Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛahu Onii a Ɔde Bɔne Ba No!

Yɛahu Onii a Ɔde Bɔne Ba No!

Yɛahu Onii a Ɔde Bɔne Ba No!

WƆ AFEHA a edi kan no mu no, na Yudafo pii rehwɛ Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ no kwan. (Yohane 6:14) Bere a Yesu baa asase so no, ɔmaa nnipa tee Onyankopɔn asɛm ase, na ɔkyekyee wɔn werɛ. Ɔsaa ayarefo yare, ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan dii, ɔmaa ɛpo ne mframa yɛɛ dinn, na onyanee awufo mpo. (Mateo 8:26; 14:14-21; 15:30, 31; Marko 5:38-43) Yesu san kaa Yehowa ho asɛm, na ɔhyɛɛ nnipa bɔ sɛ wobetumi anya daa nkwa. (Yohane 3:34) Yesu nam ne nsɛm a ɔkae ne nneɛma a ɔyɛe so ma ɛdaa adi pefee sɛ na ɔno ne Mesia no, nea obegye adesamma afi bɔne ne nneɛma a bɔne de aba nyinaa mu no.

Enti, na anka Yudafo nyamesom akannifo no na ɛsɛ sɛ wodi kan gye Yesu tom, tie no, na wɔde anigye de n’akwankyerɛ yɛ adwuma. Nanso, wɔanyɛ saa. Mmom no, wɔtan no, wɔtaa no, na wɔbɔɔ ne ho pɔw bɔne ma wokum no!—Marko 14:1; 15:1-3, 10-15.

Enti, ɛfata sɛ Yesu buu saa mmarima abɔnefo no fɔ. (Mateo 23:33-35) Nanso, Yesu hui sɛ obi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔde bɔne a saa mmarima no yɛe no ho asodi to no so. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mufi mo agya Bonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya no apɛde. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Ɛwom sɛ Yesu gye toom sɛ nnipa tumi yɛ nneɛma bɔne de, nanso ɔkyerɛe sɛ onii a ɔma nnipa yɛ bɔne ankasa ne Satan Ɔbonsam.

Bere a Yesu kae sɛ Satan ‘annyina nokware no mu’ no, na nea ɔrekyerɛ ne sɛ, bere bi na saa honhom abɔde yi yɛ Onyankopɔn somfo a odi nokware, nanso ɔman fii ɔkwantrenee no so. Dɛn nti na Satan sɔre tiaa Yehowa? Efisɛ obuu ne ho araa ma ekoduu baabi no n’ani beree ɔsom a Onyankopɔn nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔde ma no no. *Mateo 4:8, 9.

Wohuu Satan atuatew no wɔ Eden turom hɔ bere a ɔdaadaa Hawa ma odii aduaba a na wɔabara no sɛ ɛnsɛ sɛ odi no. Satan nam atoro a edi kan a odii ne Yehowa a otwirii no no so yɛɛ ne ho “atoro agya.” Afei nso, Satan daadaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ asoɔden maa bɔne dii wɔn so, na ɛno na ɛde owu baa wɔne wɔn mma a na wɔbɛwo wɔn no so. Enti, Satan nam saa a ɔyɛe so san yɛɛ ne ho “owudifo.” Nokwarem no, ɔno ne owudifo a ne tirim yɛ den sen biara!—Genesis 3:1-6; Romafo 5:12.

Satan de ne nkɛntɛnso bɔne no kɔɔ ahonhom abɔde no so mpo, na ɔdaadaa abɔfo foforo maa wɔn nso tew atua. (2 Petro 2:4) Saa abɔfo bɔne yi kyerɛɛ nnipa ho anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so te sɛ nea Satan yɛe no. Nanso, na wɔn de no yɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔbrasɛe, na ɛde ɔhaw ne abɔnefosɛm pii bae.

Bɔne Hyɛɛ Asase so Ma

Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Bere a nnipa fii ase redɔɔso . . . na wɔwoo mmabea no, nokware Nyankopɔn mma hui sɛ nnipa mmabea ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” (Genesis 6:1, 2, NW) Ná henanom ne “nokware Nyankopɔn mma” no? Ná wɔyɛ honhom abɔde, wɔnyɛ nnipa. (Hiob 1:6; 2:1) Yɛyɛ dɛn hu sɛ saa na ɛte? Ade biako ne sɛ, na nnipa akɔ so aware bɛyɛ mfe 1,500 a na atwam no ma enti na aware nyɛ ade foforo bi a ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm. Enti, ɛda adi pefee sɛ na saa kyerɛwtohɔ no fa biribi a ebi nsii da na ɛnyɛ ne kwan so ho. Na ɛno ne “nokware Nyankopɔn mma” a wɔsakraa wɔn ho bɛyɛɛ nnipa, na wɔbɛwarewaree “nnipa mmabea” no.

Nea ɛma yehu ankasa sɛ na saa aware no mfata ne mma a saa awarefo no wowoo wɔn no. Ná wɔfrɛ wɔn mma no Nefilim, na na wɔyɛ afrafra mma a wonyin bɛyɛɛ abran. Ná wɔyɛ asisifo a wɔn tirim yɛ den nso. Nokwarem no, “Nefilim” kyerɛ “wɔn a wɔma afoforo hwe ase.” Wɔka saa nnipa a wɔyɛ wɔn ade te sɛ mmoa yi ho asɛm sɛ wɔyɛ “abirɛmpɔn a wɔwɔ din fi teteete.”—Genesis 6:4.

Nefilim no ne wɔn agyanom yɛɛ bɔne kɔɔ akyiri. Genesis 6:11 ka sɛ: “Asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ . . . so ma.” Yiw, nnipa a na wɔwɔ wiase no suasuaa nnipa a wɔbɛfrafraa wɔn mu no subammɔne no.

Ɛyɛɛ dɛn na Nefilim no ne wɔn agyanom no tumi nyaa nnipa so tumi ma wɔyɛɛ nneɛma bɔne a ɛte saa? Wɔdaadaa nnipa ma wɔdaa koma bɔne ne akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ wɔn mu no adi. Dɛn na ɛma nnipa yɛe? Wɔmaa ‘ɔhonam nyinaa sɛee wɔn akwan wɔ asase so.’ Awiei koraa no, Yehowa de Nsuyiri sɛee wiase nyinaa. Ɔtreneeni Noa ne n’abusua nkutoo na wogyee wɔn nkwa. (Genesis 6:5, 12-22) Nanso, abɔfo a wɔdanee wɔn ho nnipa no san de aniwu kɔɔ ahonhom atrae. Adaemone a wɔn bra asɛe no kɔɔ so sɔre tiaa Onyankopɔn ne n’abɔfo anokwafo a wɔyɛ treneefo no. Ɛbɛyɛ sɛ efi saa bere no na Onyankopɔn amma saa abɔfo bɔne no antumi annan wɔn ho nnipa bio no. (Yuda 6) Nanso, wɔda so ara nya nnipa asetra so tumi kɛse.

Wɔama Yɛahu Ɔbɔnefo no Pefee!

Nokwarem no, 1 Yohane 5:19 ma yehu baabi a Satan nkɛntɛnso bɔne no adu. Ɛka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” Ɔbonsam repiapia nnipa kɔ amanehunu pii mu. Nokwasɛm ne sɛ, n’ani abere paa sɛ ɔbɛhaw nnipa nnɛ asen bere biara. Dɛn ntia? Efisɛ bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ afe 1914 mu no, wotuu Ɔbonsam ne n’adaemone fii soro. Bible hyɛɛ tu a wotuu wɔn fii soro no ho nkɔm sɛ: “Asase . . . nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn a ne bo afuw denneennen, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:7-12) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Satan nya nnipa so nkɛntɛnso nnɛ?

Ɔkwan titiriw a Satan fa so yɛ saa ne sɛ, onya nnipa adwene ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso. Enti, Efesofo 2:2 frɛ Ɔbonsam sɛ “mframa a ɛrebɔ no panyin . . . ; ɛno ne honhom [anaa, su titiriw] a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.” Sɛ́ anka saa adaemone “mframa” yi bɛma nnipa asuro Onyankopɔn na wɔayɛ adepa no, ɛma nnipa sɔre tia Onyankopɔn ne ne gyinapɛn mmom. Enti, Satan ne n’adaemone no na wɔhyɛ nnipa ma wɔyɛ nneɛma bɔne akɛseakɛse no.

“Kora Wo Koma So”

Adwuma a saa “mframa” yi reyɛ no biako ne ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a woyi kyerɛ, na wɔnam so ma subammɔne a ɛte saa no bɛyɛ te sɛ anigyede bi kɛkɛ. (1 Tesalonikafo 4:3-5) Nneɛma a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a wɔhwɛ no sɛ anigyede mu no bi ne mmonnaato, mmea a wɔne wɔn da atirimɔden so, nnipa dodow bi a wɔto ɔbea biako mmonnaa, mmoa a nnipa ne wɔn da, ne mmofra a wɔfeefee wɔn. Ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a wɔnyɛ nneɛma a ɛyɛ abofono kɛse wom mpo no tumi pira wɔn a wɔhwɛ anaa wɔkenkan ho ade no ma ne hwɛ ka wɔn hɔ, na wɔbɛyɛ nnipa a sɛ wɔanya bi anhwɛ a wontumi ntra ase. * Ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a wɔhwɛ yɛ bɔne a ɛsɛe nnipa ntam, na ɛsan sɛe obi ne Onyankopɔn ntam. Nna ho akɔnnɔ a ɛmfata a adaemone no daa no adi ansa na Noa bere so Nsuyiri no reba no ara na wɔhyɛ ho nkuran wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a wɔma nnipa hwɛ no nnɛ no mu.

Ntease pa bi nti na onyansafo Salomo tuu yɛn fo sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmebusɛm 4:23) Nea wubetumi ayɛ de abɔ wo koma ho ban afi asiane a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho mfonini a wɔhwɛ ho ne sɛ wubekyim wo TV no ato baabi foforo anaasɛ wubedum wo kɔmputa no bere a mfonini a ɛma obi nya nna ho akɔnnɔ ba so no. Ɛho hia sɛ wusi ho gyinae na woyɛ no ntɛm! Fa no sɛ woyɛ ɔsraani a worebɔ mmɔden sɛ wobɛtwe wo ho afi akode bi a wɔatow ma ɛrebɛbɔ wo koma ho. Satan de n’ani asi wo koma a ɛno na ɛkanyan w’akɔnnɔ ne wo nsusuwii no so pɛ sɛ ɔsɛe no.

Ɛsɛ sɛ wobɔ wo koma ho ban nso sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani rennye basabasayɛ ho, efisɛ Ɔbonsam nim sɛ “obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, [Yehowa] kra kyi no koraa.” (Dwom 11:5, NW) Enhia sɛ Satan bɛma woadi awu ansa na wama woayɛ Onyankopɔn tamfo. Nea ohia ara ne sɛ ɔbɛma w’ani agye awudisɛm ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nsɛm ho amanneɛbɔ adwuma a agye din yi sini a basabasayɛ wom pii kyerɛ, na edin a wɔtaa de to sini so no fa ahonhonsɛmdi ho. Ɛwom sɛ Nefilim no nni hɔ bio de, nanso nnipa bi da so ara da wɔn su ne wɔn nneyɛe no bi adi kɛse! So nneɛma a wode gyigye w’ani no kyerɛ sɛ woreko atia Satan akwan?—2 Korintofo 2:11.

Sɛnea Wobɛko Atia Satan Nkɛntɛnso Bɔne No

Ebetumi ayɛ den sɛ wobɛko atia ahonhommɔne. Bible ka sɛ, wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani no reko atia “ahonhommɔne dɔm” ne wɔn ankasa mmerɛwyɛ. Sɛ yebedi nkonim wɔ ɔko no mu na yɛanya Onyankopɔn anim dom a, ehia sɛ yɛde nneɛma pii a yenya fi Onyankopɔn hɔ no yɛ adwuma.—Efesofo 6:12; Romafo 7:21-25.

Nneɛma a yenya fi Onyankopɔn hɔ no bi ne Onyankopɔn honhom kronkron, na ɛno ne tumi a ano yɛ den sen biara wɔ amansan yi mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu sɛ: “Ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a efi Nyankopɔn hɔ.” (1 Korintofo 2:12) Wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no dɔ nneɛma a Onyankopɔn dɔ, na wɔtan nneɛma a Onyankopɔn tan. (Amos 5:15) Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama watumi anya honhom kronkron? Nneɛma atitiriw a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no bi ne mpae a ɔbɛbɔ ne Bible a obesua, efisɛ wɔde Onyankopɔn honhom ankasa na ɛkyerɛw Bible no. Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔne wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn paa no bɔ fekuw.—Luka 11:13; 2 Timoteo 3:16; Hebrifo 10:24, 25.

Sɛ wode nneɛma a Onyankopɔn de ama yi yɛ adwuma a, ɛnde na woafi ase rehyɛ “Onyankopɔn akode” no, na ɛno ne ade koro pɛ a ebetumi abɔ wo ho ban afi “Ɔbonsam nnɛɛdɛe” ho. (Efesofo 6:11-18) Ɛnnɛ ne bere a ɛho hia paa sɛ wode saa nneɛma yi yɛ adwuma. Ɔkwan bɛn so?

Bɔne Awiei Abɛn!

Odwontofo no kae sɛ, “Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.” (Dwom 92:7) Yiw, sɛnea ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so no, bɔne a abu so nnɛ no di adanse sɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde rebɛsɛe abɔnefo na ɔnam so de Satan ne n’adaemone no agu amoa donkudonku mu a ɛremma wontumi nyɛ hwee na awiei koraa no wɔasɛe wɔn no abɛn. (2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 20:1-3, 7-10) Hena na obebu saa atɛn no? Ɛnyɛ obiara sɛ Yesu Kristo. Yɛkenkan ne ho asɛm sɛ: “Eyi nti na woyii Nyankopɔn Ba no adi, sɛnea ɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma.”—1 Yohane 3:8.

So worehwɛ kwan denneennen sɛ bɔne bɛba awiei? Sɛ ɛte saa a, ɛnde, ma bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no nkyekye wo werɛ. Nhoma foforo biara nni hɔ a ɛma yehu nea ɔde bɔne ba a ɔne Satan no, na nhoma foforo biara nso nni hɔ a ɛka sɛnea wɔbɛsɛe Satan ne ne nnwuma afi hɔ koraa no ho asɛm. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ nya Bible mu nokware nimdeɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ wo ho ban afi Satan nneɛma bɔne a ɛrekɔ so nnɛ no ho, na ama woanya anidaso sɛ wobɛtra ase wɔ wiase a bɔne biara nnim mu.—Dwom 37:9, 10.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Yennim ɔbɔfo a ɔbɛyɛɛ Satan no din ankasa. “Satan” kyerɛ “Ɔsɔretiafo,” na “Ɔbonsam” nso kyerɛ “Otwirifo.” Ɔkwan bi so no, nea Satan yɛe no te sɛ nea Tiro hene bi a ɔtraa ase tete no yɛe no. (Hesekiel 28:12-19) Mfiase no wɔn baanu nyinaa bɔɔ ɔbra pa, nanso akyiri yi wɔn ankasa ahantan ma wɔyɛɛ bɔne.

^ nky. 17 Hwɛ “Pornography—Harmless or Harmful?” (Nguamansɛm—Epira Nnipa Anaa Empira Wɔn?) ho nsɛm a ɛwɔ August 8, 2003, Nyan! a Yehowa Adansefo tintimii mu no.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 6]

Atetesɛm a Nokwasɛm Bi Wom

Yehu nnipa bi a wɔn fã yɛ nyame na wɔn fã yɛ nnipa, abran, ne nsuyiri bi a ɛsɛee ade ho asɛm wɔ atetesɛm a wɔka wɔ wiase nyinaa mu. Sɛ nhwɛso no, Akkadfo Gilgamesh Anwensɛm no ka nsuyiri bi, po so hyɛn bi, ne nnipa bi a wonyaa nkwa ho asɛm. Wɔkaa Gilgamesh ankasa ho asɛm sɛ ɔyɛ aguaman, ɔyɛ onyame fã ne onipa fã a ɔyɛ basabasa. Aztecfo atetesɛm ka tete wiase a na abran bi te mu ne nsuyiri kɛse bi ho asɛm. Norsefo atetesɛm nso ka abran bi ne onyansafo bi a na ne din de Bergelmir a ɔyɛɛ hyɛmma kɛse bi na ogyee ne ho ne ne yere nkwa ho asɛm. Saa atetesɛm yi nyinaa di Bible mu asɛm a ɛka sɛ nnipa nyinaa fi wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ nsuyiri bi a wɔde sɛee wiase bɔne bi wɔ tete mmere mu no mu ho adanse.

[Mfonini]

Ɔbopon a wɔakyerɛw Gilgamesh Anwensɛm wɔ so

[Asɛm Fibea]

The University Museum, University of Pennsylvania (neg. # 22065)

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Ɛnnɛ, yehu sɛ nnipa yɛ nneɛma bɔne a Nefilim no yɛe no bi

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nokware nimdeɛ boa yɛn ma yɛko tia nneɛma bɔne