Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Barsilai—Ɔbarima a na Onim Nea Obetumi Ayɛ

Barsilai—Ɔbarima a na Onim Nea Obetumi Ayɛ

Barsilai—Ɔbarima a na Onim Nea Obetumi Ayɛ

‘DƐN nti na menyɛ adesoa mma wo?’ Akwakoraa a na wadi mfe 80 a wɔfrɛ no Barsilai na ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ Israel hene Dawid. Akyinnye biara nni ho sɛ ahode a na ɔwɔ nti, Bible ka sɛ na “ɔyɛ onipa kɛse sɛ.” (2 Samuel 19:32, 35) Barsilai traa Gilead asase a na mmepɔw wɔ so no so wɔ Yordan asubɔnten no apuei fam.—2 Samuel 17:27; 19:31.

Dɛn na ɛmaa Barsilai kaa saa asɛm no kyerɛɛ Dawid? Na dɛn nti na akwakoraa yi kaa asɛm a ɛte saa?

Wɔtew Atua Tiaa Ɔhene No

Ná Dawid nkwa da asiane mu. Bere a Dawid ba Absalom “wiaa Israel mmarima koma” akyi no, ogyee ahenni no fii n’agya nsam. Ɛda adi sɛ na Absalom remma obiara a ɔwɔ n’agya afa no mfa ne ho nni. Enti Dawid ne ne nkoa fii Yerusalem. (2 Samuel 15:6, 13, 14) Bere a Dawid duu Mahanaim a ɛda Yordan apuei fam no, Barsilai boaa no.

Barsilai ne mmarima foforo baanu, Sobi ne Makir fi ayamye mu maa Dawid nneɛma pii. Mmarima anokwafo baasa yi daa no adi sɛ na wɔte ahokyere a Dawid akɔ mu no ase bere a wɔkaa Dawid ne ne mmarima no ho asɛm sɛ: “Ɔkɔm de nkurɔfo no, wɔabrɛ, na osukɔm de wɔn sare so.” Barsilai, Sobi ne Makir yɛɛ nea wobetumi biara de nnae anaa mpa, awi, atoko, asikresiam, nkyewe, asɛ, asɛdua, ɛwo, nufusu ani srade ne nneɛma afoforo maa Dawid ne ne mmarima de boaa wɔn.—2 Samuel 17:27-29.

Ná ɛyɛ hu sɛ obi bɛboa Dawid. Akyinnye biara nni ho sɛ na Absalom remma obiara a ɔbɛboa ɔhene a ɔfata no mfa ne ho nni. Enti Dawid akyi a Barsilai dii no kyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru.

Tebea no Danee

Ɛno akyi bere tiaa bi no, atuatewfo dɔm a wɔwɔ Absalom afã no kohyiaa Dawid mmarima. Wɔde sii ani wɔ Efraim kwae, a ɛbɛyɛ sɛ na ɛwɔ Mahanaim mpɔtam hɔ no mu. Absalom akofo no dii nkogu, “na okunkɛse baa hɔ da no.” Ɛwom sɛ Absalom bɔɔ mmɔden sɛ obeguan de, nanso ankyɛ koraa na ohyiaa ne wu.—2 Samuel 18:7-15.

Dawid san bɛtraa n’agua so sɛ Israel hene a ɔfata. Dawid nkurɔfo no anyɛ akobɔfo bio. Bio nso, Dawid akyi a wodii bere nyinaa no maa Dawid dii wɔn ni na ɔkyerɛɛ nea wɔyɛe no ho anisɔ.

Bere a Dawid yɛɛ n’adwene sɛ ɔresan akɔ Yerusalem no, “Gileadni Barsilai sian fii Rogelim bae, na ɔne ɔhene twaa Yordan, sɛ ɔrekogya no Yordan agya.” Saa bere no, Dawid kaa asɛm yi kyerɛɛ Barsilai: “Wo de, wo ne me ntwa nkɔ, na menhwɛ wo, me nkyɛn wɔ Yerusalem.”—2 Samuel 19:15, 31, 33.

Akyinnye biara nni ho sɛ, Dawid ani sɔɔ mmoa a Barsilai de maa no no yiye. Ná ɛnyɛ sɛ ɔhene no pɛ sɛ otua papa a wayɛ no no so ka ara kwa nti na na ɔrema no honam fam nneɛma yi. Ná Barsilai a ɔyɛ ɔdefo no nhia nneɛma a ɛte saa. Esiane akwakoraa no suban pa nti na ɛbɛyɛ sɛ na Dawid pɛ sɛ ɔkɔtra n’ahemfie hɔ no. Ná ahemfie hɔ a Barsilai bɛkɔ akɔtra no bɛhyɛ Barsilai no ara anuonyam, na ama wanya hokwan afa ɔhene no adamfo.

N’ahobrɛase ne Nokware a Ɔkae

Bere a Barsilai rema Ɔhene Dawid mmuae no, ɔkae sɛ: “Me nkwa nna si ahe na me ne ɔhene mforo nkɔ Yerusalem yi? Madi mfirihyia aduɔwɔtwe nnɛ, so mehu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte nea medi ne nea mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofo mmarima ne mmea nne bio anaa?” (2 Samuel 19:34, 35) Enti Barsilai fi obu mu poo nsa a ɔhene no to frɛɛ no ne hokwan fɛfɛ a onyae no. Dɛn ntia?

Ade biako a enti ɛbɛyɛ sɛ Barsilai yɛɛ saa ne ne mfe a na akɔ anim ne ɔhaw a ɛwom no. Ebia Barsilai tee nka sɛ ne nna a aka wɔ asase so nyɛ ahe biara. (Dwom 90:10) Ná wayɛ nea obetumi biara de aboa Dawid, nanso na onim nea esiane ne mfe a akɔ anim nti ontumi nyɛ. Barsilai amma anuonyam ne dibea a obenya no amfura n’ani amma wanyɛ nea na ɛbɛboro n’ahoɔden so. Esiane sɛ na Barsilai nte sɛ Absalom a na ɔpɛ anuonyam no nti, ofi nyansam daa ahobrɛase adi.—Mmebusɛm 11:2.

Ɛbɛyɛ sɛ ade foforo a enti Barsilai yɛɛ saa ne sɛ na ɔmpɛ sɛ, sɛ akwakoraa no, ɔde ne haw bɛkɔ akotwitware Onyankopɔn hene a wapaw no no ananmu. Barsilai kae sɛ: “Dɛn nti na w’akoa nkɔ so nyɛ me wura ɔhene adesoa?” (2 Samuel 19:35) Ɛwom sɛ na Barsilai da so ara wɔ Dawid afã de, nanso ɛbɛyɛ sɛ na ogye di sɛ aberante betumi ayɛ adwuma yiye asen no. Ɛbɛyɛ sɛ na Barsilai reka n’ankasa ne ba ho asɛm, enti ɔkae sɛ: “Ma w’akoa Kimham ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na yɛ no nea eye w’ani so.” Sɛ́ anka Dawid bo befuw no, ogyee nyansahyɛ yi toom. Nokwarem no, ansa na Dawid retwa Yordan no, ‘ɔfew Barsilai ano’ na ohyiraa no.—2 Samuel 19:37-39.

Ehia sɛ Yɛkari Pɛ

Barsilai asɛm yi ma yehu hia a ehia sɛ yɛkari pɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛpo ɔsom hokwan anaasɛ yeguan fi ho esiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛn asom dwo yɛn anaasɛ yɛte nka sɛ yentumi nni asɛyɛde ho dwuma nti. Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, ɔbɛma yɛn ahoɔden ne nyansa a yɛde bɛyɛ nea yesusuw sɛ yentumi nyɛ no.—Filipifo 4:13; Yakobo 4:17; 1 Petro 4:11.

Nanso ɛho hia sɛ yehu nea yɛn ahoɔden bɛma yɛatumi ayɛ. Sɛ nhwɛso no, ebia na Kristoni bi wɔ asɛyɛde pii wɔ Kristofo asafo no mu dedaw. Ohu sɛ sɛ ogye ɔsom hokwan foforo ka ho a, ɛremma ontumi nni Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde te sɛ, n’abusua a ɔbɛhwɛ wɔn no ho dwuma. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, so asɛyɛde foforo biara a ɔrennye nka ho seesei no renkyerɛ sɛ ɔwɔ ahobrɛase ne ntease?—Filipifo 4:5; 1 Timoteo 5:8.

Yebetumi asuasua Barsilai nhwɛso pa no, na ɛsɛ sɛ yedwennwen ho nso. Ná ɔyɛ ɔnokwafo, ɔkokodurufo, ɔyamyefo ne ɔhobrɛasefo. Nea ɛsen ne nyinaa no, Barsilai sii ne bo sɛ ɔde nea Onyankopɔn pɛ bedi ne de kan.—Mateo 6:33.

[Asase mfonini wɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Barsilai a na wadi mfe 80 no twaa kwan tenten sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa Dawid

GILEAD

Rogelim

Sukot

Mahanaim

Yordan Asubɔnten

Gilgal

Yeriko

Yerusalem

EFRAIM

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Dɛn nti na Barsilai ne Dawid ankɔ?