Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Kɔ So Fa Papa Di Bɔne So Nkonim”

“Kɔ So Fa Papa Di Bɔne So Nkonim”

“Kɔ So Fa Papa Di Bɔne So Nkonim”

“Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.”—ROMAFO 12:21.

1. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ yebetumi adi bɔne so nkonim?

SO YEBETUMI agyina pintinn wɔ ɔsɔretia a ano yɛ den a wɔn a wɔn ani nnye nokware som ho de ba yɛn so no ano? So yebetumi adi nneɛma a ɛpɛ sɛ ɛtwetwe yɛn ma yɛsan kɔ wiase bɔne no mu no so nkonim? Yiw, yebetumi agyina emu biara ano! Dɛn nti na yɛka saa? Esiane asɛm a ɔsomafo Paulo kae wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo mu no nti. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.” (Romafo 12:21) Sɛ yenya Yehowa mu ahotoso, na yesi yɛn bo sɛ yɛremma wiase no nni yɛn so nkonim a, bɔne a ɛwɔ wiase no mu no ntumi nni yɛn so nkonim da. Bio nso, asɛm a ɛne ‘monkɔ so nni bɔne so nkonim’ no kyerɛ sɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɔ so ko tia bɔne a, yebetumi adi so nkonim. Wɔn a wɔmma wɔn ani nkɔ so nna hɔ, na wogyae wɔn ho mu wɔ akodi yi mu no nkutoo na wiase bɔne yi ne ɛsodifo bɔne a ɔne Satan Ɔbonsam no bedi wɔn so nkonim.—1 Yohane 5:19.

2. Dɛn nti na yebesusuw nsɛm a esisii wɔ Nehemia asetram no bi ho?

2 Bɛyɛ mfe 500 ansa na Paul rebɛyɛ Kristoni no, Onyankopɔn somfo bi a ɔtraa ase wɔ Yerusalem no yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ yebetumi ako atia bɔne sɛnea Paulo kae no. Saa Onyankopɔn nipa no ne Nehemia. Ogyinaa ɔsɔretia a abɔnefo de baa no so no ano, na ɔde papa dii bɔne so nkonim nso. Nsɛnnennen bɛn na Nehemia hyiae? Dɛn na ɛboaa no ma otumi dii nkonim? Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua ne nhwɛso no? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae no, ma yensusuw nsɛm a esisii wɔ Nehemia asetram no bi ho nhwɛ. *

3. Nnipa bɛn na na Nehemia ne wɔn te, na adwuma kɛse bɛn na ɔkɔyɛe?

3 Ná Nehemia yɛ adwuma wɔ Persia hene Artasasta ahemfie. Ɛwom sɛ na Nehemia ne wɔn a wɔnsom Onyankopɔn na na ɛte de, nanso wansuasua wɔn anaa ‘wamfa’ wiase “nhyehyɛe” a na ɛwɔ hɔ no “su.” (Romafo 12:2) Bere a ɛho behiae sɛ ɔkɔyɛ adwuma bi wɔ Yuda no, ɔde asetra pa a na ɔwom no bɔɔ afɔre, na otwaa kwan a ne twa yɛ yaw kɔyɛɛ adwuma kɛse bi de too ɔfasu faa Yerusalem kurow no ho. (Romafo 12:1) Ɛwom sɛ na Nehemia na ɔyɛ amrado wɔ Yerusalem de, nanso na ɔne ne mfɛfo Israelfo no yɛ adwuma daa ‘fi adekyee kosi sɛ nsoromma bepue.’ Ɛno nti, wɔde asram abien pɛ na ɛtoo ɔfasu no wiei! (Nehemia 4:21; 6:15) Ɛyɛ nwonwa paa sɛ Israelfo no tumi yɛɛ adwuma a ɛte saa, efisɛ bere a na wɔreto ɔfasu no, wohyiaa ɔsɔretia ahorow pii. Henanom na wɔsɔre tiaa Nehemia, na dɛn nti na wɔyɛɛ saa?

4. Ná wɔn a wɔsɔre tiaa Nehemia no botae ne dɛn?

4 Wɔn a wɔsɔre tiaa Nehemia titiriw no ne Sanbalat, Tobia, ne Gesem. Ná wɔyɛ mmarima a wɔwɔ tumi a na wɔte bɛn Yudafo no. Esiane sɛ na wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo nti, ‘ɛyɛɛ wɔn yaw kɛse sɛ Nehemia aba rebɛhwehwɛ yiyedi ama Israelfo’ no. (Nehemia 2:10, 19) Ná Nehemia atamfo no asi wɔn bo paa sɛ wɔbɛma Nehemia agyae ɔfasu no to ma wɔbɔɔ ne ho pɔw bɔne mpo. So na Nehemia bɛma ‘bɔne adi ne so nkonim’?

“Ne Bo Hurui na Onyaa Abufuw Pii Pa”

5, 6. (a) Dɛn na Nehemia atamfo no yɛe wɔ adansi adwuma a na ɔreyɛ no ho? (b) Dɛn nti na asɔretiafo no antumi ammu Nehemia abam?

5 Nehemia de akokoduru ka kyerɛɛ ne nkurɔfo no sɛ: “Mommra mma yɛnto Yerusalem afasu no.” Nkurɔfo no nso gyee so sɛ: “Momma yɛnsɔre na yensi.” Nehemia kae sɛ: “Wɔhyehyɛɛ wɔn abasam den maa adwuma pa no,” nanso asɔretiafo no ‘dii yɛn ho fɛw, na wobuu yɛn animtiaa kae sɛ: Asɛm bɛn na moredi yi? So ɔhene anim atũa na moretew yi?’ Nehemia amma wɔn fɛwdi ne atosɛm a wɔka guu no so no ahunahuna no. Ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa no no sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛma asi yɛn yiye, na yɛn de, yɛyɛ ne nkoa, yɛbɛsɔre asi.” (Nehemia 2:17-20) Ná Nehemia asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ “adwuma pa” no.

6 Saa asɔretiafo no mu biako a wɔfrɛ Sanbalat “bo hurui na onyaa abufuw pii pa,” na ɔmaa n’atɛnnidi no mu yɛɛ den. Odii fɛw sɛ: “Dɛn na Yudafo nyamoonyamoofo yi reyɛ yi? . . . So wobenyannyan abo no afi afabo akuwakuw a ahyehyew no mu?” Tobia nso dii wɔn ho fɛw sɛ: “Sɛ sakraman foro a, obebubu wɔn abo fasu no.” (Nehemia 4:1-3) Dɛn na Nehemia yɛe?

7. Dɛn na Nehemia yɛe wɔ sobo a asɔretiafo no de bɔɔ no no ho?

7 Nehemia amfa wɔn fɛwdi no anyɛ asɛm. Ɔyɛɛ nea Onyankopɔn aka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ no, na wamfa bɔne antua wɔn a wɔsɔre tiaa no no bɔne so ka. (Leviticus 19:18) Mmom no, ogyaee asɛm no maa Yehowa, na ɔbɔɔ mpae sɛ: “Tie, yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛabɔ adapaa, na dan wɔn ahohora bua wɔn atifi.” (Nehemia 4:4) Nehemia nyaa Yehowa asɛm a ɛne sɛ: “Me na aweredi ne akatua wɔ me” no mu ahotoso. (Deuteronomium 32:35) Afei nso, Nehemia ne ne nkurɔfo no kɔɔ so ‘too ɔfasu no.’ Wɔamma biribiara antwetwe wɔn adwene. Nokwarem no, “wɔtoatoaa ɔfasu no nyinaa koduu ne fã so, na ɔman no nyaa koma pa de yɛe.” (Nehemia 4:6) Wɔn a na wɔn ani nnye nokware som ho no antumi amma wɔannyae adwuma no yɛ! Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Nehemia?

8. (a) Sɛ asɔretiafo ka atosɛm gu yɛn so a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Nehemia? (b) Ka osuahu bi a woanya anaasɛ woate a ɛkyerɛ sɛ nyansa wom sɛ yɛremfa bɔne nntua bɔne so ka.

8 Ɛnnɛ nso, wɔn a wɔsɔre tia yɛn wɔ sukuu mu, adwuma mu, anaa yɛn abusua mu mpo no betumi adi yɛn ho fɛw, na wɔaka atosɛm agu yɛn so. Nanso, mpɛn pii no, ɔkwan a ɛfata paa a yɛfa so di saa atosɛm a wɔka gu yɛn so no ho dwuma ne sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm mu asɛm a ɛne sɛ: “Kommyɛ wɔ ne bere” no bɛyɛ adwuma. (Ɔsɛnkafo 3:1, 7) Enti, te sɛ Nehemia no, yɛn nso yɛrenka nsɛm a ɛyɛ yaw mmfa nntua wɔn a wɔsɔre tia yɛn no ka. (Romafo 12:17) Yɛde yɛn asɛm to Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu, na yenya onii a wahyɛ yɛn bɔ sɛ: “Me ara metua ka” no mu ahotoso. (Romafo 12:19; 1 Petro 2:19, 20) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛmma wɔn a wɔsɔre tia yɛn no nntwetwe yɛn adwene mmfi adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛnyɛ a ɛno ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na yɛayɛ asuafo no so. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Bere biara a yɛbɛkɔ asɛnka na yɛmma nea asɔretiafo bɛyɛ nhunahuna yɛn no, na yɛreda su pa a Nehemia daa no adi no bi adi.

‘Yebekum Wo’

9. Ɔsɔretia bɛn na Nehemia atamfo no de baa no so, na dɛn na Nehemia yɛe?

9 Bere a wɔn a wɔn ani nnye nokware som ho a na wɔwɔ Nehemia bere so no tee sɛ “wɔatoatoa Yerusalem afasu no ahyia” no, wɔfofaa wɔn nkrante “sɛ wɔreba ne Yerusalem abɛko.” Ná ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu ma Yudafo no. Ná Samariafo wɔ Yudafo no atifi fam, Amonfo wɔ apuei fam, Arabifo wɔ anafo fam, na na Asdodfo nso wɔ atɔe fam. Ná saa aman yi atwa Yerusalem ho ahyia; ɛte sɛ nea na wɔaka adansifo no ahyem ara ne sa! Dɛn na na wɔbɛyɛ? Nehemia kae sɛ: “Yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae.” Atamfo no hunahunaa yɛn sɛ: ‘Yebekunkum wɔn ama adwuma no to atwa.’ Nehemia maa adansifo no ‘de wɔn nkrante ne wɔn mpeaw ne wɔn ta’ bɔɔ kurow no ho ban. Nokwarem no, wɔ nnipa fam de, na ɛte sɛ nea Yudafo no ntumi nnyina wɔn atamfo a na wɔdɔɔso pii no anim, nanso Nehemia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro . .  [Yehowa, NW] kɛse a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no.”—Nehemia 4:7-9, 11, 13, 14.

10. (a) Dɛn na ɛmaa Nehemia atamfo no sesaa wɔn adwene mpofirim? (b) Nhyehyɛe bɛn na Nehemia yɛ maa adwumayɛfo no?

10 Afei, nneɛma sesae mpofirim. Atamfo no ne wɔn ankɔko bio. Dɛn ntia? Nehemia kae sɛ: “Onyankopɔn maa wɔn agyina no yɛɛ ɔkwa.” Nanso, Nehemia hui sɛ atamfo no bɛkɔ so ahaw wɔn adwene. Enti, ofi nyansam yɛɛ nsakrae wɔ ɔkwan a na wɔfa so yɛ adwuma no mu. Efi saa bere no, ‘wɔde wɔn nsa biako reyɛ adwuma no, na wɔde biako nso kura dade mu.’ Nehemia san maa ɔbarima bi adwuma sɛ ɔnwɛn, na sɛ ohu sɛ atamfo bi reba a, ‘ɔnhyɛn torobɛnto’ mfa mmɔ abantofo no kɔkɔ. Nea ɛsen ne nyinaa no, Nehemia maa nkurɔfo no awerɛhyem sɛ: “Yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn.” (Nehemia 4:15-20) Esiane sɛ wɔhyɛɛ adwumayɛfo no nkuran na osiesiee wɔn ma wotumi gyinaa wɔn atamfo no ahunahuna ano nti, wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no. Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu?

11. Dɛn na ɛma nokware Kristofo tumi gyina nneɛma bɔne a aman a wɔabara Ahenni adwuma no wom mufo de ba wɔn so no ano, na wɔyɛ dɛn de papa di bɔne so nkonim?

11 Ɛtɔ mmere bi a, nokware Kristofo hyia ɔsɔretia a ano yɛ den. Nokwarem no, wɔ aman bi so no, asɔretiafo a wɔn ani nnye nokware som ho ka wɔn ho bom ma wɔbɛyɛ atamfo a wɔyɛ den. Wɔ nnipa ani so de, yɛbɛka sɛ yɛn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ aman a ɛte saa so no ntumi nnyina atamfo no anim. Nanso, saa Adansefo no wɔ ahotoso sɛ ‘Onyankopɔn bɛko ama wɔn.’ Nokwarem no, wɔn a esiane wɔn gyidi nti wɔtaa wɔn no ahu mpɛn pii sɛ Yehowa atie wɔn mpaebɔ, na wama wɔn atamfo a wɔwɔ tumi no ‘agyinatu ayɛ ɔkwa.’ Wɔ aman a wɔabara Ahenni adwuma no wɔ so mpo no, Kristofo hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so akɔ so aka asɛmpa no. Sɛnea adansifo a na wɔwɔ Yerusalem no yɛɛ nsakrae wɔ ɔkwan a na wɔfa so yɛ wɔn adwuma no mu no, ɛnnɛ nso, sɛ Yehowa Adansefo hyia ɔsɔretia a, wɔfa anifere kwan so yɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔyɛ asɛnka adwuma no mu. Nokwasɛm ne sɛ, wɔmmfa honam fam akode mmɔ wɔn ho ban. (2 Korintofo 10:4) Sɛ wɔn atamfo hunahuna wɔn sɛ wobekum wɔn mpo a, ɛno mma wonnyae asɛnka adwuma no. (1 Petro 4:16) Mmom no, saa anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ akokoduru yi ‘kɔ so de papa di bɔne so nkonim.’

“Bra Ma Yenhyia”

12, 13. (a) Nyansakwan bɛn na wɔn a na wɔsɔre tia Nehemia no faa so? (b) Dɛn nti na bere a Nehemia asɔretiafo no frɛɛ no sɛ ommehyia wɔn no, wankɔ?

12 Bere a Nehemia atamfo no hui sɛ wɔn ahunahuna no anyɛ adwuma no, wɔhwehwɛɛ anifere kwan a ɛyɛ den sɛ obi behu akyiri faa so sɔre tiaa no. Nokwarem no, wɔfaa anifere kwan abiɛsa so. Ɛyɛ akwan bɛn?

13 Nea edi kan no, Nehemia atamfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa no. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra ma yenhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ Ono bon mu no bi mu.” Ná Ono da Yerusalem ne Samaria ntam. Enti, Nehemia atamfo no kae sɛ ommehyia wɔn wɔ ɔkwan no mfinimfini mma wonsiesie asɛm a na asɔre wɔ wɔn ntam no. Ná anka Nehemia betumi anya adwene bi sɛ: ‘Ɛyɛ adwempa. Ɛyɛ papa sɛ yebesiesie yɛn ntam mmom sen sɛ yɛbɛko.’ Nanso, Nehemia ankɔ. Ɔkyerɛɛ nea enti a wankɔ no mu sɛ: “Wɔn de, bɔne na wɔredwen me ho.” Nehemia huu adwene a na nkurɔfo no kura no, enti wɔantumi annaadaa no. Ɔka kyerɛɛ n’asɔretiafo no mpɛn anan sɛ: “Ɛdɛn nti na adwuma no nna hɔ na minnyaw no hɔ nsian mmra mo nkyɛn?” Mmɔden a atamfo no bɔe sɛ wɔbɛma Nehemia abehyia wɔn no anyɛ yiye. Ɔde n’ani sii adwuma a na ɔreyɛ no so.—Nehemia 6:1-4.

14. Dɛn na Nehemia yɛe wɔ atosɛm a n’atamfo no keka faa ne ho no ho?

14 Nea ɛto so abien no, Nehemia atamfo no bɔɔ Nehemia sobo kekaa atosɛm faa no ho sɛ ɔpɛ sɛ ‘ɔtew atua’ tia Ɔhene Artasasta. Wɔsan ka kyerɛɛ Nehemia bio sɛ: “Bra na yenhyia ntu agyina.” Saa bere yi nso, Nehemia ankɔ, efisɛ ohuu adwene a na n’atamfo no kura no. Nehemia kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔn nyinaa, ehu nko na woyi yɛn sɛ: Wɔn nsam begow afi adwuma no ho na wɔanyɛ.” Nanso, saa bere yi de, Nehemia yii ne ho ano wɔ sobo a n’atamfo no bɔɔ no no ho. Ɔkae sɛ: “Wɔnyɛɛ biribi sɛ nsɛm a woreka yi, na ɛyɛ wo koma mu susuka.” Afei nso, Nehemia hwehwɛɛ Yehowa hɔ mmoa. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Hyɛ me nsam den.” Onyaa Yehowa mu ahotoso sɛ Yehowa betumi aboa no ma wasɛe wɔn agyinatu no na wakɔ so ayɛ adwuma no.—Nehemia 6:5-9.

15. Afotu bɛn na odiyifo torofo bi de maa Nehemia, na dɛn nti na Nehemia antie n’afotu no?

15 Nea ɛto so abiɛsa no, Nehemia atamfo no de Israelni Semaia yɛɛ adwuma sɛ ɔfatwafo, na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ mmɔden nnaadaa Nehemia mma ommu Onyankopɔn Mmara so. Semaia ka kyerɛɛ Nehemia sɛ: “Ma yenhyia Onyankopɔn fi asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apon mu, efisɛ wɔreba abekum wo.” Semaia kae sɛ, ná Nehemia nkwa da asiane mu efisɛ na wɔrebekum no, na sɛ ɔkɔhyɛ asɔrefie hɔ a, ɛnde obenya ne ti adidi mu. Nanso, na Nehemia nyɛ ɔsɔfo. Enti, na ɛyɛ bɔne sɛ ɔbɛkɔ akohintaw wɔ Onyankopɔn fie hɔ. So na Nehemia bebu Onyankopɔn Mmara so de apere ne nkwa? Nehemia kae sɛ: “Hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.” Dɛn nti na afiri a wosum Nehemia no antumi anyi no? Efisɛ, ɛwom sɛ na onim sɛ Semaia yɛ ne yɔnko Israelni de, nanso “ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no.” Nokwarem no, Onyankopɔn diyifo ankasa biara nni hɔ a obetu Nehemia fo sɛ ommu Onyankopɔn Mmara so. Wɔ eyi mu nso, Nehemia amma n’asɔretiafo a wɔwɔ adwemmɔne no anni no so nkonim. Ɛno akyi bere tiaa bi no, otumi kyerɛwee sɛ: “Wɔde adaduonum nnammien na ewiee ɔfasu no ɔsram Elul (a ɛte sɛ ɛbɔ no) da a ɛto so aduonu anum.”—Nehemia 6:10-15; Numeri 1:51; 18:7.

16. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛne nnipa bi a wɔyɛ wɔn ho te sɛ yɛn nnamfo, wɔn a wɔhyɛ da ka atosɛm gu yɛn so, ne anuanom atorofo di nsɛm? (b) Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ worennyae wo gyidi mu wɔ w’abusua mu, sukuu mu, anaa adwuma mu?

16 Yɛn nso, yebetumi ahyia ɔsɔretia afi nnipa bi a wɔyɛ wɔn ho te sɛ yɛn nnamfo, wɔn a wɔhyɛ da ka atosɛm gu yɛn so, ne anuanom atorofo hɔ te sɛ nea Nehemia hyiae no. Sɛnea yɛbɛka no no, nnipa bi betumi afrɛ yɛn sɛ yɛne wɔn nkohyia. Ebia wɔbɛbɔ mmɔden adaadaa yɛn sɛ sɛ yɛamfa yɛn bere nyinaa ansom Yehowa a, ebetumi ama yɛanya bere pii de ayɛ adwuma apɛ biribi ahwɛ yɛn ho. Nanso, esiane sɛ Onyankopɔn Ahenni na yɛde di kan wɔ yɛn asetram nti, ɛnsɛ sɛ yetie wɔn. (Mateo 6:33; Luka 9:57-62) Wɔn a wɔsɔre tia yɛn no keka yɛn ho nsɛmmɔne nso. Wɔ aman bi so no, wɔbɔ yɛn sobo sɛ yetutu Ɔman ase, sɛnea wɔbɔɔ Nehemia sobo sɛ ɔretew atua atia ɔhene no ara pɛ. Sobo no bi wɔ hɔ a yɛde akɔ asɛnnibea ma wɔadi yɛn asɛm ama yɛn. Nanso, sɛnea asɛm bi bɛkɔ akowie biara no, yɛde ahotoso bɔ Yehowa mpae sɛ onni nsɛm no ho dwuma sɛnea ɔno ara pɛ. (Filipifo 1:7) Wɔn a wɔyɛ wɔn ho te sɛ nea wɔsom Yehowa no nso betumi asɔre atia yɛn. Sɛnea Nehemia yɔnko Yudani bi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Nehemia abu Onyankopɔn Mmara so de apere ne nkwa no, saa ara na wɔn a bere bi na wɔyɛ Adansefo a wɔawae no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛato Onyankopɔn mmara wɔ ɔkwan bi so. Nanso, yentie awaefo efisɛ yenim sɛ sɛ yebu Onyankopɔn mmara so a, yɛrennya nkwa, na mmom sɛ yedi so nkutoo a na yebenya nkwa! (1 Yohane 4:1) Nokwarem no, ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi adi bɔne biara so nkonim.

Ɛmfa Ho sɛ Yɛne Bɔne Redi Asi no, Yɛka Asɛmpa No

17, 18. (a) Dɛn na Satan ne n’adwumayɛfo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ, na dɛn ntia?

17 Onyankopɔn Asɛm ka Kristo nuanom a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ: “Wodii [Satan] so nkonim esiane . . . wɔn adansedi asɛm no nti.” (Adiyisɛm 12:11) Enti, sɛ yɛka Ahenni no ho asɛm a, yedi Satan a ɔno na ɔde bɔne bae no so nkonim. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Satan de n’ani asi wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo ne “nnipakuw kɛse” no so denneennen na ɔde ɔsɔretia ba wɔn so!—Adiyisɛm 7:9; 12:17.

18 Sɛnea yɛahu no, ɔsɔretia a yehyia no bi betumi ayɛ atɛnnidi, owu a wɔde hunahuna yɛn anaa anifere kwan a ɛyɛ den sɛ yebehu akyiri a wɔfa so de sɔ yɛn hwɛ. Ne nyinaa mu no, botae koro no ara na Satan wɔ, na ɛno ne sɛ ɔbɛma yɛagyae asɛnka adwuma no. Nanso, obedi nkogu koraa, efisɛ Onyankopɔn nkurɔfo suasua Nehemia a ɔtraa ase tete no, na wɔasi wɔn bo sɛ ‘wɔbɛkɔ so de papa adi bɔne so nkonim.’ Wɔbɛkɔ so aka asɛmpa no ara akosi sɛ Yehowa bɛka akyerɛ wɔn sɛ eye, moawie adwuma no!—Marko 13:10; Romafo 8:31; Filipifo 1:27, 28.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm a esisii no ho nsɛm pii a, kenkan Nehemia 1:1-4; 2:1-6, 9-20; 4:1-23; 6:1-15.

So Wokae?

• Ɔsɔretia bɛn na Onyankopɔn asomfo hyiae wɔ tete mmere mu a Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso rehyia bi?

• Ná Nehemia atamfo no botae titiriw ne dɛn, na Onyankopɔn atamfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso botae ne dɛn?

• Yɛyɛ dɛn tumi de papa di bɔne so nkonim nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 29]

Nea Yebetumi Asua Afi Nehemia Nhoma no Mu

Onyankopɔn asomfo hyia

• fɛwdi

• ahunahuna

• nnaadaa

Nnaadaafo no ne

• wɔn a wɔyɛ wɔn ho te sɛ yɛn nnamfo

• wɔn a wɔhyɛ da ka atosɛm gu yɛn so

• anuanom atorofo

Onyankopɔn asomfo di bɔne so nkonim denam

• Onyankopɔn adwuma a wɔyɛ no bere nyinaa so

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɛmfa ho sɛ Nehemia ne ne mfɛfo adwumayɛfo no hyiaa ɔsɔretia no, wɔsan too Yerusalem fasu no

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Nokware Kristofo de akokoduru ka asɛmpa no