Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Kɔhohoro Wɔ Ɔtare A Ɛwɔ Siloa No Mu”

“Kɔhohoro Wɔ Ɔtare A Ɛwɔ Siloa No Mu”

“Kɔhohoro Wɔ Ɔtare A Ɛwɔ Siloa No Mu”

BERE a Yesu fɔtɔw dɔte de buee onifuraefo no ani wiei no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔhohoro wɔ ɔtare a ɛwɔ Siloa no mu.” Ɔbarima no kɔyɛɛ saa, na “ɔsan bae no, na ohu ade.” (Yohane 9:6,7) Ɛhe na ná Siloa ɔtare no wɔ? Nea wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu nnansa yi no ma yenya baabi a na ɛwɔ no ho adwene foforo.

Nnipa pii atu kwan akɔhwɛ Yerusalem baabi a wɔfrɛ hɔ Siloa ɔtare, a wogye di sɛ ɛno ne saa ɔtare a wɔkaa ho asɛm wɔ Yohane 9:7 no. Saa beae no wɔ suka a Hesekia twae wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. a ne tenten yɛ anammɔn 1,750 no ano. Nanso wotuu saa ɔtare no wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu. Byzantium ahemman no mu “Kristofo” a wodii mfomso susuwii sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɔtare a wɔkaa ho asɛm wɔ Yohane Asɛmpa no mu no wɔ baabi a saa suka no ano kɔpem no na wotuu saa ɔtare no.

Nanso, wɔ afe 2004 mu no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no huu nea wogye toom sɛ ɛyɛ Siloa ɔtare a na ɛwɔ hɔ wɔ Yesu bere so no. Ɛda beae a na wosusuw sɛ ɛhɔ na Siloa ɔtare no wɔ no anafo fam apuei bɛyɛ anammɔn ɔha. Ɛyɛɛ dɛn na wohui? Ɛho behiae sɛ aban mpanyimfo a wɔwɔ kurow no mu no ma wosiesie dorobɛn kɛse bi a nsufĩ fa mu wɔ beae hɔ, enti wɔsomaa adwumayɛfo a wokura nnwinnade akɛse sɛ wonkosiesie. Obi a otutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu a na ɔreyɛ adwuma wɔ baabi a ɛbɛn hɔ no hwɛɛ fam a na wɔretutu no na ohuu atrapoe abien sɛ ɛho da hɔ. Wogyaee adwuma no yɛ, na Israel Asoɛe a Ɛhwɛ Tetefo Nneɛma So no penee so sɛ wontutu beae hɔ. Seesei wɔatutu ɔtare no ho baabi a ne tenten bɛyɛ anammɔn 225 ne ne ntwea abien no dedaw.

Bere a na wɔretutu fam no, wohuu sika bi a na wodi wɔ afe a ɛto so abien, abiɛsa ne anan a Yudafo no tew atua tiaa Romafo no mu. Saa atuatew yi fii ase afe 66 kosi 70 Y.B. Saa sika yi ma ɛdaa adi sɛ wɔde ɔtare no dii dwuma kosii afe 70 Y.B., bere a Romafo bɛsɛee Yerusalem no. Nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Wɔde ɔtare no dii dwuma kosii atuatew no awiei, ɛno akyi no wɔamfa anyɛ hwee bio. Obiara antra Yerusalem beae a ɛwɔ fam paa yi kosii sɛ Byzantium ahemman no bae. Afe biara nsu a ɛtɔ wɔ awɔw bere mu a ɛsen kɔ obon no mu no twe atɛkyɛ pii kogu ɔtare no mu. Afei bere a Romafo sɛee kurow no, wɔankɔ so antĩ ɔtare no mu bio. Mfehaha pii akyi no, atɛkyɛ bɛyɛɛ ɔtare no mu ma, ma enti nkakrankakra ɔtare no so katae. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no hui sɛ atɛkyɛ a ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn 10 akata ɔtare yi fã bi so.”—Biblical Archaeology Review.

Dɛn nti na Bible asuafo a wɔrepɛ biribi ahu no ani gye sɛ wobehu beae a ná Siloa ɔtare no wɔ? Efisɛ eyi boa ma wohu sɛnea Yerusalem asase a wɔka ho asɛm mpɛn pii wɔ Nsɛmpa no mu a ɛfa Yesu asetra ne ne som adwuma ho no te yiye.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Siloa ɔtare a wɔahu nnansa yi

[Asɛm Fibea]

© 2003 BiblePlaces.com