobuebue mu no yɛɛ adwuma nti na ɛmaa nnipa pii ani begyee ho.

Mfaso pii na na ɛwɔ nhoma a wobuebue mu no so—wotumi kyerɛw nsɛm pii wom, ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkenkan, ɛnna ne kura nso nyɛ den. Ɛwom sɛ nnipa a wɔtraa ase tete no huu mfaso a ɛwɔ so yi de, nanso na wɔn mu pii ntumi nnyae nhoma mmobɔwee no kenkan. Nanso, wɔ mfehaha pii akyi no, nneɛma pii na ɛmaa nnipa dodow no ara ani begyee nhoma a wobuebue mu no ho.

Sɛ wode nhoma mmobɔwee no toto nhoma a wobuebue mu no ho a, nhoma a wobuebue mu no ho ka nnɔɔso. Ná wotumi kyerɛw anim ne akyi nyinaa, na na wotumi ka nhoma dodow bi bom yɛ no nhoma biako. Sɛnea nnipa bi kyerɛ no, nea ɛmaa Kristofo ne nnipa bi te sɛ mmaranimfo ani begyee nhoma a wobuebue mu no ho ne sɛnea na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehu ɔfã pɔtee bi a wɔrehwehwɛ no. Wɔ Kristofo fam no, Bible a wobuebue mu a wɔyɛ ma ɛyɛɛ nketewa no boaa wɔn paa wɔ asɛnka adwuma no mu. Afei nso, mpɛn pii no, na wɔde dua na ɛyɛ nhoma a wobuebue mu no nnuraho, ma enti na ɛno kyɛ sen nhoma mmobɔwee no.

Ná ɛnyɛ den nso sɛ obi benya nhoma a wobuebue mu no bi ato ne ho na wakenkan. Eduu afeha a ɛto so abiɛsa mu no, na wɔde mmoa nhoma ayɛ Nsɛmpa no nhoma nketewa ma na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no de reyɛ adwuma. Efi saa bere no, wɔakyerɛw Bible mũ anaa ne fã bi ayɛ no nhoma a wobuebue mu ɔpepepem pii.

Ɛnnɛ, yɛwɔ nnwinnade pii a ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn nyansa a ɛwɔ Bible mu no. Yebetumi anya Bible a ɛwɔ kɔmputa so, kasɛt so, ne nea wɔayɛ no nhoma. Enti, Bible no mu nea wowɔ biara no, sua ma w’ani nnye Onyankopɔn Asɛm ho, na dwen ho daa.—Dwom 119:97, 167.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Hwɛ asɛm a ɛne “The Early Christian Codex, (Tete Kristofo Nhoma a Wobuebue Mu)” a ɛwɔ August 15, 1962, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kratafa 501-5 no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Nhoma a wobuebue mu no boae kɛse ma wɔkyekyɛɛ Bible pii