Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nkyerɛkyerɛ Hyɛ Gyidi Den

Bible Nkyerɛkyerɛ Hyɛ Gyidi Den

Bible Nkyerɛkyerɛ Hyɛ Gyidi Den

ƆWƐN Aban Gilead Bible Sukuu no adesuakuw a ɛto so 122 no muni bi kae wɔ ɛda a na wɔrewie wɔn adesua no sɛ: “Hwɛ hokwan a ɛsom bo a yɛanya sɛ yɛde asram anum a atwam no asua yɛn Bɔfo no ho ade ahu sɛnea ɔyɛ ne nneɛma!” March 10, 2007, bɛyɛ ɛda a adesuafo a wɔn dodow yɛ 56 a na wɔrekofi wɔn asɛmpatrɛw adwuma ase wɔ aman 26 a na wɔama wɔn dwumadi wɔ hɔ no werɛ remfi da.

Bere a Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni de anigye maa atiefo a wɔn dodow yɛ 6,205 akwaaba wiei no, ɔkae sɛ: “Yɛwɔ ahotoso sɛ, adesua awiei dwumadi a moaba ase yi bɛhyɛ mo nkuran wɔ Onyankopɔn som mu, na ahyɛ mo gyidi nso den.” Ɔfrɛɛ akasafo baanan a wodi hɔ no nnidiso nnidiso ma wɔde Bible mu afotu ne nkuranhyɛ a ɛfata a ɛbɛboa adesuafo no ma wɔatumi ayɛ wɔn asɛmpatrɛw adwuma no yiye maa wɔn.

Wɔhyɛɛ Adesuafo no Nkuran sɛ Wɔnkɔhyɛ Afoforo Gyidi Den

Leon Weaver a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no maa ɔkasa a n’asɛmti ne ‘Mommpa Abaw Wɔ Papayɛ Mu.’ Ɔkaee adesuafo no sɛ sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔn mu biara de mfe 13 na ayɛ bere nyinaa som adwuma no de atrɛw Bible nkyerɛkyerɛ a ɛhyɛ gyidi den no mu. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ adwuma pa efisɛ egye nnipa nkwa, na nea ehia sen biara no, ɛyɛ adwuma pa efisɛ ɛhyɛ yɛn soro Agya Yehowa anuonyam.” Onua Weaver kɔɔ so hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔnkɔ so ‘ngu mma honhom no,’ na ɛnsɛ sɛ ‘wɔpa abaw wɔ papayɛ mu.’—Galatifo 6:8, 9.

David Splane a ɔyɛ Sodikuw no muni no de nkaesɛm bi a mfaso wɔ so maa adesuafo no, bere a ɔmaa ɔkasa a asɛmti ne “Mommɔ Mmɔden Ntow Nhyɛase Pa” no. Onua Splane hyɛɛ asɛmpatrɛwfo foforo no nkuran sɛ wonni asɛm a edi hɔ yi so mfa ntow nhyɛase pa wɔ nsasesin a wɔrekɔyɛ mu adwuma no mu: “Monkɔ so nna suban pa adi. Mommpere mo ho nnsisi gyinae. Montew mo anim. Monnkasa nntia afoforo. Mommrɛ mo ho ase, na munnya obu mma anuanom a mobɛkɔ akɔto wɔn no.” Ɔtoaa so kae sɛ: “Sɛ mufi wimhyɛn no mu si pɛ a, mommɔ mmɔden ntow nhyɛase pa, na Yehowa nhyira mmɔden a morebɔ de ‘papa ho asɛmpa’ akɔma nkurɔfo no so.”—Yesaia 52:7.

Gilead kyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen maa ɔkasa a n’asɛmti ne “Agyapade Bi a Edi Mũ Paa.” Onua Bowen kaee adesuafo no sɛ ɛyɛ ahotoso a na anuanom wɔ sɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ bam nti na bere a na Wiase Ko II rekɔ so no wɔtew Gilead Sukuu no. (Hebrifo 11:1; Adiyisɛm 17:8) Efi saa bere no, Gilead Sukuu no aboa adesuafo ama wɔanya hokwan ahyɛ wɔn gyidi den. Adesuafo no gyidi a ɛyɛ den no kanyan wɔn ma wɔde nnamyɛ ka nokware no ho asɛm kyerɛ.

Mark Noumair a ɔno nso yɛ Gilead ɔkyerɛkyerɛfo no maa ɔkasa bi a na n’asɛmti yɛ anigye a ɛne sɛ “Moama Makae Obi.” Ɔtwee adwene sii odiyifo Elisa a ɔdaa gyidi ne akokoduru adi wɔ ne som adwuma mu no so. Onua Noumair de ne kasa no gyinaa 1 Ahene 19:21 so, na ɔkae sɛ: “Ná Elisa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae wɔ n’asetram, na ɔde nneɛma a n’ani gye ho too nkyɛn kaa Yehowa asɛm no.” Ɔkamfoo wɔn a wɔawie wɔn adesua no sɛ wɔada suban a ɛte saa ara no bi adi, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ saa ara wɔ nsasesin foforo a wɔrekɔyɛ wɔn som adwuma wɔ hɔ no mu.

Gyidi Ma Yetumi Kasa Ahotoso Mu

Bere a na wɔn a wɔrebɛyɛ asɛmpatrɛwfo no rehyɛ wɔn gyidi den wɔ sukuu no mu no, na wɔkɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo wɔ adapɛn awiei. Eyi ma wonyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a wɔkaa ho asɛm na wɔsan yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ dwumadi a Wallace Liverance a ɔno nso yɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no dii ho dwuma no mu. Ná Onua Liverance kasa a n’asɛmti ne ‘Yegye Di, Enti na Yɛkasa’ no gyina ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 4:13 no so.

Onua Liverance dwumadi no akyi no, Daniel Barnes ne Charles Woody a wɔyɛ Betel abusua no mufo bisabisaa asɛmpatrɛwfo bi ne wɔn a wɔayɛ asɛmpatrɛw adwuma no bi pɛn no nsɛm. Saa anuanom yi kaa sɛnea Yehowa dwen wɔn a wɔsom no nokware mu no ho na ohyira wɔn no ho asɛm. (Mmebusɛm 10:22; 1 Petro 5:7) Ɔsɛmpatrɛwfo bi kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nea me ne me yere suae wɔ Gilead no ma yehuu sɛnea Yehowa dwen yɛn ho no. Nea yesuae no hyɛɛ yɛn gyidi den ankasa. Ɛho hia sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa a asɛmpatrɛwfo ka ho no nya gyidi efisɛ wobehyia sɔhwɛ, nsɛnnennen, ne dadwen wɔ wɔn asetra mu.”

Monkɔ so Ntrɛw Bible Nkyerɛkyerɛ a Ɛhyɛ Gyidi Den no Mu

Samuel Herd a ɔyɛ Sodikuw no muni no maa ɔkasa a n’asɛmti ne, “Monkɔ so Nhyɛ Mo Nuanom Den” kyerɛɛ atiefo no de adesua awiei dwumadi no baa awiei wɔ ɔkwan a ɛfata so. Dɛn nti na wɔkyerɛkyerɛɛ adesuafo no? Onua Herd kae sɛ: “Nea enti a wɔakyerɛkyerɛ mo no ne sɛ mubehu sɛnea mode mo tɛkrɛma beyi Yehowa ayɛ, mode ne nokware no bɛkyerɛkyerɛ afoforo wɔ nsasesin foforo a morekɔyɛ mu adwuma no mu, na moahyɛ mo ho mo ho den wɔ gyidi no mu.” Nanso, ɔkaee adesuafo no sɛ wotumi de tɛkrɛma keka nsɛm a ɛnhyɛ nkuran nso. (Mmebusɛm 18:21; Yakobo 3:8-10) Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wonsuasua Yesu wɔ sɛnea ɔde ne tɛkrɛma dii dwuma no mu. Bere bi a Yesu asuafo no tiee ne kasa wiei no, wɔkae sɛ: “Bere a . . . ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, so yɛn koma anhyehye yɛn?” (Luka 24:32) Onua Herd kae sɛ: “Sɛ moka nsɛm a ɛhyɛ gyidi den a, ɛbɛhyɛ mo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ baabi a morekɔyɛ mo som adwuma no nkuran.”

Nea edi hɔ no, wɔde adesuafo a wɔawie no adansedi krataa maa wɔn. Afei, wɔkenkan adesuakuw no krataa a wɔde kyerɛɛ anisɔ no. Wɔkae wɔ krataa no mu sɛ: “Yɛte nka paa sɛ yɛwɔ asɛyɛde sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛasua no kɔyɛ adwuma yiye sɛ́ asɛmpatrɛwfo wɔ yɛn nsasesin mu. Bere a yɛatu yɛn ho ama rekɔ asase ano nohoa no, yɛn mpaebɔ ne sɛ adwuma a yɛrekɔyɛ no bɛma wɔayi yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini Yehowa Nyankopɔn ayɛ kɛse.” Atiefo no de anigye bɔɔ wɔn nsam denneennen. Nokwarem no, ná adesua awiei dwumadi no ahyɛ atiefo no nyinaa gyidi den.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

“Sɛ moka nsɛm a ɛhyɛ gyidi den a, ɛbɛhyɛ mo nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ baabi a morekɔyɛ mo som adwuma no nkuran”

[Adaka wɔ kratafa 15]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 9

Aman dodow a wɔama wɔn dwumadi wɔ hɔ: 26

Adesuafo no dodow: 56

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 33.4

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 16.8

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 122 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Howitt, R.; Smith, P.; Martinez, A.; Pozzobon, S.; Kitamura, Y.; Laud, C. (2) Fiedler, I.; Beasley, K.; Matkovich, C.; Bell, D.; Lippincott, W. (3) Sites, W.; Andersen, A.; Toevs, L.; Fusano, G.; Rodríguez, C.; Yoo, J. (4) Sobomehin, M.; Thomas, L.; Gasson, S.; Dauba, V.; Bertaud, A.; Winn, C.; Dobrowolski, M. (5) Yoo, J.; Dauba, J.; Mixer, H.; Newton, M.; Rodríguez, F.; Mixer, N. (6) Laud, M.; Lippincott, K.; Martinez, R.; Haub, A.; Schamp, R.; Pozzobon, L.; Toevs, S. (7) Howitt, S.; Kitamura, U.; Newton, D.; Haub, J.; Sites, J.; Thomas, D. (8) Sobomehin, L.; Matkovich, J.; Fusano, B.; Winn, J.; Schamp, J.; Andersen, D.; Dobrowolski, J. (9) Fiedler, P.; Bell, E.; Beasley, B.; Smith, B.; Bertaud, P.; Gasson, M.