Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkwakoraa Ne Mmerewa Kɔ so Sow Aba Wɔ Onyankopɔn Som Mu

Nkwakoraa Ne Mmerewa Kɔ so Sow Aba Wɔ Onyankopɔn Som Mu

Nkwakoraa Ne Mmerewa Kɔ so Sow Aba Wɔ Onyankopɔn Som Mu

‘Wɔn a wɔtɛw wɔn Yehowa fie no bɛkɔ so asow aba wɔ nkwakoraa bere mu.’—DWOM 92:13, 14.

1, 2. (a) Sɛ wote sɛ obi abɔ akwakoraa ne aberewa a, dɛn na ɛba w’adwenem? (b) Bɔhyɛ bɛn na Kyerɛwnsɛm no de ma wɔ nea Adam bɔne no de aba no ho?

SƐ WOTE sɛ obi abɔ akwakoraa anaa aberewa a, dɛn na ɛba w’adwenem? So ɛkyerɛ sɛ onipa no honam atwintwam? N’asom ayɛ den? Ɔretwe ne nan ase? Anaa nneɛma a ɛto nnipa wɔ “nna bɔne” mu a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye wɔ Ɔsɛnkafo 12:1-7 no bi? Sɛ ɛte saa a, ɛho hia sɛ woma ɛtra w’adwenem sɛ onyin a wɔaka ho asɛm wɔ Ɔsɛnkafo ti 12 no fi nea Adam bɔne no de baa nipadua so no, na ɛnyɛ nea na Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ ɛba nnipa so bere a ɔbɔɔ wɔn no.—Romafo 5:12.

2 Onyin ankasa nyɛ nnome, efisɛ wote nkwa mu yi de wubenyin ara. Nokwarem no, ɛyɛ papa sɛ ade a nkwa wom biara nyin. Sɛnea bɔne ne sintɔ asɛe ade wɔ mfe mpemnsia mu a yehu wɔ baabiara no befi hɔ nnansa yi ara. Na nnipa asoɔmmerɛwfo nyinaa benya asetra a na anka Onyankopɔn pɛ sɛ wonya a ɛno ne asetra a nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ mu haw ne owu nni mu no. (Genesis 1:28; Adiyisɛm 21:4, 5) Saa bere no, “ɔmamfo no mu bi nnkɛse dɛ, Meyar.” (Yesaia 33:24, Fante Bible) Nkwakoraa bɛsan akɔ wɔn “mmerantebere mu,” na wɔn ‘honam bɛyɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de.’ (Hiob 33:25) Nanso, seesei de ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gyina nea Adam bɔne no de aba no ano. Ne nyinaa mu no, wohyira Yehowa asomfo wɔ akwan soronko so bere a wonyin bɔ nkwakoraa ne mmerewa no.

3. Dɛn mu na Kristofo betumi akɔ so “asow aba nkwakoraa bere” mu?

3 Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ, ‘wɔn a wɔtɛw wɔn Yehowa fie no bɛkɔ so asow aba wɔ nkwakoraa bere mu.’ (Dwom 92:13, 14) Odwontofo no de kasakoa yɛɛ adwuma de kyerɛɛ nokwasɛm titiriw bi a ɛne sɛ sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo ahoɔden so retew wɔ honam mu mpo a, wobetumi anya nkɔso ayɛ pii, na wɔatu mpɔn wɔ Onyankopɔn som mu. Yɛwɔ nhwɛso pii wɔ Bible mu ne nnɛ bere yi mu a ɛkyerɛ sɛ saa asɛm yi yɛ nokware.

“Wampa Hɔ Da”

4. Dɛn na odiyifobea Hana a na wabɔ aberewa no yɛe de kyerɛe sɛ n’ani kũ ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no ho, na ɔkwan bɛn so na wohyiraa no?

4 Susuw odiyifobea Hana a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan mu no ho hwɛ. Bere a odii mfe 84 mpo no, “na ɔmpa asɔrefie hɔ da, ofi mmuadadi ne nkotɔsrɛ mu som awia ne anadwo.” Esiane sɛ na Hana yɛ ɔbea, na ne papa nso fi “Aser abusuakuw mu” na ɔnyɛ Lewini nti, na ontumi ntra asɔrefie hɔ ankasa. Wode susuw sɛnea na ɛsɛ sɛ Hana mia n’ani ansa na watumi akɔ asɔrefie hɔ daa bere a na wɔbɔ ɔhyew afɔre anɔpa na ɔtwɛn kosi sɛ wɔbɛbɔ anwummere de no ho hwɛ! Nanso, wohyiraa Hana pii wɔ ɔsom a ɔde maa Onyankopɔn no ho. Bere a Yosef ne Maria de akokoaa Yesu baa Yehowa anim wɔ asɔrefie hɔ sɛnea na Mmara no hwehwɛ no, na Hana wɔ hɔ. Bere a Hana huu Yesu pɛ na “ɔbaa hɔ bɛdaa Onyankopɔn ase kaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn gye a wobegye Yerusalem no nyinaa” no.—Luka 2:22-24, 36-38; Numeri 18:6, 7.

5, 6. Akwan bɛn so na nkwakoraa ne mmerewa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ reyɛ wɔn ade te sɛ Hana?

5 Nkwakoraa ne mmerewa pii a wɔwɔ yɛn mu nnɛ no yɛ wɔn ade te sɛ Hana, wɔkɔ asafo nhyiam daa, wofi wɔn komam bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a nokware som benya nkɔso, na wɔde nsi ka asɛmpa no. Onuabarima bi a wadi boro mfe 80 a ɔne ne yere kɔ Kristofo nhyiam daa kae sɛ: “Sɛ yɛankɔ asafo nhyiam a yɛn ho ntɔ yɛn. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ baabi foforo biara bere a asafo nhyiam wɔ hɔ. Baabi a Onyankopɔn nkurɔfo wɔ no, ɛhɔ na yɛpɛ sɛ yɛkɔ. Ɛhɔ na sɛ yɛkɔ a, yɛn ho tɔ yɛn.” Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛn nyinaa suasua wɔn nhwɛso pa no!—Hebrifo 10:24, 25.

6 Asɛm a Kristoni kunafo bi a wadi boro mfe 80 a wɔfrɛ no Jean ka no daa ne sɛ, “Biribiara a wɔyɛ wɔ Onyankopɔn som mu a metumi ayɛ no meyɛ bi.” Ɔtoaa so sɛ, “Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a me werɛ how, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ biribi ma nnipa a me ne wɔn bɔ nyinaa nso werɛ how bi?” Ɔde anigye kae sɛ sɛ ɛtɔ mmere bi na otu kwan kɔ asafo dwumadi bi a ɛhyɛ gyidi den ase wɔ aman foforo so a, ɛma n’ani gye. Bere a otuu kwan bi nnansa yi no, ɔka kyerɛɛ wɔn a ɔne wɔn kɔe no sɛ, “Mempɛ sɛ mɛkɔ akɔhwɛ mmeae a ɛhɔ yɛ anika bio; mepɛ sɛ mekɔ asɛnka mmom!” Ɛwom sɛ Jean nte baabi a ɔkɔe hɔ kasa de, nanso otumi maa nkurɔfo benyaa Bible mu asɛm ho anigye. Afei nso, ɔne asafo bi a wohia mmoa yɛɛ adwuma mfe pii, na na eyi hwehwɛ sɛ osua kasa foforo na otwa kwan nnɔnhwerew abien de kɔ asafo nhyiam ba.

Nea Wɔyɛ a Ɛma Wɔn Adwenem Da Hɔ

7. Wɔ Mose nkwakoraa bere mu no, nsɛm bɛn na ɔkae de kyerɛe sɛ na ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu kɔ so yɛ den?

7 Onyinkyɛ ma obi nya asetram osuahu. (Hiob 12:12) Nanso, mfe dodow a obi di no nkutoo nkyerɛ sɛ ne ho bɛkokwaw wɔ Onyankopɔn som mu. Enti, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo bɔ mmɔden ‘sua ade’ pii bere a wɔrenyin no sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto nimdeɛ a wonyae wɔ bere bi a atwam no so. (Mmebusɛm 9:9) Bere a Yehowa maa Mose adwuma no, na Mose adi mfe 80. (Exodus 7:7) Wɔ Mose bere so no, na ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotumi di mfe 80, efisɛ Mose kyerɛwee sɛ: “Yɛn mfirihyiam nna, emu wɔ mfe aduɔson, na . . . ɛboro so a, na ɛredu aduɔwɔtwe.” (Dwom 90:10) Nanso, Mose ante nka da sɛ na wanyin dodo ma enti na ɔrentumi nsua ade. Bere a Mose som Onyankopɔn mfe pii, nyaa ɔsom hokwan bebree, ná odii asɛyɛde pii a emu yɛ duru ho dwuma akyi no, ɔsrɛɛ Yehowa sɛ, “Mesrɛ wo, . . . ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo.” (Exodus 33:13) Ná Mose pɛ sɛ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu kɔ so yɛ den bere nyinaa.

8. Dɛn na Daniel yɛe de maa n’adwenem kɔɔ so daa hɔ bere a na wadi boro mfe 90 no, na dɛn na Onyankopɔn ma ohui?

8 Saa ara na wohui sɛ odiyifo Daniel rehwehwɛ kyerɛw kronkron no mu bere a ɛda adi sɛ na wadi boro mfe 90 no. Nea ohu fii “nhoma no” a osuae a ebetumi aba sɛ na Leviticus, Yesaia, Yeremia, Hosea, ne Amos nhoma no ka ho mu no na ɛkaa no ma ɔbɔɔ mpae denneennen hwehwɛɛ Yehowa no. (Daniel 9:1, 2) Onyankopɔn buaa saa mpaebɔ no. Onyankopɔn maa Daniel huu bere a Mesia no bɛba ne nea ɛbɛkɔ so wɔ nokware som mu daakye.—Daniel 9:20-27.

9, 10. Dɛn na ebinom ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn adwenem akɔ so ada hɔ?

9 Yɛn nso, bere tenten a yɛn ahoɔden bɛma yɛn kwan no, yebetumi ayɛ yɛn ade te sɛ Mose ne Daniel, na yɛabɔ mmɔden akɔ so ama yɛn adwenem ada hɔ denam nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho a yɛde yɛn adwene besi so no so. Nnipa pii na wɔreyɛ saa. Kristoni bi a ɔyɛ asafo mu panyin a wɔfrɛ no Worth a wadi boro mfe 80 no di honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no, na ɛboa no ma ohu nea ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn som mu. (Mateo 24:45) Ɔkae sɛ, “M’ani sɔ nokware no paa, na m’ani agye sɛnea nokware hann no rekɔ so hyerɛn no ho.” (Mmebusɛm 4:18) Saa ara na Fred a ɔde bɛboro mfe 60 ayɛ bere nyinaa som adwuma no ahu sɛ sɛ ɔne ne mfɛfo gyidifo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a, ɛhyɛ ne gyidi den. Ɔka sɛ, “Ɛsɛ sɛ mekɔ so dwen Bible no ho bere nyinaa. Sɛ wutumi dwennwen Bible ho ma wunya so mfaso, na sɛ wutumi ma nea woresua no bɛyɛ ‘nsɛm a eye’ a, ɛnde na ɛnyɛ nsɛnhunu bi na woasua. Wubetumi ahu sɛnea nsɛm no mu biara som bo ne dwuma a edi no.”—2 Timoteo 1:13.

10 Sɛ obi abɔ akwakoraa anaa aberewa a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔrentumi nsua nneɛma foforo ne nneɛma a asete yɛ den. Nnipa bi a wɔadi boro mfe 60, mfe 70, ne mfe 80 mpo atumi asua akenkan ne akyerɛw anaa kasa foforo. Yehowa Adansefo binom asua kasa foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a wofi aman horow so. (Marko 13:10) Bere a Harry ne ne yere sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ akɔboa wɔn a wɔka Portugal kasa no, na wɔreyɛ adi mfe 70. Harry ka sɛ: “Sɛ wunyin a, na adwuma biara yɛ ayɛ wo den.” Nanso, bere a wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden na womiaa wɔn ani no, wotumi yɛɛ Bible adesua ahorow wɔ Portugal kasa mu. Mfe pii ni na Harry ama kasa ahorow nso wɔ Portugal kasa mu wɔ ɔmantam nhyiam ase.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw nneɛma a nkwakoraa ne mmerewa anokwafo atumi ayɛ no ho?

11 Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na n’apɔwmuden ne ne nsɛm tebea bɛma watumi ayɛ nneɛma a yɛaka ho asɛm yi. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde dɛn nti na yɛresusuw nneɛma a nkwakoraa ne mmerewa bi atumi ayɛ no ho? Ɛnyɛ nea yɛreka ne sɛ ɛsɛ sɛ nkwakoraa ne mmerewa nyinaa yɛ nea wɔn mfɛfo tumi yɛ no bi. Mmom no, ɛyɛ adwene a ɔsomafo Paulo de kyerɛw asafo mu mpanyimfo anokwafo abrabɔ ho nsɛm kɔmaa Hebrifo Kristofo no ara bi na yɛde reka saa asɛm yi. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ sɛnea wɔn abrabɔ bewie nsuasua wɔn gyidi.” (Hebrifo 13:7) Sɛ yesusuw nsiyɛ ho nhwɛso a ɛte saa ho a, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran ama yɛasuasua gyidi a ɛyɛ den a ɛma saa nkwakoraa ne mmerewa yi yere wɔn ho wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu no. Harry a seesei wadi mfe 87 no ka ade a ahyɛ no nkuran no ho asɛm sɛ: “M’ani begye ho sɛ mede me nna kakraa a aka yi bedi dwuma nyansam sɛnea metumi biara na ama me ho aba mfaso wɔ Yehowa som mu.” Fred a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nya abotɔyam kɛse wɔ adwuma a ɔyɛ wɔ Betel no mu. Ɔka sɛ, “Ɛsɛ sɛ wohwehwɛ ɔkwan a eye sen biara a wubetumi afa so asom Yehowa na wokɔ so kura mu.”

Wɔn Tebea Asesa De, Nanso Wɔyɛ Ɔsom Adwuma No

12, 13. Ɛmfa ho sɛ na Barsilai abɔ akwakoraa no, dɛn na ɔyɛe de daa onyamesom pa adi?

12 Nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ yɛ yaw. Nanso, ɛyaw yi nyinaa akyi no wobetumi asom Onyankopɔn yiye. Obi a ɔyɛɛ eyi ho nhwɛso paa ne Barsilai a na ɔyɛ Gileadni no. Bere a na Barsilai adi mfe 80 no, ɔsom Dawid ne ne mmarima hɔho wɔ ɔkwan soronko so maa wɔn aduan ne dabere wɔ bere a Absalom tew atua no mu. Bere a Dawid ne ne mmarima no resan akɔ Yerusalem no, Barsilai dii wɔn anim de wɔn kɔɔ Yordan asubɔnten ho. Dawid kae sɛ ɔbɛma Barsilai abɛtra n’ahemfie. Dɛn na Barsilai kae? Ɔkae sɛ: “Madi mfirihyia aduɔwɔtwe nnɛ, . . . so w’akoa bɛte nea medi ne nea mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofo mmarima ne mmea nne bio anaa? . . . W’akoa Kimham ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na yɛ no nea eye w’ani so.”—2 Samuel 17:27-29; 19:31-40.

13 Ɛmfa ho sɛ na Barsilai mfe akɔ anim no, ɔyɛɛ nea obetumi biara de boaa ɔhene a na Yehowa apaw no no. Ɛwom sɛ ogye toom sɛ ɔnte aduan dɛ na ɔnte asɛm yiye te sɛ nea na anka ɔte bere bi no de, nanso wanni ho yaw pii. Ayamye mu a Barsilai fi kae sɛ Kimham mmom nkosi n’ananmu nnidi na onnye n’ani no ma yehu onipa ko a na Barsilai yɛ. Nkwakoraa ne mmerewa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ da ayamye a ɛte sɛ Barsilai de no bi adi. Wɔyɛ nea wobetumi biara de boa nokware som, na wonim sɛ “afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛwɔ nkwakoraa ne mmerewa a wodi nokware wɔ yɛn mu!—Hebrifo 13:16.

14. Ɔkwan bɛn so na Dawid mfe a na akɔ anim ho asɛm a ɔkae no ma yɛte Dwom 37:23-25 mu nsɛm no ase yiye?

14 Ɛwom sɛ Dawid tebea sesae mpɛn pii bere a na ne mfe rekɔ anim no de, nanso gyidi a na ɔwɔ sɛ Yehowa hwɛ n’asomfo anokwafo no ansesa da. Aka kakra ma Dawid awu no na ɔhyehyɛɛ dwom a ɛnnɛ wɔfrɛ no Dwom 37 no. Wode susuw sɛnea na Dawid rekaakae nsɛm, rebɔ ne sanku, na ɔreto saa dwom yi no ho hwɛ: “[Yehowa, NW] na ɔde onipa anammɔn sisi yiye, na ne kwan sɔ n’ani, sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea fam koraa, efisɛ [Yehowa, NW] kura ne nsam. Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dwom 37:23-25) Yehowa hui sɛ ɛfata sɛ ɔma Dawid ka ɔno Dawid ankasa mfe a wadi ho asɛm wɔ dwom a ɔma ɔkyerɛwee yi mu. Hwɛ sɛnea Dawid fi ne komam too saa dwom yi!

15. Ɛmfa ho sɛ na ɔsomafo Yohane mfe akɔ anim na ne tebea nso asesa no, dɛn na ɔyɛe de yɛɛ nokwaredi ho nhwɛso pa?

15 Ɔsomafo Yohane yɛ onipa foforo a ɔyɛɛ nokwaredi ho nhwɛso pa ɛmfa ho sɛ na ne tebea asesa na ne mfe nso akɔ anim no. Bere a Yohane som Onyankopɔn bɛyɛ mfe 70 no, ‘Onyankopɔn ho asɛm a ɔkae ne Yesu ho adanse a odii nti,’ wotwaa no asu kɔɔ Patmo supɔw no so. (Adiyisɛm 1:9) Nanso, na onnya nwiee ne som adwuma no. Nokwarem no, Yohane kyerɛw ne nhoma a ɛwɔ Bible mu no nyinaa wɔ ne nkwakoraa bere mu. Bere a na ɔwɔ Patmo supɔw no so no, onyaa anisoadehu a ɛyɛ nwonwa, na ɔkyerɛwee no pɛpɛɛpɛ wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. (Adiyisɛm 1:1, 2) Nnipa dodow no ara gye di sɛ woyii Yohane fii afiase wɔ Roma Ɔhempɔn Nerva nniso ase. Ɛno akyi no, bere a na Yohane adi bɛyɛ mfe 90 anaa 100 no, ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no ne nhoma abiɛsa a ne din da so no wɔ bɛyɛ afe 98 Y.B. mu.

Boasetɔ a Onyankopɔn Werɛ Remfi Da

16. Nkwakoraa ne mmerewa a wɔn kasa ayɛ basaa no yɛ dɛn tumi som Yehowa?

16 Nnipa ahoɔden so tumi tew anaa ne nipadua tumi sesa wɔ akwan horow so. Sɛ nhwɛso no, ebinom wɔ hɔ a onyin nti wɔn kasa ayɛ basaa. Nanso, wɔda so ara kae ɔdɔ a Onyankopɔn ayi no adi akyerɛ wɔn ne adɔe a wayɛ wɔn no. Ɛwom sɛ wontumi nkasa pii de, nanso nea wɔka kyerɛ Yehowa wɔ wɔn komam ne sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.” (Dwom 119:97) Yehowa nso nim wɔn a “wobu ne din no,” na ohu nsonsonoe a ɛwɔ wɔn a wobu ne din ne nnipa dodow no ara a wɔmfa n’asɛm nyɛ hwee no ntam. (Malaki 3:16; Dwom 10:4) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yehu sɛ Yehowa ani sɔ nneɛma a yesusuw ho wɔ yɛn komam no!—1 Beresosɛm 28:9; Dwom 19:14.

17. Biribi a ɛyɛ soronko koraa bɛn na wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa no anya?

17 Ade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, wɔn a wɔde nokwaredi asom Yehowa mfe pii no anya biribi a ɛyɛ soronko koraa a wontumi mfa ɔkwan foforo biara so nnya, na ɛno ne wɔn boasetɔ a Onyankopɔn werɛ remfi da no. Yesu kae sɛ: “Sɛ munya boasetɔ a mubenya mo kra.” (Luka 21:19) Ehia sɛ yenya boasetɔ na ama yɛanya daa nkwa. Mo a ‘moayɛ Onyankopɔn apɛde’ na moadi nokware wɔ mo asetram no betumi ahwɛ kwan sɛ ‘monsa bɛka bɔhyɛ no.’—Hebrifo 10:36.

18. (a) Dɛn na sɛ Yehowa hu wɔ nkwakoraa ne mmerewa ho a, ɛma n’ani gye? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Sɛ́ ɔsom a mode ma Yehowa no dɔɔso anaasɛ esua no, sɛ efi mo kra nyinaa mu na mode ma no a, n’ani sɔ. Ɛmfa ho nea ebia onyin nti aba yɛn nipadua so “wɔ nnipa ani so no,” “sɛnea yɛte wɔ yɛn mu no de,” yebetumi ayɛ no foforo da biara da. (2 Korintofo 4:16) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ani sɔ nea moayɛ wɔ bere a atwam mu no, na ɛda adi pefee sɛ n’ani sɔ nea moayɛ wɔ ne din mu no. (Hebrifo 6:10) Wɔ adesua a edi hɔ no mu no, yebesusuw mfaso kɛse a ɛwɔ nokwaredi a ɛte saa so no ho.

Wubebua Dɛn?

• Nhwɛso pa bɛn na Hana yɛ maa Kristofo nkwakoraa ne mmerewa a wɔwɔ hɔ nnɛ?

• Dɛn nti na sɛ obi bɔ akwakoraa anaa aberewa a, ɛno nkyerɛ sɛ ɔrentumi nyɛ nneɛma foforo?

• Ɛbɛyɛ dɛn na nkwakoraa ne mmerewa atumi akɔ so asom Onyankopɔn yiye?

• Yehowa bu ɔsom a nkwakoraa ne mmerewa de ma no no dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Akwakoraa Daniel huu mfe dodow a na Yudafo bedi wɔ nkoasom mu wɔ “nhoma no” mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Nkwakoraa ne mmerewa pii yɛ nhwɛso pa, wɔkɔ asafo nhyiam daa, de nsi yɛ asɛnka adwuma no, na wɔn ani gye ho sɛ wobesua ade