Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Saul Hyiaa Ne Kan Nnamfo Ne Wɔn A Na Wɔyɛ N’atamfo

Saul Hyiaa Ne Kan Nnamfo Ne Wɔn A Na Wɔyɛ N’atamfo

Saul Hyiaa Ne Kan Nnamfo Ne Wɔn A Na Wɔyɛ N’atamfo

ƐBƐYƐ sɛ bere a Saul a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo san kɔɔ Yerusalem bere a edi kan koraa wɔ bere a ɔbɛyɛɛ Kristoni akyi no, ehu kakra kaa no. * Mfe abiɛsa a atwam a ofii kurow no mu no, na ohunahuna Yesu asuafo no, na na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn. Ná wɔama no tumi sɛ ɔnkɔkyere Kristoni biara a obehu no wɔ Damasko.—Asomafo Nnwuma 9:1, 2; Galatifo 1:18.

Bere a Saul ankasa bɛyɛɛ Kristoni no, ɔde akokoduru kaa gyidi a ɔwɔ wɔ Mesia a wɔanyan no no mu ho asɛm. Ɛno nti, na Yudafo a wɔwɔ Damasko no repɛ no akum no. (Asomafo Nnwuma 9:19-25) So na obetumi ahwɛ kwan sɛ Yudafo a kan na wɔyɛ ne nnamfo wɔ Yerusalem no begye no fɛw so? Nea na ehia Saul kɛse ne Kristo akyidifo a wɔwɔ Yerusalem a na obehu wɔn no. Ná ɛno renyɛ mmerɛw.

“Oduu Yerusalem no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne ho bɛbɔ asuafo no; nanso na wɔn nyinaa suro no, efisɛ na wonnye nni sɛ ɔyɛ osuani.” (Asomafo Nnwuma 9:26) Ná ntease wom saa. Bere a etwa to a wohuu no no, na ɔyɛ ɔtaafo a ne tirim yɛ den. Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔkae sɛ wabɛyɛ Kristoni no, na asuafo no susuw sɛ ɔredaadaa wɔn de ne ho abɛhyɛ asafo no mu na wanya wɔn. Enti na Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no mpɛ sɛ ɔbɛbɛn wɔn.

Nanso wɔn mu baako boaa Saul. Bible ka sɛ Barnaba dii obi a kan na ɔyɛ ɔtaafo no anim de no kɔɔ “asomafo no nkyɛn.” Ɛda adi sɛ ɔde no kɔɔ Petro (Kefa) ne Awurade nua Yakobo nkyɛn kɔkyerɛkyerɛɛ Kristoni a na Saul abɛyɛ ne n’asɛnka adwuma a na ɔreyɛ wɔ Damasko no mu kyerɛɛ wɔn. (Asomafo Nnwuma 9:27; Galatifo 1:18, 19) Nea ɛyɛe a Barnaba benyaa Saul mu ahotoso no de, wɔankyerɛkyerɛ mu. So na Barnaba ne Saul nim wɔn ho dedaw nti na Barnaba tumi bisabisaa Saul nsɛm de hui sɛ wasakra ampa no? So na Barnaba nim Kristofo a wɔwɔ Damasko no bi, ne nea ɛyɛe a Saul sakrae no ho nsɛm? Sɛ́ ebia ɛte saa anaa ɛnte saa no, Barnaba maa asuafo no begyee Saul toom. Ne saa nti Saul kɔtraa Petro nkyɛn nnafua 15.

Ɔkɔtraa Petro Nkyɛn Nnafua Dunum

Saul nyaa n’adwuma no fii Yesu hɔ tee, enti na ɛho nhia sɛ ogye tumi fi onipa biara hɔ, sɛnea ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Galatifo no. (Galatifo 1:11, 12) Nanso akyinnye biara nni ho sɛ Saul huu hia a na ehia sɛ ohu Yesu som adwuma no ani so yiye no. Petro a na Saul ne no bɛtra no bɛboa no ma wayɛ saa. (Luka 24:12; 1 Korintofo 15:3-8) Ná Saul wɔ nsɛm pii a obebisa Petro ne Yakobo, na na wɔn nso wɔ nsɛm a wobebisa Saul wɔ n’anisoadehu ne adwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa no ho.

Ɛyɛɛ Dɛn na Wogyee no Fii Ne Kan Nnamfo Nsam?

Wɔka Stefano ho asɛm sɛ Kristoni mogya dansefo a odi kan. Wɔn a na Stefano ne wɔn adi anobaabae no yɛ “nnipa bi a wofi nea wɔfrɛ no Ahofadifo Hyiadan no mu . . . ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia.” Afei Saul ne “Yudafo a wɔka Hela no kasae dii anobaabae” na odii wɔn adanse akokoduru so. Dɛn na wɔyɛɛ wɔ ho? Ná wɔpɛ sɛ wokum no.—Asomafo Nnwuma 6:9; 9:28, 29.

Ná ɛyɛ ne kwan so sɛ Saul bɛpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ nsakrae kɛse a na aba n’asetram no mu kyerɛ ne kan nnamfo no, na ɔbɔ mmɔden ka Mesia no ho asɛm nso kyerɛ wɔn. Nanso, Yudafo a wɔka Hela kasa yi nyaa ɔbarima yi a na wobu no sɛ ɔfatwafo no ho tan.

So Saul huu asiane a na ɔwom no? Yɛkenkan sɛ bere a ɔwɔ asɔrefie hɔ rebɔ mpae no, onyaa anisoadehu na ohuu Yesu, na Yesu ka kyerɛ no sɛ: “Ma wo ho nyɛ hare na fi Yerusalem ntɛm, efisɛ wɔrempene me ho adanse a wudi no so.” Saul kae sɛ: “Awurade, wɔn ankasa nim pefee sɛ na mekyere wɔn a wogye wo di no gu afiase hwe wɔn wɔ hyiadan ahorow mu; na bere a wɔrehwie wo dansefo Stefano mogya agu no, na m’ankasa nso migyina hɔ bi a mepene so.”—Asomafo Nnwuma 22:17-20.

Ebinom susuw sɛ mmuae a Saul de mae no kyerɛ sɛ na onim asiane a ɛbɛto no. Afoforo nso susuw sɛ na ɔreka sɛ: ‘Ná meyɛ ɔtaafo te sɛ wɔn ara, na wonim saa. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ wogye di sɛ masakra ampa. Ebia metumi aboa wɔn ma wɔate nokware no ase.’ Ne nyinaa akyi no, na Yesu nim sɛ Yudafo no rentie adanse a “ɔwaefo” no redi no. Ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: “Sɔre kɔ, efisɛ mɛsoma wo akɔ amanaman a ɛwɔ akyirikyiri mu.”—Asomafo Nnwuma 22:21, 22.

Bere a Saul mfɛfo Kristofo no huu asiane a na ɛreba no, wɔyɛɛ ntɛm de no kɔɔ Kaesarea mpoano na wogyaa no kwan ma otwaa akwansin 300 kɔɔ ne kurom, Tarso. (Asomafo Nnwuma 9:30) Edii mfe bi ansa na Saul resan aba Yerusalem.

Ɛbɛyɛ sɛ ahopere a ɛte saa a wɔde gyaa Saul kwan no bɔɔ Kristofo asafo no ho ban. Ná wɔ a Saul a kan ɔtaa Kristofo no wɔ hɔ no betumi ama asafo no ahyia ɔtaa. Bere a Saul fii hɔ kɔe no, “asafo a ɛwowɔ Yudea ne Galilea ne Samaria nyinaa nyaa asomdwoe, na wɔyɛɛ den; na bere a wɔde Yehowa suro ne honhom kronkron no awerɛkyekye nantewee no, wɔkɔɔ so bu bɔɔ ho.”—Asomafo Nnwuma 9:31.

Nea Yebetumi Asua Afi Ahwɛyiye a Ɔyɛe no Mu

Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, saa ara na tebea horow bi a ebehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wom betumi asɔre wɔ yɛn bere yi mu. Ɛho nhia sɛ yɛma yɛn adwenem yɛ yɛn naa dodo wɔ ahɔho ho. Nanso ɛtɔ mmere bi a, nnipa bɔnefo bɔ mmɔden sɛ wobesisi Yehowa nkurɔfo de apɛ wɔn ho mfaso anaa wɔde asɛe asafo no. Enti ɛsɛ sɛ yɛde nhumu di dwuma na yɛamma nnipa bɔnefo annaadaa yɛn.—Mmebusɛm 3:27; 2 Timoteo 3:13.

Sɛnea Saul yɛɛ n’ade wɔ asɛm a na ɔreka wɔ Yerusalem ho no ma yehu ɔkwan foforo a Kristofo betumi afa so ayɛ ahwɛyiye. Adanse a yebedi wɔ mmeae bi anaa yebedi akyerɛ nnipa bi te sɛ, wɔn a na kan wɔyɛ yɛn nnamfo no betumi de yɛn ato asiane mu wɔ honam fam, honhom fam, ne abrabɔ fam mpo. Enti ɛfata sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ bere a yɛde kɔ asɛnka ne beae a yɛkɔ ho.—Mmebusɛm 22:3; Mateo 10:16.

Yebetumi anya ahotoso sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ansa na wiase bɔne yi aba n’awiei. Hwɛ nhwɛso pa ara a Saul yɛe wɔ eyi ho sɛ ‘ɔkasaa Awurade din mu akokoduru so’ kyerɛɛ ne kan nnamfo ne wɔn a na wɔyɛ n’atamfo!—Asomafo Nnwuma 9:28.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Ɛnnɛ nnipa dodow no ara frɛ Saul sɛ ɔsomafo Paulo. Nanso wɔ kyerɛw nsɛm dodow a wɔatwe adwene asi so wɔ asɛm yi mu no, wɔde Saul a wɔde too no sɛ Yudani no na edi dwuma.—Asomafo Nnwuma 13:9.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Bere a Saul duu Yerusalem no, ɔde akokoduru dii Yudafo a wɔka Hela kasa no adanse