Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Su a Ɛho Hia sɛ Wɔde Kyerɛkyerɛ Mmofra

Su a Ɛho Hia sɛ Wɔde Kyerɛkyerɛ Mmofra

Su a Ɛho Hia sɛ Wɔde Kyerɛkyerɛ Mmofra

GLADYS yɛ adwuma wɔ sukuu bi mu wɔ Mendoza, Argentina. Da bi, ɔkɔfaa sukuu dan bi ho, na ohui sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi rekenkan Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm * akyerɛ ne sukuu mmofra a wɔadi bɛyɛ mfe akorɔn anaa du no. Gladys ka kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo, na ɔkae sɛ ɔbɛkyerɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ma wahu sɛnea wobetumi anya nhoma no so mfaso kɛse. Ɔkyerɛkyerɛfo no ani gyee Gladys nkyerɛkyerɛmu no ho, na ɔpɛe sɛ ɔde nhoma no ka nhoma ahorow a ɔde kyerɛ ade daa no ho. Nanso, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no srɛ kwan fi sukuu mpanyimfo no hɔ ansa. Wɔmaa no kwan, na n’ani gyei paa.

Akyiri yi, bere a na sukuu no redi Nhoma Akenkan Da no, ɔkyerɛkyerɛfo no maa ne sukuu mmofra no kenkan nhoma no ti biako kyerɛɛ wɔn mfɛfo sukuufo no. Esiane sɛ nkurɔfo ani gyee saa dwumadi yi ho nti, wɔtoo nsa frɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ma ɔkɔkasae wɔ ɛhɔnom television dwumadi bi so. Bere a na wɔreka sukuu mmofra no suban ho asɛm no, nea na ɔrebisabisa ɔkyerɛkyerɛfo no nsɛm no bisaa no sɛ, “Dɛn na wode kyerɛkyerɛ mmofra no a ɛma wɔda suban pa adi?” Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ, ɔde nhoma bi a wɔato din Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm na ɛkyerɛkyerɛ sukuu mmofra no. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ, ɛwom sɛ ɛnyɛ nyamesɛm na ɔkyerɛkyerɛ mmofra no de, nanso nhoma yi aboa no ma ɔde suban pa te sɛ obu, abotare, biakoyɛ, nkabom, osetie, ne ɔdɔ adua mmofra no mu. Wɔn nyinaa gye toom sɛ ɛsɛ sɛ wɔde su ahorow a ɛho hia yi kyerɛkyerɛ mmofra.

So w’ani gye ho sɛ wode suban pa a ɛtete saa dua wo mma mu? Wubetumi abisa Yehowa Dansefo bi ma wabrɛ wo nhoma a wɔato din Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a emu yɛ anigye no bi.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Yehowa Adansefo na wotintimii.