Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible a Edi Kan wɔ Portugal Kasa Mu—Egyee Animia

Bible a Edi Kan wɔ Portugal Kasa Mu—Egyee Animia

Bible a Edi Kan wɔ Portugal Kasa Mu—Egyee Animia

“NEA omia n’ani yɛ ade no bedi nkonim.” Saa asɛm yi wɔ nhomawa bi a ɛka Nyamesom ho nsɛm a João Ferreira de Almeida kyerɛw wɔ afeha a ɛto so 17 no mu wɔ kratafa a nhomawa no din pue no. Asɛm yi fata ɔbarima a ɔde ne nkwa nna nyinaa sii hɔ de kyerɛɛ Bible ase kɔɔ Portugal kasa mu ma wotintimii no paa.

Wɔwoo Almeida wɔ afe 1628 mu wɔ akuraa bi a ɛwɔ Portugal atifi fam a wɔfrɛ no Torre de Tavares mu. N’awofo wui bere a na ɔyɛ abofra, na ne papa kumaa bi a ɔyɛ Katolek sɔfo na ɔtetee no wɔ Portugal ahenkurow Lisbon mu. Esiane sɛ na wɔma obi sua nhoma kɔ akyiri ansa na wɔahyɛ no sɔfo nti, Almeida nyaa nhomasua a edi mu, na ɛno na ɛboaa no ma onyaa kasa ho nimdeɛ pii bere mpo a na ɔyɛ abarimaa no.

Nanso, sɛ Almeida kɔɔ so traa Portugal a, anka ebia ɔremfa ne nimdeɛ no nkyerɛ Bible ase. Bere a nyamesom mu Nsakrae no ma wɔkyerɛɛ Bible ase kɔɔ kasa pii mu wɔ Europa atifi ne anafo fam no, na wɔda so ara di nkurɔfo asɛm wɔ Katolek Atirimɔden Asɛnnibea wɔ Portugal. Sɛ na wohu sɛ obi kura Bible a ɛwɔ ne kurom kasa mu kɛkɛ a, na wɔde no kɔ Atirimɔden asɛnnibea bi kodi n’asɛm. *

Ɛbɛyɛ sɛ na Almeida pɛ sɛ ofi nhyɛso yi ase, enti otu kɔtraa Netherlands bere a na ɔyɛ abarimaa koraa no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, bere a na wadi mfe 14 pɛ no, otuu kwan kɔɔ Asia, na ɔfaa Batavia (seesei wɔfrɛ no Jakarta) a ɛwɔ Indonesia no. Saa bere no, na Batavia na ɛyɛ Dutch East India Adwumakuw no asoɛe wɔ Asia Anafo fam Apuei.

Abarimaa Bi a Ɔkyerɛɛ Bible Ase

Nsakrae titiriw bi baa Almeida asetra mu wɔ ne kwan a otui wɔ Asia no fã a etwa to no mu. Bere a na ɔte po so hyɛn mu fi Batavia ne Malacca (seesei Melaka) a ɛwɔ Malaysia atɔe fam no, ohuu Protestantfo nhomawa bi a na ɛwɔ Spania kasa mu a wɔato din Diferencias de la Cristiandad (Kristoman mu Nsɛmnsɛm). Wɔ Roma Katolek asɔre no atoro nkyerɛkyerɛ a na nhomawa no kasa tia akyi no, na asɛm bi nso wɔ nhomawa no mu a Almeida ani gyee ho titiriw. Ná asɛm no ne sɛ: “Ɛwom sɛ na wɔka sɛ wɔde kasa a ɔmanfo no nte yɛ asɔre de hyɛ Onyankopɔn anuonyam de, nanso na asɔremma a wɔnte kasa no nnya so mfaso biara.”—1 Korintofo 14:9.

Almeida tee asɛm no ase sɛ: Ade a ebetumi ama obiara ahu nneɛma bɔne a wɔreyɛ wɔ ɔsom no mu ne sɛ wɔbɛma obiara ate Bible no ase. Bere a oduu Malacca no, ɔsesaa ne som, na ɔkɔɔ Dutch Reformed asɔre no bi, na ntɛm ara na ofii ase kyerɛɛ Nsɛmpa no fã bi ase fii Spania kasa mu kɔɔ Portugal kasa mu, na ɔkyekyɛ maa “wɔn a na wɔn ani gye ho paa sɛ wobehu nokware no.” *

Mfe abien akyi no, na Almeida asi ne bo sɛ ɔbɛyɛ adwuma kɛse bi de akyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa ase afi Latin Vulgate mu akɔ Portugal kasa mu. Anni afe biako na owiee nkyerɛase no, na eyi yɛ adwuma kɛse paa a abarimaa a na wadi mfe 16 no yɛe! Ɔde ne nkyerɛase no bi kɔmaa Netherlands amrado a na ɔwɔ Batavia no sɛ ɔmma wontintim a wansuro ho koraa. Ɛda adi sɛ, Reformed Asɔre no a ɛwɔ Batavia no de Almeida nkyerɛase no kɔmaa ɔsɔfo akwakoraa bi wɔ Amsterdam, nanso ɔsɔfo akwakoraa a wɔde kɔmaa no wɔ hɔ no wui, na ne nkyerɛase no tu yerae.

Bere a wɔka kyerɛɛ Almeida sɛ ɔnsan nkyerɛw ne nkyerɛase no mma Reformed asafo a ɛwɔ Ceylon (seesei Sri Lanka) wɔ afe 1651 mu no, Almeida hui sɛ na ne nkyerɛase no ayera afi asɔre no nhomakorabea hɔ. Almeida amma n’abam ammu, na onyaa ne nkyerɛase a na wonnya nhwɛɛ mu nyɛɛ mu nsakrae no bi. Afe a edi hɔ no, ɔyɛɛ Nsɛmpa no ne Asomafo no Nnwuma no mu nsakrae wiei. Asɔre no mu mpanyimfo * a na wɔwɔ Batavia no maa no Netherlands sika guilder 30. Almeida yɔnko bi kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ adwuma kɛse a ɔyɛe no ho sika koraa na wɔde maa no no.”

Ɛmfa ho sɛ nkurɔfo ankyerɛ Almeida adwuma no ho anigye no, ɔkɔɔ so yɛɛ n’adwuma no, na ɔde Apam Foforo a na wɔahwɛ mu awie no kɔmae sɛ wontintim wɔ afe 1654 mu. Asɔre mpanyimfo no san susuw Apam Foforo no a na wobetintim no ho bio, nanso wɔanyɛ biribi titiriw biara wɔ ho gye kakraa bi na wɔde wɔn nsa kyerɛw ma wɔkenkanee wɔ asɔre ahorow bi mu.

Atirimɔden Asɛnnibea no Buu no Fɔ

Mfe du a edi hɔ no, Almeida yeree ne ho yɛɛ asɔfodwuma ne asɛmpatrɛw adwuma wɔ Reformed Asɔre no mu. Wɔhyɛɛ no sɔfo wɔ afe 1656 mu, na odii kan yɛɛ ne som adwuma no wɔ Ceylon. Ɛkaa kakra ma anka ɔsono bi retiatia no so wɔ Ceylon, na akyiri yi, ɔkɔyɛɛ n’asɛmpatrɛw adwuma no wɔ India, na na ɔka Protestant asɛmpatrɛwfo a wodii kan kɔɔ saa man no mu no ho.

Ná Almeida yɛ obi a wasakra ne som abɛyɛ Protestantni a ɔreyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ amannɔne. Enti, wɔn a wɔka Portugal kasa a ɔkɔɔ wɔn nkyɛn no pii buu no sɛ ɔyɛ ɔwaefo ne ɔfatwafo. Esiane sɛ na ɔkasa tia ɔbrasɛe a na ɛrekɔ so wɔ asɔfo no mu pefee, na ɔkae nso sɛ asɔre no nkyerɛkyerɛ nyɛ nokware nti, na akasakasa taa sɔre wɔ ɔne Katolek asɛmpatrɛwfo no ntam. Saa akasakasa yi mu yɛɛ den paa wɔ afe 1661 mu bere a Atirimɔden asɛnnibea bi a ɛwɔ Goa, India buu Almeida kumfɔ sɛ watew atua wɔ asɔre no mu no. Esiane sɛ wɔn nsa anka Almeida nti wɔhyew ne mfonini. Ɛbɛyɛ sɛ Almeida akyinnyegye no maa Netherlands amrado no bɔɔ hu ma enti ankyɛ koraa na ɔsan frɛɛ Almeida kɔɔ Batavia.

Ná Almeida yɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔyɛ nsi, nanso na ɛwɔ n’adwenem bere nyinaa sɛ ɔbɛma wɔanya Bible wɔ Portugal kasa mu. Nokwarem no, Bible no a na asɔfo ne asɔremma no nnim mu no ma ɔkɔɔ so sii ne bo denneennen sɛ ɔbɛma wɔanya Bible wɔ Portugal kasa mu. Almeida kae wɔ nyamesom ho kratawa bi a ɔyɛe wɔ afe 1668 mu no nnianim asɛm mu kyerɛɛ n’akenkanfo sɛ: “Mewɔ anidaso sɛ . . . ɛrenkyɛ mɛma mo nsa aka Bible mũ no nyinaa wɔ mo kurom kasa mu, ɛyɛ akyɛde a ɛsen biara ne ademude a ɛsom bo paa a obiara nnya mmɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma mo.”

Almeida ne Boayikuw a Wɔhwɛɛ N’adwuma mu no Ntam Nsɛmnsɛm

Wɔ afe 1676 mu no, Almeida de Apam Foforo a na wawie mu adwuma koraa no kɔmaa asɔre mpanyimfo a na wɔwɔ Batavia no sɛ wɔnhwɛ mu mma no. Mfiase no, na Almeida ne wɔn a wɔhwɛ n’adwuma mu ma no no ntam nyɛ papa. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no J. L. Swellengrebel a ɔkyerɛw nnipa asetra ho nsɛm no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, na Almeida mfɛfo a wɔka Netherlands kasa no nte nsɛm bi a ɛwɔ ne nkyerɛase no mu no ase. Na saa ara nso na na wonhu ɔkwan a ɔfa so hyehyɛ ne nsɛm no. Na wɔne n’adwene nso nhyia wɔ kasa ko a ɔde kyerɛɛ Bible no ase no ho. Ná wɔn adwene nhyia sɛ ebia wɔmfa Portugal kasa a na asete nyɛ den anaa Portugal kasa a emu yɛ duru a na nnipa pii ntumi nte ase no na ɛnyɛ nkyerɛase no anaa. Awiei koraa no, esiane sɛ na Almeida pɛ sɛ owie adwuma no ntɛm nti, ɛno de wontwiwontwi baa ɔne wɔn a na wɔhwɛ n’adwuma no mu ma no no ntam bere nyinaa.

Adwuma no ankɔ so ntɛmntɛm koraa. Ebia nea ɛma ɛbaa saa no ne wontwiwontwi a na ɛrekɔ so wɔ wɔn ntam anaa esiane sɛ na wɔn a wɔhwɛ adwuma no mu nni ho anigye nti. Mfe anan twaam a na wɔn a wɔhwɛ adwuma no mu no da so ara regye Luka nhoma no nnianim asɛm no ho akyinnye. Adwuma no a na ɛnkɔ so no haw Almeida ma enti ɔde ne nhoma no faa wɔn a na wɔhwɛ mu no akyi kɔɔ Netherlands sɛ wontintim mma no.

Ɛmfa ho mmɔden a asɔre mpanyimfo no bɔe sɛ wɔremma wontintim Apam Foforo a Almeida yɛe no, wotintim nhoma no wɔ Amsterdam wɔ afe 1681 mu, na afe a edi hɔ no wɔde nea wodii kan tintimii no kɔɔ Batavia. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Almeida abam bui bere a ohui sɛ wɔn a wɔhwɛɛ nhoma no mu wɔ Netherlands no ayɛ nsakrae wɔ ne nkyerɛase no mu no! Esiane sɛ na wɔn a wɔhwɛ nhoma mu no nnim Portugal kasa yiye nti, Almeida hui sɛ na wɔde “nsɛm bi a enhyia ahyehyɛ nkyerɛase no mu, na na ɛmma wonhu nea Honhom Kronkron no kyerɛ.”

Netherlands aban no nso ani annye nhoma no ho, ma enti wɔhyɛe sɛ wɔnsɛe ne nyinaa. Ɛno mpo no, Almeida ka kyerɛɛ aban mpanyimfo no sɛ wonnyaw kakra bi mma no, na ɔno ankasa besiesie mfomso a anibere wom paa a ɛwɔ nhoma no mu no, na wogye toom. Ná wobetumi akenkan nea wayiyi mfomso a anibere wom paa afi mu no kosi sɛ wobetumi asiesie mfomso a na aka wɔ mu no nyinaa.

Wɔn a wɔhwɛ nhoma mu a na wɔwɔ Batavia no san hyiae sɛ wɔbɛkɔ so ahwɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu, na wofii ase hwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no fã biara a na Almeida bewie no mu. Esiane sɛ na asɔre mpanyimfo no suro sɛ anhwɛ a Almeida bo betumi afuw nti, wɔde nhoma a na wɔahwɛ mu awie de wɔn nsa ahyɛ ase no siee asɔre no adaka mu. Anyɛ nwonwa sɛ Almeida bo fuwii ma ɔne wɔn anyɛ adwene wɔ saa gyinae a wosii no ho.

Eduu saa bere yi no, na mfe pii a Almeida de ayɛ adwumaden ne asetra a ɛyɛ den a wafa mu wɔ ɔman a na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no ama wafi ase regogow. Wɔ afe 1689 mu no, esiane sɛ na Almeida nte apɔw nti ogyaee asɛmpatrɛw adwuma no de n’ani sii Hebri Kyerɛwnsɛm no a na ɔrekyerɛ ase no so. Awerɛhosɛm ne sɛ owui wɔ afe 1691 mu bere a na ɔrekyerɛ Hesekiel nhoma no ti a etwa to koraa no ase no.

Wotintim Apam Foforo no mu nea ɛto so abien a Almeida kyerɛɛ ase wiei no ankyɛ na owui no wɔ afe 1693 mu. Bio nso, ɛte sɛ nea nkurɔfo a na wonnim adwuma a wɔhwɛɛ ne nhoma mu no de nsɛm bi hyehyɛɛ ne nkyerɛase no mu sɛee no. Wɔ G. L. Santos Ferreira nhoma a wɔato din A Biblia em Portugal (Bible a Ɛwɔ Portugal) mu no, ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔhwɛɛ adwuma no mu no . . . de nsɛm bi hyehyɛɛ adwuma pa a na Almeida ayɛ no mu sɛee no, na wɔde nsɛm pii hyehyɛɛ mu sɛee no koraa sen nea wɔn a wɔhwɛɛ nkyerɛase a edi kan no mu yɛe no.”

Wowiee Bible a Ɛwɔ Portugal Kasa mu No

Bere a Almeida wui no, na obiara nni Batavia a ɔbɛhwɛ ma wahwɛ Bible a ɛwɔ Portugal kasa mu no mu ma wɔatintim no ntɛmntɛm. Ɛyɛ Denmark asɛmpatrɛwfo bi a na wɔreyɛ adwuma wɔ Tranquebar a ɛwɔ India anafo fam no na wɔsrɛɛ Adɔe Kuw a Wɔkyerɛkyerɛ Kristosom a ɛwɔ London no ma wɔde sika hyɛɛ mu ma wotintimii Almeida Apam Foforo no mu nea ɛto so abiɛsa no wɔ afe 1711 mu.

Adɔe Kuw a Wɔkyerɛkyerɛ Kristosom a ɛwɔ London no sii gyinae sɛ wɔbɛhyehyɛ mfiri bi wɔ Tranquebar de atintim Bible no. Nanso, Fransefo bi a wɔbɔ korɔn wɔ po so hyɛn mu kɔtow hyɛɛ po so hyɛn a na ɛde nneɛma a wɔde tintim nhoma ne Portugal kasa mu Bible rekɔ India no so gyee po so hyɛn no fii wɔn nsam, na awiei koraa no, wokogyaw po so hyɛn no sii Rio de Janeiro, po so hyɛn gyinabea wɔ Brazil. Santos Ferreira kyerɛwee sɛ: “Anwonwasɛm ne sɛ wokohuu nnaka a na nneɛma a wɔde tintim nhoma no wom no wɔ po so hyɛn no ase a na wonyii hwee mfii mu. Na wɔde po so hyɛn koro no ara toaa akwantu no so kɔɔ Tranquebar.” Denmark asɛmpatrɛwfo no san hwehwɛɛ nhoma no mu yiye, na wotintim Bible mu nhoma a aka a Almeida kyerɛɛ ase no. Wotintim Bible a ɛwɔ Portugal kasa mu no po a etwa to no wɔ afe 1751 mu. Efi bere a Almeida fii ase sɛ ɔrekyerɛ Bible no ase besi bere a wotintim po a etwa to no, na bɛyɛ mfe 110 atwam.

Agyapade a Ɛnsɛe Da

Almeida mmofraase pɛɛ na ohui sɛ ɛsɛ sɛ wonya Bible wɔ Portugal kasa mu sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wonnim nhoma pii no betumi ate nokware no ase wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɛmfa ho sɛ Katolek Asɔre no sɔre tiaa Almeida, n’atipɛnfo ankyerɛ adwuma no ho anigye, wontwiwontwi kɔɔ so wɔ ɔne wɔn a wɔhwɛ ne nkyerɛase no mu no ntam, ne ɔno ankasa apɔwmuden a ɛsɛee nyinaa akyi no, omiaa n’ani de ne nkwa nna nyinaa kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Portugal kasa mu. Mfaso baa animia a ɔde yɛɛ adwuma no so.

Nkurɔfo a na wɔka Portugal kasa a na Almeida ka asɛm no kyerɛ wɔn no mu pii nni hɔ bio, nanso ne Bible no da so ara wɔ hɔ. Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no, Britania ne Amannɔne Bible Fekuw ne afei Amerika Bible Fekuw no kyekyɛɛ Almeida nkyerɛase no mpempem pii wɔ Portugal ne nkurow a ɛdeda Brazil mpoano no mu. Ɛno nti, ɛde besi nnɛ no, Bible ahorow a wɔhwɛɛ Almeida nkyerɛase a edi kan no so yɛe no ka Bible a nnipa pii ani gye ho no ho, na wɔakyekyɛ pii wɔ aman a wɔka Portugal kasa wom no mu.

Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ nnipa pii kyerɛ anisɔ kɛse wɔ nnipa a wodii kan kyerɛɛ Bible no ase te sɛ Almeida no ho. Nanso, nea ɛsɛ sɛ yɛn anisɔ no paa ne Yehowa, Onyankopɔn a ɔne nnipa di nkitaho a “ɔpɛ sɛ wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ” no. (1 Timoteo 2:3, 4) Akyinnye biara nni ho sɛ Ɔno na wakora n’Asɛm no so na wama obiara nsa tumi ka bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛso bɛba yɛn mfaso. Ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ Bible ho anisɔ bere nyinaa, na yɛde nsi asua “ademude a ɛsom bo paa” a yɛn soro Agya no de ama yɛn no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Wɔ afeha a ɛto so 16 mfinimfini mu hɔ no, bere a Katolek Asɔre no kyerɛw nhoma a wɔtoo din Index of Forbidden Books no, wɔnam so barae katee sɛ mma obiara nkenkan Bible a ɛwɔ ne kurom kasa mu. Sɛnea The New Encyclopædia Britannica kyerɛ no, nhoma no a wɔkyerɛwee no “amma wɔankɔ so ankyerɛ Bible ase ankɔ kasa foforo biara mu koraa wɔ Katolek som mu wɔ mfe 200 a edii hɔ no mu.”

^ nky. 8 Almeida Bible nkyerɛase dedaw no bi frɛ Almeida sɛ Padre (Agya) Almeida, ɛno maa nnipa bi gye dii sɛ na wadi Katolek sɔfo pɛn. Nanso, Netherlandsfo a wɔhwɛɛ Almeida Bible no mu yɛɛ nsakrae maa no no dii mfomso faa Padre no sɛ ɛyɛ abodin a wɔde ma Protestant sɔfo bi.

^ nky. 10 Asɔfo mpanyimfo a wɔda Reformed Asɔre no ano.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 21]

ONYANKOPƆN DIN

Nhwɛso pa a Almeida a ɔde nokwaredi kyerɛɛ Bible no ase yɛe a ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, ɔde Onyankopɔn din yɛɛ adwuma bere a na ɔrekyerɛ Hebri asɛmfua Tetragrammaton ase no.

[Asɛm Fibea]

Cortesia da Biblioteca da Igreja de Santa Catarina (Igreja dos Paulistas)

[Asase mfonini wɔ kratafa 18]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

ATLANTIC PO

PORTUGAL

Lisbon

Torre de Tavares

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Batavia wɔ afeha a ɛto so 17 mu

[Asɛm Fibea]

From Oud en Nieuw Oost-Indiën, Franciscus Valentijn, 1724

[Mfonini wɔ kratafa 18, 19]

Kratafa a Portugal kasa mu “Apam Foforo” a wodii kan tintimii wɔ afe 1681 mu no din wɔ no

[Asɛm Fibea]

Courtesy Biblioteca Nacional, Portugal