Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkwakoraa Ne Mmerewa​—Mo So Wɔ Mfaso Ma Mmabun

Nkwakoraa Ne Mmerewa​—Mo So Wɔ Mfaso Ma Mmabun

Nkwakoraa Ne Mmerewa​—Mo So Wɔ Mfaso Ma Mmabun

“Onyankopɔn, nkwakoraabere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.”—DWOM 71:18.

1, 2. Dɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔn mfe akɔ anim no hu, na dɛn na yɛrebesusuw ho seesei?

KRISTONI bi a ɔyɛ asafo mu panyin a ofi Afrika Atɔe fam kɔsraa onua akwakoraa bi a ɔka Kristofo a wɔasra wɔn no ho. Asafo mu panyin no bisaa akwakoraa no sɛ, “Wo ho te dɛn?” Akwakoraa no gyee so sɛ, “Mitumi tu mmirika, mitumi huruhuruw, na mitumi bɔ kokompe.” Bere a akwakoraa no rekasa nyinaa na ɔreyɛ nea ɔreka no kyerɛ ɔpanyin no. Ɔde kaa ho sɛ, “Tu mmom na mintumi ntu.” Asafo mu panyin no huu nea na ɔrepɛ akyerɛ no. Nea na ɔreka ne sɛ, ‘Nea metumi ayɛ no me de anigye yɛ, na nea mintumi nyɛ no de, menyɛ.’ Ɛnnɛ, asafo mu panyin a ɔkɔsraa akwakoraa no adi mfe 80, na ɔde anigye kae sɛnea na akwakoraa no yi aseresɛm na odi nokware no.

2 Afoforo werɛ mfi su pa a nkwakoraa ne mmerewa da no adi no da. Nokwarem no, onyinkyɛ nkutoo ntumi mma obi nyɛ onyansafo na onnya Kristofo su pa. (Ɔsɛnkafo 4:13) Bible ka sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” (Mmebusɛm 16:31) Sɛ woyɛ obi a wo mfe akɔ anim a, so wuhu sɛnea afoforo betumi anya nsɛm a woka ne wo nneyɛe so mfaso no? Susuw Bible mu nhwɛso ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea mmerante ne mmabaa anya nkwakoraa ne mmerewa so mfaso no ho hwɛ.

Gyidi a Afoforo Anya So Mfaso Mfe Pii

3. Ɔkwan bɛn so na yɛn a yɛte ase nnɛ nyinaa anya Noa nokwaredi so mfaso?

3 Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ mpo anya Noa gyidi ne ne nokwaredi so mfaso. Bere a Noa pam adaka na ɔboaboaa mmoa ano, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ ne beresofo no, na ɔreyɛ adi mfe 600. (Genesis 7:6; 2 Petro 2:5) Esiane sɛ na Noa suro Onyankopɔn nti, ɔne n’abusua nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu, na ɛnam so maa Noa bɛyɛɛ nnipa a wɔte ase nnɛ nyinaa nana. Nokwarem no, Noa traa ase wɔ bere a na nnipa tumi nyin kyɛ mu. Nanso, wɔ Noa nkwakoraa bere mu mpo, ɔkɔɔ so dii nokware, na ɛde nhyira pii brɛɛ adesamma. Ɔkwan bɛn so?

4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ anya Noa nokwaredi so mfaso?

4 Bere a Nimrod fii ase sɛ ɔresi Babel Abantenten de abu Yehowa ahyɛde a ɛne sɛ nnipa ‘nhyɛ asase so ma’ no so no, na Noa reyɛ adi mfe 800. (Genesis 9:1; 11:1-9) Nanso, Noa amfa ne ho anhyɛ Nimrod atuatew no mu. Enti, ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔyɛɛ atuatewfo no kasa basaa no, ɔno de wɔanyɛ ne kasa basaa bi. Ɛnyɛ Noa nkwakoraa bere mu nko na ɔdaa gyidi adi na odii nokware wɔ n’asetram, na mmom ɔyɛɛ saa wɔ ne nkwa nna nyinaa mu nso. Nokwarem no, ɛfata paa sɛ mpanyin ne mmofra a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa suasua no.—Hebrifo 11:7.

Sɛnea Abusuafo Nya Wɔn So Mfaso

5, 6. (a) Bere a Abraham dii mfe 75 no, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ? (b) Dɛn na Abraham yɛe wɔ Onyankopɔn ahyɛde no ho?

5 Sɛnea tete agyanom a wɔtraa ase wɔ Noa akyi bɔɔ wɔn bra no ma yehu sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ahyɛ wɔn abusuafo gyidi den. Bere a Abraham dii bɛyɛ mfe 75 no na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo de, fi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din asõ, na woayɛ nhyira.”—Genesis 12:1, 2.

6 Wo de, fa no sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ tu fi wo man mu, gyaw wo nnamfonom ne w’abusuafo a wɔma wunya ahotɔ ne wo man hɔ, na kɔtra asase bi a wunnim so no so. Saa pɛpɛɛpɛ na wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔnyɛ. “Abram kɔe sɛnea [Yehowa, NW] ka kyerɛɛ no no,” na ɔtraa ntamadan mu sɛ ɔhɔho dii atutra wɔ Kanaan asase so wɔ ne nkwa nna a na aka nyinaa mu. (Genesis 12:4; Hebrifo 11:8, 9) Ɛwom sɛ na Yehowa aka akyerɛ Abraham sɛ ɔbɛyɛ “ɔman kɛse” de, nanso Abraham wui mfe pii ansa na n’asefo redɔɔso. Ɛyɛ bere a Abraham dii atutra wɔ bɔhyɛ asase no so mfe 25 akyi ansa na ne yere Sara rewo ɔba biako a ɔne Isak ama no. (Genesis 21:2, 5) Nanso, Abraham abam ammu amma wansan ankɔ ne nkyi. Gyidi ne boasetɔ ho nhwɛso bɛn ara ni!

7. Ɔkwan bɛn so na boasetɔ a Abraham nyae no boaa ne ba Isak, na mfaso bɛn na ɛde abrɛ nnipa nyinaa?

7 Boasetɔ a Abraham nyae no boaa ne ba Isak a ɔde mfe 180 a ɛyɛ ne nkwa nna nyinaa traa Kanaan asase so sɛ ɔhɔho no yiye. Ɛyɛ Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi a Isak awofo a na wɔn mfe akɔ anim de duaa ne mu, ne Yehowa ankasa nsɛm a akyiri yi ɔka kyerɛɛ no no na ɛma onyaa boasetɔ. (Genesis 26:2-5) Nokware a Isak dii no boae kɛse maa Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔnam Abraham ‘aseni’ bi so behyira nnipa nyinaa no nyaa mmamu. Mfehaha pii akyi no, Yesu Kristo a ɔyɛ ‘aseni’ no fã titiriw no ma ɛyɛɛ yiye sɛ wɔn a wobenya ne mu gyidi nyinaa ne Onyankopɔn ntam bɛsan ayɛ papa na wɔanya daa nkwa.—Galatifo 3:16; Yohane 3:16.

8. Dɛn na Yakob yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ne gyidi yɛ den, na dɛn na efii mu bae?

8 Isak nso boaa ne ba Yakob ma onyaa gyidi a emu yɛ den, na ɛboaa no ara kosii ne nkwakoraa bere mu. Bere a Yakob ne ɔbɔfo bi dii atentam anadwo mũ nyinaa sɛ onhyira no no, na wadi mfe 97. (Genesis 32:24-28) Ansa na Yakob a wadi mfe 147 no rewu no, onyaa ahoɔden frɛɛ ne mmabarima 12 no no nyinaa hyiraa wɔn mu biara. (Genesis 47:28) Nkɔm a ɔhyɛe a ɛnnɛ ɛwɔ Genesis 49:1-28 no baa mu, na ɛda so ara renya mmamu.

9. Mfaso bɛn na wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu no abusuafo betumi anya wɔ wɔn so?

9 Ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no betumi aboa wɔn abusuafo yiye. Sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ ne afotu pa ma ɔbabun bi na wɔyɛ boasetɔ ho nhwɛso ma no a, ebetumi aboa no paa ma wanyin abɛyɛ obi a ne gyidi yɛ den. (Mmebusɛm 22:6) Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nya adwene da sɛ wɔn abusuafo ntumi nnya wɔn so mfaso.

Sɛnea Wɔboa Mfɛfo Asomfo

10. Yosef “nnompe ho ahyɛde” bɛn na ɔde mae, na ɛboaa Israelfo no dɛn?

10 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi aboa wɔn mfɛfo asomfo nso. Yakob ba Yosef daa gyidi bi adi ne nkwakoraa bere mu a ɛboaa nokware asomfo ɔpepem pii a wɔtraa ase wɔ ne wu akyi no. Bere a Yosef ‘de ne nnompe ho ahyɛde mae’ no, na wadi mfe 110. Nea na ahyɛde no kyerɛ ne sɛ sɛ Israelfo no refi Misraim akɔ koraa a, wɔnsoa ne nnompe nkɔ. (Hebrifo 11:22; Genesis 50:25) Saa ahyɛde no boaa Israelfo no ma wonyaa anidaso bi bere a wɔde mfe pii somee sɛ nkoa wɔ Yosef wu akyi no, na ɛma wonyaa awerɛhyem sɛ wɔn gye bɛba.

11. Mmoa bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Yosua nya fii Mose a na wabɔ akwakoraa no hɔ?

11 Wɔn a Yosef gyidi a ɔdaa no adi hyɛɛ wɔn den no mu biako ne Mose. Bere a Mose dii mfe 80 no, onyaa hokwan soaa Yosef nnompe no fii Misraim asase so. (Exodus 13:19) Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na ohuu Yosua a na ɔyɛ aberante no. Yosua yɛɛ Mose somfo wɔ mfe 40 a edii hɔ no mu. (Numeri 11:28) Yosua ne Mose na ɛforoo Bepɔw Sinai, na bere a Mose de Adanse apon no fi bepɔw no so sianee no, na Yosua ka wɔn a wokohyiaa Mose no ho. (Exodus 24:12-18; 32:15-17) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yosua nyaa Mose afotu pa no so mfaso!

12. Ɔkwan bɛn so na Yosua boaa Israel man no kosii bere a owui?

12 Bere a na Yosua te ase no, ɔhyɛɛ Israel man no nkuran. Atemmufo 2:7 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔman no som [Yehowa, NW], Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanyimfo a wonyin kyɛe Yosua akyi nyinaa na wohuu [Yehowa, NW] nnwuma akɛse a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.” Nanso, bere a Yosua ne mpanyimfo foforo a wɔaka no wui no, Israelfo no fii ase de atoro som frafraa nokware som mu mfe 300 kosii odiyifo Samuel bere so.

Samuel “Yɛɛ Adetrenee”

13. Dɛn na Samuel yɛe de “yɛɛ adetrenee”?

13 Bible nkyerɛ mfe dodow a Samuel dii ansa na ɔrewu, nanso nsɛm a ɛwɔ Samuel nhoma a Edi Kan no mu no ka nsɛm a esisii wɔ bɛyɛ mfe 102 mu no ho asɛm, na Samuel huu emu dodow no ara. Hebrifo 11:32, 33 ma yehu sɛ atemmufo ne adiyifo a na wodi nokware no “yɛɛ adetrenee.” Nokwarem no, Samuel boaa ne beresofo no bi ma wɔanyɛ bɔne, na saa ara nso na ɔboaa ebinom ma wogyaee bɔne yɛ. (1 Samuel 7:2-4) Ɔkwan bɛn na ɔfaa so yɛɛ saa? Odii Yehowa nokware wɔ ne nkwa nna nyinaa mu. (1 Samuel 12:2-5) Ná onsuro sɛ ɔde afotu a emu yɛ den bɛma ɔhene no mpo. (1 Samuel 15:16-29) Afei nso, bere a Samuel ‘bɔɔ akwakoraa na ofuw dwen’ no, ɔyɛɛ nhwɛso pa wɔ mpae a na ɔbɔ ma afoforo no mu. Ɔkae sɛ: “Ɛmpare” no sɛ ‘obegyae mpae’ a ɔbɔ ma ne mfɛfo Israelfo no efisɛ sɛ ɔyɛ saa a, na ‘wayɛ Yehowa bɔne.’—1 Samuel 12:2, 23.

14, 15. Dɛn na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔresuasua sɛnea na Samuel bɔ mpae no?

14 Nea yɛaka yi nyinaa si so dua sɛ ɔkwan titiriw bi wɔ hɔ a wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi afa so aboa wɔn mfɛfo a wɔsom Yehowa no. Ɛmfa ho sɛ yare anaa ɔhaw afoforo mma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ntumi nyɛ pii no, mpae de, wobetumi abɔ ama afoforo. Nkwakoraa ne mmerewa, so munim sɛ mo mpaebɔ boa asafo no kɛse? Esiane sɛ mowɔ Kristo mogya a ohwie gui no mu gyidi nti, moanya din pa wɔ Yehowa anim, na esiane boasetɔ a moada no adi nti, moanya “gyidi a wɔasɔ ahwɛ.” (Yakobo 1:3; 1 Petro 1:7) Mommma mo were mmfi da sɛ: “Sɛ ɔtreneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.”—Yakobo 5:16.

15 Mpae a mobɔ de srɛ sɛ Yehowa Ahenni adwuma nnya nkɔso no ho hia. Esiane sɛ yɛn nuanom Kristofo bi mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu nti, wɔde wɔn agu afiase. Afoforo nso, atoyerɛnkyɛm ne akodi ne basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ aman bi so no ama wɔn ho akam. Saa ara nso na afoforo a wɔwɔ mo ankasa asafo mu no rehyia ɔsɔretia. (Mateo 10:35, 36) Wɔn a wodi asɛnka adwuma no anim na wɔhwɛ asafo ahorow so no nso hia mo mpaebɔ. (Efesofo 6:18, 19; Kolosefo 4:2, 3) Ɛyɛ papa paa sɛ mobɛbɔ mo mfɛfo gyidifo din wɔ mo mpaebɔ mu sɛnea Epafra yɛe no!—Kolosefo 4:12.

Monkyerɛkyerɛ Nkyirimma

16, 17. Nkɔmhyɛ bɛn na ɛwɔ Dwom 71:18, na ɔkwan bɛn so na saa nkɔmhyɛ yi abam?

16 Fekubɔ a “nguan foforo” no a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no ne “kuw ketewa” no mufo anokwafo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no anya no ama nguan foforo no anya ntetee a ɛfata. (Luka 12:32; Yohane 10:16) Wɔhyɛɛ saa asɛm yi ho nkɔm wɔ Dwom 71:18 sɛ: “Onyankopɔn, nkwakoraa bere ne dwen mu nso nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.” Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no ani gye ho sɛ wɔbɛtete wɔn ahokafo nguan foforo no ma wɔatumi adi asɛyɛde pii a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma ansa na wɔagyaw wɔn hɔ akɔ ma wɔakɔhyɛ wɔne Yesu Kristo anuonyam.

17 Sɛ yɛbɛka paa a, ntetee a Dwom 71:18 ka ho asɛm sɛ wɔde bɛma “wɔn a wɔbɛba” no betumi afa nguan foforo a wɔanya akwankyerɛ afi Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasra wɔn hɔ no nso ho. Yehowa de ahyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nsa sɛ wonni ne ho adanse nkyerɛ wɔn a afei na wɔreba nokware som mu no. (Yoel 1:2, 3) Nguan foforo no ani sɔ nimdeɛ a wɔanya afi wɔn a wɔasra wɔn no hɔ no, na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛka Kyerɛwnsɛm mu nsɛm akyerɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom Yehowa no.—Adiyisɛm 7:9, 10.

18, 19. (a) Nimdeɛ a ɛsom bo bɛn na Yehowa asomfo pii a wɔn mfe akɔ anim no betumi ama yɛanya? (b) Ahotoso bɛn na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no betumi anya?

18 Yehowa asomfo a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wɔasra wɔn, ne nguan foforo no nyinaa boa yɛn ma yehu nsɛntitiriw bi a esisii mmere a atwam no. Adansefo a wɔn mfe akɔ anim kakraa bi a wɔda so te ase no huu bere a edi kan a woyii “Photo-Drama of Creation” sini no. Wɔn mu bi nso de wɔn ani huu anuanom a na wodi anim a wɔde wɔn guu afiase wɔ afe 1918 mu no. Wɔn mu bi nso kasae wɔ Watchtower radio dwumadibea a ɛne WBBR no so. Pii nso betumi aka bere a na Yehowa Adansefo repɛ ɔsom mu ahofadi na wɔde wɔn nsɛm kɔdan asɛnnibea kunini ahorow no ho asɛm. Ebinom nso wɔ hɔ a wogyinaa nokware som akyi pintinn wɔ sodifo a wɔn tirim yɛ den nniso ase. Yiw, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi aka sɛnea wɔama yɛate nokware no ase nkakrankakra no ho asɛm akyerɛ yɛn. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma wɔnka wɔn suahu pii no bi nkyerɛ yɛn, na yennya so mfaso.—Deuteronomium 32:7.

19 Wɔhyɛ Kristofo a wɔn mfe akɔ anim no nkuran sɛ wɔnyɛ nhwɛso pa mma mmerante ne mmabaa. (Tito 2:2-4) Ebia seesei munhu sɛnea mo boasetɔ, mo mpaebɔ, ne mo afotu boa afoforo no. Ebetumi aba sɛ Noa, Abraham, Yosef, Mose ne afoforo antumi anhu sɛnea ná wɔn nokwaredi bɛboa nkyirimma kɛse no. Nanso, wɔn gyidi ne wɔn nokwaredi no so aba yɛn mfaso kɛse; saa ara na mo nso mode bɛyɛ.

20. Nhyira bɛn na wɔn a wobekura wɔn anidaso mu pintinn akosi ase no benya?

20 Sɛ́ ebia mobɛtra ase atwa “ahohiahia kɛse no,” anaasɛ wobenyan mo afi awufo mu aba nkwa mu no, monhwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ mubenya “nkwa ankasa no”! (Mateo 24:21; 1 Timoteo 6:19) Mo de, munsusuw bere a Yehowa bɛma nkwakoraa ne mmerewa adan mmerante ne mmabaa wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso ase no ho nhwɛ. Sɛ́ anka yɛn nipadua bɛkɔ so agogow no, da biara da a yɛbɛsɔre anɔpa no yebehu sɛ yɛanya ahoɔden foforo, yehu ade yiye, yɛte asɛm yiye, na yɛn ho nso ayɛ fɛ aboro so! (Hiob 33:25; Yesaia 35:5, 6) Wɔn a wobenya hokwan atra Onyankopɔn wiase foforo no mu no bɛkɔ so ayɛ mmerante ne mmabaa akosi daa. (Yesaia 65:22) Enti, momma yɛn nyinaa nkɔ so nkura yɛn anidaso mu pintinn nkosi ase, na yɛnkɔ so mfi yɛn kra nyinaa mu nsom Yehowa. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ nyinaa so, na nea Yehowa bɛyɛ ama yɛn no bɛkyɛn nea ebia yɛrehwɛ kwan no koraa.—Dwom 37:4; 145:16.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na nnipa nyinaa anya akwakoraa Noa nokwaredi so mfaso?

• Gyidi a tete agyanom daa no adi no boaa wɔn asefo dɛn?

• Dɛn na Yosef, Mose, Yosua, ne Samuel yɛe de hyɛɛ wɔn mfɛfo asomfo den?

• Dɛn na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no betumi ayɛ de agyaw nkyirimma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Abraham boasetɔ no boaa Isak kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Mose afotu pa no hyɛɛ Yosua nkuran

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Mpae a mobɔ ma afoforo no betumi aboa wɔn pii

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Sɛ mmabun tie anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no a, ɛboa wɔn