Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛbɛyɛ Dɛn Asiw Mmusuakuw Ntam Mpaapaemu Ano?

Yɛbɛyɛ Dɛn Asiw Mmusuakuw Ntam Mpaapaemu Ano?

Yɛbɛyɛ Dɛn Asiw Mmusuakuw Ntam Mpaapaemu Ano?

WƆ Spain no, obi a na ɔrehwɛ bɔɔlbɔ akansi bi so ma wogyaee bɔɔl no bɔ. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Efisɛ, na bɛhwɛadefo no pii redidi obi a na ɔrebɔ bɔɔl no bi a ofi Cameroon no atɛm ma ɔyɛe sɛ ɔregyae bɔɔl no bɔ. Wɔ Russia nso, nkurɔfo taa tow hyɛ Afirikafo, Asiafo, ne Latin Amerikafo so boro wɔn pirapira wɔn; wɔ afe 2005 mu no, nnipa a wofi mmusuakuw foforo mu a wɔtow hyɛɛ wɔn so na wɔboroo wɔn wɔ hɔ no dodow duu 394, na na wɔn dodow sen wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa wɔ afe 2004 mu no ɔha biara mu 55. Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Britain no, Asiafo ne abibifo a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu baasa biara mu biako kae sɛ esiane sɛ wɔnyɛ Britainfo nti na woyii wɔn adi fii adwumam no. Saa nhwɛso ahorow yi ma yehu nea ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa.

Aniberesɛm a ɛwɔ mmusua ntam mpaapaemu a ɛrekɔ so no mu no gu ahorow. Ebi ne atɛnnidi anaa nsɛm a ɛyɛ yaw a wɔka kyerɛ afoforo a wonnwen ho, na ebi nso yɛ mmɔden a ɔman bi bɔ sɛ ɔbɛtɔre abusuakuw bi ase afi ɔman no mu. * Dɛn ankasa na ɛde mmusuakuw ntam mpaapaemu ba? Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanna su a ɛte saa no bi adi? So ɛfata sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɛda bi bɛba a mmusua nyinaa bɛbom atra wɔ asomdwoe mu? Bible ma yenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ anigye paa.

Nhyɛso ne Nitan

Bible ka sɛ: “Onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Enti, nnipa bi ani gye ho sɛ wɔbɛhyɛ afoforo so. Bible san ka sɛ: ‘Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo no nsam yɛ den.’—Ɔsɛnkafo 4:1.

Bible ma yehu nso sɛ mmusua ntam nitan fii ase akyɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so 18 ansa na Yesu Reba mu no, Misrini Farao bi maa Hebrini Yakob ne n’abusua kɛse no tu bɛtraa Misraim. Nanso, akyiri yi, esiane sɛ Israelfo no dɔɔso nti, ɛmaa Farao bi bɔɔ hu. Enti, Bible ka sɛ: “Ɔka kyerɛɛ ne man sɛ: Hwɛ, Israelfo no dɔɔso, na wɔn ho yɛ den sen yɛn. Momma yɛmpɛ nyansa kwan bi mfa wɔn mfa so, na wɔannɔɔso. . . . Na wosisii wɔn so adwumayɛfo so mpanyimfo sɛ wɔmfa nnwuma a ɛyɛ den nhyɛ wɔn so.” (Exodus 1:9-11) Misrifo no hyɛe mpo sɛ wonkunkum mmabarima a wɔbɛwo wɔn wɔ Yakob abusua mu no nyinaa.—Exodus 1:15, 16.

Dɛn na Ɛde Ba Ankasa?

Ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no nnkasa nntia mmusua ntam mpaapaemu. Ɛwom sɛ nnipa bi akasa atia nkurɔfo a wɔhyɛ afoforo so no denneennen de, nanso ɔsom ahorow nyinaa taa kogyina nhyɛsofo no akyi. Saa ara na ɛkɔɔ so wɔ United States. Wɔhyɛɛ mmara de hyɛɛ abibifo so, na wokunkum wɔn bere a na wonni wɔn asɛm. Wɔhyɛɛ mmara nso sɛ ɛnsɛ sɛ aborɔfo ware abibifo, na saa mmara yi yɛɛ adwuma araa besii afe 1967 mu. Saa ara nso na na ɛte wɔ South Africa bere a na wɔwɔ nnipa mu nyiyim amammu ase no. Saa bere no, aborɔfo kakraa bi a na wɔwɔ hɔ no hyɛɛ mmara de bɔɔ wɔn dibea ho ban, na na mmara no mma kwan nso sɛ abibifo bɛware aborɔfo. Wɔ nsɛm yi mu biara mu no, na nnipa bi a wogyina saa mmusuakuw a wɔde mpaapaemu bae no akyi yɛ nkurɔfo a wɔmfa wɔn nyamesom nni agoru.

Nanso, Bible ma yehu nea ɛde mmusuakuw ntam mpaapaemu ba no ankasa. Ɛkyerɛkyerɛ nea enti a mmusuakuw bi mufo hyɛ afoforo so no mu. Ɛka sɛ: “Nea ɔnnɔ no nnim Onyankopɔn, efisɛ Onyankopɔn ne dɔ. Sɛ obi ka sɛ: ‘Medɔ Nyankopɔn’ na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Efisɛ nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no ntumi nnɔ Nyankopɔn a onhu no.” (1 Yohane 4:8, 20) Saa asɛm yi ma yehu nea ɛde mmusuakuw mu mpaapaemu ba no. Sɛ́ nkurɔfo ka sɛ wɔsom Onyankopɔn anaasɛ wɔnsom no no, nea enti a wɔde mmusuakuw mu mpaapaemu ba no ne sɛ wonnim Onyankopɔn anaasɛ wɔnnɔ no.

Onyankopɔn Ho Nimdeɛ ne Ade Titiriw a Ɛde Biakoyɛ Ba Mmusua Ntam

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn a yebehu no na yɛadɔ no no de biakoyɛ ba mmusuakuw ntam? Dɛn na ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛmma nkurɔfo nyɛ nnipa bi a wobu wɔn sɛ ɛsono abusua a wofi mu no bɔne? Bible ma yehu sɛ nnipa nyinaa Agya ne Yehowa. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn baako na yɛwɔ, Agya no a nneɛma nyinaa fi no mu.” (1 Korintofo 8:6) Ɛsan ka sɛ: “Ɔyɛɛ nnipa aman nyinaa fii nipa baako mu.” (Asomafo Nnwuma 17:26) Enti, nokwasɛm ne sɛ, nnipa nyinaa yɛ anuanom.

Mmusuakuw nyinaa ani betumi agye sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wɔn nkwa, nanso wɔn nyinaa wɔ biribi a wobetumi adi ho yaw wɔ abusuakuw a wofi mu no ho. Paulo a ɔno nso kyerɛw Bible no bi no kae sɛ: “Ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase.” Enti, “wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho.” (Romafo 3:23; 5:12) Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne nsa ano nnwuma gu ahorow, enti yenni abɔde abien a ɛsɛ paa a nsonsonoe biara nni wɔn ntam. Nanso, Onyankopɔn mmaa abusuakuw biara biribi a ɛbɛma wɔate nka sɛ wɔkorɔn sen afoforo. Enti, adwene a nnipa pii wɔ sɛ wɔn abusuakuw korɔn sen afoforo de no ne nokwasɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nhyia. Ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn ho nimdeɛ a yenya no boa ma biakoyɛ tra mmusuakuw ntam.

Onyankopɔn Dwen Aman Nyinaa Ho

Ebinom anya adwene bi sɛ esiane sɛ Onyankopɔn yii Israelfo no sii nkyɛn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfi aman foforo a wɔaka ho nti, na ɔrehyɛ mmusuakuw mu nyiyim ho nkuran. (Exodus 34:12) Esiane gyidi soronko a Israelfo agya Abraham daa no adi wɔ Onyankopɔn mu nti, bere bi Onyankopɔn paw Israel man no de wɔn yɛɛ n’agyapade soronko. Onyankopɔn ankasa na odii tete Israel man no so, paw sodifo maa wɔn, na ɔmaa wɔn mmara. Bere a Israelfo no gyee saa nhyehyɛe yi toom no, nkurɔfo tumi huu nsonsonoe a ɛwɔ ɔman a Onyankopɔn di so ne aman a nnipa di so wɔ mmeae foforo no ntam. Yehowa kyerɛkyerɛɛ Israelfo no saa bere no nso sɛ ɛho hia sɛ ɔbɔ afɔre bi na ɔfa saa afɔrebɔ no so siesie ɔne adesamma ntam. Enti, sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii nsɛm no maa aman nyinaa nyaa so mfaso. Ná saa asɛm no ne asɛm a na wadi kan aka akyerɛ Abraham no hyia. Ná waka akyerɛ Abraham sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.”—Genesis 22:18.

Afei nso, Onyankopɔn de ne nsɛm kronkron no dom Yudafo no, na ɔma wɔwoo Mesia no wɔ ɔman no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a aman nyinaa benya so mfaso nti na ɔyɛɛ eyi nso. Asɛm bi a ɛyɛ anigye wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm a ɔde maa Yudafo no mu a ɛkyerɛ sɛ bere bi bɛba a mmusuakuw nyinaa benya nhyira pii. Saa anigyesɛm no ne sɛ: “Amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, . . . ɔman bi remmã afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.”—Mika 4:2-4.

Ɛwom sɛ Yesu Kristo ankasa kaa asɛmpa no kyerɛɛ Yudafo de, nanso ɔsan kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Ɔman biara nni hɔ a wɔrenka asɛmpa no nkyerɛ emufo. Enti, Yehowa yɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ mmusuakuw nyinaa asɛm. “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

Mmara a Onyankopɔn de maa tete Israel man no ma yehu nso sɛ odwen aman nyinaa ho. Hyɛ no nsow sɛ Mmara no anka sɛ Israelfo no ne ahɔho a wɔabɛtra wɔn asase no ntra kɛkɛ. Na mmom ɛkae nso sɛ: ‘Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho.’ (Leviticus 19:34) Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israelfo no mu pii kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnna ayamye adi nkyerɛ ahɔho. Enti, bere a Boas a ɔyɛ Yesu nanabarima huu ɔbea hɔho hiani bi a na ɔredi mpɛpɛw na ɔka kyerɛɛ n’apaafo sɛ wonnyaw awi no pii mma ɔnsesaw no, ná ɛyɛ Onyankopɔn mmara a wasua no na na ɔde reyɛ adwuma.—Rut 2:1, 10, 16.

Yesu Kyerɛkyerɛe sɛ Yɛnna Ayamye Adi

Yesu ma yenyaa Onyankopɔn ho nimdeɛ sen onipa foforo biara. Ɔkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ n’akyidifo da ayamye adi kyerɛ abusuakuw biara mu nnipa. Ɔne Samariani bea bi bɔɔ nkɔmmɔ bere bi. Esiane sɛ na Yudafo pii bu Samariafo animtiaa nti, asɛm no yɛɛ ɔbea no nwonwa. Wɔ Yesu ne ɔbea no nkɔmmɔbɔ mu no, ofi ayamye mu boaa ɔbea no ma ohuu ɔkwan a obetumi afa so anya daa nkwa.—Yohane 4:7-14.

Yesu san kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛne nnipa a wofi mmusuakuw foforo mu di nsɛm bere a ɔmaa mfatoho bi a ɛfa Samariani ɔyamyefo bi ho no. Saa Samariani ɔyamyefo yi huu Yudani bi a na akwanmukafo abobɔ no apirapira no. Ná anka ɛnyɛ den koraa sɛ Samariani no betumi anya adwene bi sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ meboa Yudani? Yudafo no bu me nkurɔfo animtiaa.’ Nanso, Yesu kaa Samariani no ho asɛm sɛ na onni ahɔho ho adwemmɔne. Ɛwom sɛ akwantufo foforo sian ɔbarima a na wɔapirapira no no ho de, nanso ɔbarima a na wɔapirapira no no ‘yɛɛ’ Samariani “no mmɔbɔ,” na ɔboaa no pii. Bere a Yesu rebewie saa mfatoho yi no, ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ onya Onyankopɔn anim dom no yɛ saa ara.—Luka 10:30-37.

Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no sɛ wɔnsesa wɔn suban na wonsuasua sɛnea Onyankopɔn ne afoforo di nsɛm no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ nipasu foforo a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo sɛnea Onii a ɔbɔe no suban te, nea Helani anaa Yudani nni hɔ, twetiatwa anaa momonoto nni hɔ, ɔnanani, Skiteni, . . . Na eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.”—Kolosefo 3:9-14.

So Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Sesa Nnipa?

So Yehowa Nyankopɔn ho nimdeɛ a nkurɔfo nya no sesa sɛnea wɔne afoforo a wofi mmusuakuw foforo mu di nsɛm no ankasa? Susuw ɔbea bi a ofi Asia a ɔkɔyɛɛ ɔhɔho wɔ Canada a nkurɔfo twee wɔn ho fii ne ho maa n’abam bui no ho hwɛ. Ohyiaa Yehowa Adansefo, na wofii ase ne no suaa Bible no. Akyiri yi, ɔbea no kyerɛw krataa de kɔdaa Adansefo no ase. Ɔkae wom sɛ: ‘Moyɛ aborɔfo a moyɛ nnipa pa na mowɔ ayamye. Bere a mihui sɛ monte sɛ aborɔfo foforo a wɔaka no koraa no, mante ase. Midwen ho kyɛe, na nea mekae ara ne sɛ moyɛ Onyankopɔn Adansefo. Ɛbɛyɛ sɛ moahu biribi wɔ Bible no mu. Mihuu nnipa ahorow pii wɔ mo asafo nhyiam no ase. Ná ebinom yɛ aborɔfo, abibifo, ne wɔn a wɔn honam ani te sɛ akokɔsrade, na esiane sɛ na wɔn nyinaa yɛ anuanom nti, na wɔwɔ koma koro a emu yɛ fitaa. Afei na mahu nea wama moayɛ saa no. Ɛyɛ mo Nyankopɔn no.’

Onyankopɔn Asɛm ka siei sɛ bere bi bɛba a “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã.” (Yesaia 11:9, NW) Ɛnnɛ mpo, nnipakuw kɛse bi a wɔn dodow adu ɔpepem pii a “wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” ayɛ biako wɔ nokware som mu, na ama Bible nkɔmhyɛ no abam. (Adiyisɛm 7:9) Wɔhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ nitan a ɛwɔ wiase befi hɔ ama ɔdɔ aba nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ntam, na ɛno bɛma asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham no abam nnansa yi ara sɛ: ‘Wobehyira asase so mmusua nyinaa.’—Asomafo Nnwuma 3:25.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Asɛmfua “abusuakuw” kyerɛ nnipakuw bi a ɛsono ɔman a wofi mu, ɔsom a wɔwom, kasa a wɔka anaa wɔn amammerɛ.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Onyankopɔn Mmara kyerɛɛ Israelfo no sɛ wɔnnɔ ahɔho a wɔabɛtra wɔn mu no

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Dɛn na yebetumi asua afi mfatoho a ɛfa Samariani mmɔborohunufo no ho mu?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Onyankopɔn mmaa abusuakuw biara biribi a ɛbɛma wɔate nka sɛ wɔkorɔn sen afoforo