Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ani Sɔ Osetie A Wobɛyɛ

Yehowa Ani Sɔ Osetie A Wobɛyɛ

Yehowa Ani Sɔ Osetie A Wobɛyɛ

“Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam.”—MMEBUSƐM 27:11.

1. Su bɛn na ahyɛ wiase no mu ma nnɛ?

AHOFADI su ne asoɔden ahyɛ wiase mu ma nnɛ. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ nea enti a aba saa no mu wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Efeso no mu sɛ: “Bere bi monantew sɛnea wiase nhyehyɛe yi te, sɛnea mframa a ɛrebɔ no panyin pɛ; ɛno ne honhom a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no.” (Efesofo 2:1, 2) Nokwarem no, Satan Ɔbonsam, “mframa a ɛrebɔ no panyin” no, ama asoɔden ahyɛ wiase nyinaa ma. Saa na ɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu, na wamia mu mpo fi bere a wɔtow no fii soro baa asase so wɔ Wiase Ko I no mu hɔ baabi no.—Adiyisɛm 12:9.

2, 3. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Yehowa?

2 Nanso sɛ́ Kristofo no, yenim sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɛfata sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu tie no, efisɛ ɔno ne yɛn Bɔfo, yɛn Nkwamafo, yɛn Hene, ne yɛn Gyefo. (Dwom 148:5, 6; Asomafo Nnwuma 4:24; Kolosefo 1:13; Adiyisɛm 4:11) Ná Israelfo a wɔtraa ase wɔ Mose bere so no nim sɛ Yehowa ne wɔn Nkwamafo ne wɔn Gyefo. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na monyɛ sɛnea [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn ahyɛ mo no.” (Deuteronomium 5:32) Nokwarem no, na ɛfata sɛ wotie Yehowa. Nanso ankyɛ koraa na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn no so asoɔden.

3 Osetie a yɛbɛyɛ ama nea ɔbɔɔ amansan no ho hia dɛn? Bere bi Onyankopɔn maa odiyifo Samuel ka kyerɛɛ Ɔhene Saul sɛ: “Osetie ye sen afɔre.” (1 Samuel 15:22, 23) Dɛn nti na eyi te saa?

Nea Enti a “Osetie Ye Sen Afɔre”

4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de biribi ama Yehowa?

4 Sɛ́ Ɔbɔadeɛ no, biribiara a yɛwɔ no yɛ Yehowa dea dedaw. Sɛ saa na ɛte a, so biribi wɔ hɔ a yebetumi de ama no? Yiw, yebetumi de biribi a ɛsom bo paa ama no. Ɛyɛ dɛn? Yebetumi anya ho mmuae afi afotusɛm a edi so yi mu: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Nea yebetumi ayɛ ama Onyankopɔn ne sɛ yɛbɛyɛ osetie. Ɛwom sɛ ɛsono yɛn nsɛm tebea ne sɛnea wɔtetee yɛn de, nanso sɛ yɛn mu biara yɛ osetie a, yebetumi abua Satan Ɔbonsam asɛm a ɛne sɛ sɛ nnipa hyia sɔhwɛ a, wɔrenni Onyankopɔn nokware no. Hwɛ hokwan ara a yɛwɔ!

5. Sɛ yɛyɛ asoɔden a, ɛka Ɔbɔadeɛ no dɛn? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Gyinae a yesisi no ho hia Onyankopɔn. Sɛ yɛyɛ asoɔden a, ɛhaw no. Ɔkwan bɛn so? Sɛ obi fa ɔkwammɔne a ɛte saa so a, ɛyɛ ne yaw. (Dwom 78:40, 41) Fa no sɛ obi a ɔwɔ asikreyare nni aduan pa ho akwankyerɛ a ne duruyɛfo de ama no no so, na mmom, ɔkɔ so di nnuan a enye mma no no. Wususuw sɛ oduruyɛfo a odwen ne ho no bɛte nka dɛn? Ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ nnipa yɛ Yehowa so asoɔden a, ɛyɛ ne yaw efisɛ onim nea sɛ yebu yɛn ani gu n’akwankyerɛ a ɛma nkwa no so a, ɛbɛto yɛn.

6. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ osetie ama Onyankopɔn?

6 Dɛn na ɛbɛboa yɛn mu biara ma wayɛ osetie? Ɛfata sɛ yɛn mu biara bisa Onyankopɔn sɛ ɔmma no “koma a etie” sɛnea Ɔhene Salomo yɛe no. Obisaa koma a ɛte saa sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ‘ahu papa ne bɔne mu’ na ama wabu ne mfɛfo Israelfo no atɛn. (1 Ahene 3:9) Sɛ yebetumi ahu nsonsonoe a ɛda papa ne bɔne ntam wɔ wiase a asoɔden ahyɛ mu ma yi mu a, yehia “koma a etie.” Onyankopɔn ama yɛn n’Asɛm, nhoma ahorow a yɛde sua Bible, Kristofo nhyiam, ne asafo mu mpanyimfo a wodwen yɛn ho na aboa yɛn ma yɛanya “koma a etie.” So yɛde nsiesiei yi redi dwuma yiye?

7. Dɛn nti na Yehowa si so dua sɛ osetie ho hia paa sen afɔre?

7 Ɛdefa eyi ho no, kae sɛ tete no, Yehowa maa ne nkurɔfo hui sɛ na osetie ho hia paa mpo sen mmoa a na wɔde wɔn bɔ afɔre. (Mmebusɛm 21:3, 27; Hosea 6:6; Mateo 12:7) Esiane sɛ Yehowa na ɔhyɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔmmɔ afɔre a ɛtete saa nti, dɛn nti na ɔkae sɛ osetie ho hia sen afɔre? Adwene bɛn na na nea ɔrebɔ afɔre no kura? So na ɔreyɛ saa de asɔ Onyankopɔn ani? Anaasɛ na ɔredi amanne bi akyi ara kɛkɛ? Sɛ Onyankopɔn somfo bi wɔ ɔpɛ paa sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɔbɛhwɛ sɛ obedi Onyankopɔn ahyɛde nyinaa so. Osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn no yɛ ade a ɛsom bo ma no, na ɛho hia no sen sɛ yɛde mmoa bɛbɔ afɔre.

Asɛm Bi a Ɛyɛ Kɔkɔbɔ ma Yɛn

8. Dɛn nti na Onyankopɔn gyee Saul ahenni fii ne nsam?

8 Ɔhene Saul ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ osetie ho hia paa. Saul fii ase dii ade no, na ɔyɛ sodifo a ɔbrɛ ne ho ase na odwo, na na ‘ɔyɛ ketewa n’ani so.’ Nanso akyiri yi, ɔbɛyɛɛ ahantan na ofii ase nyaa nsusuwii bɔne. (1 Samuel 10:21, 22; 15:17) Bere bi, na ɛsɛ sɛ Saul ne Filistifo no kodi ako. Samuel ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔntwɛn na sɛ ɔba a, wabɔ afɔre ama Yehowa na wama Saul akwankyerɛ. Nanso Samuel antumi ankɔ bere a na wɔrehwɛ no kwan no, enti nkurɔfo no fii ase hwetee. Saul huu saa no, “ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no.” Eyi ansɔ Yehowa ani. Bere a awiei koraa Samuel duu hɔ no, ɔhene no yii ne ho ano wɔ asoɔden a ɔyɛe no ho, na ɔkae sɛ esiane sɛ Samuel kaa akyiri no nti na ‘ɔhyɛɛ ne ho’ bɔɔ ɔhyew afɔre no de hwehwɛɛ Yehowa anim dom. Ná afɔre a Ɔhene Saul bɛbɔ no ho hia no koraa sen sɛ obetie Samuel akwankyerɛ a ɛne sɛ ɔntwɛn ma ɔmmɛbɔ afɔre no. Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: “Woadi nkwaseasɛm, woanni [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ wo no so.” Yehowa so asoɔden a Saul yɛe no maa n’ahenni fii ne nsa.—1 Samuel 10:8; 13:5-13.

9. Dɛn na Saul yɛe de kyerɛe sɛ na ontie Onyankopɔn asɛm?

9 So ɔhene no suaa biribi fii asɛm yi mu? Dabi! Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔnsɛe Amalekfo a bere bi wɔbɛtow hyɛɛ Israelfo so bere a na wɔnyɛɛ wɔn hwee no. Ná ɛsɛ sɛ Saul sɛe biribiara a wɔn mmoa mpo ka ho. Otiee Yehowa “kunkum Amalek fii Hawila de kosii . . . Sur.” Bere a Samuel behyiaa ɔhene no, ɔhene no dii ahurusi wɔ nkonim a odii no ho, na ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] nhyira nka wo. Mama [Yehowa, NW] asɛm no atim.” Nanso ɛmfa ho akwankyerɛ a emu da hɔ a wɔde maa Saul ne ne nkurɔfo no, wɔankum Ɔhene Agag ne “nguan ne anantwi a woye ne wɔn a wɔadodɔ srade ne nguammuruwa ne nea eye no nyinaa.” Ɔhene Saul buu ne ho bem wɔ asoɔden a ɔyɛe no ho sɛ: “Ɔman no kyɛee nguan ne anantwi a eye no so, sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn.”—1 Samuel 15:1-15.

10. Dɛn na Saul buu n’ani guu so?

10 Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: “So [Yehowa, NW] pɛ ɔhyew afɔre ne okum afɔre sɛ otie a wotie [Yehowa, NW] anaa? Hwɛ osetie ye sen afɔre, na asoyɛ kyɛn adwennini srade.” (1 Samuel 15:22) Esiane sɛ na Yehowa aka sɛ ɛsɛ sɛ wɔsɛe saa mmoa no nti, na ɛmfata sɛ wɔde bɔ afɔre.

Yɛ Osetie wɔ Ade Nyinaa Mu

11, 12. (a) Yehowa bu mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani wɔ yɛn som mu no dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na obi betumi adaadaa ne ho asusuw sɛ ɔreyɛ Onyankopɔn apɛde nanso asoɔden ankasa na ɔreyɛ?

11 Hwɛ sɛnea Yehowa ani gye bere a ohu sɛ n’asomfo anokwafo gyina pintinn wɔ ɔtaa mu, wɔbɔ Ahenni no ho dawuru ɛmfa ho sɛ nkurɔfo ani nnye ho, na wɔkɔ Kristofo nhyiam ɛmfa ho sɛ asetra mu yɛ den ma wɔn no! Osetie a yɛyɛ wɔ nneɛma a ɛho hia a ɛte saa a ɛfa yɛn som ho no ma ne koma tɔ ne yam! Sɛ yefi ɔdɔ mu bɔ mmɔden som Yehowa a, n’ani sɔ paa. Ebia nnipa bebu wɔn ani agu adwumaden a yɛyɛ no so, nanso Onyankopɔn hu yɛn koma mu a yefi som no no, na ɔkae.—Mateo 6:4.

12 Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ yɛn Nyankopɔn ani paa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ osetie wɔ yɛn asetra mu biribiara mu. Ɛnsɛ sɛ yɛdaadaa yɛn ho da susuw sɛ bere tenten a yɛnam akwan foforo so resom Onyankopɔn no, yebetumi abu yɛn ani agu ne mmara bi so. Sɛ nhwɛso no, obi betumi adaadaa ne ho asusuw sɛ, sɛ ɔde ne ho hyɛ ɔsom mu dwumadi ahorow mu ara kɛkɛ a, ne ho a ɔde bɛhyɛ ɔbrasɛe anaa nnebɔne afoforo mu no rensɛe hwee. Hwɛ mfomso ara a ɛno bɛyɛ!—Galatifo 6:7, 8.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyia osetie a yɛbɛyɛ ama Yehowa no ho sɔhwɛ wɔ kokoam?

13 Enti, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So meretie Yehowa wɔ nea meyɛ da biara mu a nneɛma a ɛte sɛ nea ɛyɛ kokoam de mpo ka ho?’ Yesu kae sɛ: “Onipa a odi ade ketewa mu nokware no di pii mu nokware nso, na onipa a ɔnteɛ wɔ ade ketewa mu no nteɛ wɔ pii mu nso.” (Luka 16:10) So ‘yɛrenantew wɔ yɛn koma pɛyɛ mu’ wɔ ‘yɛn fie’ mu mpo, baabi a afoforo nhu yɛn? (Dwom 101:2) Nokwarem no, yebetumi ahyia yɛn nokwaredi ho sɔhwɛ wɔ yɛn fie mu. Wɔ aman pii a kɔmputa abu so wɔ fie biara mu no, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛhwɛ ɔbrasɛe ho mfonini. Mfe kakra a atwam no, sɛ obi ankɔ beae a woyi ɔbrasɛe ho mfonini a, na ɔrenhu biribi a ɛte saa. So yebetie Yesu nsɛm yi: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu”? Nokwarem no, so yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenhwɛ ɔbrasɛe ho mfonini mpo? (Mateo 5:28; Hiob 31:1, 9, 10; Dwom 119:37; Mmebusɛm 6:24, 25; Efesofo 5:3-5) Na TV so dwumadi a basabasayɛ anaa awudisɛm wom nso ɛ? So yɛne yɛn Nyankopɔn a ‘ne kra tan nea ɔpɛ amimdi anaa awudisɛm no’ yɛ adwene? (Dwom 11:5) Na nsa a obi nom boro so wɔ kokoam no nso ɛ? Bible kasa tia asabow, na ɛsan bɔ Kristofo kɔkɔ sɛ “wɔmmma nsã mmfa wɔn nnyɛ nkoa.”—Tito 2:3; Luka 21:34, 35; 1 Timoteo 3:3.

14. Akwan a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn wɔ sikasɛm mu no bi ne nea ɛwɔ he?

14 Ade foforo nso a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ ho ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ sikasɛm ho no. Sɛ nhwɛso no, so yɛde yɛn ho bɛkɔ akɔhyɛ adwuma bi a ɛma wonya sika bum a ɛreyɛ ayɛ sɛ apoobɔ mu? So ɛtɔ da bi a, ɛyɛ yɛn sɛ yɛmfa ɔkwammɔne bi so nkwati towtua? Anaasɛ yɛbɔ mmɔden tie ahyɛde a ɛka sɛ ‘yɛmfa nea ɛsɛ obiara mma no, ɛtow mma nea tow sɛ no’ no?—Romafo 13:7.

Ɛsɛ sɛ Ɔdɔ Kanyan Yɛn ma Yɛyɛ Osetie

15. Dɛn nti na wudi Yehowa mmara so?

15 Onyankopɔn mmara a yebedi so no bɛma yɛanya nhyira. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛannom tawa, yɛammu bra bɔne, na yebu mogya sɛ ade kronkron a, yebetumi akwati nyarewa ahorow bi. Bio nso, sɛ yɛde Bible mu nokware no bɔ yɛn bra wɔ nneɛma afoforo mu a, ebetumi aboa yɛn wɔ yɛn sikasɛm, yɛne afoforo ntam abusuabɔ anaa yɛn abusua asetra mu. (Yesaia 48:17) Yebetumi abu mfaso a ɛte saa a yenya no sɛ nhyira a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn mmara so wɔ mfaso. Ne nyinaa akyi no, ade titiriw a enti yetie Yehowa ne sɛ, yɛdɔ no. Ɛnyɛ nea yebenya afi Onyankopɔn hɔ nti na yɛsom no. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Onyankopɔn maa yɛn hokwan a ɛma yetumi paw nea yɛpɛ sɛ yetie no. Esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na yɛyɛ nea ɛteɛ nti na yɛpaw sɛ yebetie no no.—Romafo 6:16, 17; 1 Yohane 5:3.

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu fi ne koma nyinaa mu yɛɛ osetie maa Onyankopɔn? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu?

16 Yesu fi ne koma nyinaa mu yɛɛ osetie maa Yehowa de yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. (Yohane 8:28, 29) Bere a Yesu wɔ asase so no, “osuaa osetie fii amane a ohui no mu.” (Hebrifo 5:8, 9) Ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa? Yesu ‘brɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie kosii owu mu, yiw, asɛndua ho wu mu.’ (Filipifo 2:7, 8) Ɛwom sɛ Yesu yɛɛ osetie bere a na ɔwɔ soro no de, nanso ɔbaa asase so no, ɔsan hyiaa osetie a ɔbɛyɛ no ho sɔhwɛ. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu fata koraa sɛ ɔsom sɛ Ɔsɔfopɔn ma ne honhom fam nuanom ne nnipa afoforo a wogye no di no nso.—Hebrifo 4:15; 1 Yohane 2:1, 2.

17 Na yɛn nso ɛ? Sɛ yɛma Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ ho hia yɛn paa a, yebetumi asuasua Yesu. (1 Petro 2:21) Sɛ yɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Nyankopɔn no kanyan yɛn ma yedi Yehowa mmara so bere mpo a ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa a, yebetumi anya akomatɔyam. (Romafo 7:18-20) Ebi ne sɛ yebefi yɛn pɛ mu adi akwankyerɛ a wɔn a wodi anim wɔ nokware som mu de ma no so, ɛmfa ho sɛ wɔtɔ sin. (Hebrifo 13:17) Osetie a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn mmara wɔ kokoam no som bo wɔ Yehowa ani so.

18, 19. Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu tie Onyankopɔn a, dɛn na yebenya?

18 Ɛnnɛ, ebia Yehowa a yebetie no no hwehwɛ sɛ yegyina ɔsɔretia ano na ama yɛakɔ so adi nokware. (Asomafo Nnwuma 5:29) Bio nso, Yehowa ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no na yɛnkyerɛkyerɛ afoforo a yebedi so no hwehwɛ sɛ yegyina mu kosi wiase nhyehyɛe yi awiei. (Mateo 24:13, 14; 28:19, 20) Ɛmfa ho mpo sɛ ebia yehyia nhyɛso wɔ wiase yi mu no, yehia boasetɔ na ama yɛatumi ne yɛn nuanom akɔ so ahyiam. Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no nim mmɔden a yɛrebɔ sɛ yebetie no wɔ nneɛma a ɛte saa mu. Nanso sɛ yɛbɛyɛ osetie akosi ase a, ɛsɛ sɛ yedi yɛn sintɔ so na yɛtwe yɛn ho fi bɔne ho, na yɛbata adepa ho.—Romafo 12:9.

19 Sɛ yefi ɔdɔ ne koma pa mu som Yehowa a, ‘ɔbɛyɛ yɛn a yɛn ani bere hwehwɛ no no katuafo.’ (Hebrifo 11:6) Afɔre a ɛfata ho hia na eye, nanso nea ɛsɔ Yehowa ani paa ne sɛ yɛbɛma ɔdɔ akanyan yɛn ma yɛatie no.—Mmebusɛm 3:1, 2.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛwɔ biribi a yɛde bɛma Yehowa?

• Mfomso bɛn na Saul dii?

• Wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wugye di sɛ osetie ye sen afɔre?

• Dɛn na ɛka wo ma wutie Yehowa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Sɛ ɔyarefo bi anni akwankyerɛ a oduruyɛfo a odwen ne ho de ama no no so a, oduruyɛfo no bɛte nka dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Dɛn nti na Yehowa bo fuw Ɔhene Saul?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Sɛ wowɔ wo fie a obiara nhu wo a, wudi Onyankopɔn mmara so?