Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wudwen Afoforo Ho Sɛnea Yehowa Yɛ No?

So Wudwen Afoforo Ho Sɛnea Yehowa Yɛ No?

So Wudwen Afoforo Ho Sɛnea Yehowa Yɛ No?

“MONTOW mo dadwen nyinaa ngu [Onyankopɔn] so, efisɛ ɔdwene mo ho.” (1 Petro 5:7) Asɛm a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Yehowa Nyankopɔn dwen ne nkurɔfo ho ankasa. Sɛ yɛwɔ ne nkyɛn a, yensuro biribiara.

Ɛsɛ sɛ yenya su a ɛte saa ara wɔ afoforo ho na yɛda no adi. Esiane sɛ yɛtɔ sin nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nneɛma bi ho bere a yɛrekyerɛ sɛ yedwen afoforo ho no. Ansa na yɛbɛka ahwɛyiye a ɛte saa ho asɛm no, momma yenni kan nsusuw akwan a Yehowa nam so kyerɛ sɛ odwen ne nkurɔfo ho no bi ho nhwɛ.

Bere a odwontofo Dawid de oguanhwɛfo yɛɛ mfatoho no, ɔkaa sɛnea Onyankopɔn dwen nnipa ho no ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW] ne me hwɛfo, hwee renhia me. Ɔma me da wura frɔmfrɔm adidibea, ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho. Odwudwo me kra. . . . Menam esum kabii bon no mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ.”—Dwom 23:1-4.

Esiane sɛ na Dawid ankasa yɛ oguanhwɛfo nti, na onim sɛnea wɔhwɛ nguan. Oguanhwɛfo bɔ ne nguan ho ban fi mmoa bi te sɛ agyata, mpataku, ne asisi ho. Ɔhwɛ sɛ nguan no mmɔ nhwete, ɔhwehwɛ nguan a wɔayera, ɔsoa nguammaa a wɔayɛ mmerɛw no ne kokom, na ɔhwɛ wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔapirapira. Ɔma nguan no nsu da biara. Eyi nkyerɛ sɛ oguanhwɛfo no mma nguan no nnya wɔn ho atwaye. Nguan no tumi kɔ baabiara a wɔpɛ nanso wɔwɔ ahobammɔ.

Saa ara na Yehowa hwɛ ne nkurɔfo. Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nyankopɔn tumi nam gyidi so hwɛ mo so.” Nea asɛm “hwɛ mo so,” a wɔde dii dwuma wɔ ha kyerɛ ankasa ne sɛ “ani wɔ obi so.” (1 Petro 1:5) Esiane sɛ Yehowa dwen yɛn ho ankasa nti, n’ani wɔ yɛn so bere nyinaa, na wayɛ krado sɛ bere biara a yehia mmoa no, ɔbɛboa yɛn. Nanso Yehowa bɔɔ yɛn sɛ nnipa a yetumi paw nea yɛpɛ, enti ɔmfa ne ho nnye biribiara a yɛyɛ anaa yɛn gyinaesi nyinaa mu. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa wɔ eyinom mu?

Suasua Onyankopɔn wɔ Sɛnea Wohwɛ Wo Mma So Mu

“[Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin.” Enti ɛsɛ sɛ awofo bɔ wɔn mma ho ban na wɔhwɛ wɔn so. (Dwom 127:3) Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ awofo hyɛ wɔn mma nkuran ma wɔka wɔn nsusuwii ne sɛnea wɔte nka kyerɛ wɔn na ama wɔahu sɛnea wɔne wɔn mma no bedi nsɛm afa. Sɛ awofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn mma biribiara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na wobu wɔn ani gu nea wɔpɛ so a, ɛbɛyɛ te sɛ oguanhwɛfo bi a ɔde hama asa ne guan abɔ dua mu. Oguanhwɛfo biara nni hɔ a ɔbɛhwɛ ne nguan so saa; na saa ara na Yehowa nso nyɛ yɛn saa.

Mariko * ka sɛ: “Nea na meka kyerɛ me mma daa ne sɛ, ‘Yɛ saa ade yi’ ne ‘nyɛ saa ade yi.’ Sɛ́ ɔwofo no, na misusuw sɛ eyi yɛ ade ɛsɛ sɛ meyɛ. Ná menkamfo wɔn, na saa ara nso na na me ne wɔn nni nkɔmmɔ papa biara.” Ɛwom sɛ na Mariko babea tumi ne ne nnamfo bɔ nkɔmmɔ kyɛ wɔ telefon so de, nanso na ontumi ne ne maame mmɔ nkɔmmɔ saa. Mariko toa so sɛ: “Afei mihuu nea enti a na ɛte saa. Sɛ me babea no ne ne nnamfo redi nkɔmmɔ a, otumi de nsɛm bi te sɛ, ‘Yiw, me ne wo yɛ adwene,’ anaasɛ ‘Me nso saa ara,’ di dwuma de kyerɛ sɛ ɔwɔ tema. Nea ɛbɛyɛ a me babea no bɛka ne tirim asɛm akyerɛ me no, mifii ase de nsɛmfua a ɛte saa dii dwuma, na afei ankyɛ koraa, na yetumi de bere tenten bɔ nkɔmmɔ serew.” Eyi ma yehu sɛ nkɔmmɔbɔ pa a ɛho hia ntaa nnyina onipa baakofo so.

Ɛho hia sɛ awofo ma wɔn mma tumi ka sɛnea wɔte nka kyerɛ wɔn, nanso ɛsɛ sɛ mmofra hu nea enti a ɛyɛ ahobammɔ sɛ wɔn awofo bedwene wɔn ho. Bible tu mmofra fo sɛ wontie wɔn awofo; afei ɛka nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa sɛ: “Na asi wo yiye, na woatra ase akyɛ wɔ asase so.” (Efesofo 6:1, 3) Ɛnyɛ den mma mmofra a wonim mfaso a ɛwɔ ahobrɛase so no sɛ wɔbɛyɛ osetie.

Bere a Wɔrehwɛ Yehowa Nguan So

Sɛnea Yehowa fi ɔdɔ mu dwen afoforo ho no da adi wɔ Kristofo asafo no mu. Yesu Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no de akwankyerɛ ma asafo mu mpanyimfo sɛ wɔnhwɛ nguankuw no so. (Yohane 21:15-17) Hela asɛmfua a egyina hɔ ma ɔhwɛfo no ne adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ “wobɛhwɛ biribi so yiye” no wɔ biribi yɛ. Bere a Petro de akwankyerɛ rema asafo mu mpanyimfo no, osii sɛnea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nguan no so so dua sɛ: “Monhwɛ Nyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ mo nsa no so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom mumfi mo pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi Nyankopɔn agyapade so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.”—1 Petro 5:2, 3.

Nokwarem no, mpanyimfo adwuma no te sɛ nea nguanhwɛfo yɛ no ara. Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo hwɛ wɔn a wɔyare wɔ honhom mu na wɔboa wɔn na ama wɔde trenee gyinapɛn abɔ wɔn bra. Ɛyɛ mpanyimfo no asɛyɛde sɛ wɔyɛ asafo no dwumadi ahorow, ne asafo nhyiam ho nhyehyɛe, na wɔhwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu.—1 Korintofo 14:33.

Nanso ɔsomafo Petro nsɛm a yɛadi kan aka no twe yɛn adwene si biribi a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho so—mpanyimfo a wodi asafo no “so bakoma.” Ade biako a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔpanyin bi di asafo no so bakoma ne sɛ ɔbɛhyehyɛ mmara a ɛho nhia. Esiane sɛ ɔpanyin bi te nka paa sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbɔ nguankuw no ho ban nti, anhwɛ a na wayɛ ade ma atra so. Wɔ asafo bi a ɛwɔ Asia Apuei fam mu no, mpanyimfo no hyehyɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wokyia afoforo—te sɛ onii a ɛsɛ sɛ odi kan kyia—wɔ Ahenni Asa so no ho mmara. Ná wosusuw sɛ mmara yi a wobedi so no bɛboa ma asomdwoe atra asafo no mu. Ɛwom sɛ na wokura adwempa de, nanso, so na saa mpanyimfo no resuasua Yehowa wɔ sɛnea ɔhwɛ ne nkurɔfo so no mu? Yehu adwene a na ɔsomafo Paulo kura wɔ ne nsɛm yi mu: “Yɛnyɛ mo wuranom mo gyidi so, na mmom yɛyɛ mfɛfo adwumayɛfo a yɛboa ma mo ani gye, efisɛ mo gyidi na ama mugyina hɔ.” (2 Korintofo 1:24) Yehowa gye ne nkurɔfo di.

Mmara a ennyina Kyerɛwnsɛm so a ɛnsɛ sɛ mpanyimfo hyehyɛ no da nkyɛn a, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo a wodwen afoforo ho no da kokoam nsɛm nso adi. Wɔma kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de ma yi tra wɔn adwenem: “Nyi obi ahintasɛm adi.”—Mmebusɛm 25:9.

Ɔsomafo Paulo de Kristofo a wɔasra wɔn no asafo totoo nipadua ho sɛ: “Onyankopɔn hyehyɛɛ nipadua no . . . sɛnea ɛbɛyɛ a mpaapaemu biara remma nipadua no mu na mmom akwaa no benya adwenkoro ama wɔn ho wɔn ho.” (1 Korintofo 12:12, 24-26) Hela asɛm a ɛkyerɛ “benya adwenkoro ama wɔn ho wɔn ho” no kyerɛ sɛ ‘ɛsɛ sɛ yɛma afoforo ho asɛm hia yɛn.’ Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mufo ma wɔn yɔnko ho asɛm hia wɔn paa.—Filipifo 2:4.

Nokware Kristofo bɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ ‘afoforo ho asɛm hia wɔn’? Wobetumi abɔ mpae ama asafo no mufo afoforo na wɔaboa wɔn a wohia mmoa no de akyerɛ sɛ wodwen wɔn ho. Eyi boa ma su pa a afoforo wɔ no da adi. Susuw sɛnea afoforo fi ɔdɔ mu boaa Tadataka no ho hwɛ. Ɔbɔɔ asu bere a na wadi mfe 17, na na ɔno nkutoo na ɔsom Yehowa wɔ n’abusua mu. Ɔka sɛ: “Ná abusua bi a ɛwɔ asafo no mu taa to nsa frɛ me ma me ne wɔn kodidi bɔ fekuw. Ɛkame ayɛ sɛ sɛ merekɔ sukuu anɔpa biara a, na mefa wɔn fie ne wɔn kosusuw da no mu Bible mu asɛm ho. Sɛ mihyia nsɛnnennen wɔ sukuu mu a, na wɔma me ho afotu, na na wɔne me bɔ ho mpae. Misuaa sɛnea mɛda ayamye adi fii abusua yi hɔ.” Seesei Tadataka de nea osuae no reyɛ adwuma ma enti ɔresom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea biako mu.

Ɔsomafo Paulo de kɔkɔbɔ mae wɔ ade foforo a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho bere a yɛrekyerɛ sɛ yedwen afoforo ho no. Ɔkaa mmea bi a na “wodi nseku de wɔn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu nso, na wɔkeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ wɔka” ho asɛm. (1 Timoteo 5:13) Ɛwom sɛ afoforo ho a yedwen no fata de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn ho ankɔhyehyɛ wɔn nsɛm mu. Afoforo nsɛm a yɛbɛma ahia yɛn sɛnea ɛnsɛ no betumi ama ‘yɛakeka nsɛm a ɛnsɛ sɛ yɛka,’ te sɛ nsɛm a yɛbɛka de abu wɔn atɛn.

Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Kristofo nyinaa nyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan biako so. Ebia ɛsono aduan a wɔpɛ, ne anigyede a ɛfata a wɔbɛpaw. Obiara wɔ hokwan sɛ ɔpaw nea ɔpɛ bere dodow a emmu Bible nnyinasosɛm biara so no. Paulo tuu Kristofo a na wɔwɔ Roma no fo sɛ: “Enti mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn bio. . . . Momma yenni nneɛma a ɛde asomdwoe ba, ne nneɛma a ɛhyɛ yɛn ho yɛn ho den akyi.” (Romafo 14:13, 19) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ mu a yefi dwen afoforo a wɔwɔ asafo no mu ho no ka yɛn ma yefi yɛn pɛ mu boa wɔn, na mmom ɛnyɛ sɛ yɛde yɛn ho begyigye wɔn nsɛm mu. Sɛ yedwen yɛn ho yɛn ho wɔ saa kwan yi so a, ɔdɔ ne biakoyɛ bɛtra yɛn mmusua ne asafo no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Ɛnyɛ wɔn din ankasa ne no.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Fa nkamfo ne tema boa wo mma ma wɔnka wɔn tirim asɛm nkyerɛ wo