Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yɛnka Kasa Koro De, Nanso Ɔdɔ Ama Yɛayɛ Biako”

“Yɛnka Kasa Koro De, Nanso Ɔdɔ Ama Yɛayɛ Biako”

“Yɛnka Kasa Koro De, Nanso Ɔdɔ Ama Yɛayɛ Biako”

Ogye. Ahofadi. Nkwagye. Mfehaha pii ni na nnipa ahwɛ kwan sɛ wobegye wɔn afi dadwen ne ɔhaw mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina ɔhaw a yehyia wɔ asetra mu no ano? So yebenya ogye da bi? Na sɛ ɛte saa a, ɔkwan bɛn so na yebenya?

EYI ne asɛm a wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ nnansa nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe a wofii ase wɔ May 2006 mu no ase. Ná nhyiam no asɛmti ne “Yɛn Nkwagye Abɛn!”

Nhyiamfo mpempem pii a wofi aman horow so na wɔkɔɔ saa nhyiam ahorow a wɔyɛe yi mu akron no bi. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ July ne August 2006 mu wɔ Prague, Czech Republic ahenkurow; Bratislava, Slovakia ahenkurow; Chorzow ne Poznan, Poland; * ne Germany nkurow anum a ɛne Dortmund, Frankfurt, Hamburg, Leipzig, ne Munich mu. Nnipa a wɔkɔɔ saa nhyiam ahorow yi nyinaa dodow boroo 313,000.

Ná nhyiam ahorow no ase te dɛn? Dawuru bɛn na wɔbɔ faa nhyiam no ho ansa na wɔrefi ase? Bere a wowiee nhyiam no, nhyiamfo no tee nka dɛn?

Nnwuma a Wodii Kan Yɛe

Ná ahɔho a wɔbɛkɔ nhyiam no bi ne Adansefo a wɔte aman a wɔrebɛyɛ nhyiam no wɔ mu no nyinaa rehwɛ kwan denneennen sɛ nhyiam no bɛyɛ anigye. Ná dabere a ɛfata a wobenya ama nhyiamfo no yɛ adwuma kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Chorzow no, Adansefo a wofi Poland maa nhyiamfo bɛyɛ 13,000 a wofi Europa Apuei fam no dabere wɔ wɔn afie mu. Wɔn a wɔkɔɔ saa nhyiam no fi Armenia, Belarus, Estonia, Georgia, Kazakhstan, Kyrgyzstan, Latvia, Lithuania, Moldova, Russia, Tajikistan, Turkmenistan, Ukraine, United States, ne Uzbekistan.

Ná ɛsɛ sɛ nhyiamfo no pii de asram pii siesie wɔn ho ma akwantu no. Tatiana a ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo a ofi kurow bi a wɔfrɛ no Kamchatka a ɛwɔ Russia asase bi a ɛda Japan atifi fam apuei mu no de afe siee sika maa nhyiam a na ɔrebɛkɔ no. Ná ɛsɛ sɛ otwa kwan kilomita 10,500. Nea edi kan no, ɔtraa wimhyɛn mu nnɔnhwerew anum; ɔtraa keteke nso mu bɛyɛ nnansa; na awiei koraa no, ɔtraa bɔs mu nnɔnhwerew 30 ansa na ɔredu Chorzow a ɛyɛ kurow a na ɔrekɔ nhyiam wɔ hɔ no.

Atuhoamafo mpempem pii yɛɛ adwuma de siesiee agoprama ahorow a na wɔbɛyɛ nhyiam wɔ so no so ne akyi nyinaa maa ɛhɔ bɛyɛɛ mmeae a ɛfata sɛ wohyiam som. (Deuteronomium 23:14) Sɛ yɛbɛka eyi mu biako pɛ ho asɛm de ayɛ nhwɛso a, Adansefo a wɔwɔ Leipzig no yii wɔn yam siesiee agoprama no so, na wɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ wowie nhyiam no a, wɔbɛsan asiesie hɔ bio. Eyi maa mpanyimfo a wɔhwɛ agoprama no so no annye sika kɛse bi a anka wobegye afi Adansefo no hɔ de asiesie agoprama no so no.

Nhyiam no Ho Dawurubɔ

Asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa bɔɔ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” ɔmantam nhyiam no ho dawuru kɛse. Wɔn a na wɔbɛkɔ nhyiam soronko yi nso de anigye kɛse bɔɔ nhyiam no ho dawuru. Wɔkɔɔ so bɔɔ nhyiam no ho dawuru kosii anadwo a ade rebɛkye ma wɔayɛ nhyiam no. So adepa bi fii nsi a wɔde bɔɔ dawuru no mu bae?

Ɔdansefo bi a ɔyɛ Polandni a wɔfrɛ no Bogdan hyiaa akwakoraa bi a na ɔpɛ sɛ ɔkɔ nhyiam no bi, nanso akwakoraa no kae sɛ onni sika a ɔde betu kwan a ne tenten yɛ kilomita 120 no akɔ Chorzow. Ɛbae sɛ, saa ná ɔkwan biako da bɔs a na ɛhɔnom asafo no afa de rekɔ nhyiam no mu. Bogdan kae sɛ: “Yɛka kyerɛɛ akwakoraa no sɛ, sɛ obetumi aba baabi a yɛbɛfa bɔs no anɔpa 5:30 a, ɛnde yɛne no bɛkɔ a ɔrentua hwee.” Akwakoraa no penee so, na yɛne no kɔɔ nhyiam no. Akyiri yi, akwakoraa no kyerɛw krataa kɔdaa anuanom ase, na ɔkae wɔ mu sɛ: “Efi bere a mekɔɔ nhyiam yi bae no, masi me bo sɛ mɛyɛ onipa pa.”

Wɔ Prague no, ɔbarima bi a na ɔte ahɔhodan bi a nhyiamfo a wofi Britain kɔtraa mu no ka kyerɛɛ anuanom no sɛ ɔno nso kɔɔ nhyiam no bi saa da no. Dɛn na ɛmaa no kɔɔ bi? Ɔbarima no kae sɛ, bere a adawurubɔfo ahorow du too nsa frɛɛ no bere a na ɔwɔ kurom no, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ ara! N’ani gyei yiye, na onyaa ɔpɛ sɛ obesua pii aka nea ɔtee no ho.—1 Timoteo 2:3, 4.

Bible Nkyerɛkyerɛ a Edi Mu

Ná nhyiam no ase ɔkasa ahorow no fa sɛnea wobetumi adi nsɛnnennen ho dwuma ho. Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde maa tẽẽ no ma wohuu sɛnea wobetumi adi saa nsɛnnennen no ho dwuma anaasɛ wobegyina ano.

Wɔde Bible mu nsɛm hyɛɛ nnipa a onyin, yare, wɔn dɔfo bi wu ama wɔahaw, anaa wɔrehyia nsɛnnennen foforo no nkuran ma wonyaa adwempa wɔ wɔn asetra mu. (Dwom 72:12-14) Awarefo ne awofo tiee Bible mu afotu a ɛbɛboa wɔn ama wɔn aware ayɛ nea anigye wom na ama wɔatumi atete wɔn mma yiye. (Ɔsɛnkafo 4:12; Efesofo 5:22, 25; Kolosefo 3:21) Kristofo a wɔyɛ mmofra a wohyia atipɛnfo nhyɛso a ɛmfata wɔ sukuu mu nanso wɔde Onyankopɔn Asɛm mu afotu pa tete wɔn wɔ fie ne asafo no mu no nyaa afotu a mfaso wɔ so wɔ sɛnea wobetumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano ne sɛnea ‘wobeguan mmerantebere mu akɔnnɔ.’—2 Timoteo 2:22.

Amanaman Ntam Onuayɛ Kuw Ankasa

Wɔde Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ pa ma Yehowa Adansefo wɔ wɔn nhyiam ahorow ase bere nyinaa. (2 Timoteo 3:16) Nanso, nea ɛmaa saa nhyiam ahorow yi yɛɛ soronko no ne nnipa a wofi aman horow so a wɔbaa bi no. Asɛm koro no ara na wɔkae wɔ kasa ahorow mu wɔ nhyiam soronko no nyinaa ase. Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo maa ɔkasa ahorow wɔ nhyiam no ase da biara, na amanneɛbɔ a efi nsase afoforo so a wɔde mae no maa nhyiam no yɛɛ anigye kɛse. Wɔkyerɛɛ saa kasa ahorow no ne amanneɛbɔ yi ase maa wɔn a wɔka kasa ahorow nyinaa a na wɔwɔ nhyiam no ase no tee bi.

Ná nhyiamfo no ho pere wɔn sɛ wobehyia wɔn nuanom mmarima ne mmea a wofi aman foforo so no. Obi a ɔkɔɔ nhyiam no bi kae sɛ: “Afoforo kasa a na yɛnte no anyɛ ɔhaw biara amma yɛn. Mmom no, ɛmaa nhyiam no ase yɛɛ anika kɛse. Ɛsono ahɔho a wɔbae no mu biara ne wɔn amammerɛ, nanso gyidi a yɛwɔ no maa yɛn nyinaa yɛɛ biako.” Wɔn a wɔkɔɔ Munich nhyiam no bi no kaa nhyiam no ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Yɛnka kasa koro de, nanso ɔdɔ ama yɛayɛ biako.” Ɛmfa ho ɔman a nhyiamfo no fi mu ne kasa a wɔka no, wɔn nyinaa hui sɛ wɔne wɔn nnamfo ankasa, wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔne wɔn som Onyankopɔn na ahyia.—Sakaria 8:23.

Nsɛm a Wɔkeka De Kyerɛɛ Anisɔ

Sɛnea na ewim tebea te bere a na wɔreyɛ nhyiam wɔ Poland no sɔɔ nhyiamfo no gyidi ne wɔn boasetɔ hwɛe. Osu tɔe mpɛn pii wɔ bere a na wɔreyɛ nhyiam no, na na awɔw nso wom paa. Onua bi a ofi United States kae sɛ: “Ná ɛno ne nhyiam a makɔ a ewim tebea nye koraa a osu tɔe kɛse na awɔw nso wom paa, na na mente nsɛm a wɔreka wɔ nhyiam no ase no pii nso ase. Nanso, anuanom a na wofi aman horow so aba nhyiam no, anigye a na ɛwɔ nhyiam no ase, ne ahɔhoyɛ soronko a woyii no adi kyerɛɛ yɛn no amma ewim tebea a na enye no anhaw me koraa. Nokwarem no, me werɛ remfi saa nhyiam yi da!”

Ade a ɛmaa nhyiamfo a wɔka Poland kasa no ani gyei kɛse ne amanneɛbɔ a wɔde mae sɛ wɔayi Insight on the Scriptures nhoma no adi wɔ Poland kasa mu no. Ná ɛyɛ osu a ɛtɔe pii ne awɔw mu a wɔtrae no so akatua a ɛyɛ anigye ankasa. Wɔn a wɔkɔɔ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam nhyiam no nyinaa ani gyee nhoma foforo a ɛne Live With Jehovah’s Day in Mind (Ma Yehowa Da no Ntra W’adwenem) a woyii no adi no nso ho kɛse.

Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no mu pii de bɛkae saa nhyiam no. Onuawa bi a ɔyɛ Czechni a wɔfrɛ no Kristina tuu ne ho mae ne nhyiamfo bi a wofi amannɔne bae a na wɔte bɔs mu kɔɔ kurom kɔhwehwɛɛ hɔ. Kristina kae sɛ: “Bere a yɛredi nkra no, onuawa bi frɛɛ me kɔɔ nkyɛn yɛɛ me atuu, na ɔkae sɛ: ‘Moahwɛ yɛn paa! Mode aduan brɛɛ yɛn wɔ baabi a na yɛte wɔ nhyiam no ase pɛɛ, na momaa yɛn nsu nso nomee. Yɛda mo ase pii sɛ mufi ɔdɔ mu tuu mo ho mae de som yɛn saa.’” Ade a na onuawa a ɔbaa nhyiam no reka ho asɛm no ne awia aduan a wɔde maa nhyiamfo a wofi amannɔne bae no. Onua bi nso kae sɛ: “Ná yenhuu ayamye mu a wofi som afoforo saa no bi da. Wɔmaa yɛn a na yɛn dodow bɛyɛ 6,500 no aduan awia biara. Ná ɛyɛ anigye paa sɛ yehui sɛ anuanom pii a na mmofra mpo ka ho tuu wɔn ho mae som yɛn.”

Onuawa bi a ofi Ukraine a ɔkɔɔ nhyiam no bi wɔ Chorzow kae sɛ: “Yɛn ani gyee ɔdɔ a yɛn mfɛfo gyidifo daa no adi, sɛnea wɔhwɛɛ yɛn, ne ayamye a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no ho kɛse. Yenhu asɛm mpo a yɛnka mfa nna wɔn ase.” Abeawa bi a wadi mfe awotwe a wɔfrɛ no Annika a ofi Finland kyerɛw Yehowa Dansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Poland no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ná nhyiam no yɛ anigye paa sen sɛnea mehwɛɛ kwan no. Sɛ wowɔ Yehowa ahyehyɛde no mu a, eye paa, efisɛ ɛma wunya nnamfo wɔ wiase baabiara!”—Dwom 133:1.

Nsɛm a Ɔmanfo Kekae

Ansa na wɔrefi nhyiam no ase no, wɔyɛɛ nhyehyɛe maa nhyiamfo no kɔsraa mmeae bi. Wɔ Bavaria nkuraase no, ahɔho no gyinae wɔ mmeae a wohuu Ahenni Asa, na ɛhɔnom anuanom no gyee wɔn fɛw so. Awuraa bi a ɔnyɛ Ɔdansefo a na odi nhyiamfo no anim rekyerɛkyerɛ wɔn mpɔtam hɔ no ani gyee onuadɔ a anuanom yii no adi no ho kɛse. Anuanom a wɔkɔɔ nsrahwɛ no mu biako bɔɔ amanneɛ sɛ: “Bere a yɛte bɔs mu resan aba yɛn ahɔhodan mu no, awuraa no kae sɛ yɛyɛ soronko koraa wɔ nnipa foforo a ɔde wɔn akɔ nsrahwɛ nyinaa ho. Ná yɛasiesie yɛn ho kama, na yɛn nyinaa tiee wɔn a na wodi yɛn kuw no anim no asɛm. Obiara anka kasafĩ, na basabasayɛ biara nso ankɔ so wɔ hɔ. Ɛyɛɛ awuraa no nwonwa sɛ yɛne nnipa a yennim wɔn wɔ baabiara no faa nnamfo prɛko pɛ saa.”

Onua bi a na ɔyɛ adwuma wɔ Nsɛm Ho Amanneɛbɔ Dwumadibea wɔ Prague nhyiam no ase kae sɛ: “Kwasida anɔpa no, polisifo a wotuu wɔn sɛ wɔmmɛbɔ yɛn ho ban wɔ nhyiam no ase so panyin no baa yɛn dwumadibea hɔ. Ɔkae sɛ, biribiara rekɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn nhyiam no ase ma enti onhu adwuma a ɔreyɛ wɔ hɔ. Ɔkae nso sɛ, nnipa a wɔtete mpɔtam hɔ no bi abisa no nea ɛrekɔ so wɔ agoprama no so ho asɛm. Na bere a ɔkae sɛ ɛyɛ Yehowa Adansefo na wɔwɔ hɔ no, wɔn mu dodow no ara yɛɛ biribi de kyerɛe sɛ wɔn ani nnye Adansefo no ho. Na sɛ wɔyɛ saa a, na polisi panyin no nso aka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ nkurɔfo da su pa a Yehowa Adansefo da no adi no bi adi kakraa bi mpo a, anka polisifo adwuma ho renhia.’”

Wɔagye Nnipa Pii Dedaw!

Onyankopɔn Asɛm Bible no ka mmusua nyinaa bom ma wɔyɛ nnipa biako, na ɛma Kristofo yɛ biako wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu. (Romafo 14:19; Efesofo 4:22-24; Filipifo 4:7) “Yɛn Nkwagye Abɛn!” ɔmantam nhyiam no mu bi a wɔyɛɛ no soronko no ma yehuu eyi. Wɔagye Yehowa Adansefo afi ɔhaw pii a ɛwɔ wiase yi mu no bi mu dedaw. Ɛkame ayɛ sɛ, mmusuakuw mu mpaapaemu, anuɔdensɛm, nnipa mu nyiyim, ne subammɔne pii a aka a ɛwɔ wiase yi mu no nni Yehowa asomfo mu, na wɔhwɛ kwan sɛ bere bi bɛba a ɔhaw a ɛte saa befi wiase nyinaa.

Wɔn a wɔkɔɔ nhyiam ahorow no bi no huu biakoyɛ a ɛwɔ Adansefo a wofi aman ne mmusuakuw mu bae no ntam ankasa. Eyi daa adi titiriw bere a wɔde nhyiam no baa awiei no. Wɔn a na wɔwɔ nhyiam no ase nyinaa bɔɔ wɔn nsam, na wɔne wɔn nnamfo foforo a wɔanya wɔn no yeyɛɛ wɔn ho atuu, na wotwitwaa mfonini de dii nkra. (1 Korintofo 1:10; 1 Petro 2:17) Bere a na nhyiamfo no ani agye na wogye di sɛ ɛrenkyɛ koraa na wɔagye wɔn afi ɔhaw ne adwennwen nyinaa mu no, wɔde anigye san kɔɔ wɔn nkurow ne wɔn asafo ahorow mu a na wɔasan asi wɔn bo sɛ wobeso Onyankopɔn “nkwa asɛm” no mu denneennen.—Filipifo 2:15, 16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔnam telefon so tiee nhyiam no dwumadi a na ɛyɛ amanaman ntam de no wɔ nhyiam afoforo asia a wɔyɛe wɔ Poland ne biako a wɔyɛe wɔ Slovakia no nyinaa ase.

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 10]

Kasa Aduonu Asia a Wɔkaa no Te sɛ Kasa Koro

Wɔ nhyiam akron no nyinaa ase no, wɔmaa ɔkasa ahorow no wɔ nhyiamfo no kurom kasa mu. Wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Germany no, wɔmaa ɔkasa no wɔ kasa afoforo 18 mu nso. Wɔ Dortmund no, wɔmaa ɔkasa no wɔ Arabic, Farsi, Portugal kasa, Spania, ne Russia kasa mu; wɔ Frankfurt no, wɔmae wɔ Borɔfo, Franse, ne Serbia/Croatia kasa mu; wɔ Hamburg no, wɔmaa no wɔ Denmark kasa, Netherlands kasa, Sweden kasa, ne Tamil kasa mu; wɔ Leipzig no, wɔmaa no wɔ China kasa, Poland kasa, ne Turkey kasa mu; na wɔ Munich no, wɔmaa no wɔ Greece kasa, Italia kasa, ne German Mum Kasa mu. Nhyiam a wɔyɛɛ no Prague no, wɔmaa kasa no nyinaa wɔ Czech kasa, Borɔfo kasa, ne Russia kasa mu. Wɔ Bratislava no, wɔyɛɛ dwumadi no wɔ Borɔfo kasa, Hungary kasa, Slovakia kasa, ne Slovakia Mum Kasa mu. Wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Chorzow no, wɔmaa ɔkasa no wɔ Poland kasa, Russia kasa, Ukraine kasa, ne Poland Mum Kasa mu. Na wɔ Poznan no, wɔmaa kasa no wɔ Poland kasa ne Finland kasa mu.

Kasa no nyinaa si 26! Ɛwom sɛ na nhyiamfo no nka kasa koro de, nanso na ɔdɔ ama wɔayɛ biako.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Croatiafo a wɔkɔɔ nhyiam wɔ Frankfurt no ani gyei sɛ wɔn nsa kaa “New World Translation” no wɔ wɔn kurom kasa mu