Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesii Yɛn Bo Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Som Adwuma No

Yesii Yɛn Bo Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Som Adwuma No

Asetram Nsɛm

Yesii Yɛn Bo Sɛ Yɛbɛyɛ Yɛn Som Adwuma No

Sɛnea Lena Davison ka kyerɛe

Wimhyɛn kafo no kasa hyɛɛ ne hwenem sɛ: “M’ani so ayɛ me kusuu. Minhu hwee.” Ankyɛ koraa na yehui sɛ wagyae wimhyɛn ketewa a na yɛte mu no ka. Ogyee ne ho daa akongua no mu prɛko pɛ, na ɔtɔɔ mum. Me kunu a na onnim wimhyɛn ka ho hwee no bɔɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛma n’ani so atetew no. Ansa na mɛka nea ɛyɛe a yenyaa yɛn ti didii mu no, ma menka nea ɛde yɛn kopuee wimhyɛn no mu wɔ Papua New Guinea a ɛyɛ aman a ɛwɔ akyirikyiri paa no mu biako ho asɛm nkyerɛ wo.

WƆWOO me wɔ afe 1929 mu wɔ Australia, na wɔtetee me wɔ New South Wales ahenkurow Sydney mu. Ná me papa a wɔfrɛ no Bill Muscat no yɛ Komunisni, nanso anwonwasɛm ne sɛ na ogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Wɔ afe 1938 mu no, ɔpenee so mpo de ne nsa hyɛɛ krataa bi a na wɔde resrɛ kwan afi ɔman no mpanyimfo hɔ sɛ wɔmma Joseph F. Rutherford a ofi Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no kwan na ɔmmɛma ɔkasa wɔ Sydney Town Hall no ase.

Paapa ka kyerɛɛ yɛn saa bere no sɛ: “Ebia na ɔwɔ asɛmpa bi ma yɛn.” Mfe awotwe akyi no, yehuu aba a na ɛwɔ Onua Rutherford kasa a ɔmae no mu no. Paapa maa Norman Bellotti a ɔyɛ Yehowa Dansefo a na ɔyɛ daa kwampaefo no baa yɛn fie ne yɛn bɛbɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Yɛn abusua no gyee Bible mu nokware no toom ntɛm, na ankyɛ koraa na yɛn nso yefii ase yɛɛ Kristofo som adwuma no bi denneennen.

Wɔ afe 1940 mfe no mfinimfini mu hɔ no, migyaee sukuu kɔboaa me maame a na ɔyare no. Mepam ade nso de hwɛɛ me ho. Edu Memeneda anwummere a, na me ne me nuabea Rose kɔka akwampaefo bi ho ma yɛkɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ Sydney Town Hall anim. Wɔ afe 1952 mu no, me nuabarima panyin John wiee Gilead sukuu a ɛwɔ United States a wɔde tete asɛmpatrɛwfo no, na wɔmaa no dwumadi wɔ Pakistan. Ná me nso m’ani gye ɔsom adwuma no ho, na na mepɛ sɛ misuasua no. Enti, mebɛyɛɛ daa kwampaefo wɔ afe a edi hɔ no mu.

Aware ne Asɛmpatrɛw Adwuma

Bere a meyɛɛ akwampae adwuma no akyi bere tiaa bi no, mihyiaa John Davison a na ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no. M’ani gyee n’ahobrɛase, sɛnea na ɔbɔ mmɔden wɔ n’adwumayɛ mu, ne ne suban pa ho. Esiane sɛ ɔyɛ Kristoni na wamfa ne ho anhyɛ Wiase Ko II no mu nti, wɔde no too afiase mprɛnsa. Yɛn baanu nyinaa sii gyinae sɛ yɛde yɛn bere nyinaa bɛyɛ Kristofo som adwuma no.

John waree me wɔ June 1955 mu. Yɛtɔɔ bɔs, na nea enti a yɛtɔe ne sɛ na yɛayɛ yɛn adwene sɛ yɛde bɛyɛ fie atra mu. Ná yɛn botae ne sɛ yɛde bɛkɔ asɛnka wɔ Australia nkuraase. Afe a edi hɔ no, wɔkae sɛ wohia Adansefo ma wɔakɔ New Guinea a ɛwɔ supɔw kɛse bi atifi fam apuei no. New Guinea wɔ Australia atifi fam. * Ná Ahenni asɛm no nnya nnuu hɔ, enti yetuu yɛn ho mae ntɛm ara.

Saa bere no, na gye sɛ obi nya adwuma wɔ New Guinea ansa na wɔama no tumi krataa ma wakɔtra ɔman no mu, enti John fii ase hwehwɛɛ adwuma wɔ hɔ. Ankyɛ koraa na onyaa adwuma wɔ adwumakuw bi a wɔpae nnua wɔ New Britain a ɛyɛ supɔw ketewaa bi a ɛwɔ New Guinea no mu. Adapɛn bi akyi no, yesii mu sɛ yɛrekɔ baabi a yɛrekɔyɛ adwuma foforo no, na yeduu Rabaul, New Britain, wɔ July 1956 mu. Yedii nnansia wɔ hɔ twɛnee ahyɛmma a na ɛde yɛn bɛkɔ Waterfall Bay no.

Ɔsom Adwuma a Yɛyɛe Wɔ Waterfall Bay

Bere a yedii po so amia nna kakra no, yekoduu Waterfall Bay a ɛyɛ ɛpo faka a ɛwɔ Rabaul atifi fam kilomita 240 no. Ná wɔabue adwuma kɛse bi wɔ kwae no mu a wɔpae nnua wɔ hɔ. Bere a na yɛn nyinaa te pon ho redidi saa anwummere no, adwuma no so panyin kae sɛ, “Owura ne Owurayere Davison, adwuma yi mmara hwehwɛ sɛ odwumayɛni biara kyerɛ asɔre a ɔkɔ.”

Ná yegye di paa sɛ ɛno nka adwuma no mmara ho, na ebia wɔmaa yɛn sigaret a yɛannye nti na na wɔpɛ sɛ wohu nnipa ko a yɛyɛ no. John kae sɛ, “Yɛyɛ Yehowa Adansefo.” Ɔkaa saa pɛ na ɛhɔ tɛm dinn. Saa ná mmarima a wɔwɔ hɔ no kɔɔ Wiase Ko II no bi, na esiane sɛ Adansefo no amfa wɔn ho anhyɛ saa ɔko no mu nti, wonyaa yɛn ho adwemmɔne. Efi saa bere no, mmarima no hwehwɛɛ ɔkwan biara a wɔbɛfa so ama yɛn ho akyere yɛn.

Nea edi kan no, na anka ɛsɛ sɛ wɔma yɛn frigye ne sutof, nanso adwumam panyin no amma yɛn bi. Yɛn nnuan sɛee, na na yɛnoa yɛn aduan wɔ sutof bi a asɛe a yɛfae wɔ wuram hɔ no so. Afei, wɔka kyerɛɛ akuraa no asefo sɛ mma wɔnntɔn wɔn afumduan mma yɛn, enti na yedi nnuan a na yɛn nsa ka biara. Wɔkae nso sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛaba kurom hɔ rebetietie wɔn nsɛm mu akɔka, na wɔde wɔn ani dii yɛn akyi hwɛe sɛ wobehu sɛ yɛreka Bible mu asɛm akyerɛ obi anaa. Meyaree atiridiinini saa bere no.

Nanso, na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no. Enti, yɛka kyerɛɛ adwumayɛfo nkumaa baanu bi a na wofi kurom hɔ a na wɔte Borɔfo kasa no sɛ wɔnkyerɛ yɛn Melanesian Pidgin a ɛno ne kasa titiriw a wɔka wɔ ɔman no mu no. Na yɛn nso yɛkyerɛkyerɛɛ wɔn Bible no mu. Edu dapɛn awiei a, na yekyinkyin kɔ akyirikyiri “kɔhwehwɛ nneɛma” a ɛwɔ ɔman no mu. Ná yɛfa anifere kwan so di akuraa no asefo biara a yebehu wɔn wɔ ɔkwan so no adanse; sɛ yɛkasa a, na yɛn Bible asuafo no na wɔkyerɛ ase ma yɛn. Yetwaa nsubɔnten a ɛsen ntɛmntɛm a na adɛnkyɛm pii to owia wɔ ne nsukɔn so. Mmoa a wɔn ho yɛ hu yi anhaw yɛn da gye da koro bi pɛ na anka wɔreyɛ akyere yɛn awe.

Yɛyɛɛ Nneɛma Bi a na Yɛde Kyerɛkyerɛ

Bere a yɛn asɛnka adwuma no mu retrɛw no, yesii gyinae sɛ yɛbɛkyerɛw Bible mu nsɛm ntiantiaa bi akyekyɛ ama wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no. Yɛn Bible asuafo no boaa yɛn ma yɛkyerɛɛ nea edi kan a yɛyɛe no ase. Yesii pɛ nna pii kyerɛw nkratawa bebree kyekyɛ maa akuraa no asefo ne nhyɛmma a etwam wɔ hɔ mu adwumayɛfo nyinaa.

Wɔ afe 1957 mu no, John Cutforth a na ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo a ne ho akokwaw no bɛsraa yɛn hyɛɛ yɛn nkuran. * Ɔkae sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka yɛnyɛ mfonini mmom mfa nkyerɛkyerɛ, na ɛno bɛboa wɔn a wonnim akenkan no ma wɔate Bible mu nokware no ase. Ɔne me kunu yɛɛ mfonini bi ma yɛde kyerɛkyerɛɛ Bible mu mfitiasesɛm. Akyiri yi, yɛde nnɔnhwerew pii yɛɛ saa mfonini yi guu nhoma mu, na yɛkyekyɛ maa yɛn Bible asuafo no mu biara, na ɛno boaa wɔn ma wɔn nso tumi kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo. Awiei koraa no, saa kwan yi na wɔfaa so kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm wɔ ɔman no mu nyinaa.

Bere a yedii mfe abien ne fã wɔ Waterfall Bay no, adwuma a na yɛyɛ wɔ baabi a wɔpae nnua no baa awiei. Na wɔpenee so ma yɛtraa ɔman no mu. Enti, yɛpenee so sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo atitiriw.

Yɛsan Kɔɔ Rabaul

Bere a yɛtraa ahyɛmma mu de yɛn ani kyerɛɛ atifi fam sɛ yɛrekɔ Rabaul na ade saa yɛn kwan mu no, ahyɛmma a yɛte mu no gyinae wɔ kube ne kookoo afuw bi mu wɔ Wide Bay. Ná afuw no yɛ awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim a na wɔpɛ sɛ wotu kɔtra Australia kogye wɔn ahome no dea. Wɔkae sɛ wɔde afuw no bɛma John ahwɛ so. Ná yɛn ani gye adwuma no ho paa, nanso bere a yesusuw ho anadwo no, yegye toom sɛ yɛamma New Guinea sɛ yɛrebɛpɛ ahonyade. Ná yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ akwampae adwuma no. Enti, ade kyee no, yɛkaa gyinae a yɛasi no kyerɛɛ awarefo no, na yɛsan kɔforoo ahyɛmma no.

Yeduu Rabaul no, yɛkɔkaa Adansefo kuw ketewaa bi a na wofi aman horow so aba hɔ no ho. Kurom hɔfo no ani gyee Ahenni asɛm no ho kɛse, na yɛyɛɛ Bible adesua pii. Saa bere no nyinaa na yɛyɛ Kristofo nhyiam wɔ ɔdan bi a yegye tuaa ho ka wɔ kurom hɔ mu, na yɛyɛ nnipa bɛyɛ 150 na yehyia wɔ hɔ. Saa nnipa yi mu pii gyee nokware no, na wɔboa ma yɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ nkurow foforo a ɛwɔ ɔman no mu no mu.—Mateo 24:14.

Yɛkɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Vunabal a efi Rabaul kɔ hɔ yɛ kilomita 50 ase, na nnipakuw bi kyerɛɛ Bible mu nokware no ho anigye kɛse wɔ hɔ. Ankyɛ koraa na Katolekni bi a ɔwɔ akuraa no ase a ɔwɔ tumi huu yɛn. Ɔne n’asɔremma no bi sɛee Bible adesua a na yɛyɛ no dapɛn biara no, na wɔpam yɛn fii akuraa no ase. Bere a yehui sɛ wɔbɛyɛ yɛn basabasa wɔ dapɛn a edi hɔ no mu no, yɛka kyerɛɛ polisifo bi sɛ wɔmmɛbɔ yɛn ho ban.

Saa da no, Katolekfo pii gyinagyinaa kwan ho huroo yɛn. Ná wɔn mu pii pɛ sɛ wɔpa yɛn abo. Saa bere no nyinaa na ɔsɔfo bi ne akuraa no ase mmarima pii reyɛ nhyiam bi. Polisifo no maa yɛn awerɛhyem sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ yɛn nhyiam no, enti wopiaa nnipa no gyinaa nkyɛn maa ɔkwan no mu daa hɔ. Nanso, yefii yɛn nhyiam no ase ara pɛ na ɔsɔfo no maa nnipadɔm bi bɛyɛɛ basabasa wɔ hɔ. Polisifo no antumi annyina ano, enti polisifo panyin no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yemfi akuraa no ase, na ntɛm ara na wodii yɛn anim ma yɛkɔforoo yɛn kar no.

Basabasayɛfo no betwaa yɛn ho hyiae didii yɛn atɛm tetee yɛn so ntasu pomapomaa yɛn so atwɛre. Saa bere no nyinaa na ɔsɔfo no abobɔw ne nsa agu ne bo gyina hɔ reserew yɛn. Bere a yefii hɔ no, polisifo panyin no kae sɛ onhuu asɛm a esii no bi da. Ɛwom sɛ basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ Vunabal no hunahunaa yɛn Bible asuafo no ma wɔantumi annye nokware no de, nanso Bible suani biako bi gyee Ahenni no ho nokwasɛm no toom. Efi saa bere no, nnipa ɔhaha pii agye nokware no wɔ New Britain.

Yɛkɔkaa Asɛmpa no wɔ New Guinea

Wɔ November 1960 mu no, wɔsan de yɛn kɔɔ Madang, kurow kɛse bi a ɛwɔ New Guinea supɔw kɛse no atifi fam mpoano. Nkurɔfo kae sɛ wɔbɛma me ne John nnwuma pii ayɛ wɔ hɔ. Adwumakuw bi kae sɛ menhwɛ wɔn sotɔɔ a wɔtɔn ntade wom no so. Ná adwumakuw foforo nso pɛ sɛ mepompam wɔn ntade a atetew ma wɔn. Mmea bi a wɔyɛ ahɔho wɔ ɔman no mu mpo kae sɛ wobebue adwuma bi ama me ma mapam ntade wom. Esiane sɛ yɛmaa nea enti a yɛkɔɔ hɔ no traa yɛn adwenem bere nyinaa nti, yɛfaa anifere kwan so ma wohui sɛ yɛrentumi nyɛ saa nnwuma no ne nea afoforo de maa yɛn akyiri yi no.—2 Timoteo 2:4.

Nnipa pii tiee asɛm no wɔ Madang, na ankyɛ na yɛhyehyɛɛ asafo a emu nnipa dɔɔso ntɛmntɛm wɔ hɔ. Ná yɛnantew twa kwan kɔ nkuraase kɔka asɛmpa no, na ɛtɔ mmere bi nso a na yɛtra moto so kodi nna pii. Yetwaa sare de yɛɛ kɛtɛ daa so wɔ asese a na nkurɔfo abobɔ wɔ kwan ho agyaw hɔ mu. Nnuan a egu ntonturowa mu, bisket, ne ntontonnan nkutoo na na yɛde kɔ.

Wɔ yɛn akwantu biako mu no, yɛkɔsraa anigyefo bi a na wɔwɔ Talidig a ɛyɛ akuraa bi a ɛwɔ Madang atifi fam bɛyɛ kilomita 50 no. Bere a anigyefo no nyaa Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ no, sukuu a ɛwɔ hɔ no akyerɛkyerɛfo panyin no kae sɛ ɔremma yensua Bible wɔ baabi a na yehyiam sua ade no. Akyiri yi, ɔmaa polisifo sɛee anigyefo no afie, na wɔkaa wɔn guu wuram. Nanso, ɔhene bi a ɔbɛn hɔ maa anigyefo no bɛtraa n’asase so. Bere bi akyi no, ɔhene ɔyamyefo yi gyee Bible mu nokware no toom, na wosii Ahenni Asa fɛfɛ bi wɔ mpɔtam hɔ.

Nsɛm Asekyerɛ ne Akwantu Adwuma

Bere a me ne John duu New Britain wɔ afe 1956 mu akyi mfe abien pɛ no, wɔma yɛkɔkyerɛɛ Bible ho nhoma ase kɔɔ Melanesian Pidgin kasa mu. Yɛyɛɛ saa adwuma yi mfe pii. Afei, wɔ afe 1970 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Port Moresby a ɛyɛ Papua New Guinea ahenkurow no mu, na yɛde yɛn bere nyinaa kɔyɛɛ nsɛm asekyerɛ adwuma. Yɛkyerɛɛ nkurɔfo kasa horow nso wɔ hɔ.

Yɛsan kɔɔ New Britain kɔyɛɛ akwantu adwuma wɔ afe 1975 mu. Ɛkame ayɛ sɛ yɛde wimhyɛn, nhyɛmma, kar, ne nantew tutuu akwan kɔɔ ɔman no fã biara wɔ mfe 13 a na edi hɔ no mu. Yehyiaa ahude pii wɔ akwan so, na emu biako na yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no. Saa da no, bere a na yɛreyɛ adu Kandrian wimhyɛn gyinabea a ɛwɔ New Britain no, ayamkuru bi a ɛyɛ yaw kɛse maa ade tɔɔ wimhyɛn kafo no so. Esiane sɛ na wakyim wimhyɛn no ato baabi a ɛbɛma wimhyɛn no ankasa atumi akɔ nti, wimhyɛn no twaa ne ho wɔ wim bere a na John rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wimhyɛn kafo no ani so atetew no no. Awiei koraa no, n’ani so tetew no, na otumi huu ade yiye de wimhyɛn no kɔpem fam. Na ade san tɔɔ no so bio.

Yenyaa Ɔsom Hokwan Foforo

Wɔsan de yɛn kɔɔ Port Moresby wɔ afe 1988 mu sɛ yɛnkɔboa nsɛm asekyerɛ adwuma a na ɛho abehia kɛse wɔ baa dwumadibea hɔ no. Ná yɛyɛ anuanom bɛyɛ 50 na yɛte baa dwumadibea hɔ yɛ adwuma sɛ abusua, na yɛde ntetee nso maa nsɛm asekyerɛfo a wɔyɛ foforo no. Ná yɛte ofihyia bi a emu adan yɛ mmiako mmiako mu. Me ne John sii gyinae sɛ yebebue yɛn pon ato hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ abusua no mufo ne ahɔho a wɔba hɔ no nkuran ma wɔne yɛn abɛbɔ nkɔmmɔ. Enti, yɛne yɛn abusua no mufo nyaa abusuabɔ a emu yɛ den, na yetumi daa ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛɛ afoforo, na yɛboaa wɔn.

Afei, komayare kum John wɔ afe 1993 mu. Metee nka te sɛ nea me nipadua fã bi awu no. Ná yɛaware mfe 38, na na yɛabom de yɛn bere nyinaa ayɛ ɔsom adwuma no. Nanso, esiane sɛ na minim sɛ Yehowa bɛhyɛ me den nti, na masi me bo sɛ mɛkɔ so ayɛ ɔsom adwuma no. (2 Korintofo 4:7) Mekɔɔ so ara buee me pon too hɔ, na mmerante ne mmabaa kɔɔ so sraa me. Fekubɔ pa a ɛte saa no boaa me ma minyaa anidaso.

Wɔ afe 2003 mu no, esiane sɛ na m’ahoɔden so retew nti, wɔsan ma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Australia baa dwumadibea a ɛwɔ Sydney no. Seesei, madi mfe 77, na meda so ara de me bere nyinaa yɛ adwuma wɔ Nsɛm Asekyerɛ Dwumadibea, na mekɔ asɛnka bere nyinaa nso. Me nnamfo ne me mma ne mmanananom a manya wɔn wɔ Onyankopɔn som mu no ma m’ani gye bere nyinaa.

Meda so ara bue me pon to hɔ wɔ Betel, na minya ahɔho nna pii. Nokwarem no, sɛ mammue me pon no a, nkurɔfo taa bɔ mu hwɛ sɛ ebia meyare anaa. Sɛ́ mete ase na minnya nwui yi, masi me bo sɛ mɛkɔ so ayɛ me som adwuma no, na mɛsom me Nyankopɔn Yehowa.—2 Timoteo 4:5.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Saa bere no, na wɔakyɛ supɔw no apuei fam no mu abien. Ná Papua wɔ anafo fam, ɛnna New Guinea wɔ atifi fam. Ɛnnɛ, wɔfrɛ saa supɔw no atɔe fam Papua, na ɛyɛ Indonesia ɔman no fã, ɛnna wɔfrɛ apuei fam no nso Papua New Guinea.

^ nky. 19 Sɛ wopɛ John Cutforth asetram nsɛm a, hwɛ June 1, 1958, Borɔfo Ɔwɛn-Aban, kratafa 333-6.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 18]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

NEW GUINEA

AUSTRALIA

Sydney

INDONESIA

PAPUA NEW GUINEA

Talidig

Madang

PORT MORESBY

NEW BRITAIN

Rabaul

Vunabal

Wide Bay

Waterfall Bay

[Asɛm Fibea]

Asase mfonini: Based on NASA/Visible Earth imagery

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Me ne John kɔɔ nhyiam wɔ Lae, New Guinea, 1973

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Mewɔ baa dwumadibea wɔ Papua New Guinea, 2002