Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Yɛɛ Yɛn Ma ‘Ɛyɛ Nwonwa’

Onyankopɔn Yɛɛ Yɛn Ma ‘Ɛyɛ Nwonwa’

Onyankopɔn Yɛɛ Yɛn Ma ‘Ɛyɛ Nwonwa’

“Woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.”—DWOM 139:14.

1. Dɛn nti na nnipa pii a wosusuw nneɛma ho kɔ akyiri ka sɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ asase so nneɛma a ɛyɛ nwonwa no?

ABƆDE a ɛyɛ nwonwa pii ahyɛ wiase yi mu ma. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae? Ebinom susuw sɛ wobetumi akwati Ɔbɔadeɛ nyansafo bi anya ho mmuae. Afoforo nso susuw sɛ yɛrentumi nkwati Ɔbɔadeɛ no nte nea ɛyɛe a abɔde bae no ase. Wogye di sɛ abɔde a ɛwɔ asase so ho nsɛm dɔɔso dodo, egu ahorow pii, na yebetumi aka nso sɛ ɛyɛ nwonwa dodo sɛ obi bɛka sɛ ɛbae ara kwa. Nnipa pii a nyansahufo binom ka ho ahu sɛ adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ onyansafo bi a ɔwɔ tumi, na ne yam ye na ɔyɛɛ amansan yi. *

2. Dɛn na ɛkaa Dawid ma oyii Yehowa ayɛ?

2 Ɔhene Dawid a ɔtraa ase wɔ tete Israel no gye toom sɛ Nea ɔyɛ biribi no fata ayeyi wɔ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Wayɛ no ho. Ɛwom sɛ Dawid traa ase bere tenten ansa na nnɛyi nyansahufo reba de, nanso ohui sɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a atwa ne ho ahyia no yɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma. Nea na ehia sɛ Dawid yɛ ara ne sɛ obesusuw n’ankasa nipadua ho ahu sɛnea Onyankopɔn abɔde yɛ nwonwa fa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”—Dwom 139:14.

3, 4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn mu biara susuw Yehowa nnwuma ho anibere so?

3 Nsɛm ho a Dawid dwennwen no anibere so no na ɛma ogye dii sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ade. Ɛnnɛ, nneɛma a wɔkyerɛ wɔ sukuu mu ne nea nsɛm ho amanneɛbɔfo ka fa nea ɛyɛe a nnipa bae ho no tumi sɛe Onyankopɔn mu gyidi. Sɛ yebenya gyidi a na Dawid wɔ no bi a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesusuw nsɛm ho anibere so. Ɛnsɛ sɛ yɛma afoforo nsusuwii wɔ nsɛm a ɛho hia te sɛ nea ɛfa Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ hɔ ne dwuma a odi ho no kɛntɛn yɛn so.

4 Bio nso, Yehowa nnwuma a yedwennwen ho no hyɛ anisɔ a yɛwɔ ma no no mu den, na ɛma yenya ahotoso wɔ ne bɔhyɛ ahorow mu. Ɛno nso betumi aka yɛn ma yɛahu Yehowa yiye na yɛasom no. Ɛnde momma yensusuw sɛnea nnɛyi nyansahu foa asɛm a Dawid kae sɛ wɔyɛɛ yɛn ma ‘ɛyɛ nwonwa’ no so ho nhwɛ.

Sɛnea Yɛn Nipadua no Nyin no Yɛ Nwonwa

5, 6. (a) Ɛyɛɛ dɛn na yɛn nyinaa nkwa fii ase? (b) Adwuma bɛn na yɛn asaabo no yɛ?

5 “Wo na wobɔɔ m’asaabo, wonwenee me, me nã yam.” (Dwom 139:13) Yɛn nyinaa nkwa fii ase wɔ yɛn na yam sɛ nkwaboaa ketewaa biako pɛ a ne kɛse sua koraa sen paane aniwa. Nneɛma pii kɔɔ so wɔ nkwaboaa ketewaa yi a ɛte sɛ adwinnan ketewa bi a adagyew nnim koraa no mu! Enyinii ntɛmntɛm. Wudii asram abien wɔ wo na yam no, na wo nkwaadɔm no nyinaa ahyehyɛ awie. Emu bi ne w’asaabo. Bere a wɔwoo wo no, na w’asaabo ayɛ krado sɛ ɛbɛsɔn wo mogya so ayiyi mu fĩ ne nsu a wo nipadua no nhia no na agyaw nea ehia no nkutoo. Sɛ woanyin na w’asaabo abien no nyinaa wɔ ahoɔden a, simma 45 biara ɛsɔn nsu a ɛwɔ wo mogya mu a ne dodow bɛyɛ lita anum no so!

6 W’asaabo nso boa ma aduannuru a ɛwɔ wo mogya mu, mogya mu nsu a ɛte sɛ nkyene, ne koma no yɛ adwuma sɛnea ɛsɛ. Asaabo no yɛ nneɛma foforo a ehia te sɛ vitamin D a ɛma ɛdan biribi foforo a etumi ma nnompe mu yɛ den no. Afei ɛma wunya nipadua mu aduru (erythropoietin) a ɛma mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ dɔɔso wɔ wo nnompe mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛnea asaabo no yɛ adwuma no ma nkurɔfo ho dwiriw wɔn ankasa! *

7, 8. (a) Kyerɛkyerɛ sɛnea akokoaa a ɔhyɛ ne na yam nyin mu. (b) Ɔkwan bɛn so na “wɔnwenee” akokoaa a ɔrenyin no wɔ “asase mu tɔnn”?

7 “Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu na wɔnwenee me, asase mu tɔnn no.” (Dwom 139:15) Nkwaboaa biako a efii ase no mu kyekyɛe, na nkwammoaa foforo a efi mu bae no nso mu kɔɔ so kyekyɛe. Ankyɛ na nkwammoaa no mu fii ase kyekyɛe maa emu biara yɛɛ n’adwuma. Ebi yɛɛ ehon, ntini, honam ne nea ɛkeka ho. Nkwammoaa a ɛwɔ kuw biara mu no kekaa wɔn ho boom yɛɛ honam ne nipadua no nkwaa. Sɛ nhwɛso no, wudii nnawɔtwe abiɛsa wɔ wo na yam no, wufii ase nyaa nnompe nkwaadɔm. Ɛwom sɛ wunyaa nnawɔtwe ason a na wo tenten bɛyɛ nsateakwaa biako pɛ no, na wo nnompe mmiako mmiako 206 a ɛwɔ wo mu seesei no nyinaa mu nnya nyɛɛ den de, nanso na ne nyinaa aba dedaw.

8 Anwonwakwan a nipadua fa so nyin yi nyinaa kɔɔ so wɔ wo na yam, baabi a nnipa anhu ho hwee te sɛ nea wɔde asie asase mu tɔnn. Nokwarem no, sɛnea yenyin no ho nsɛm pii wɔ hɔ a nnipa nnya nhui. Sɛ nhwɛso no, dɛn na ɛmaa w’awosu ho nneɛma pɔtee a ɛwɔ wo nkwammoaa mu no mu fii ase kyekyɛe ma emu biara yɛɛ n’adwuma? Ebia akyiri yi na nyansahufo behu, nanso sɛnea akyiri yi Dawid kae no, yɛn Yɛfo, Yehowa no nim eyinom nyinaa dedaadaw.

9, 10. Ɔkwan bɛn so na “wɔakyerɛw” sɛnea mogya tɔw nyin no ho nsɛm nyinaa wɔ Onyankopɔn “nhoma” mu?

9 “Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no.” (Dwom 139:16) Ɔkwan a wo nipa mũ no faa so nyinii no ho nhyehyɛe nyinaa wɔ wo nkwaboaa biako a efii ase no mu. Saa nhyehyɛe yi na ɛhwɛ ma wunyinii wɔ asram akron a wudii wɔ wo na yam ansa na wɔrewo wo no mu, na ɛtoaa so kosii sɛ wudii bɛboro mfe 20. Saa bere yi, nneɛma pii kɔɔ so wɔ wo nipadua mu a ne nyinaa gyina nhyehyɛe a ɛwɔ nkwaboaa biako a efii ase no so.

10 Ná Dawid nni nkwaboaa ne awosu ho nimdeɛ biara, na mpo na onni afiri a wɔde hwɛ nneɛma a aniwa ntumi nhu. Nanso sɛnea n’ankasa nipadua nyinii no ma otumi huu no yiye sɛ na wɔadi kan ayɛ ho nhyehyɛe dedaw. Ebetumi aba sɛ na Dawid nim sɛnea mogya tɔw nyin no ho biribi kakra, enti na otumi kae sɛ na wɔadi kan ayɛ sɛnea biribiara bɛkɔ so no ho nhyehyɛe ato hɔ pɛpɛɛpɛ. Ɔkaa nhyehyɛe yi ho asɛm wɔ anwensɛm kwan so sɛ “wɔakyerɛw” wɔ Onyankopɔn “nhoma mu.”

11. Dɛn na ɛma yɛyɛɛ sɛnea yɛte yi?

11 Ɛnnɛ, wɔabehu sɛ wunyaa su ahorow te sɛ wo tenten, sɛnea w’anim te, w’aniwa ne wo ti nhwi kɔla, ne su afoforo mpempem pii fii w’awofo ne wo nananom hɔ—ɛnam w’awosu so na wunyae. W’awosu ho nneɛma mpempem pii wɔ wo nkwammoaa biara mu, na awosu ho nneɛma no mu biara ka nneɛma a ɛka bom yɛ nea wɔfrɛ no DNA no ho. Sɛnea wo nipadua no afã nyinaa nyin no ho nsɛm wɔ wo DNA mu. Bere biara a wo nkwammoaa mu bɛkyekyɛ, sɛ́ ɛbɛyɛ nkwammoaa foforo anaa ebesi dedaw no ananmu no, wo DNA no na ɛma wokɔ so tra ase na ɛmma sɛnea wote no nso nsesa. Hwɛ tumi ne nyansa a enni ano ara a yɛn Yɛfo a ɔwɔ soro no wɔ!

Yɛn Adwene a Ɛda Nsow No

12. Dɛn titiriw na ɛma nnipa da nsow wɔ mmoa ho?

12 “Na me de, Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara! Ɛdɔɔso dɛn ara! Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sen nhwea, minyan a, meda so mewɔ wo ho ara.” (Dwom 139:17, 18a) Wɔyɛɛ mmoa nso ma ɛyɛ nwonwa, na wɔn mu binom wɔ nkate soronko a ɛma wotumi yɛ nneɛma bi a nnipa ntumi nyɛ. Nanso Onyankopɔn maa nnipa adwene a ɛkorɔn sen aboa biara de. Nyansahu nhoma bi ka sɛ: “Ɛwom sɛ nnipa ne abɔde afoforo di nsɛ wɔ akwan pii so de, nanso esiane sɛ yetumi kasa na yedwen nti, yɛda nsow wɔ asase so nneɛma a nkwa wom no ho. Yɛda nsow nso wɔ sɛnea yɛpɛ sɛ yehu sɛnea yɛn ankasa te no ho: Ɔkwan bɛn na wɔfaa so yɛɛ yɛn nipadua? Ɔkwan bɛn na wɔfaa so bɔɔ yɛn?” Eyinom yɛ nsɛmmisa a ɛbɛyɛ sɛ Dawid nso susuw ho.

13. (a) Ɛyɛɛ dɛn na Dawid tumi susuw Onyankopɔn adwene ho? (b) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Dawid?

13 Nea ɛho hia sen biara no, sɛ yɛde yɛn ho toto mmoa ho a, yɛda nsow wɔ sɛnea yetumi susuw Onyankopɔn adwene ho no ho. * Akyɛde soronko yi yɛ ɔkwan biako a ɛma yehu sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ “Onyankopɔn suban so.” (Genesis 1:27) Dawid de akyɛde yi dii dwuma yiye. Dawid dwennwen nneɛma a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne ne su a eye a ɛda adi wɔ asase so nneɛma mu a na atwa ne ho ahyia no ho. Afei nso, na Dawid wɔ nhoma ahorow a edi kan wɔ Kyerɛw Kronkron no mu a na Onyankopɔn aka n’ankasa ne ne nnwuma ho asɛm wom no bi. Onyankopɔn asɛm yi boaa Dawid ma ɔtee Onyankopɔn adwene, ne nipasu, ne n’atirimpɔw ase. Kyerɛwnsɛm no, abɔde, ne sɛnea Onyankopɔn ne Dawid dii nsɛm no ho a Dawid dwennwenee no kaa no ma oyii ne Yɛfo no ayɛ.

Nea Gyidi Kyerɛ

14. Dɛn nti na ɛho nhia sɛ yehu Onyankopɔn ho biribiara ansa na yɛagye no adi?

14 Dodow a Dawid dwennwen Onyankopɔn abɔde ne Kyerɛwnsɛm ho no, dodow no ara na ohui sɛ ɔrentumi nte Onyankopɔn nimdeɛ ne ne nnwuma nyinaa ase nwie da. (Dwom 139:6) Saa ara na ɛte wɔ yɛn fam. Yɛrentumi nte Onyankopɔn abɔde ho biribiara ase nwie da. (Ɔsɛnkafo 3:11; 8:17) Nanso Onyankopɔn nam Kyerɛwnsɛm no ne abɔde so ‘ayi’ nimdeɛ pii “adi,” na ama wɔn a wɔte ase bere biara a wɔrehwehwɛ nokware no anya gyidi a ɛwɔ nnyinaso.—Romafo 1:19, 20; Hebrifo 11:1, 3.

15. Kyerɛkyerɛ sɛnea gyidi ne yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ wɔ biribi yɛ no mu.

15 Ɛnyɛ nea gyidi a yebenya hwehwɛ ara ne sɛ yebehu sɛ onyansafo bi na ɔbɔɔ amansan yi ne abɔde a nkwa wom no. Ɛhwehwɛ nso sɛ yenya Yehowa Nyankopɔn a ɔpɛ sɛ yehu no na yɛkɔ so ne no nya abusuabɔ pa no mu ahotoso. (Yakobo 4:8) Yebetumi asusuw gyidi ne ahotoso a obi wɔ wɔ n’agya a ɔdɔ no mu no ho. Sɛ obi nnye nni sɛ sɛ wo ho kyere wo a, wo papa betumi aboa wo a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka asɛm bi ma wahu sɛ wo papa yɛ onipa pa. Nanso sɛ wufi bere tenten ahu sɛ wo papa wɔ suban pa a, wubetumi de ahotoso aka sɛ ɔrenni wo huammɔ. Saa ara na yɛnam Kyerɛwnsɛm no a yesua, abɔde a yedwennwen ho, ne yɛn mpaebɔ a Yehowa tie no so behu no na aka yɛn ma yɛanya ne mu ahotoso. Ɛka yɛn ma yenya ɔpɛ nso sɛ yebesua ne ho nneɛma pii, na yɛafi yɛn komam ayi no ayɛ daa na yɛasom no. Eyi yɛ ade a ɛfata sen biara a obiara betumi ayɛ.—Efesofo 5:1, 2.

Hwehwɛ Yɛn Bɔfo no Akwankyerɛ!

16. Dɛn na yebetumi asua afi abusuabɔ pa a na ɛwɔ Dawid ne Yehowa ntam no mu?

16 “Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene, na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!” (Dwom 139:23, 24) Ná Dawid nim sɛ Yehowa a ɔyɛ ne Yɛfo no nim ne nsusuwii, ne tirim asɛm ne nea ɔyɛe nyinaa yiye dedaw. (Dwom 139:1-12; Hebrifo 4:13) Nim a na Onyankopɔn nim Dawid yiye saa no ma ɔtee nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ, sɛnea sɛ abofra kumaa wɔ n’awofo nkyɛn a ɔte nka no ara pɛ. Dawid kyerɛɛ abusuabɔ a na ɔne Yehowa wɔ no ho anisɔ na sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne ne ntam abusuabɔ rensɛe no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obedwinnwen Ne nnwuma ho yiye na wabɔ No mpae. Nokwarem no, Dawid nnwom no pii a Dwom 139 ka ho no yɛ mpaebɔ a wɔahyehyɛ no sɛ nnwom. Saa ara na nsɛm ho a yebedwennwen ne mpaebɔ betumi ama yɛabɛn Yehowa.

17. (a) Dɛn nti na na Dawid pɛ sɛ Yehowa hwehwɛ ne koma mu? (b) Ɔkwan bɛn so na nea yɛpaw no ka yɛn asetra?

17 Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so nti, yetumi paw nea yɛpɛ. Yebetumi apaw sɛ yɛbɛyɛ papa anaa bɔne. Nea yɛbɛpaw biara no, yebebu ho akontaa. Ná Dawid mpɛ sɛ wɔde no fra abɔnefo. (Dwom 139:19-22) Ná ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛma wadi awerɛhow. Enti, bere a Dawid susuw Yehowa nimdeɛ a ɛso bi nni ho no, ofi ahobrɛase mu ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwehwɛ ne mu na ɔmfa no mfa ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn a ɛteɛ no fa obiara ho; enti ehia sɛ yɛn nso yɛpaw nea ɛteɛ. Yehowa hyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yentie no. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya n’anim dom ne nhyira pii. (Yohane 12:50; 1 Timoteo 4:8) Yehowa a yɛne no nantew da biara no boa yɛn ma yenya asomdwoe bere mpo a yɛrehyia ɔhaw a emu yɛ den no.—Filipifo 4:6, 7.

Tie Yɛn Yɛfo Nwonwafo No!

18. Bere a Dawid dwennwen abɔde ho no, dɛn na ɔkae?

18 Dawid yɛ abofra no, na ɔtaa de nguan kɔ adidi. Sɛ nguan no redidi a, na Dawid ma ne ti so hwɛ soro. Edu anadwo a, na Dawid susuw sɛnea amansan no kɛse te ne nea ɛkyerɛ ho. Dawid kyerɛwee sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam; Na wim kyerɛ ne nsa ano adwuma. Adekyee biara adekyee kasa, Na anadwo biara anadwo kyerɛ nimdeɛ.” (Dwom 19:1, 2, NW) Dawid tee ase sɛ na ɛho hia sɛ ɔhwehwɛ Onii a ɔyɛɛ biribiara ma ɛyɛɛ nwonwa no na otie no. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara.

19. Nneɛma bɛn na mmofra ne mpanyin nyinaa betumi asua afi sɛnea Onyankopɔn yɛɛ yɛn ma ‘ɛyɛ nwonwa’ no mu?

19 Dawid kaee ne bɔfo no sɛnea akyiri yi ne ba Salomo tuu mmerante ne mmabaa fo sɛ wɔnyɛ no: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu . . . Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.” (Ɔsɛnkafo 12:1, 13) Bere a Dawid yɛ abofra no, ohui sɛ Onyankopɔn yɛɛ no ma ‘ɛyɛ nwonwa.’ Dawid nyaa asɛm yi a ɔde bɔɔ ne bra no so mfaso pii ne nkwa nna nyinaa. Sɛ yɛn a yɛyɛ mmofra ne mpanyin nyinaa yi yɛn Bɔfo Kɛse no ayɛ na yɛsom no a, yebenya anigye nnɛ ne daakye. Bible hyɛ wɔn a wɔbɛn Yehowa na wɔfa ne kwantrenee so no bɔ sɛ: “Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara, na wɔaka akyerɛ sɛ [Yehowa, NW] teɛ.” (Dwom 92:14, 15) Yebenya yɛn Yɛfo no nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho anigye daa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Hwɛ June 22, 2004, Awake! a Yehowa Adansefo tintimii no.

^ nky. 6 Hwɛ “Your Kidneys—A Filter for Life,” a ɛwɔ August 8, 1997, Awake! mu no.

^ nky. 13 Ɛte sɛ nea Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 139:18b no kyerɛ sɛ sɛ ɔde da mũ nyinaa susuw Yehowa adwene ho kosi sɛ ɔbɛda a, ade bɛkye no na onsusuw ho nnuu baabiara.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Ɔkwan bɛn so na sɛnea mogya tɔw nyin no kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛɛ yɛn ma ‘ɛyɛ nwonwa’?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw Yehowa adwene ho?

• Ɔkwan bɛn so na gyidi ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ wɔ biribi yɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Wɔahyehyɛ sɛnea akokoaa nyin wɔ ne na yam no ho biribiara ato hɔ

[Asɛm Fibea]

Akokoaa a ɔhyɛ ne na yam: Lennart Nilsson

DNA

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Sɛnea mmofra wɔ wɔn agya mu ahotoso no, saa ara na yɛn nso yɛwɔ Yehowa mu ahotoso

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yehowa nsa ano nnwuma a Dawid dwennwen ho no kaa no ma oyii no ayɛ