Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I

NÁ ƐYƐ afe 613 A.Y.B. mu. Saa bere no ná odiyifo Yeremia wɔ Yuda, na ɔde akokoduru kaa ɔsɛe a na ɛreba Yerusalem so ne Yuda man a na ɛrebɛdan amamfõ no so ho asɛm. Ná Babilon hene Nebukadnesar abɛfa Yudafo no pii kɔ nkoasom mu dedaw. Ná Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no ka wɔn a wɔfaa wɔn kɔe no ho, na na wɔresom wɔ Kaldeafo ahemfie. Ná Yudafo a wɔafa wɔn kɔ nkoasom mu no mu dodow no ara tete asubɔnten Kebar a ɛwɔ “Kaldeafo asase so” no ho. (Hesekiel 1:1-3) Yehowa maa Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no onipa bi a na ɔde n’asɛm fa no so ma wɔn. Hesekiel a na wadi mfe 30 no ne obi a Yehowa paw no sɛ odiyifo maa wɔn.

Hesekiel nhoma no a wɔkyerɛw wiei wɔ afe 591 A.Y.B. mu no ka nsɛm a esisii wɔ mfe 22 mu ho asɛm. Hesekiel tɔɔ ne bo ase kyerɛw nsɛm no pɛpɛɛpɛ. Hesekiel kyerɛɛ bere a ne nsa kaa ne nkɔmhyɛ ahorow no, na ɔkyerɛɛ afe, ɔsram, ne ɛda a ne nsa kae no mpo. Nsɛm a Hesekiel kyerɛwee no fã a edi kan no fa Yerusalem a na wɔbɛko adi so na wɔasɛe no no ho titiriw. Ɔfã a ɛto so abien no fa atemmusɛm a ɔka tiaa aman a na atwa Yudafo no ho ahyia no ho, ná ɔfã a etwa to no fa Yehowa som a na wɔbɛsan de asi hɔ no ho. Yebesusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ Hesekiel 1:1–24:27 ho wɔ asɛm yi mu. Nneɛma a yebesusuw ho no bi ne anisoadehu ne nkɔmhyɛ ahorow, ne nea na ɛbɛto Yerusalem a wɔmaa Hesekiel yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ no.

‘MEDE WO ASI HƆ SƐ ƆWƐMFO’

(Hesekiel 1:1–19:14)

Bere a wɔmaa Hesekiel huu Yehowa ahengua wɔ anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa mu akyi no, wɔmaa no adwuma bi. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.” (Hesekiel 3:17) Nea ɛbɛyɛ na Hesekiel ahyɛ Yerusalem a wɔbɛka ahyem ne nea ebefi mu aba ho nkɔm no, wɔmaa no ahyɛde sɛ ɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abien. Bere a Yehowa nam Hesekiel so reka Yuda asase no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Hwɛ, mede nkrante mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea.” (Hesekiel 6:3) Hesekiel ka kyerɛɛ wɔn a na wɔte Yuda asase so no sɛ: “[Mmusu a wɔanwene] no reba wo so.”—Hesekiel 7:7.

Wɔ afe 612 A.Y.B. mu no, wɔnam anisoadehu so de Hesekiel kɔɔ Yerusalem. Akyide a ohui sɛ na wɔreyɛ wɔ Onyankopɔn asɔrefie hɔ no yɛ tan paa! Bere a Yehowa somaa n’abrafo (a wɔde “mmarima baasia” gyinaa hɔ maa wɔn no) fii soro bebuu wɔn atɛn no, wɔn a na wɔahyehyɛ wɔn “momaso agyirae” no nkutoo na wɔankunkum wɔn. (Hesekiel 9:2-6) Nanso, nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ wɔde “nnyansramma” a ɛyɛ Onyankopɔn atemmusɛm a emu yɛ den no pete kurow no so. (Hesekiel 10:2) Ɛwom sɛ na ‘Yehowa de abɔnefo no kwan bebua wɔn atifi’ de, nanso ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsan aboaboa Israelfo a na wɔahwete no ano.—Hesekiel 11:17-21.

Onyankopɔn honhom san de Hesekiel baa Kaldea. Ɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ bi de kyerɛɛ sɛnea na Ɔhene Sedekia ne ne manfo beguan afi Yerusalem. Wɔkasa tiaa adiyifo mmarima ne adiyifo mmea no denneennen. Wɔpoo wɔn a na wɔresom abosom no nso. Wɔde Yudafo no totoo bobe a ɛnsow aba ho. Ná aborɔme bi a ɛfa ɔkɔre ne obobe ho no kyerɛ ɔhaw kɛse bi a ɛbɛba Yerusalem so esiane sɛ na wakɔhwehwɛ mmoa wɔ Misraim nti. Bere a ɔde aborɔme no reba awiei no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ‘Yehowa bɛtɛw mfefɛwee mu ti bɛtɛbɛtɛ no bi wɔ bepɔw a ɛkorɔn bi so.’ (Hesekiel 17:22) Nanso Yuda de, na “ahenni poma bi nni hɔ bio.”—Hesekiel 19:14.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:4-28—Ɔsoro teaseɛnam no gyina hɔ ma dɛn? Teaseɛnam no gyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a honhom abɔde anokwafo na wɔwɔ mu no. Yehowa honhom kronkron no na ɛma teaseɛnam no tumi kɔ n’anim. Onii a ɔka teaseɛnam no a ogyina hɔ ma Yehowa no anuonyam nni ano. Wɔde nyankontɔn fɛfɛ bi na ɛyɛɛ dwo a odwo no ho mfonini.

1:5-11—Henanom ne ateasefo baanan no? Anisoadehu a ɛto so abien a Hesekiel nyae wɔ teaseɛnam no ho mu no, ohui sɛ ateasefo baanan no yɛ kerubim. (Hesekiel 10:1-11; 11:22) Wɔ nkyerɛkyerɛmu a Hesekiel de mae akyiri yi mu no, ɔkae sɛ nantwi no anim yɛ ‘Kerub anim.’ (Hesekiel 10:14) Saa nkyerɛkyerɛmu yi fata, efisɛ wɔde nantwi gyina hɔ ma tumi ne ahoɔden, na kerubim nso yɛ honhom abɔde a wɔwɔ tumi.

2:6—Dɛn nti na wɔfrɛɛ Hesekiel mpɛn pii sɛ “onipa ba”? Yehowa frɛɛ Hesekiel wɔ saa kwan yi so de kaee no sɛ ɔyɛ onipa, na Yehowa nam saa a ɔyɛe so maa odiyifo no huu nsonsonoe kɛse a ɛda ɔne Onyankopɔn a ɔne Onii a ɔde nkrasɛm no maa no no ntam. Wɔde din koro no ara frɛ Yesu Kristo bɛyɛ mpɛn 80 wɔ Nsɛmpa no mu, na ɛno ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn Ba no baa asase so sɛ onipa ankasa, na ɛnyɛ sɛ honhom abɔde bi a wasakra ne ho ayɛ onipa.

2:9–3:3—Dɛn nti na kwadwom ne apinisi a wɔahyehyɛ wɔ nhoma mmobɔwee no mu no yɛɛ Hesekiel anom dɛ? Ɛyɛ su a na Hesekiel kura wɔ adwuma a na Yehowa de ama no no ho na ɛmaa nhoma mmobɔwee no yɛɛ n’anom dɛ no. Ná Hesekiel ani gye ho sɛ ɔresom Yehowa sɛ odiyifo.

4:1-17—So Hesekiel yɛɛ Yerusalem a na wɔbɛka ahyem no ho ɔyɛkyerɛ ankasa? Ade a na Hesekiel de bɛsɔ ogya anoa so aduan a ɔsrɛe sɛ Yehowa nsesa mma no no a Yehowa penee so no ma yehu sɛ odiyifo no yɛɛ Yerusalem a na wɔbɛka ahyem no ho ɔyɛkyerɛ ankasa. Hesekiel daa ne mfẽ benkum so de soaa mmusuakuw du ahemman no amumɔyɛ a wɔyɛe wɔ mfe 390 mu a efii ase wɔ afe 997 A.Y.B. mu kosii bere a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Ɔdaa ne mfẽ nifa so nso de soaa bɔne a Yudafo no yɛe wɔ mfe 40 mu a ɛhyɛɛ ase fii bere a wɔpaw Yeremia sɛ odiyifo wɔ afe 647 A.Y.B. mu kosii afe 607 A.Y.B. mu no. Wɔ nnafua 430 a Hesekiel de daa ne mfẽ so nyinaa mu no, aduan ne nsu kakraa bi pɛ na na wɔde ma no, na na ɛno yɛ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔkɔm bɛba Yerusalem bere a wɔaka kurow no ahyem no.

5:1-3—Dɛn na nhwi a Hesekiel petee wɔ mframa mu a ɔfaa emu kakra kyekyeree n’atade ano no kyerɛ? Ɔyɛɛ saa de kyerɛe sɛ bere a asase no ayɛ amamfõ mfe 70 akyi no, Yudafo bi bɛsan aba asase no so de nokware som abesi hɔ bio.—Hesekiel 11:17-20.

17:1-24—Henanom ne akɔre akɛse abien no, na ɔkwan bɛn so na wɔpanee kyeneduru nkɔnmu mu bãa, na hena ne “ti bɛtɛbɛtɛ” a Yehowa duae no? Akɔre abien no gyina hɔ ma Babilon ne Misraim ahemfo. Ɔkɔre a odi kan no tu kosii kyeneduru no nkɔnmu, a nea ɛno kyerɛ ne sɛ, ɔkɔɔ sodifo a na ɔwɔ Dawid adehye abusua no mu nkyɛn. Saa ɔkɔre yi kɔpanee kyeneduru no nkɔnmu mu bãa a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔde Sedekia kosii Yuda hene Yehoiakin ananmu. Ɛmfa ho sɛ Sedekia kaa ntam sɛ obedi nokware ama Babilon hene no, ɔkɔhwehwɛɛ mmoa wɔ ɔkɔre foforo a ɔne Misraim sodifo nkyɛn, nanso wantumi ammoa no. Ná wɔbɛfa Sedekia akɔyɛ akoa wɔ Babilon ma wawu wɔ hɔ. Yehowa nso panee “ti bɛtɛbɛtɛ” bi a ɔne Mesia Hene no. Oduaa Onii a ɔne Mesia Hene no wɔ “bepɔw a ɛkorɔn na ɛware bi so” a ɛno ne ɔsoro Bepɔw Sion no. Ɛhɔ na ɔbɛyɛ “kyeneduru kunini” a obehyira asase sofo ankasa.—Adiyisɛm 14:1.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

2:6-8; 3:8, 9, 18-21. Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu wɔ abɔnefo anim, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yɛbɛka Onyankopɔn asɛm akyerɛ abɔnefo na yɛabɔ wɔn kɔkɔ nso. Sɛ nkurɔfo antie asɛm a yɛka kyerɛ wɔn no anaasɛ wɔsɔre tia yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ den te sɛ ahemmo. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammɛyɛ nnipa a yɛn tirim yɛ den, yenni tema, anaasɛ yenni ayamhyehye ma afoforo. Yesu yam hyehyee no maa nkurɔfo a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn yam hyehye yɛn ma afoforo na ɛka yɛn ma yɛka asɛm no kyerɛ wɔn.—Mateo 9:36.

3:15. Bere a Hesekiel nsa kaa n’adwuma no, ɔtraa Tel-Abib, na ne ‘ho dwiriw no wɔ hɔ nnanson.’ Ɔtraa hɔ dwennwen asɛm a na ɔrekɔka no ho. So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yegye bere sua ade yiye na yedwennwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte Onyankopɔn ho nokwasɛm a emu dɔ ase?

4:1–5:4. Egyee Hesekiel ahobrɛase ne akokoduru ansa na ɔretumi ayɛ ɔyɛkyerɛ abien no de ahyɛ nkɔm. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛde akokoduru yɛ adwuma biara a Onyankopɔn de ama yɛn no.

7:4, 9; 8:18; 9:5, 10. Ɛnsɛ sɛ yɛma wɔn a Onyankopɔn atemmu ba wɔn so no asɛm yɛ yɛn mmɔbɔ, anaasɛ yɛn yam hyehye yɛn ma wɔn.

7:19. Sɛ Yehowa bu wiase bɔne yi atɛn a, sika bɛyɛ ade a mfaso biara nni so.

8:5-18. Ɔwae sɛe obi ne Onyankopɔn ntam. “Ɔwaefo de n’ano sɛe ne yɔnko.” (Mmebusɛm 11:9, NW) Nyansa wom sɛ yɛremmɔ yɛn ho mmusu sɛ yebetie awaefo asɛm.

9:3-6. Ɛho hia sɛ yenya agyiraehyɛde no, na ɛno na ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo a yɛahyira yɛn ho so agye asubɔ, na yɛwɔ Kristofo su. Sɛ yɛwɔ saa agyiraehyɛde yi a, ɛno na ɛbɛma yɛanya nkwa wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. (Mateo 24:21) Kristofo a wɔasra wɔn a ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen yɛ wɔn ho mfonini no na wodi agyiraehyɛde adwuma a ɛno ne Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no anim. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn agyiraehyɛde no popa a, ɛsɛ sɛ yɛde nsi boa wɔn a wɔasra wɔn no ma wɔyɛ saa adwuma yi.

12:26-28. Ná ɛsɛ sɛ Hesekiel ka kyerɛ wɔn a wɔredi asɛm a na ɔreka no ho fɛw no sɛ: ‘Yehowa rentwe ne nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio.’ Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de boa afoforo ma wɔde wɔn ho to Yehowa so ansa na wasɛe saa wiase bɔne yi.

14:12-23. Sɛ wobegye yɛn nkwa a, egyina yɛn ankasa so. Onipa biara ntumi nyɛ ho adwuma mma yɛn.—Romafo 14:12.

18:1-29. Yɛn ankasa na yebetwa yɛn nneyɛe so aba.

“NNANANI, NNANANI, NNANANI NA MƐDAN NO”

(Hesekiel 20:1–24:27)

Wɔ afe 611 A.Y.B. mu no, bere a na Israelfo no atwa mfe ason wɔ nkoasom mu no, Israel mpanyimfo no kɔɔ Hesekiel nkyɛn ‘kobisaa Yehowa hɔ ade.’ Ɔma wohuu mfe pii a na Israelfo no de atew atua ne kɔkɔbɔ a ‘na Yehowa de ama wɔn sɛ ɔbɛtwe ne nkrante’ wɔ wɔn so no. (Hesekiel 20:1; 21:3) Bere a Yehowa rekasa akyerɛ Israel birɛmpɔn (Sedekia) no, ɔkae sɛ: “Wɔayi abotiten no na wɔapɔn ahemmotiri no; eyi nyɛ eyi; nea abrɛ ase no, wɔbɛma so, na nea ama so no bɛbrɛ ase; nnanani, nnanani, nnanani na mɛdan no; na eyi nso rentra hɔ, de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no [Yesu Kristo] no bɛba, na mede mama no.”—Hesekiel 21:26, 27.

Wɔbɔɔ Yerusalem sobo wɔ ne bɔne ho. Wɔma wohuu bɔne a na Ohola (Israel) ne Oholiba (Yuda) ayɛ no. Ná wɔde Ohola ahyɛ “n’adɔfo no nsa, Asiriafo . . . nsa” dedaw. (Hesekiel 23:9) Ná ɛrenkyɛ na wɔasɛe Oholiba nso. Wɔ afe 609 A.Y.B. mu no, wofii ase kaa Yerusalem hyɛɛ mu asram 18. Awiei koraa no, sɛ wɔko fa kurow no a, na Yudafo no ho bedwiriw wɔn kɛse ma wɔrentumi nka awerɛhow a wɔredi no ho asɛm. Ná ɛnsɛ sɛ Hesekiel ka Onyankopɔn nkrasɛm kyerɛ wɔn a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon no kosi sɛ obenya amanneɛbɔ afi “nea wafi” kurow a na wɔasɛe no “mu afi” no hɔ.—Hesekiel 24:26, 27.

Kyerɛwnsɛm mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

21:3—Dɛn ne “nkrante” a Yehowa twe fi ne boha mu no? “Nkrante” a Yehowa de buu Yerusalem ne Yuda atɛn no ne Babilon hene Nebukadnesar ne n’asraafo no. Ná nkrante no betumi agyina hɔ nso ama Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro a honhom abɔde a wɔwɔ tumi na wɔwom no.

24:6-14—Nkannare a na ɛwɔ ɔsɛn no mu no gyina hɔ ma dɛn? Wɔde Yerusalem a wɔka hyɛɛ mu no totoo ɔsɛn a ano trɛw ho. Nkannare a na ɛwom no gyina hɔ ma ɔbrasɛe a na ɛrekɔ so wɔ kurow no mu no. Ɔbrasɛe no ne afideyɛ, ahohwibra, ne mogyahwiegu a na kurow no di ho fɔ no. Ná n’afideyɛ no kɔ akyiri araa ma bere a wɔde ɔsɛn a hwee nni mu no sii ogya so ma ɛdɔɔ kɔɔ mpo no, nkannare a ɛwom no antumi anwaawae.

Asuade a Ɛwom ma Yɛn:

20:1, 49. Nsɛm a Israel mpanyimfo no kekae no ma ɛdaa adi sɛ na wɔn adwenem yɛ wɔn nãã wɔ asɛm a na Hesekiel aka akyerɛ wɔn no ho. Mommma yɛn adwenem nnyɛ yɛn nãã da wɔ kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de ma yɛn no ho.

21:18-22. Ɛwom sɛ na Nebukadnesar di ahonhonsɛm de, nanso ɛyɛ Yehowa na ɔhwɛ maa sodifo a ɔyɛ ɔbosonsonni no ko tiaa Yerusalem. Eyi kyerɛ sɛ adaemone mpo ntumi nsiw Yehowa abrafo kwan bere a wɔreyɛ Yehowa adwuma no.

22:6-16. Yehowa kyi ntwiri, ahohwibra, tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so, ne anadwode anaa kɛtɛasehyɛ. Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ bɔne a ɛtete saa no bi.

23:5-49. Apam a Israel ne Yuda ne aman foforo yɛe no ma wɔkɔsom wɔn abosom no bi. Momma yɛnhwɛ yiye sɛ yɛne wɔn a wɔnsom Yehowa no mmɔ nkɔ akyiri na wɔansɛe yɛn gyidi.—Yakobo 4:4.

Nkrasɛm a Nkwa ne Tumi Wom

Hwɛ asuade a edi mu a yɛanya afi Bible mu nhoma a ɛne Hesekiel no ti 24 a edi kan no mu! Nnyinasosɛm ahorow a ɛwom no ma yehu nneɛma a sɛ yɛyɛ a Onyankopɔn ani rennye yɛn ho, nneɛma a yɛyɛ a yebenya ne mmɔborohunu, ne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ abɔnefo kɔkɔ. Yerusalem sɛe ho nkɔmhyɛ no ma yehu pefee sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔma ne nkurɔfo ‘te nneɛma foforo a ennya mfii’ no ansa na aba.—Yesaia 42:9.

Nkɔmhyɛ ahorow te sɛ nea a ɛwɔ Hesekiel 17:22-24 ne 21:26, 27 no kaa bere a wɔde Mesia Ahenni no besi hɔ wɔ soro no ho asɛm. Saa nniso no bɛma Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so nnansa yi ara. (Mateo 6:9, 10) Yebetumi de gyidi ne ahotoso ahwɛ nhyira a Ahenni no de bɛba no kwan. Ɛyɛ ampa sɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Hebrifo 4:12.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɔsoro teaseɛnam no gyina hɔ ma dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Sɛ yɛkɔ so de nsi yɛ asɛnka adwuma no a, ɛbɛboa yɛn ma “agyirae” a wɔahyɛ yɛn no ampopa