Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mommfa Bɔne Nntua Obiara Bɔne So Ka”

“Mommfa Bɔne Nntua Obiara Bɔne So Ka”

“Mommfa Bɔne Nntua Obiara Bɔne So Ka”

“Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. Monnwene nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so.”—ROMAFO 12:17.

1. Su bɛn na nnipa pii da no adi?

SƐ ABOFRA bi nua pia no a, mpɛn pii no, ade a odi kan yɛ ara ne sɛ obepia no bi de atew ka. Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ mmofra nkutoo na sɛ obi yɛ wɔn biribi a wɔyɛ bi de tua no so ka. Mpanyimfo pii nso yɛ saa ara. Sɛ obi fom wɔn a, wɔpɛ sɛ wɔyɛ no bi de tua no so ka. Nokwarem no, mpanyimfo dodow no ara na sɛ obi yɛ wɔn ade a, wɔrenyɛ bi ntua no so ka amonom hɔ ara, nanso wɔn mu pii fa anifere kwan so yɛ bi tua onii no so ka. Ebia wobedi onii a wafom wɔn no ho nseku de asɛe ne din, anaasɛ wɔbɛfa ɔkwan bi so ma onipa no rennya dibea wɔ adwumam, anaasɛ wɔremma onnya nkɔso wɔ n’asetra mu. Ɔkwan biara a wɔbɛfa so ayɛ saa no, adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ wɔbɛyɛ onii no bi de atua no so ka.

2. (a) Dɛn nti na nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔremfa bɔne nntua bɔne so ka? (b) Nsɛmmisa ne Bible no fã bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Ɛwom sɛ bɔne a wɔde tua bɔne so ka agye ntini wɔ nnipa komam de, nanso nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔremfa bɔne nntua bɔne so ka. Mmom no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde ɔsomafo Paulo afotu yi bɛyɛ adwuma. Paulo kae sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.” (Romafo 12:17) Dɛn na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde saa afotu pa yi abɔ yɛn bra? Henanom titiriw na ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne tua wɔn bɔne so ka? Sɛ yɛamfa bɔne antua bɔne so ka a, mfaso bɛn na yebenya? Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛabua saa nsɛmmisa yi no, ma yensusuw nea ɛmaa Paulo kaa saa asɛm yi ne nea enti a Romafo ti 12 ka sɛ sɛ yɛamfa bɔne antua bɔne so ka a, na ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ adetrenee, yɛwɔ ɔdɔ, na yɛwɔ ahobrɛase nso no ho nhwɛ. Yebesusuw saa su ahorow abiɛsa yi ho mmiako mmiako.

‘Enti Mesrɛ Mo’

3, 4. (a) Dɛn na Paulo kaa ho asɛm wɔ Romafo ti 12, na dɛn nti na asɛmfua a ɛne “enti” a ɔde yɛɛ adwuma no ho hia? (b) Ná ɛsɛ sɛ Onyankopɔn mmɔborohunu a ɔdaa no adi no ka Kristofo a wɔwɔ Roma no dɛn?

3 Romafo ti 12 mfiase no, Paulo kaa nneɛma anan bi a ɛfa Kristoni asetra ho ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛɛ abusuabɔ a ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa nya, ne nea ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo, wɔn a wɔnyɛ gyidifo, ne wiase atumfo nso nya mu. Paulo kae sɛ ade titiriw bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so wɔ bɔneyɛ ho, na bɔne a yɛyɛ de tua afoforo bɔne so ka nso ka ho. Ɔkae sɛ: “Enti anuanom, menam Onyankopɔn mmɔborohunu so srɛ mo.” (Romafo 12:1) Hyɛ asɛmfua “enti,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ “esiane nea yɛaka yi nti” no nsow. Nea na Paulo reka ne sɛ, ‘Esiane nea maka akyerɛ mo seesei ara no nti, mesrɛ mo sɛ, monyɛ nea merebɛka akyerɛ mo yi nso.’ Asɛm bɛn na na Paulo adi kan aka akyerɛ Kristofo a na wɔwɔ Roma no?

4 Wɔ Romafo nhoma no ti 11 a edi kan mu no, Paulo kaa hokwan a ɛyɛ anigye a na wɔde ama Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa sɛ wɔmmɛyɛ Kristo mfɛfo adedifo wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no ho asɛm. Ná eyi yɛ anidaso anaa hokwan a honam fam Israelfo no annye antom. (Romafo 11:13-36) “Onyankopɔn mmɔborohunu” nkutoo so na na wɔnam betumi anya hokwan a ɛsom bo saa no. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ wɔ ayamye kɛse a Onyankopɔn ada no adi no ho? Ɛsɛ sɛ wonya anisɔ kɛse ma ɛkanyan wɔn na wotie Paulo afotu a edi hɔ yi. Paulo kae sɛ: “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Nyankopɔn ani, ɔsom kronn a mode mo adwene di akyi.” (Romafo 12:1) Nanso, na ɛbɛyɛ dɛn na saa Kristofo no atumi de wɔn ho ama Onyankopɔn sɛ “afɔrebɔde”?

5. (a) Obi bɛyɛ dɛn de ne ho ama Onyankopɔn sɛ “afɔrebɔde”? (b) Nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo de bɔ wɔn bra?

5 Paulo kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mommfa wiase nhyehyɛe yi su, na mmom munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo, na moasɔ ahwɛ ahu Nyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mu.” (Romafo 12:2) Sɛ́ anka wɔbɛma adwene a wiase no wɔ wɔ nneɛma ho akyerɛ wɔn nea wɔnyɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔsesa wɔn adwene na wonya Kristo adwene mmom. (1 Korintofo 2:16; Filipifo 2:5) Ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa, a yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ka ho no de saa nnyinasosɛm no bɔ yɛn bra da biara da.

6. Dɛn na ɛwɔ Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 12:1, 2 mu a ɛmma yɛmmfa bɔne nntua obiara bɔne so ka?

6 Ɔkwan bɛn so na Paulo nsɛm a ɔkae wɔ Romafo 12:1, 2 no boa yɛn? Yɛn ani sɔ mmɔborohunu pii a Onyankopɔn akɔ so ada no adi akyerɛ yɛn, na ɔkɔ so da no adi kyerɛ yɛn da biara da no kɛse te sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Roma no. Enti, anisɔ kɛse a ahyɛ yɛn koma ma no ka yɛn ma yɛde yɛn ahoɔden, yɛn ahonyade, ne yɛn dom akyɛde nyinaa som Onyankopɔn. Saa anisɔ kɛse a yɛanya no nso mmma yennnwen te sɛ wiase no, na mmom ɛma yedwen te sɛ Kristo. Sɛ yenya Kristo adwene a, ɛka sɛnea yɛne afoforo di nsɛm, yɛn mfɛfo gyidifo, ne wɔn a wɔnyɛ gyidifo no nyinaa. (Galatifo 5:25) Sɛ nhwɛso no: Sɛ yedwen te sɛ Kristo a, ɛremma yɛmmfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.—1 Petro 2:21-23.

“Mommma Nyaatwom Mmma Mo Dɔ Mu”

7. Ɔdɔ bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Romafo ti 12 no?

7 Ɛnyɛ adetrenee a yɛpɛ sɛ yɛyɛ nkutoo nti na ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne tua bɔne so ka, na mmom sɛ yɛyɛ saa a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ nso. Hyɛ nea ɔsomafo Paulo toaa so kae de kyerɛɛ nea enti a yɛda ɔdɔ adi no nsow. Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw Romafo no mu no, ɔde asɛmfua “ɔdɔ” (a efi Hela kasa a·gaʹpe mu) yɛɛ adwuma mpɛn pii bere a na ɔreka Onyankopɔn ne Kristo dɔ ho asɛm no. (Romafo 5:5, 8; 8:35, 39) Nanso, wɔ Romafo ti 12 mu no, Paulo de asɛmfua a·gaʹpe yɛɛ adwuma wɔ ɔkwan foforo so de kaa ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ yɛn mfɛfo nnipa no ho asɛm. Bere a Paulo kae sɛ honhom akyɛde gu ahorow, na ɛnyɛ gyidifo nyinaa na wɔwɔ bi wiei no, ɔkaa su bi a ɛno de ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa nya bi ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.” (Romafo 12:4-9) Ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ afoforo no ne ade titiriw a ɛma nnipa nyinaa hu nokware Kristofo. (Marko 12:28-31) Paulo tu yɛn a yɛyɛ Kristofo no fo sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛda no adi no yɛ ɔdɔ kann.

8. Yɛbɛyɛ dɛn ada ɔdɔ a nyaatwom nnim adi?

8 Bio nso, Paulo kyerɛɛ ɔkwan a wɔfa so da ɔdɔ a nyaatwom nnim adi. Ɔkae sɛ: “Munkyi bɔne, mommata adepa ho.” (Romafo 12:9) “Munkyi” ne “mommata” yɛ nsɛmfua a tumi wom. Wobetumi akyerɛ “munkyi” ase sɛ “wobɛtan biribi kɔkɔɔkɔ.” Ɛnyɛ nneɛma a bɔne de ba nkutoo nti na ɛsɛ sɛ yekyi bɔne, na mmom ɛsɛ sɛ yekyi bɔne ankasa. (Dwom 97:10) Wɔkyerɛɛ asɛmfua “mommata” no ase fii Hela adeyɛ asɛm a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ, “wobɛfam biribi ho denneennen” mu. Kristoni a ɔwɔ ɔdɔ a nyaatwom nnim no fam papayɛ ho anaa ɔyɛ papa araa ma sɛ wanyɛ papa a ontumi ntra ase.

9. Afotu bɛn na Paulo sii so dua mpɛn pii?

9 Paulo sii ade biako a sɛ obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ no so dua mpɛn pii. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtaa mo; munhyira, na monnnome.” “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.” “Adɔfo, munnni mo ho werɛ.” “Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.” (Romafo 12:14, 17-19, 21) Paulo nsɛm no ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔnyɛ gyidifo ne wɔn a wɔsɔre tia yɛn no mpo di nsɛm pefee.

“Monkɔ so Nhyira Wɔn a Wɔtaa Mo”

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyira wɔn a wɔtaa yɛn no?

10 Yɛbɛyɛ dɛn de Paulo afotu a ɛka sɛ: “Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtaa mo” no ayɛ adwuma? (Romafo 12:14) Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mateo 5:44; Luka 6:27, 28) Enti, ɔkwan biako a yɛfa so hyira wɔn a wɔtaa yɛn no ne sɛ yɛbɛbɔ mpae ama wɔn, na yɛasrɛ Onyankopɔn sɛ sɛ obi resɔre atia yɛn bere a onnim nea enti a ɔreyɛ saa no a, Yehowa mmue n’ani mma onhu nokware no. (2 Korintofo 4:4) Nokwarem no, ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ onhyira obi a ɔtaa yɛn. Nanso, dodow a yesusuw nneɛma ho te sɛ Kristo no, dodow no ara na ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛdɔ yɛn atamfo. (Luka 23:34) Dɛn na ebetumi afi ɔdɔ a ɛte saa a yɛbɛda no adi no mu aba?

11. (a) Dɛn na yebetumi asua afi Stefano nhwɛso no mu? (b) Sɛnea Paulo ankasa asetra da no adi no, nsakrae bɛn na wɔn a wɔtaa yɛn no mu bi betumi ayɛ?

11 Stefano bɔɔ mpae maa wɔn a wɔtaa no no, na Onyankopɔn tiei. Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, wɔn a na wɔtaa Kristofo asafo no kyeree Stefano twee no fii Yerusalem kurow no mu kosiw no abo. Ansa na Stefano rewu no, ɔteɛɛm sɛ: “Yehowa, mmu bɔne yi ntia wɔn.” (Asomafo Nnwuma 7:58–8:1) Wɔn a Stefano bɔɔ mpae maa wɔn no mu biako ne Saul a na ɔwɔ hɔ na ɔpenee so ma wokum Stefano no. Akyiri yi, Yesu a wɔanyan no no yii ne ho adi kyerɛɛ Saul. Saul a bere bi na ɔtaa Kristo akyidifo no bɛyɛɛ Kristo suani, na ɔno na ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Romafo no. (Asomafo Nnwuma 26:12-18) Nea ɛne Stefano mpaebɔ no hyia no, ɛda adi sɛ Yehowa de Paulo a na ɔyɛ ɔsɔretiafo no bɔne kyɛɛ no. (1 Timoteo 1:12-16) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtaa mo” no! Ná ɔno ankasa nim dedaw sɛ wɔn a wɔsɔre tia Kristofo no mu bi betumi abɛsom Onyankopɔn. Wɔ yɛn bere yi so nso, esiane sɛ Yehowa asomfo ne wɔn a wɔsɔre tia yɛn dii nsɛm wɔ asomdwoe mu nti, wɔn mu binom abɛyɛ gyidifo.

“Mo Ne Nnipa Nyinaa Ntra Asomdwoe Mu”

12. Ɔkwan bɛn so na afotu a ɛwɔ Romafo 12:17 ne Romafo 12:9 no wɔ abusuabɔ?

12 Afotu a edi hɔ a Paulo de mae a ɛfa sɛnea yɛne gyidifo ne wɔn a wɔnyɛ gyidifo bedi nsɛm no ne sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.” Sɛ yɛde afotu a na Paul adi kan de ama a ɛne sɛ: “Munkyi bɔne” no yɛ adwuma a, ɛremma yɛmmfa bɔne nntua bɔne so ka. Nokwarem no, ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi aka sɛ okyi bɔne bere a ɔde bɔne tua afoforo bɔne so ka no? Sɛ yɛyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ “nyaatwom.” Afei Paulo kae sɛ: “Monnwene nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so.” (Romafo 12:9, 17) Yɛbɛyɛ dɛn de afotu yi ayɛ adwuma?

13. Ɔkwan bɛn so na yɛbɔ yɛn bra wɔ “nnipa nyinaa ani so”?

13 Paulo kyerɛw ɔsɔretia a asomafo no hyiae ho asɛm wɔ krataa a na wadi kan akyerɛw akɔma Korintofo no mu. Ɔkae sɛ: “Yɛayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa. . . . Sɛ wɔsopa yɛn a, yehyira; sɛ wɔtaa yɛn a, yegyina mu; sɛ wɔsɛe yɛn din a, yɛsrɛ.” (1 Korintofo 4:9-13) Saa ara nso na ɛnnɛ nnipa a wɔwɔ wiase no rehwɛ nokware Kristofo. Sɛ wɔn a yɛne wɔn te no hu sɛ nkurɔfo sisi yɛn, nanso yɛkɔ so yɛ nneɛma pa a, ebetumi ama wɔatie Kristofo asɛm a yɛde kɔ wɔn nkyɛn no.—1 Petro 2:12.

14. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade kɔ akyiri kodu he de hwehwɛ asomdwoe?

14 Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade kɔ akyiri kodu he de hwehwɛ asomdwoe? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara. Paulo ka kyerɛɛ ne nuanom Kristofo sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Romafo 12:18) “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a” ne “mo fam de” no yɛ kasasin a wɔde kyerɛ sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ebia yebetumi ne afoforo atra asomdwoe mu. Sɛ nhwɛso no, yɛremmu Onyankopɔn mmara so mmfa nnhwehwɛ yɛne nnipa ntam asomdwoe. (Mateo 10:34-36; Hebrifo 12:14) Nanso, yɛyɛ nea yebetumi biara—a yemmu Onyankopɔn mmara so—ne “nnipa nyinaa” tra asomdwoe mu.

“Munnni Mo Ho Werɛ”

15. Asɛm bɛn na ɛwɔ Romafo 12:19 a enti ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne tua bɔne so ka no?

15 Paulo kyerɛ ade foforo a enti ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne tua bɔne so ka no; ɛno ne ahobrɛase. Ɔkae sɛ: “Adɔfo, munnni mo ho werɛ, na mmom munnyaw mma Nyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” (Romafo 12:19) Kristoni a ɔde bɔne tua bɔne so ka no yɛ ɔhantanfo. Sɛ ɔyɛ saa a, na wagye Onyankopɔn adwuma ayɛ. (Mateo 7:1) Afei nso, sɛ ɔde bɔne tua bɔne so ka a, na ɔreda no adi sɛ onni ahotoso wɔ asɛm a Yehowa aka a ɛne sɛ: “Me ara metua ka no” mu. Mmom no, nokware Kristofo wɔ ahotoso sɛ Yehowa ‘bebu atɛntrenee ama wɔn a wɔapaw wɔn no.’ (Luka 18:7, 8; 2 Tesalonikafo 1:6-8) Wofi ahobrɛase mu gyae nsɛm mu hyɛ Onyankopɔn nsa ma otua bɔne so ka.—Yeremia 30:23, 24; Romafo 1:18.

16, 17. (a) ‘Nnyansramma a wɔboaboa ano gu’ obi atifi no kyerɛ dɛn? (b) So w’ankasa woahu sɛnea ade pa bi a wɔyɛ maa obi a ɔnyɛ gyidini no ma obenyaa yɛn ho adwempa? Sɛ ɛte saa a, ma ho nhwɛso.

16 Sɛ yɛde bɔne tua yɛn tamfo bɔne so ka a, ebetumi ama wakɔ so ayɛ nea ɔreyɛ no, nanso sɛ yɛyɛ no papa a, ebia ɛbɛma wagyae. Dɛn ntia? Hyɛ asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Roma no nsow. Ɔkae sɛ: “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom; na wonam saayɛ so bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.” (Romafo 12:20; Mmebusɛm 25:21, 22) Saa asɛm yi kyerɛ dɛn?

17 Sɛ́ ‘wɔbɛboaboa nnyansramma ano agu obi atifi’ no yɛ kasakoa a wonya fii ɔkwan a na wɔfa so nan nnade wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu. Ná wɔde abo a wonya nnade fi mu no gu ade mu de hyɛ fononoo mu de nnyansramma gu ase ne soro. Nnyansramma a adɔ kɔɔ a egu soro no ma ogya no ano yɛ den kɛse ma dade a ɛyɛ den no nan na woyiyi efĩ no fi dade no mu. Saa ara na sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ obi a ɔsɔre tia yɛn a, yebetumi “anan” ne koma a ayɛ den no ma wada su pa ahorow adi. (2 Ahene 6:14-23) Nokwarem no, nnipa pii wɔ Kristofo asafo no mu a ade a edi kan a ɛmaa wɔn ani begyee nokware som ho ne nneɛma pa bi a Yehowa asomfo yɛ maa wɔn no.

Nea Enti a Yɛmmfa Bɔne Nntua Bɔne So Ka

18. Dɛn nti na sɛ yɛamfa bɔne antua bɔne so ka a, ɛkyerɛ sɛ yɛayɛ adetrenee, yɛwɔ ɔdɔ, na yɛwɔ ahobrɛase?

18 Romafo ti 12 a yɛasusuw ho tiawa yi mu no, yɛahu nneɛma pii a ɛho hia a enti yɛremfa “bɔne nntua obiara bɔne so ka” no. Nea edi kan no, yɛabehu sɛ sɛ yɛamfa bɔne antua bɔne so ka a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyɛ adetrenee. Esiane Onyankopɔn mmɔborohunu a wada no adi akyerɛ yɛn nti, ɛfata, na ntease nso wom sɛ yɛde yɛn ho bɛbɔ afɔre ama Yehowa, na yɛafi yɛn pɛ mu adi n’ahyɛde so, a n’ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnɔ yɛn atamfo no nso ka ho. Nea ɛto so abien no, sɛ yɛamfa bɔne antua obiara bɔne so ka a, ɛkyerɛ sɛ yɛreda ɔdɔ adi. Sɛ yɛamfa bɔne antua afoforo bɔne so ka, na mmom yɛma asomdwoe tra yɛne wɔn ntam a, yebetumi de anigye ahwɛ kwan sɛ ɛbɛboa wɔn a wɔsɔre tia yɛn a wɔn tirim yɛ den no bi mpo ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo. Nea ɛto so abiɛsa no, sɛ yɛamfa bɔne antua bɔne so ka a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ahobrɛase. Sɛ yɛde bɔne tua bɔne so ka a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ahantan, efisɛ Yehowa aka sɛ: “Aweredi wɔ me.” Onyankopɔn Asɛm san bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Ahantan ba a, na aniwu ba, na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Sɛ yefi nyansam gyae nsɛm mu de hyɛ Onyankopɔn nsa ma otua bɔne so ka a, na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ahobrɛase.

19. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Paulo bɔɔ n’asɛm no mua de kyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne afoforo di nsɛm. Otuu Kristofo fo sɛ: “Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.” (Romafo 12:21) Abɔnefo bɛn na yɛne wɔn redi asi nnɛ? Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi wɔn so nkonim? Yebesusuw nsɛmmisa yi ne afoforo a ɛka ho no mmuae ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Afotu bɛn na wɔasi so dua mpɛn pii wɔ Romafo ti 12?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfa bɔne antua bɔne so ka?

• Sɛ ‘yɛamfa bɔne antua bɔne so ka’ a, mfaso bɛn na yɛne afoforo benya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 22]

Romafo ti 12 kyerɛkyerɛɛ abusuabɔ a ɛsɛ sɛ Kristoni bi ne:

• Yehowa nya

• Mfɛfo Gyidifo nya

• Wɔn a Wɔnyɛ gyidifo nya mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Kristofo nya afotu pa fi Paulo krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Dɛn na yebetumi asua afi osuani Stefano nhwɛso no mu?